Benkum: Onua bi a wɔakyere no sɛ ɔreka asɛmpa no wɔ Eindhoven, Netherlands, 1945; nifa: So mmara ma kwan sɛ wobɛka asɛmpa no wɔ baabi a wote no?
ƆFÃ 4
Ahenni no—Nkonimdi Asɛmpa no a Wɔde Asi Hɔ Wɔ Mmara Kwan So
DA KORO bi a woreka asɛmpa no wɔ afie afie no, wotee sɛ abɛn bi rebɔ wɔ akyirikyiri. Afei na abɛn no ano reyɛ den. Bere a wufii ase sɛ wo ne ofiewura a odi hɔ rekasa no, onua a wo ne no wɔ asɛnka mu no adwene kɔɔ polisifo kar a abegyina hɔ no so. Polisini bi si fii kar no mu bae bebisaa mo sɛ, “Mone nnipa baanu a moreka Bible mu asɛm wɔ afie afie no? Nkurɔfo rekeka sɛ morehaw wɔn!” Wo ne no kasaa ahobrɛase mu sɛ moyɛ Yehowa Adansefo. Afei, dɛn na esii?
Asɛm a asi pɛn wɔ ɔman no mu na ɛbɛkyerɛ nea ebesi saa bere yi nso. Mfe pii a abɛsen kɔ no, ɔkwan bɛn so na aban a ɛwɔ ɔman a wote mu no ne Yehowa Adansefo adi? So ɔsom mu ahofadi wɔ ɔman no mu? Sɛ saa a, ebia nea ama aba saa no gyina mmɔden a yɛn nuanom Kristofo abɔ sɛ wɔde ‘anoyi bɛma wɔ asɛmpa no ho na wɔde asi hɔ wɔ mmara kwan so’ no so. (Filip. 1:7) Ɛmfa ho baabi a wote no, sɛ wudwinnwen nkonim a Yehowa Adansefo adi wɔ asɛnnibea no ho a, ebetumi ahyɛ wo gyidi den. Wɔ saa ɔfã yi mu no, yebesusuw nkonim ahorow a yɛadi a ɛyɛ nwonwa no bi ho. Saa nkonim no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Ahenni no wɔ hɔ ampa, sɛ ɛnte saa a, anka yɛn ankasa ntumi nni nkonim pii saa da!