BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 9-11
Nokware Asomfo De Onyankopɔn Akwankyerɛ Yɛ Adwuma
Onyankopɔn nkurɔfo yii wɔn yam boaa nokware som wɔ akwan horow so
Ɔman no yɛɛ ahoboa a ɛfata maa Asese Afahyɛ no, na wodii afahyɛ no sɛnea ɛho akwankyerɛ te
Ná nkurɔfo no hyia tie Onyankopɔn Mmara da biara, na eyi maa wɔn ani gyei
Ɔman no kaa wɔn bɔne, wɔbɔɔ mpae, na wɔsrɛɛ Yehowa sɛ onhyira wɔn
Nkurɔfo no gye toom sɛ wɔbɛkɔ so ara aboa ama nokware som akɔ so
Nea wɔbɛyɛ ama nokware som akɔ so:
Wɔbɛware Yehowa asomfo nkutoo
Wobeyi ntoboa
Wobedi Homeda
Wɔde nnyina bɛba ma wɔasɔ wɔ afɔremuka no so
Wɔde wɔn nnɔbae mu nea edi kan ne wɔn mmoa mu mmakan bɛma Yehowa