Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr18 October kr. 1-6
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • OCTOBER 1-7
  • OCTOBER 8-14
  • OCTOBER 15-21
  • Tweetwee Bible Mu
  • nwtsty Yoh 14:6 ho adesua asɛm
  • OCTOBER 22-28
  • OCTOBER 29–NOVEMBER 4
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2018
mwbr18 October kr. 1-6

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

OCTOBER 1-7

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 9-10

“Yesu Hwɛ Ne Nguan”

nwtsty mfoni

Nguannan Anaa Nguammuw

Ná nguannan anaa nguammuw yɛ ban a wɔagye a wɔde bɔ nguan ho ban fi akorɔmfo anaa mmoa bɔne ho. Ná nguanhwɛfo de wɔn nguan gu nguannan mu anadwo de bɔ wɔn ho ban. Bible mmere mu no, na wɔtaa de abo na ɛyɛ nguannan. Ná nguannan no bi yɛ akɛse, na na ebi nso yɛ nketewa. Ná wogyaw kwan baako pɛ to ano, na na wɔmfa biribiara nkuru so. (Nu 32:16; 1Sa 24:3; Sef 2:6) Yohane kaa sɛ, sɛ obi betumi akɔ nguannan no mu a, gye sɛ ‘ɔfa ɔpon no ano.’ Ɔpon no nso, na “ɔpon ano hwɛfo” bɔ ho ban. (Yoh 10:1, 3) Nguannan no bi wɔ hɔ a, na nguanhwɛfo dodow bi tumi de wɔn mmoa kogu hɔ anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔpon ano hwɛfo no bɛbɔ wɔn ho ban. Edu anɔpa a, na ɔpon ano hwɛfo no bue ɔpon no ma nguanhwɛfo no mu biara frɛ ne nguan. Ná nguan no te wɔn wuranom no nne, na wogye wɔn so. (Yoh 10:3-5) Sɛnea na nkurɔfo bɔ wɔn nguan ho ban saa bere no, Yesu de yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛnea ɔhwɛ n’asuafo.—Yoh 10:7-14.

nwtsty Yoh 10:16 ho adesua asɛm

mede wɔn ba: Anaa “di anim.” Hela adeyɛ asɛm aʹgo a wɔde dii dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi mu no betumi akyerɛ “sɛ́ wode obi anaa biribi bɛba ɔdan mu,” anaa “sɛ́ wubedi obi anaa biribi anim,” nanso asɛm a woreka no na ɛbɛma yɛahu nea worepɛ akyerɛ. Hela nsaano nkyerɛwee a wɔyɛɛ no bɛyɛ afe 200 Y.B. no, ɛde Hela asɛm sy·naʹgo a ɛne aʹgo bɔ abusua na ɛyɛɛ adwuma. Ná wɔtaa kyerɛ sy·naʹgo ase “sɛ́ wobɛboaboa ano.” Yesu yɛ Oguanhwɛfo Pa, enti nguan a wɔwɔ ban yi mu (Lu 12:32 san frɛ wɔn “kuw ketewa”) ne nguan foforo no, ɔboaboa wɔn ano, kyerɛ wɔn kwan, bɔ wɔn ho ban, na ɔma wɔn aduan. Wɔn nyinaa bɛbom ayɛ kuw baako na wɔanya ɔhwɛfo baako. Mfatoho yi boa yɛn pa ara ma yehu sɛ na baakoyɛ bɛba Yesu akyidifo mu.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 9:38 ho adesua asɛm

ɔkotow n’anim: Anaasɛ ɔde n’anim butuw fam, anaa odii no ni. Sɛ wɔde Hela adeyɛ asɛm pro·sky·neʹo yɛ adwuma, na ɛfa ɔsom a wɔde ma onyame bi ho a, ɛnde wɔkyerɛ ase “ɔsom.” (Mt 4:10; Lu 4:8) Nanso kyerɛwsɛm yi mu de, ɔbarima a wɔwoo no sɛ onifuraefo a na wɔasa no yare no kotow Yesu anim, efisɛ ohuu Yesu sɛ Onyankopɔn nanmusifo. Ɔbarima no huu Yesu sɛ “onipa Ba” anaa Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ a Onyankopɔn ama no tumi. Wammu Yesu sɛ Onyankopɔn anaa onyame bi. (Yoh 9:35) Tete no, na nkurɔfo wɔ ɔkwan a wɔfa so kotow ebinom a ɛho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Ná wohyia adiyifo, ahemfo, anaa Onyankopɔn ananmusifo bi a, na wobutuw fam wɔ wɔn anim. (1Sa 25:23, 24; 2Sa 14:4-7; 1Ah 1:16; 2Ah 4:36, 37) Ɛbɛyɛ sɛ saa bi na ɔbarima no yɛe, bere a ɔkotow Yesu anim no. Mpɛn pii no, sɛ obi kotow Yesu anim a, sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn ayi no adi akyerɛ onii no na ɔrekyerɛ ho anisɔ a, na ɛyɛ Onyankopɔn anim dom a wanya ntia.

nwtsty Yoh 10:22 ho adesua asɛm

Ahodwira Afahyɛ: Hebri mu no, wɔfrɛ saa afahyɛ no Hanukkah (chanuk·kahʹ), na ɛkyerɛ “Ahosohyira.” Ná wɔde nnafua nwɔtwe na edi saa afahyɛ no. Ná wofi ase Kislew, da a ɛto so 25, bere a aka kakra ma awɔw bere adu no. (Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 19.) Ná wodi saa afahyɛ no de kae bere a wɔsan hyiraa Yerusalem asɔrefie no so wɔ afe 165 A.Y.B. no. Siria Hene a wɔfrɛ no Antiochus IV Epiphanes buu Yudafo Nyankopɔn, Yehowa animtiaa. Nea ɔyɛe ne sɛ, oguu Yehowa asɔrefie no ho fĩ. Sɛ nhwɛso no, osii afɔremuka foforo wɔ afɔremuka kɛse a kan no na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no so. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ogu Yehowa asɔrefie no ho fĩ koraa nti, Kislew da a ɛto so 25, 168 A.Y.B. no, Antiochus de prako bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so. Owiei no, ɔde ɛho nkwan no petẽẽ asɔrefie no ho nyinaa hyiae. Afei, ɔhyew apon a ɛwɔ asɔrefie hɔ no. Obubuu asɔfo mpia no, na oyiyii afɔremuka a wɔde sika ayɛ no. Bio, ɔpon a wɔhyehyɛ paanoo sisi so ne kaneadua a wɔde sika ayɛ no, oyiyi fii asɔrefie hɔ. Ɔsan hyiraa asɔrefie no so maa Olympus bosom Zeus. Mfe mmienu akyi no, Judas Maccabaeus san ko gyee kurow no ne asɔrefie no. Bere a wosiesiee asɔrefie no wiei no, wɔsan hyiraa so bio wɔ Kislew da a ɛto so 25, 165 A.Y.B. Bere a Antiochus yɛɛ abofonode maa Zeus wɔ afɔremuka no so akyi no, mfe mmiɛnsa pɛpɛɛpɛ na Judas Maccabaeus san hyiraa asɔrefie no so. Afei, ɔhyew afɔre a na wɔbɔ ma Yehowa da biara no, wɔsan fii ase bio. Asɛm pɔtee biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔmaa Judas Maccabaeus dii nkonim anaa ɔma ɔsan gyee asɔrefie no. Nanso, na Yehowa de nnipa binom a wɔnyɛ Israelfo adi dwuma wɔ ne som mu ama n’atirimpɔw abam. Wɔn mu bi ne Kores a na ofi Persia no. (Yes 45:1) Wei nti, sɛ Yehowa yi obi fi ɔno ara ne nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so mu de no yɛ adwuma ma N’apɛde yɛ hɔ a, ɛnyɛ nwonwa. Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ, na ɛsɛ sɛ Mesia no bɛto sɛ asɔrefie no si hɔ a nkurɔfo da so ara kɔ mu kɔsom sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho, nea ɛfa ne som adwuma, ne n’afɔrebɔ ho no betumi abam. Afei nso, afɔre a na Lewifo no bɔ no, na ɛsɛ sɛ ɛkɔ so ara kosi sɛ Mesia no bɛbɔ afɔre a ɛsen biara no. Ná afɔre a ɛsen biara no ne Mesia no nkwa a ɔde bɛto hɔ ama nnipa no. (Da 9:27; Yoh 2:17; Heb 9:11-14) Ahyɛde biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo di Ahodwira Afahyɛ no. (Kol 2:16, 17) Saa ara nso na kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yesu anaa n’asuafo no kasa tiaa saa afahyɛ no.

OCTOBER 8-14

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 11-12

“Suasua Yesu Ayamhyehye No”

nwtsty Yoh 11:24, 25 ho adesua nsɛm

Minim sɛ . . . ɔbɛsɔre: Ná Marta adwene yɛ no sɛ owusɔre a ɛbɛba daakye wɔ nna a edi akyiri mu no ho asɛm na Yesu reka. Gyidi a na ɔwɔ wɔ owusɔre nkyerɛkyerɛ no mu no, na ɛyɛ nwonwa. Ɛwom, na Onyankopɔn ama wɔakyerɛw owusɔre ho asɛm pefee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu de, nanso saa bere no, na nyamesom akannifo bi a wɔfrɛ wɔn Sadukifo nnye nni sɛ ɛbɛba. (Da 12:13; Mr 12:18) Farisifo a na wɔwɔ hɔ no nso, na wɔn gyidi ne sɛ ɔkra nwu da. Nanso na Marta nim sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ sɛ awufo benyan. Ná onim nso sɛ Yesu anyan awufo bi, ɛwom sɛ wɔn mu biara nni hɔ a bere a Yesu renyan no no na wawu ada hɔ akyɛ te sɛ Lasaro.

Mene owusɔre ne nkwa: Yesu wu ne ne wusɔre buee kwan maa wɔn a wɔawuwu no, na wɔatumi aba nkwa mu bio. Yehowa nyanee Yesu akyi no, ɔmaa no tumi a ɔde benyan awufo. Ɛnyɛ ɛno nko, ɔsan maa no tumi a obetumi de ama afoforo daa nkwa. Yɛhwɛ Adi 1:18 a, yebehu sɛ Yesu frɛ ne ho sɛ “ɔteasefo no,” na okura “owu ne Adamoa safe.” Enti Yesu yɛ ateasefo ne awufo anidaso. Yesu ahyɛ bɔ sɛ obebuebue adamoa ano na wama wɔn a wɔawuwu no nkwa. Ebinom benya nkwa ne no akodi ade wɔ soro, na ebinom nso benya nkwa atena asase foforo no so bere a Yesu redi hene no.—Yoh 5:28, 29; 2Pe 3:13.

nwtsty Yoh 11:33-35 ho adesua nsɛm

resu: Anaa “ɔretew nusu.” Hela asɛm a ɔde gyina hɔ ma “osu” no, ɛtaa kyerɛ obi a ɔresu mããmãã. Saa Hela adeyɛ asɛm no ara na wɔde dii dwuma bere a Yesu kaa Yerusalem sɛe a na ɛreba ho asɛm no.—Lu 19:41.

osii apini na ne ho yeraw no: Hela nsɛmfua mmienu a wɔde boom dii dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi mu no ma yehu sɛ, atenka a Yesu nyae no, na ano yɛ den pa ara. Hela adeyɛ asɛm em·bri·maʹo·mai a wɔkyerɛɛ ase “osii apini” no, mpɛn pii ɛkyerɛ atenka a emu yɛ den. Nanso kyerɛwsɛm yi mu no, yehu sɛ asɛm no kaa Yesu araa ma osii apini. Hela asɛm ta·rasʹso a yɛakyerɛ ase “ne ho yeraw no” no, nea ɛkyerɛ pa ara ne obi a ɔreteetee. Sɛnea ɔbenfo bi kae no, nea saa asɛm yi kyerɛ wɔ kyerɛwsɛm yi mu ne sɛ “biribi bɛma obi ho ahiahia no; anaa ɛbɛma wafa yaw mu anaa ama wadi awerɛhow.” Wɔde adeyɛ asɛm koro no ara adi dwuma wɔ Yoh 13:21. Ɛhɔ ma yehu sɛnea Yesu tee nka bere a ebesii ne tirim sɛ Yuda beyi no ama no.—Hwɛ Yoh 11:35 ho adesua asɛm.

sui: Hela asɛmfua da·kryʹo a wɔde yɛɛ adwuma no, ɛyɛ adeyɛ asɛm. Wɔde ne sɛso a ɛyɛ din asɛm a egyina hɔ ma “nusu” di dwuma wɔ Lu 7:38; Aso 20:19, 31; Heb 5:7; Adi 7:17; 21:4 mu. Ɛrekame ayɛ sɛ ɛfa nusu a obi bɛtew ho, na ɛnyɛ su a obesu ama nkurɔfo ate ne nne ho. Saa kyerɛwsɛm yi mu nko ara na wɔde Hela adeyɛ asɛm da·kryʹo di dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Bere a wɔreka osu a Maria ne Yudafo no sui ho asɛm wɔ Yoh 11:33 (hwɛ ɛho adesua asɛm) no, wɔde Hela asɛmfua foforo na edii dwuma. Ná Yesu nim sɛ ɔrebenyan Lasaro, nanso ɛyɛɛ no yaw pa ara sɛ ohui sɛ ne nnamfo a ɔdɔ wɔn no redi awerɛhow. Ɔdɔ ne tema a na ɔwɔ ma ne nnamfo no pusuw no ma ɔtee nusu wɔ baguam. Saa asɛm yi ma emu da hɔ pefee sɛ, wɔn a Adam bɔne nti wɔhwere wɔn adɔfo no, Yesu te nka ma wɔn.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 11:49 ho adesua asɛm

ɔsɔfo panyin: Bere a na Israel yɛ ɔman a wodi wɔn ho so no, sɛ obi bɛyɛ ɔsɔfo panyin a, na okura saa dibea no mu kosi sɛ obewu. (Nu 35:25) Nanso, bere a na Romafo di Israel so no, na onipa a ogyina Roma aban no ananmu wɔ Israel no wɔ tumi sɛ ɔpaw ɔsɔfo panyin anaa otu no ade so. Romafo no na wɔpaw Kaiafa, na na ɔyɛ nanmusini a n’ani atew. Enti okuraa saa dibea no mu kyɛe sen ne mfɛfo a wodi n’anim no. Wɔpaw no afe 18 Y.B., na ɔyɛɛ adwuma no araa kosii afe 36 Y.B. Bere a Yohane kaa sɛ Kaiafa yɛ ɔsɔfo panyin saa afe (33 Y.B.) no, ɛbɛyɛ sɛ nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, afe a wokum Yesu no, na Kaiafa da so ara yɛ ɔsɔfo panyin.—Sɛ worepɛ baabi a ɛbɛyɛ sɛ na Kaiafa fie wɔ a, hwɛ sgd-TWK Ɔfã 16.

nwtsty Yoh 12:42 ho adesua nsɛm

sodifo no: Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “sodifo” no, ɛda adi sɛ ɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yudafo asɛnnibea kɛse Sanhedrin no mu no. Wɔde saa asɛm no ara adi dwuma wɔ Yoh 3:1. Ɛhɔ no, Nikodemo a na ɔyɛ asɛnnibea kɛse no muni no na na wɔde reka ne ho asɛm.

wɔantu wɔn amfi hyiadan no mu: Kyerɛwsɛm yi ne Yoh 12:42 ne 16:2 mu nko ara na wɔde Hela asɛmfua a·po·sy·naʹgo·gos yɛ adwuma. Sɛ wotu obi a, na obiara ne no mmɔ, na na nkurɔfo bu onipa a ɔte saa no animtiaa te sɛ obi a yɛapo no. Sɛ ɛkɔba sɛ wɔpo Yudani bi ma enti ontumi ne ne nuanom mmɔ a, na ɛbɛma onii no abusua ho akyere no pa ara wɔ sikasɛm mu. Ná dwuma titiriw a wodi wɔ hyiadan ahorow mu ne sɛ wosua ade wɔ hɔ. Ɛtɔ da nso a, na wɔde hɔ yɛ asɛnnibea. Ná wɔn a wodi asɛm no wɔ tumi sɛ wɔde asotwe ma, na nea na wɔde twe nkurɔfo aso no bi ne sɛ wɔbɛka wɔn mpire anaasɛ wobetu wɔn afi hyiadan no mu.

OCTOBER 15-21

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 13-14

“Magyaw Mo Nhwɛsode”

nwtsty Yoh 13:5 ho adesua asɛm

hohoroo asuafo no nan ho: Tete Israel no, mpaboa a na wɔtaa hyɛ pa ara no, na ɛte sɛ taa-wo-to. Ná ɛyɛ mpaboa a ɛda fam pa ara a ahama wɔ ho a obi tumi de kyekyere ne nan ho. Enti sɛ obi hyɛ tu kwan a, nea ɛte biara no ne nan ho bɛyɛ fĩ esiane mfuturu anaa atɛkyɛ a ɛwɔ kwan so nti. Wei nti, sɛ obi rewura fie a, na ɔtaa worɔw ne mpaboa. Afei, ofiewura a ɔresom ne hɔho no bɛhwɛ sɛ yɛahohoro ne hɔho no nan ho. Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛfoa saa adeyɛ yi so. (Ge 18:4, 5; 24:32; 1Sa 25:41; Lu 7:37, 38, 44) Bere a Yesu hohoroo n’asuafo no nan ho no, na ɔde rekyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔsom wɔn ho wɔn ho.

nwtsty Yoh 13:12-14 ho adesua asɛm

ɛsɛ sɛ: Ná wɔtaa de Hela adeyɛ asɛm yi di dwuma bere a wɔreka sikasɛm no. Nea ɛkyerɛ ara ne “sɛ́ obi bɛde obi ka.” (Mt 18:28, 30, 34; Lu 16:5, 7) Kyerɛwsɛm yi ne kyerɛwsɛm afoforo mu no, sɛnea wɔde adi dwuma no kɔ akyiri, na adwene a ɛwɔ akyiri ara ne, sɛ́ asɛyɛde bɛba abɛda obi so.—1Yo 3:16; 4:11; 3Yo 8.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 14:6 ho adesua asɛm

Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa: Yesu yɛ ɔkwan no, efisɛ ɔno nko ara na yebetumi afa no so abɔ Nyankopɔn mpae. Afei nso, ɔno ne “ɔkwan” a yebetumi afa so apata yɛne Onyankopɔn ntam. (Yoh 16:23; Ro 5:8) Yesu ne nokware no, efisɛ bere a ɔbaa asase so no, nsɛm a ɔkae ne sɛnea ɔbɔɔ ne bra nyinaa no, na ɛne nokware no hyia. Afei nso, ɔmaa nkɔmhyɛ pii baa mu a ɛma yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam a, egyina no so. (Yoh 1:14; Adi 19:10) Nkɔmhyɛ yi nyinaa “nam no so ayɛ Yiw [anaa abam].” (2Ko 1:20) Yesu ne nkwa no, efisɛ agyede a ɔde mae no nti, ama ayɛ yiye sɛ nnipa betumi anya “nkwa ankasa no” anaa “daa nkwa.” (1Ti 6:12, 19; Efe 1:7; 1Yo 1:7) Afei nso, ɔbɛyɛ “nkwa” ama nnipa ɔpepem pii a wobenyan afi awufo mu no. Saafo yi benya anidaso sɛ wɔbɛtena Paradise asase so daa.—Yoh 5:28, 29.

nwtsty Yoh 14:12 ho adesua asɛm

nnwuma akɛse asen: Ná ɛnyɛ nea Yesu reka ne sɛ n’asuafo no bɛyɛ anwonwade akyɛn no. Mmom no, ofii ahobrɛase mu gye toom sɛ asuafo no bɛyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no pii akyɛn no. Ná Yesu asuafo no bɛka asɛm no wɔ nsasesin pii mu, wɔbɛka akyerɛ nnipa pii, na bere a wɔde bɛka asɛm no bɛyɛ tenten akyɛn bere dodow a ɔde kaa asɛm no. Yesu nsɛm no da no adi pefee sɛ, na ɔhwɛ kwan sɛ n’akyidifo no bɛtoa n’adwuma no so.

OCTOBER 22-28

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 15-17

“Monyɛ Wiase No Fã”

nwtsty Yoh 15:19 ho adesua asɛm

wiase: Kyerɛwsɛm yi mu no, Hela asɛmfua koʹsmos kyerɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔnyɛ Onyankopɔn asomfo anaa yɛbɛka a, adesamma abɔnefo nyinaa a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho. Yesu asɛm a ɔkaa sɛ n’akyidifo nyɛ wiase no fã, anaa wɔnyɛ wiase no dea no, Yohane nko ara ne Asɛmpa kyerɛwfo a ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ. Wohwɛ Yesu mpae a etwa to a ɔne n’asomafo anokwafo no bɔe ansa na ɔrewu no nso a, ɔkaa no mprenu sɛ wɔnyɛ wiase no fã.—Yoh 17:14, 16.

nwtsty Yoh 15:21 ho adesua asɛm

me din nti: Bible mu no, ɛtɔ da a wɔde asɛmfua “edin” gyina hɔ ma onipa a edin no da no so, edin ko a wagye, ne biribiara a wɔde nim no. Nanso Yesu fam no, sɛ wuyi nea yɛaka no to nkyɛn a, edin a ɛda no so no san gyina hɔ ma tumi ne dibea a n’Agya de ama no no. (Mt 28:18; Flp 2:9, 10; Heb 1:3, 4) Kyerɛwsɛm yi mu no, na Yesu reka nea enti a nnipa a wɔwɔ wiase no bɛsɔre atia n’akyidifo no: ɛne sɛ wonnim Onii a ɔsomaa no no. Sɛ wonim Onyankopɔn a, anka ɛbɛboa wɔn ama wɔahu nea Yesu din no kyerɛ, na wɔagye nea edin no gyina hɔ ma no atom. (Aso 4:12) Ná ɛsɛ sɛ wogye tom sɛ Yesu wɔ tumi sɛ Sodifo a Onyankopɔn apaw no ne ahene mu Hene a ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa bɔ wɔn mu ase ma no ansa na wɔanya nkwa.—Yoh 17:3; Adi 19:11-16; fa toto Dw 2:7-12 ho.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 17:21-23 ho adesua nsɛm

biakoyɛ: Yesu bɔɔ mpae sɛ n’akyidifo no nyɛ “baako,” kyerɛ sɛ, wommom nni atirimpɔw baako ho dwuma sɛnea ɔne n’Agya yɛ “baako” no, na akyerɛ sɛ wɔte wɔn ho ase na wɔwɔ adwenkoro. (Yoh 17:22) Asɛm a ɛwɔ 1Ko 3:6-9 mu no, Paulo kaa sɛ saa baakoyɛ no na ɛkɔ so wɔ Kristofo ntam bere a wɔne wɔn ho wɔn ho reyɛ adwuma anaa wɔne Onyankopɔn reyɛ adwuma no.—Hwɛ 1Ko 3:8.

biakoyɛ bedi mũ: Kyerɛwsɛm yi mu no, Yesu kaa sɛ baakoyɛ a edi mũ a n’asuafo no bɛda no adi ne ɔdɔ a Agya no bɛdɔ wɔn no wɔ abusuabɔ. Wei ne asɛm a ɛwɔ Kol 3:14 no hyia. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Ɔdɔ yɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.’ Baakoyɛ a edi mũ a yɛreka ho asɛm yi wɔ nea ɛkyerɛ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛn nyinaa wɔ ɔdom akyɛde baako, na yɛn nneyɛe ne yɛn ahonim nso yɛ baako. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ Yesu akyidifo no bɛyɛ baako wɔ wɔn dwumadi, wɔn gyidi, ne wɔn nkyerɛkyerɛ mu.—Ro 15:5, 6; 1Ko 1:10; Efe 4:3; Flp 1:27.

nwtsty Yoh 17:24 ho adesua asɛm

wɔhyɛɛ wiase ase: Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘hyɛɛ ase’ no, wɔakyerɛ ase wɔ Heb 11:11 sɛ “faa yafunu.” Kyerɛwsɛm yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ asɛm “wɔhyɛɛ wiase ase” no kyerɛ bere a Adam ne Hawa woo mma no. Yesu reka Habel ho asɛm wɔ Lu 11:50, 51 no, ɔde asɛm “wiase asefi” dii dwuma. Ɛbɛyɛ sɛ nnipa a wobegye wɔn nkwa no, Habel na odi kan, na ɔno nso ne onipa a odi kan a ‘wɔkyerɛw ne din wɔ nkwa nhoma no mu fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase’ no. (Adi 17:8) Nsɛm yi a Yesu kaa wɔ mpaebɔ mu kyerɛɛ ne Papa no nso foa so sɛ, bere tenteenten ansa na Adam ne Hawa refa yafunu anaa wɔrenyinsɛn no, na Onyankopɔn dɔ ne Ba a ɔwoo no koro no.

OCTOBER 29–NOVEMBER 4

BIBLE MU AKORADE | YOHANE 18-19

“Yesu Dii Nokware No Ho Adanse”

nwtsty Yoh 18:37 ho adesua nsɛm

merebedi nokware no ho adanse: Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sɛ́ wubedi adanse,” (mar·ty·reʹo) ne nea wɔkyerɛɛ ase “adanse” (mar·ty·riʹa; marʹtys) no, etumi kyerɛ nneɛma pii. Wotumi de nsɛmfua mmienu yi nyinaa di dwuma de kyerɛ obi a ɔredi nokwasɛm bi a ɔde n’ani ahu ho adanse. Ebetumi nso akyerɛ “obi a ɔrebɔ biribi ho dawuru; ɔresi so dua, anaa ɔreka ho asɛm pa.” Ná Yesu gye nokware no di, enti ɛnyɛ sɛ odii ho adanse anaa ɔbɔɔ ho dawuru kɛkɛ, na mmom sɛnea ɔbɔɔ ne bra no ma ɛdaa adi sɛ n’Agya nkɔmhyɛsɛm ne ne bɔhyɛ yɛ nokware. (2Ko 1:20) Ná wɔaka Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa Ahenni no ne Mesia a obedi so hene no ho nsɛm pii ato hɔ dedaw. Biribiara a Yesu yɛe wɔ n’asetenam wɔ asase so kosii sɛ owui de ne ho bɔɔ afɔre no maa nkɔmhyɛ a ɛfa ne ho nyinaa baam. Afei nneɛma a na ɛwɔ Mmara apam no mu a ɛfa ne ho no nyinaa nso baam. (Kol 2:16, 17; Heb 10:1) Enti yebetumi aka sɛ Yesu de ne kasa ne ne nneyɛe ‘dii nokware no ho adanse.’

nokware no: Ɛnyɛ nokware biara kɛkɛ na na Yesu reka ho asɛm, mmom na ɛyɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho. Ade titiriw pa ara a ɛka Onyankopɔn atirimpɔw ho ne sɛ Yesu a ɔyɛ “Dawid ba” no bɛyɛ Ɔsɔfo Panyin ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene. (Mt 1:1) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ade titiriw baako nti a ɔne nnipa bɛtenaa asase so, na ɔyɛɛ asɛnka adwuma no ne sɛ ɔbɛbɔ nokware a ɛfa Ahenni no ho dawuru. Ansa na wɔrewo Yesu ne bere a wɔrewo no no, abɔfo de asɛm a ɛte saa ara too gua wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. Saa kurow no mu na wɔwoo Dawid.—Lu 1:32, 33; 2:10-14.

nwtsty Yoh 18:38a ho adesua asɛm

Dɛn ne nokware?: “Nokware” a na Yesu reka ho asɛm no, ɛda adi sɛ ɛnyɛ ɛno ho asɛm na na Pilato rebisa. (Yoh 18:37) Sɛ Pilato fii ne komam na ebisaa asɛm no a, akyinnye biara nni ho sɛ anka Yesu bɛma no mmuae. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ sɛnea Pilato bisaa asɛm no, na ɛnyɛ sɛ ɔrepɛ mmuae. Ɛbɛyɛ sɛ obisaa asɛm no animtiaabu so te sɛ nea ɔreka sɛ, “Nokware? Ɛno nso yɛ dɛn? Nokware biara nni hɔ!” Ampa ara nso, Pilato antwɛn amma Yesu amma no mmuae mpo na opue kɔɔ Yudafo no hɔ.

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Yoh 19:30 ho adesua asɛm

gyaa ne honhom mu: Anaa “owui; ogyaee ahome.” Asɛm “honhom” (Hela mu no, ɛyɛ pneuʹma) a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ebetumi akyerɛ “ɔhome” anaa “nkwa tumi.” Wei ne asɛm a ɛwɔ Mr 15:37 ne Lu 23:46 no hyia. Ɛhɔ no, wɔde Hela adeyɛ asɛm ek·pneʹo (nea ɛkyerɛ pa ara ne “sɛ́ obi begu ahome”) na edi dwuma. Ebinom ka sɛ, Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘gyaa mu’ no, ɛkyerɛ sɛ Yesu fii ne pɛ mu gyaa ne honhom mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ne nkwa befi ne nsa, efisɛ na wawie biribiara anaa asa. Ofii ne komam ‘de ne kra maa owu.’—Yes 53:12; Yoh 10:11.

nwtsty Yoh 19:31 ho adesua asɛm

saa Homeda no yɛ homeda kɛse: Afe biara, wodi Twam afahyɛ wie a, da a edi hɔ a ɛne Nisan 15 no, sɛ́ ebesi da bɛn oo, sɛ́ ebesi da bɛn oo, na ɛyɛ homeda. (Le 23:5-7) Nanso sɛ Homeda titiriw no ne Homeda a wodi no nnawɔtwe biara no hyia a, na ɛyɛ Homeda “kɛse.” Ná Yudafo no kan da a ɛto so nson no fi Fida bere a owia akɔtɔ kosi Memeneda bere a owia akɔtɔ. Da a ɛto so nson no na na wodi nnawɔtwe nnawɔtwe Homeda no. Fida a Yesu wui no, na da a edi hɔ no yɛ Homeda kɛse. Efi afe 29 kosi 35 Y.B. no, afe 33 Y.B mu pɛ na Nisan 14 sii Fida. Enti saa adanse yi foa so sɛ, ɛbɛyɛ sɛ Yesu wui wɔ Nisan 14, afe 33 Y.B.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena