Dwom 19
Onyankopɔn Ahyɛ Paradise Ho Bɔ
Nea Yɛaprente
1. Paradise, wɔde ahyɛ bɔ,
Kristo Ahenni de bɛba,
Ɛbɛpopa bɔne ne mfomso,
Ayi owu, nusu ne yaw.
(NNYESO)
Paradise, ɛbɛyɛ dɛ.
Yɛde gyidi rehwɛ no kwan.
Kristo bɛma no aba mu,
Ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ.
2. Sɛnea Nyankopɔn ahyɛ bɔ no,
Ne Ba no benyan awufo.
Ɛbɛyɛ sɛnea Yesu kae no:
‘Paradise, wobɛkɔ bi.’
(NNYESO)
Paradise, ɛbɛyɛ dɛ.
Yɛde gyidi rehwɛ no kwan.
Kristo bɛma no aba mu,
Ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ.
3. Paradise, Yesu hyɛɛ ho bɔ.
Ɔno na nnɛ odi Hene.
Yɛda yɛn Nyankopɔn ase daa,
Yɛto ayeyi dwom ma no.
(NNYESO)
Paradise, ɛbɛyɛ dɛ.
Yɛde gyidi rehwɛ no kwan.
Kristo bɛma no aba mu,
Ɔbɛyɛ nea Yehowa pɛ.
(Hwɛ Mat. 5:5; 6:10; Yoh. 5:28, 29 nso.)