Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 3 kr. 6
  • Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Nsɛmmisa Di Dwuma
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Etu Mpɔn So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Worebɛkenkan Kyerɛwsɛm a, Kanyan Ho Anigye
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 3 kr. 6

ADESUA 3

Fa Nsɛmmisa Di Dwuma

Kyerɛwsɛm

Mateo 16:13-16

NSƐNTITIRIW: Fa nsɛmmisa a ɛfata di dwuma wɔ akwan ahorow yi so: Fa kanyan w’atiefo no anigye ma wɔnkɔ so mfa anigye ntie nea woreka no, fa di dwuma bere a wo ne wɔn resusuw nsɛm ho, na fa si nsɛntitiriw so dua.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Kanyan w’atiefo no anigye na wɔakɔ so de anigye atie nea woreka no. Bisa nsɛm a ɛbɛkanyan atiefo no ama wɔama ho mmuae wɔ wɔn tirim, anaa ama wɔahwɛ nkyerɛkyerɛmu bi kwan.

  • Wo ne wɔn nsusuw nsɛm ho. Sɛ wo ne w’atiefo no resusuw nsɛm ho a, fa nsɛmmisa di dwuma na aboa atiefo no ma wɔadi nkyerɛkyerɛmu no akyi kosi sɛ wɔbɛte ase.

  • Si nsɛntitiriw so dua. Sɛ worebɛka asɛntitiriw bi a, di kan bisa asɛm bi ma ɛnkanyan atiefo no adwene. Sɛ wo ne w’atiefo susuw asɛnhia bi ho wie anaa wuwie wo nkyerɛkyerɛmu no nyinaa a, bisa nsɛm fa kaakae wɔn emu nsɛntitiriw no.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, bisa nsɛm fa si emu nsɛntitiriw no so dua.

ASƐNKA MU

Bisa asɛm bi, na ma nea ɔretie wo no nkyerɛ n’adwene wɔ ho. Tie ne mmuae no yiye pa ara. Fa nhumu di dwuma na ama woahu sɛnea wubebisa nsɛm a ɛfata, ne bere a ɛsɛ sɛ wubisa saa nsɛm no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena