Dwom 5
Kristo Yɛ Nhwɛso Ma Yɛn
Nea Yɛaprente
1. Hwɛ Yehowa dɔ no,
Anwonwa dɔ bɛn ni!
Ɔde ne Dɔba maa nnipa nyinaa.
Kristo baa wiase no,
Ɔbɛyɛɛ nkwa paanoo.
Yebenya nkwa wɔ asomdwoe mu.
2. Kristo ky’rɛɛ yɛn mpaebɔ
Sɛ yɛnsrɛ Nyankopɔn,
Na Yehowa din no ho atew daa.
N’Ahenni no mmra ntɛm,
N’apɛde nyɛ hɔ daa.
Da biara ɔmma yɛn nea yebedi.
3. Kristo ky’rɛɛ nokware,
Ɔkyekyee yɛn werɛ;
Efisɛ yedi n’akyi sɛ ne nguan.
Ahenni asɛm no,
Yɛbɛka daa nyinaa.
Yebenya ahotɔ ne anigye.
(Hwɛ Mat. 6:9-11; Yoh. 3:16; 6:31-51; Efe. 5:2 nso.)