Dwom 130
Nkwa Yɛ Anwonwade
Nea Yɛaprente
1. Abofra fof’ro, Nsu a ɛtɔ,
Awia ne afifide Nyinaa yɛ fɛ.
Ɛyɛ Nyankopɔn Akyɛde ma yɛn.
N’anwonwade kɛse ama yɛte nkwa mu.
(NNYESO)
Akyɛde pa yi nti yɛwɔ anisɔ.
Yɛbɛdɔ yɛn Nyankopɔn a ɔde maa yɛn no.
Yentumi mfa sika Ne dwetɛ ntɔ da.
Nkwa yɛ akyɛde. Ɛsom bo ma yɛn daa.
2. Nnipa abam bu, Wɔpɛ sɛ wɔwu.
Ebi dome Nyankopɔn, Hwehwɛ owu.
Yɛrenyɛ sɛ wɔn, Yɛbɛkamfo no;
Yɛda no ase sɛ da biara yɛhome.
(NNYESO)
Akyɛde pa yi nti yɛwɔ anisɔ.
Yɛbɛdɔ wiase yi mu nnipa nyinaa kɛse.
Yentumi mfa sika Ne dwetɛ ntɔ da.
Nkwa yɛ akyɛde. Ɛsom bo ma yɛn daa.
(Hwɛ Hiob 2:9; Dw. 34:12; Ɔsɛnk. 8:15; Mat. 22:37-40; Rom. 6:23 nso.)