Ɔsatu a Ɛsow Aba
Asafo ahorow bɛsan ayɛ ɔsatu de ato nsa afrɛ anigyefo a wɔwɔ wɔn asasesin mu ma wɔaba nhyiam no bi bere a aka adapɛn abiɛsa ma wɔafi ase no. Atirimpɔw bi nti na afe biara yɛyɛ ɔsatu no. Sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo ba ɔmantam nhyiam ase a, wɔn ani taa gye ɔkasa ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so no ho, na suban pa ne biakoyɛ a yɛda no adi ne dwumadibea ahorow a wɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ a atuhoamafo nkutoo na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nso ma wɔn ho dwiriw wɔn. (Dw. 110:3; 133:1; Yes. 65:13, 14) So ɔsatu a yɛyɛ wɔ mmeae a ɛsɛ sɛ anigyefo twa kwantenten ansa na wɔatumi akɔ nhyiam no nso sow aba?
Bere a yɛyɛɛ afe 2011 ɔmantam nhyiam no wiei no, ɔbea bi a ohuu nsato krataa no bi wɔ ne pon ano kyerɛw krataa kɔmaa Betel a ɛwɔ hɔ no. Mpɛn pii no, sɛ Yehowa Adansefo kɔbɔ ne pon mu a, na ɔde ne ho asie. Ɔkyerɛw sɛ: “Ná me fie yɛ dɛ, na me kunu nso dɔ me ma enti ɛsɛ sɛ m’ani gye. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, na m’ani nnye, na na minni atirimpɔw biara wɔ m’asetenam. Enti misii gyinae sɛ metu kar atwa kilomita 320 (akwansin 200) akotie Memeneda dwumadi no bi.” N’ani gyee nhyiam no ho araa ma ɔfrɛɛ ne kunu wɔ fon so ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛda na wɔatumi akotie Kwasida dwumadi no nso. “Mitiee ɔkasa no nyinaa, mihyiaa Yehowa Adansefo pii, na meyɛɛ m’adwene sɛ meremma ɛnso hɔ ara.” Bere a ɔbaa fie no, ofii ase suaa ade na asram anan akyi no ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu. “M’ani agye paa sɛ mihuu nsato krataa no wɔ me pon ano, efisɛ aboa ma seesei manya atirimpɔw wɔ m’asetenam!”
Nnipa a wɔn nsa bɛka nsato krataa no mu binom bɛba nhyiam no. Enti, fa nsi yɛ ɔsatu titiriw yi bi. Sɛ nsato krataa no bi ka a, fa kɔ kurow a mobɛyɛ nhyiam wom no mu, na fa yɛ bɔnnɔ so adansedi.
[Adaka wɔ kratafa 5]
Ɔkwan Bɛn na Yɛbɛfa So De Nsato Krataa no Ama?
Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ yɛn asasesin mu adwuma awie no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asɛm yɛ tiawa. Yebetumi aka sɛ: “Mikyia wo. Yɛde krataa yi reto nsa afrɛ afoforo akɔ nhyiam bi a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa ase. Wo de ni. Wubehu ɛho nsɛm pii wɔ krataa yi so.” Fa anigye ka ho asɛm. Sɛ yɛreyɛ ɔsatu no dapɛn awiei a, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma nso ma wɔ bere a ɛfata mu.