Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 32 kr. 194-kr. 196 nky. 3
  • Ahotoso Mu a Wofi Kasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahotoso Mu a Wofi Kasa
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahotoso a Emu Yɛ Den a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Ahotoso A Obi Ankasa Wɔ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Fa Ahotoso Kasa
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Mumfi Ahotoso a Emu Yɛ Den Mu Nnyina Hɔ Pɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 32 kr. 194-kr. 196 nky. 3

ADESUA 32

Ahotoso Mu a Wofi Kasa

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Kasa ma ɛnna adi sɛ wugye nokwasɛm a w’asɛm no yɛ ne hia a ehia no tom yiye.

Dɛn nti na ɛho hia?

W’ahotoso no bɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔafa w’asɛm no aniberesɛm na wɔayɛ ho biribi.

SƐ OBI de ahotoso kasa a, afoforo hu sɛ ogye nea ɔreka no di yiye. Ná ahotoso a ɛte saa da adi wɔ ɔsomafo Paulo som adwuma mu. Ɔkyerɛw wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo wɔ Tesalonika no sɛ: “Yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae . . . ɛso duasi bebree mu nso.” (1 Tes. 1:5) Saa ahotoso no daa adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so kasae ne sɛnea ɔbɔɔ ne bra mu. Ɛsɛ sɛ yɛda ahotoso a emu yɛ den adi nso wɔ ɔkwan a yɛfa so ka Bible mu nokware kyerɛ no mu.

Ahotoso a wobɛda no adi no nkyerɛ kateeyɛ, nhyɛ, anaa ahantan. Mmom no, sɛ obi a ɔda ahotoso adi ka nneɛma a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ho asɛm a, ɔyɛ saa wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ gyidi a emu yɛ den.—Heb. 11:1.

Mmere a Ɛsɛ sɛ Woda Ahotoso Adi. Ehia sɛ wode ahotoso kasa bere a wowɔ asɛnka mu no. Mpɛn pii no, nkurɔfo hyɛ sɛnea wokasa ne nsɛm a woka no nso nsow. Wotumi hu sɛnea wote nka ankasa wɔ nea woka no ho. W’ahotoso no betumi ama ada adi sɛ wowɔ biribi a ɛsom bo kɛse a wopɛ sɛ woka na ɛnyɛ nsɛmfua bi kɛkɛ.

Ɛho hia sɛ woda ahotoso adi bere a worekasa kyerɛ mfɛfo gyidifo no nso. Ɔsomafo Petro kyerɛw ne krataa a edi kan a efi honhom mu no ‘de tuu fo dii adanse sɛ eyi ne Nyankopɔn nokware dom.’ Wɔ eyi mu no, ɔhyɛɛ anuanom no nkuran sɛ: ‘Wonnyina pintinn.’ (1 Pet. 5:12) Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Roma asafo no, ɔdaa ahotoso adi ma wonyaa so mfaso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.” (Rom. 8:38, 39) Afei nso, Paulo kyerɛw nsɛm a etumi dan ti faa hia a ehia sɛ wɔka asɛm no kyerɛ afoforo ho, na nsiyɛ a n’ankasa de yɛɛ saa adwuma no maa ɛdaa adi pefee sɛ na ɔwɔ hia a ɛho hia no mu ahotoso. (Aso. 20:18-21; Rom. 10:9, 13-15) Ɛsɛ sɛ wohu ahotoso a ɛte saa ara wɔ Kristofo mpanyimfo ho nnɛ, bere a wofi Onyankopɔn Asɛm mu kyerɛkyerɛ no.

Sɛ awofo ne wɔn mma resusuw honhom fam nneɛma ho bere a wɔresua ade ne mmere afoforo a, ehia sɛ wɔde ahotoso kasa. Eyi hwehwɛ sɛ awofo nya Onyankopɔn ne n’akwan ho dɔ wɔ wɔn ankasa komam. Ɛno ansa na wobetumi afi komam ne wɔn mma akasa, efisɛ ‘nea ayɛ koma ma aboro so no na ano ka.’ (Luka 6:45; Deut. 6:5-7) Ahotoso a ɛte saa a awofo benya no nso bɛyɛ ‘gyidi a nkontompo nnim’ ho nhwɛso.—2 Tim. 1:5.

Ehia titiriw sɛ wode ahotoso kasa bere a wɔkasa tia wo gyidi no. Ebia ɛbɛyɛ wo yɔnko sukuuni, ɔkyerɛkyerɛfo, anaa yɔnko dwumayɛni bi nwonwa sɛ womfa wo ho nhyɛ afahyɛ bi mu. Mmuae pintinn a emu da hɔ betumi aboa no ma wakyerɛ obu ama wo gyinabea a egyina Bible so no. Na sɛ obi pɛ sɛ ɔtwetwe wo kɔ bra bɔne—atorodi, nnuru a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so, anaa nna mu ɔbrasɛe—bi mu nso ɛ? Ehia sɛ woma emu da hɔ pefee sɛ woremfa wo ho nhyɛ nneyɛe a ɛte saa mu na biribiara nni hɔ a ɔbɛyɛ a ɛbɛsesa w’adwene. Eyi hwehwɛ sɛ wode ahotoso kasa bere a worebɔ n’adwenkyerɛ no agu no. Bere a Yosef reko atia Potifar yere brasɛe a na ɔde rehaw no no, ɔkaa no pen sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” Bere a ɔkɔɔ so haw no no, oguan fii fie hɔ.—Gen. 39:9, 12.

Sɛnea Wɔda Ahotoso Adi. Nsɛmfua a wode bedi dwuma no betumi ayɛ pii de ada w’ahotoso adi. Mpɛn pii na Yesu fii ne nsɛm ase sɛ: “Nokware, nokware, mise wo sɛ.” (Yoh. 3:3, 5, 11; 5:19, 24, 25) Paulo nsɛm a edidi so yi ma yehu sɛ na ɔwɔ ahotoso: “Migye midi,” “minim na migye midi Awurade Kristo mu sɛ,” na “meka nokware, minni atoro.” (Rom. 8:38; 14:14; 1 Tim. 2:7) Ɛdefa Yehowa nsɛm a ɛbɛbam ho no, ɛtɔ mmere bi a ɔma honhom ka n’adiyifo ma wɔde ɔhyew ka nsɛm te sɛ, “ɔba de, ɛbɛba.” (Hab. 2:3) Sɛ woreka nkɔmhyɛ a ɛtete sɛɛ ho asɛm a, wubetumi de kasa a ɛte saa ara adi dwuma. Sɛ woamfa wo ho anto wo ho so na mmom wode wo ho to Yehowa so, na sɛ wode obu kasa kyerɛ afoforo a, nsɛm a ɛda ahotoso a ɛte saa adi no bedi adanse sɛ wowɔ gyidi a emu yɛ den.

Wonam nsi ne ahoɔden a wode kasa no so nso betumi ada ahotoso adi. W’anim yɛbea, w’ahokeka, ne sɛnea wode wo nipadua si nsɛm so dua bɛboa ma woayɛ eyi, ɛwom sɛ ebia ɛsono sɛnea obiara yɛ ne de de. Sɛ mpo wofɛre ade, anaa wo kasa mu nyɛ hyew, na sɛ wunim sɛ nea woreka no yɛ nokware a ehia sɛ afoforo tie a, ahotoso a wowɔ no bɛda adi.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ahotoso biara a yɛbɛda no adi no yɛ papa. Sɛ nkurɔfo hu sɛ yɛn nsɛm no mfi komam na mmom yɛboapa na yɛregugu mu a, ɛda adi sɛ wɔbɛka sɛ mfaso biara nni yɛn asɛm no so. Enti nea ehia paa ne sɛ, wonhyɛ wo ho nkasa. Ɛdenam nnipa dodow a worekasa akyerɛ wɔn so no, ebia ebehia sɛ woma wo nne so sen sɛnea wokasa daa no na emu yɛ hyew. Nanso nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo botae ne sɛ wubefi komam akasa a wonhyɛ wo ho.

Nneɛma a Ɛboa Ma Yɛda Ahotoso Adi. Esiane sɛ w’ahotoso no gyina sɛnea wote nka wɔ w’asɛm no ho so nti, ahosiesie pa ho hia. Nsɛm bi a wobɛfa afi nhoma bi mu na woatĩ mu aka ara kwa no nnɔɔso. Ehia sɛ wote asɛm no ase yiye na wutumi de w’ankasa nsɛm ka. Ɛsɛ sɛ wugye di koraa sɛ ɛyɛ nokware na nea woreka no ho wɔ mfaso ma w’atiefo no. Eyi kyerɛ sɛ bere a woresua wo kasa no, wubesusuw wɔn tebea ahorow ne afei nea ebia wonim dedaw wɔ asɛmti no ho anaa sɛnea ebia wɔbɛte nka wɔ ho no ho.

Sɛ yɛn kasa no kɔ yɔɔ a, ɛyɛ mmerɛw sɛ afoforo behu ahotoso a yɛwɔ no. Enti, sɛ woresiesie asɛm bi a ɛsom bo a, bɔ wo ho mmɔden nso wɔ ɔkwan a wobɛfa so ama no no ho. Twe adwene si asɛm no fã a ehia sɛ wusi nneɛma so dua anibere so no so titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ama no yiye a wonhwɛ wo krataa so pii. Afei nso, kae sɛ wobɛbɔ mpae ma Yehowa ahyira wo mmɔdenbɔ so. Saa kwan yi so no, ‘wonam yɛn Nyankopɔn so de akokoduru’ bɛkasa wɔ ɔkwan bi so a ɛda ahotoso a wowɔ wɔ nokware no mu ne hia a w’asɛm no hia adi.—1 Tes. 2:2.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Fa nkate a ɛfata w’asɛmti no kasa.

  • Fa nsɛm a ɛda w’ahotoso adi di dwuma.

  • Sua w’asɛm no kosi sɛ wobɛte ase yiye na wode w’ankasa nsɛm aka. Ɛsɛ sɛ wunya nokwasɛm a ɛyɛ ne mfaso a ɛwɔ so ma w’atiefo no mu ahotoso koraa.

DWUMADI: Sua Bible mu nsɛm a edidi so yi: Exodus 14:10-14; 2 Ahene 5:1-3; Daniel 3:13-18; Asomafo no Nnwuma 2:22-36. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo daa wɔn ahotoso adi wɔ tebea horow a wɔaka ho asɛm no mu? Dɛn na na wɔn ahotoso no gyina so? Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada ahotoso a ɛte saa ara adi nnɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena