February 15-21
NEHEMIA 9-11
Dwom 84 ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Nokware Asomfo De Onyankopɔn Akwankyerɛ Yɛ Adwuma”: (Simma 10)
Ne 10:28-30—Wɔkae sɛ wɔne “asase no sofo” renni ayeware (w98 10/15 21 ¶11)
Ne 10:32-39—Wosii wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ biribiara de aboa nokware som (w98 10/15 21 ¶11-12)
Ne 11:1, 2—Woyii wɔn yam boaa nhyehyɛe a ɛbɛma ɔsom kronn akɔ so (w06 2/1 11 ¶6; w98 10/15 22 ¶13)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
Ne 9:19-21—Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo paa? (w13 9/15 9 ¶9-10)
Ne 9:6-38—Dɛn na Lewifo no yɛe wɔ mpaebɔ ho a yebetumi asua? (w13 10/15 22-23 ¶6-7)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ma mihu fa Yehowa ho?
Nnawɔtwe yi Bible akenkan mu asɛm bɛn na metumi de akɔ asɛnka?
Bible Akenkan: Ne 11:15-36 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa Nyan! foforo a aba no ma. Fa asɛm a wɔato din “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No—Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa” no nwene w’asɛm. Yɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
Sankɔhwɛ: (Simma 4 anaa nea ennu saa) Obi kyerɛɛ anigye wɔ Nyan! foforo no mu asɛm a wɔato din “Mmoa a Wɔde Ma Abusua No—Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa” no ho. Kyerɛ sɛnea wobɛsan akɔsra no. Fa asɛm bi gyaw no na da foforo moasusuw ho.
Bible Adesua: (Simma 6 anaa nea ennu saa) Kyerɛ sɛnea wobɛyɛ Bible adesua. (bh 32-33 ¶13-14)
KRISTOFO ABRABƆ
“Adwuma a Ɛsen Biara”: (Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Di kan bɔ video no. Afei munsusuw nsɛmmisa no ho. Bisa ɔdawurubɔfo bi nsɛm kakra. Ɔde ne mmabunbere trɛw ne som mu mfe pii. (1Ko 7:35) Seesei ebia waware anaa ɔnwaree. Nhyira bɛn na onyae bere a otuu ne ho sii hɔ yɛɛ Yehowa adwuma no?
Asafo Bible Adesua: ia ti 9 ¶1-13 (Simma 30)
Ntĩmu ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 76 ne Mpaebɔ