Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
SEPTEMBER 3-9
BIBLE MU AKORADE | YOHANE 1-2
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Yoh 1:1 ho adesua nsɛm
Asɛm no: Anaa “Logos.” Ɛyɛ Hela asɛmfua ho loʹgos. Wɔde di dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi mu sɛ abodin. Wɔsan de di dwuma wɔ Yoh 1:14 ne Adi 19:13. Yohane ma yehu sɛ saa abodin no yɛ Yesu dea. Wɔde saa abodin yi frɛɛ Yesu bere a na ɔyɛ ɔbɔfo wɔ soro, bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, ne afei bere a wɔmaa no so kɔɔ soro no. Ná Yesu yɛ Onyankopɔn Kasamafo. Ná Onyankopɔn ma ɔde nsɛm ne akwankyerɛ kɔma Ne honhom mu mma anaa abɔfo a aka no, ne nnipa a wɔwɔ asase so. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, ansa na Yesu a wɔfrɛ no Asɛm no reba asase so no, na Onyankopɔn fa no so ne nnipa kasa, efisɛ na ɔyɛ ɔbɔfo a ɔkasa ma Onyankopɔn.—Ge 16:7-11; 22:11; 31:11; Ex 3:2-5; Ate 2:1-4; 6:11, 12; 13:3.
ne: Kyerɛwsɛm yi mu no, nea Hela asɛmfua pros kyerɛ ne sɛ wobɛbɛn obi pɛɛ anaa wo ne obi bɛbɔ pa ara. Afei nso, ɛsan kyerɛ nnipa mmienu a ɛsono wɔn mu biara, te sɛ Asɛm no ne nokware Nyankopɔn koro pɛ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm yi mu no.
Asɛm no yɛ onyame: Anaa “Asɛm no fi soro [anaa “te sɛ onyame”].” Nea Yohane kae no, na ɔde rekyerɛ sɛnea “Asɛm no,” (Hela asɛmfua ho loʹgos; hwɛ Asɛm no ho adesua asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no) a ɔno ara ne Yesu Kristo no te, anaa ne nipasu. Esiane dibea soronko a Asɛm no wɔ sɛ Onyankopɔn Abakan a ɔnam no so bɔɔ biribiara a aka nti, yebetumi aka ne ho asɛm sɛ “onyame bi, obi a ɔte sɛ onyame, obi a ofi soro, anaa ɔsoro abɔde.” Nhoma asekyerɛfo pii taa kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ, “Asɛm no yɛ Onyankopɔn.” Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ “Asɛm no” ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no yɛ pɛ. Nanso yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ na ɛnyɛ nea Yohane pɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ “Asɛm no” ara ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nea edi kan, asɛm a Yohane kae ansa na ɔreka sɛ “Asɛm no yɛ onyame,” ne nea ɔde toaa so no da no adi pefee sɛ na “Asɛm no” ne “Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ.” Afei, Hela asɛmfua the·osʹ pue mprɛnsa wɔ nkyekyɛm 1 ne 2 no mu. Wohwɛ nea edi kan ne nea ɛto so mmiɛnsa no a, Hela asɛmfua ‘ho’ ka the·osʹ no ho, nanso nea ɛto so mmienu no de, saa Hela asɛmfua no nka the·osʹ no ho. Abenfo pii gye tom sɛ ‘ho’ a wɔamfa anka the·osʹ a ɛto so mmienu no ho no, ɛma yehu ade titiriw bi. Sɛ wɔde ‘ho’ ka the·osʹ ho saa a, egyina hɔ ma ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Enti sɛnea ‘ho’ nka the·osʹ a ɛto so mmienu no ho wɔ asɛm yi mu no ma yehu sɛ, the·osʹ a ɛto so mmienu no reka sɛnea “Asɛm no” te anaa ne nipasu ho asɛm. Ne saa nti, sɛnea Bible nkyerɛase ahorow bi wɔ Borɔfo, French, ne German kasa mu kyerɛ saa asɛm yi ase no, ɛne sɛnea Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ ase no di nsɛ. Sɛnea wɔakyerɛ ase no, adwene a ɛwom ne sɛ “Asɛm no” yɛ “onyame bi, obi a ofi soro, ɔsoro abɔde, anaa obi a ɔte sɛ onyame.” Tete nkyerɛase afoforo bi foa saa asɛm yi so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wɔkyerɛɛ Yohane Asɛmpa no ase kɔɔ Copticfo kasa Sahidic ne Bohairic mu wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so mmiɛnsa ne nnan mu. Wohwɛ sɛnea wɔkyerɛɛ the·osʹ a edi kan ne nea ɛto so mmienu no ase wɔ Yoh 1:1 no a, wuhu sɛ nsonsonoe wom. Nkyerɛase ahorow yi ma yehu sɛ “Asɛm no” wɔ nipasu bi, na saa nipasu no te sɛ Onyankopɔn de no. Nanso ɛnka sɛ “Asɛm no” ara ne Agya no, anaa ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Asɛm a ɛwɔ Kol 2:9 foa wei so. Ɛka Kristo ho asɛm sɛ ‘nyamesu ayɛ no mã.’ Wohwɛ 2Pe 1:4 nso a, ɛhɔ ka sɛ Kristo nuanom a wɔasra wɔn no mpo ‘benya Onyankopɔn su no bi.’ Afei, Hebri nsɛmfua ʼel ne ʼelo·himʹ a wɔkyerɛ ase “Onyankopɔn” no, adwene a ɛwɔ akyi ne ‘Otumfoɔ anaa Hoɔdenfo,’ na mpɛn pii no wɔde Hela asɛmfua the·osʹ na ɛkyerɛ ase wɔ Septuagint no mu. Hebri nsɛmfua ʼel ne ʼelo·himʹ no nso, wotumi de gyina hɔ ma ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, anyame foforo, anaa nnipa. Sɛ wɔka sɛ Asɛm no yɛ “onyame,” anaa “otumfoɔ” a, ɛne nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yes 9:6 no hyia. Ɛhɔ ka sɛ wɔbɛfrɛ Mesia no “Onyame Tumfoɔ” (ɛnyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn), na afei ɔbɛyɛ “Daa Agya” ama wɔn a wobenya hokwan abɛyɛ n’Ahenni no manfo nyinaa. “Asɛm no” Agya, “asafo Yehowa” nnamyɛ na ɛbɛyɛ wei.—Yes 9:7.
nwtsty Yoh 1:29 ho adesua asɛm
Onyankopɔn Guammaa: Bere a Yesu bɔɔ asu wiei a Ɔbonsam sɔɔ no hwɛe akyi no, Yohane Suboni frɛɛ no “Onyankopɔn Guammaa.” Asɛm a ɛwɔ Yoh 1:29 ne Yoh 1:36 nko ara na saa asɛm yi pue. (Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 4.) Wɔde Yesu toto oguammaa ho a, ɛfata pa ara. Bible ma yehu sɛ tete no, sɛ obi yɛ bɔne a, na ɔde oguan kɔbɔ afɔre. Ná obi pɛ sɛ ɔkɔ Onyankopɔn anim nso a, ɔde oguan bɔ afɔre. Ná wei nyinaa rekyerɛ biribi a Yesu bɛyɛ daakye, kyerɛ sɛ, na ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no bɛbɔ afɔre ama adesamma. Asɛm “Onyankopɔn Guammaa” no betumi akyerɛ nneɛma ahorow bi wɔ Kyerɛwsɛm no mu. Ná Yohane Suboni nim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye, enti bere a ɔkaa sɛ Yesu yɛ Oguammaa no, ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a edidi so yi mu bi na na ɛwɔ n’adwenem: odwennini a Abraham de sii Isak ananmu bɔɔ afɔre no (Ge 22:13), Twam guammaa a wokum no wɔ Egypt de gyee Israelfo a na wɔyɛ nkoa no (Ex 12:1-13), anaa adwennini a na wɔde bɔ afɔre wɔ Onyankopɔn afɔremuka no so wɔ Yerusalem anɔpa ne anwummere biara no (Ex 29:38-42). Ebetumi nso aba sɛ, Yesaia nkɔmhyɛ no na na ɛwɔ Yohane adwenem. Nkɔmhyɛ no ka sɛ wɔde nea Yehowa frɛ no “m’akoa” no “kɔe sɛ oguan a wɔrekokum no.” (Yes 52:13; 53:5, 7, 11) Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Korintofo no, ɔfrɛɛ Yesu sɛ “yɛn twam guan.” (1Ko 5:7) Ɔsomafo Petro kaa sɛ Kristo ‘mogya som bo, te sɛ oguammaa a dɛm ne nkekae biara nni ne ho.’ (1Pe 1:19) Adiyisɛm nhoma no ka Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ, “Oguammaa no.” Ɛka saa bɛboro mpɛn 25.—Ɛho nhwɛso ne nea edidi so yi: Adi 5:8; 6:1; 7:9; 12:11; 13:8; 14:1; 15:3; 17:14; 19:7; 21:9; 22:1.
SEPTEMBER 10-16
BIBLE MU AKORADE | YOHANE 3-4
“Yesu Dii Samariani Bea Bi Adanse”
nwtsty Yoh 4:6 ho adesua asɛm
wabrɛ: Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa, ɛha nko ara na ɛka sɛ na Yesu ‘abrɛ.’ Ná abɔ bɛyɛ awia dumienu. Saa da no anɔpa no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu atwa kwan fi Yordan Subon a ɛwɔ Yudea no kɔ Sikar a ɛwɔ Samaria. Saa kwan no, na mmepɔw wom pa ara.—Yoh 4:3-5; Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 4.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Yoh 3:29 ho adesua asɛm
ayeforokunu no adamfo: Bere a wɔrekyerɛw Bible wɔ tete mmere mu no, sɛ ɔbarima bi reyɛ ayeforo a, na obi a ɔbɛn no pa ara gyina hɔ sɛ ne nanmusini wɔ mmara kwan so. Ná saa onipa no di akoten pa ara wɔ ayeforohyia no ntotoe mu. Ná wɔfa no sɛ ɔno na ɔka ayeforo no ne ayeforokunu no bom. Ayeforohyia da no, na ayeforo no ne wɔn a wɔka ne ho no kɔ baabi a wobehyia ayeforo no. Ná ebetumi ayɛ ayeforokunu no anaa ayeforokunu no papa fie. Sɛ ayeforohyia no rekɔ so a, ade baako a na ɛma ayeforokunu no adamfo no ani gye ne sɛ ɔbɛte ayeforokunu no nne sɛ ɔne ayeforo no rekasa. Ná ɛma ɔte nka sɛ wawie n’adwuma. Yohane Suboni de ne ho totoo “ayeforokunu no adamfo” ho. Kyerɛwsɛm yi mu no, Yesu ne ayeforokunu no, na n’asuafo a wɔaka abom sɛ kuw no gyina hɔ ma ayeforo no. “Ayeforo” kuw no mufo a wodi kan no, Yohane Suboni daa wɔn adi kyerɛɛ Yesu. Ɔyɛɛ saa de siesiee kwan mu maa Mesia no. (Yoh 1:29, 35; 2Ko 11:2; Efe 5:22-27; Adi 21:2, 9) Sɛ “ayeforokunu no adamfo” no da ayeforo no adi kyerɛ ayeforokunu no wie a, wawie n’adwuma. Afei dwuma titiriw a odi wɔ ayeforohyia no mu no ba awiei. Yohane nso huu ne ho saa ara, enti bere a ɔreka ɔne Yesu abusuabɔ ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Etwa sɛ ɔno de, ɔkɔ so dɔre, na me de, me so huan ara.”—Yoh 3:30.
nwtsty Yoh 4:10 ho adesua asɛm
nkwa nsu: Wɔde Hela asɛm yi kyerɛ nsu a ɛresen, nsu a efi abo mu, anaa abura mu nsu a efi fam. Ɛsono nsu ahorow yi, ɛnna ɛsono nsu a ɛtaa abura mu kɛkɛ. Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma nsu a ɛretene a wɔakyerɛ ase “mmasu” wɔ Lev 14:5 no, nea ɛkyerɛ pa ara ne “nkwa nsu.” Afei Yer 2:13 ne Yer 17:13 nso ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “nkwa nsuti,” kyerɛ sɛ, sɛnkyerɛnne kwan so nsu a ɛma nkwa. Bere a Yesu ne Samariani bea no rekasa no, ɔde asɛm “nkwa nsu” dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so, nanso bere a ɔbea no tee asɛm no kan no, ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa no sɛ nsu pa ara.—Yoh 4:11.
SEPTEMBER 17-23
BIBLE MU AKORADE | YOHANE 5-6
“Fa Adwempa Di Yesu Akyi”
nwtsty Yoh 6:10 ho adesua asɛm
mmarima a wɔn dodow bɛyɛ mpemnum no tenatenaa ase: Mateo nko ara na bere a ɔreka anwonwade yi ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ na “mmea ne mmofra nkumaa nka ho.” (Mt 14:21) Ebetumi aba sɛ nnipa a Yesu nam anwonwakwan so maa wɔn aduan no dodow bɛboro 15,000.
nwtsty Yoh 6:14 ho adesua asɛm
odiyifo: Yudafo a wɔtenaa ase wɔ afeha edi kan no mu no, na wɔn mu pii gye di sɛ odiyifo a ɔte sɛ Mose a wɔkaa ne ho asɛm wɔ De 18:15, 18 no na ɔbɛyɛ Mesia no. Kyerɛwsɛm yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ asɛm, ɔreba wiase no gyina hɔ ma Mesia a na wɔrehwɛ kwan sɛ ɔbɛba no. Nsɛm a esisii wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, Yohane nko ara na ɔkyerɛw ho asɛm.
nwtsty Yoh 6:27, 54 ho adesua nsɛm
aduan a ɛsɛe . . . aduan a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa mu: Yesu behui sɛ nea nnipa bi benya afi ɔne n’asuafo no hɔ ara nti na na wɔde wɔn ho abɔ wɔn. Ɛwom, aduan wowaw nnipa da biara, nanso honhom fam aduan anaa Onyankopɔn Asɛm betumi ama nnipa atena ase daa. Yesu hyɛɛ nnipadɔm no nkuran sɛ wɔnyɛ “aduan a ɛtena hɔ de kɔ daa nkwa mu” ho adwuma. Ɛno kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua Onyankopɔn Asɛm, na wonya nea wɔresua no mu gyidi de hyɛ wɔne Onyankopɔn adamfofa mu den.—Mt 4:4; 5:3; Yoh 6:28-39.
odi me honam nom me mogya: Yɛhwɛ nsɛm a Yesu ka kaa saa asɛm yi ho a, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ adidi ne ɔnom pa ara na na ɔreka ho asɛm, mmom na ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ onipa no nya Yesu Kristo mu gyidi. (Yoh 6:35, 40) Afe 32 Y.B. na Yesu kaa saa asɛm yi, enti na ɛnyɛ Awurade Anwummeduan a na ɔbɛyɛ no afe a edi hɔ no ho asɛm na na ɔreka. Ɔkaa saa asɛm yi no, na aka nna kakraa bi ma ‘Twam afahyɛ a Yudafo di’ no adu so (Yoh 6:4). Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi maa n’atiefo no kaee afahyɛ a na wɔrebedi no. Afei nso, na ɛbɛma wɔakae sɛnea wɔnam oguan mogya so gyee Israelfo nkwa anadwo a na wɔrebefi Egypt no (Ex 12:24-27). Asɛm, “nea odi me honam nom me mogya” a Yesu kae no, na ɔrekyerɛ sɛ sɛnea oguan mogya gyee nkwa no, saa ara nso na ne mogya no bedi dwuma titiriw bi, na ama n’akyidifo atumi anya daa nkwa.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Yoh 6:44 ho adesua asɛm
twe no: Ɛwom sɛ Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “twe” wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ɛno ara na sɛ wɔretwe asau afi po mu a, wɔde yɛ adwuma (Yoh 21:6, 11). Nanso wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn retwe nkurɔfo aba ne nkyɛn a, ɔhyɛ wɔn anaa? Ɛnte saa koraa. Saa adeyɛ asɛm yi nso betumi akyerɛ, sɛ́ obi de biribi a ɛyɛ akɔnnɔ “bɛtwetwe obi.” Ɛbɛyɛ sɛ Yesu asɛm no ma yɛkae asɛm a ɛwɔ Yer 31:3 no. Ɛhɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no sɛ: “Mede adɔe atwe wo.” (Septuagint no de Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “twe” no ara na ɛyɛ adwuma wɔ Yer 31:3.) Asɛm a ɛwɔ Yoh 12:32 ma yehu sɛ, Yesu nso twe nnipa ahorow nyinaa bi ba ne nkyɛn wɔ saa kwan no ara so. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ, Yehowa de onipa biara pɛ ama no, enti obiara wɔ kwan sɛ ɔpaw sɛ ɔbɛsom No anaasɛ ɔrensom No. (De 30:19, 20) Wɔn a wɔwɔ koma pa no, Onyankopɔn twe wɔn brɛoo ba ne nkyɛn. (Dw 11:5; Mme 21:2; Aso 13:48) Yehowa nam Bible mu asɛm ne honhom kronkron no so na ɛyɛ saa. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yes 54:13 a wɔfaa mu asɛm kae wɔ Yoh 6:45 no, ɛfa wɔn a Agya no atwe wɔn aba ne nkyɛn no ho.—Fa toto Yoh 6:65 ho.
nwtsty Yoh 6:64 ho adesua nsɛm
na Yesu nim . . . nea na obeyi no ama: Yuda Iskariot ho asɛm na na Yesu reka. Yesu bɔɔ n’Agya mpae anadwo mũ nyinaa ansa na ɔrepaw asomafo 12 no. (Lu 6:12-16) Enti mfiase no, na Yuda di nokware ma Onyankopɔn. Nanso na Yesu nim sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu aka sɛ, obi a ɔbɛn no pa ara na obeyi no ama. (Dw 41:9; 109:8; Yoh 13:18, 19) Esiane sɛ na Yesu tumi hu nnipa koma ne wɔn adwene mu nti, bere a Yuda koma fii ase sɛ ɛresɛe no, Yesu hui. (Mt 9:4) Sɛ Onyankopɔn pɛ a obetumi ahu daakye asɛm, enti otumi hui sɛ Yesu yɔnko berɛbo pa ara na na obeyi no ama. Nanso wei nkyerɛ sɛ na Onyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ dedaw sɛ ɔkwan biara so, Yuda na ɛsɛ sɛ oyi Yesu ma. Sɛ saa a, anka ɛne Onyankopɔn su ahorow ne sɛnea ɔne nnipa dii tete no renhyia.
efi mfiase: Ɛnyɛ bere a wɔwoo Yuda anaa bere a Yesu bɔɔ mpae anadwo mũ nyinaa na ɛno akyi ɔpaw no sɛ ɔsomafo ho asɛm na na kyerɛwsɛm yi reka. (Lu 6:12-16) Mmom, na kyerɛwsɛm yi reka bere a Yesu hui sɛ Yuda afi ase renya koma bɔne no ho asɛm. (Yoh 2:24, 25; Adi 1:1; 2:23) Wei nso kyerɛ sɛ, nea na Yuda reyɛ no nyinaa yɛ boapayɛ, na na wadwen ho asie dedaw, ɛnyɛ sɛ ɛbaa ne komam prɛko pɛ. Asɛmfua “mfiase” (Hela mu no, ɛyɛ ar·kheʹ) a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no betumi akyerɛ nneɛma ahorow bi. Asɛm ko a woreka no na ɛbɛkyerɛ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, asɛmfua “mfiase” a ɛwɔ 2Pe 3:4 no, nea ɛkyerɛ ne adebɔ mfiase. Nanso mpɛn pii no, wɔde asɛmfua “mfiase” di dwuma wɔ akwan pɔtee bi so. Ɛho nhwɛso ni. Petro kaa sɛ honhom kronkron baa Amanaman mufo so “sɛnea yɛn nso ɛbaa yɛn so mfiase no.” (Aso 11:15) Ná ɛnyɛ bere a wɔwoo Petro anaa bere a wɔpaw no sɛ ɔsomafo no ho asɛm na na ɔreka. Mmom, bere a wofii ase hwiee honhom kronkron guu nnipa bi so wɔ Pentekoste 33 Y.B. ma wodii dwuma titiriw bi no na na ɔreka ho asɛm. (Aso 2:1-4) Nhwɛso afoforo a ɛma yehu sɛ asɛm pɔtee a obi reka na ɛbɛkyerɛ nea asɛmfua “mfiase” kyerɛ no bi ne Lu 1:2; Yoh 15:27; ne 1Yo 2:7.
SEPTEMBER 24-30
BIBLE MU AKORADE | YOHANE 7-8
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Yoh 8:12 ho adesua asɛm
wiase hann: Ɛbɛyɛ sɛ kasakoa a Yesu de kaa ne ho asɛm no maa n’atiefo no kaee kaneadua atenten nnan a na esisi Mmea Abangua anaa Mmea Atenae hɔ wɔ asɔrefie hɔ no. Ná wɔsɔ saa nkanea no bere a wɔredi Asese Afahyɛ no. (Yoh 7:2; hwɛ sgd-TWK Ɔfa 15.) Ná kanea no hyerɛn baabi a esi no, na na hann no kɔ akyiri. Afei nso, asɛm “wiase hann” no ma yɛkae nkɔmhyɛ ahorow bi a Yesaia hyɛe. Ɔkaa sɛ “wɔn a wɔte esum kabii bun mu no” behu “hann kɛse bi,” na nea wɔka ne ho asɛm sɛ Yehowa “akoa” no bɛyɛ “kanea ama aman” no. (Yes 9:1, 2; 42:1, 6; 49:6) Bere a Yesu reka n’akyidifo no ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔde saa kasakoa yi ara na ɛyɛɛ adwuma. Ɔkaa sɛ, “Mone wiase hann.” (Mt 5:14) Asɛm “wiase hann” (Hela asɛmfua koʹsmos a yɛakyerɛ ase ‘wiase’ no kyerɛ adesamma a wɔwɔ wiase nyinaa) no, ɛne nea Yesaia ka faa Mesia no ho sɛ ɔbɛyɛ “kanea ama aman” no hyia pa ara. Afei sɛnea yehu wɔ Aso 13:46, 47 no, Paulo ne Barnaba kyerɛe sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yes 49:6 no yɛ ahyɛde ma Kristofo nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ hann ma amanaman no. Asɛnka adwuma a na Yesu ne n’akyidifo bɛyɛ no, na ebebue nkurɔfo ani wɔ honhom mu, na ama wɔade wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho.