Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
MARCH 3-9
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 3
Kyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So
ijwbv asɛm 14 ¶4-5
Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”
“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so.” Nea yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho reto Onyankopɔn so ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɔpɛ. Biribiara mu no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma mu nyinaa de yɛn ho to Onyankopɔn so koraa. Sɛ Bible ka koma a, ɛtaa kyerɛ sɛnea obi te ankasa wɔ ne mu te sɛ sɛnea ɔte nka, nea epusuw no ma ɔyɛ biribi, nea odwen ho, ne ne suban. Enti sɛ Bible ka sɛ yɛmfa yɛn koma nyinaa nto Onyankopɔn so a, ɛnyɛ sɛnea yɛte nka nko ara ho asɛm na ɛreka. Mmom yɛhyɛ da si gyinae sɛ yɛde yɛn ho bɛto ne so, efisɛ yegye di paa sɛ yɛn Bɔfo no nim nea ɛyɛ ma yɛn.—Romafo 12:1.
“Mfa wo ho nto w’ankasa wo ntease so.” Sɛnea yesusuw nneɛma ho no, enni mu, enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so. Sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ho so, na yɛyɛ nea yɛn ankasa pɛ, anaa yɛde atenka sisi gyinae a, ɛbɛma yɛayɛ biribi a mfiase no ɛbɛyɛ sɛ nea mfomso biara nni ho, nanso ebewie ase no, ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw aba. (Mmebusɛm 14:12; Yeremia 17:9) Onyankopɔn nyansa boro yɛn de so koraa. (Yesaia 55:8, 9) Sɛ yɛde Onyankopɔn adwene sisi gyinae a, ebesi yɛn yiye.—Dwom 1:1-3; Mmebusɛm 2:6-9; 16:20.
ijwbv asɛm 14 ¶6-7
Mmebusɛm 3:5, 6—“Mfa Wo Ho Ntweri Wo Nhumu”
“Hu no w’akwan nyinaa mu.” Anammɔn biara a yebetu wɔ yɛn asetenam anaa gyinae kɛse biara a yebesi no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn adwene wɔ ho. Ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn akwankyerɛ, na yɛde nea n’Asɛm Bible no ka abɔ yɛn bra.—Dwom 25:4; 2 Timoteo 3:16, 17.
“Ɔbɛma w’akwan ateɛ.” Ɔkwan a Onyankopɔn fa so ma yɛn akwan teɛ ne sɛ, ɔboa yɛn ma yɛde n’akwankyerɛ pa no bɔ yɛn bra. (Mmebusɛm 11:5) Ɛno ma yɛtwe yɛn ho fi nneɛma a ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ yɛn ho, na ɛma yɛn ani gye.—Dwom 19:7, 8; Yesaia 48:17, 18.
be 76 ¶4
Nya Nkɔanim—Nya Nkɔso
Bere a obi anya asetra mu tebea horow mu suahu no, obetumi aka sɛ: ‘Mahyia tebea yi pɛn. Minim nea mɛyɛ.’ So eyi bɛyɛ ade a nyansa wom? Mmebusɛm 3:7 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nyɛ w’ani so onyansafo.” Ɛsɛ sɛ osuahu ma yehu nneɛma a ɛsɛ sɛ yesusuw ho bere a yɛredi asetra mu tebea horow ho dwuma no. Nanso sɛ yɛrenya honhom mu nkɔanim a, ɛsɛ sɛ osuahu a yɛanya no kanyan yɛn adwene ne yɛn koma ma yehu sɛ yehia Yehowa nhyira na ama yɛatumi anya nkɔanim. Ɛnde ɛnyɛ tebea horow a yebefi ahotoso mu agyina ano no na ɛbɛma yɛn nkɔso ada adi, na mmom Yehowa a yɛbɛdan akɔ ne nkyɛn ntɛm akɔhwehwɛ akwankyerɛ wɔ yɛn asetra mu no. Ɛda adi denam sɛnea yenya ahotoso sɛ sɛ Yehowa amma biribiara ho kwan a ɛrentumi nsi, ne gyidi a yebenya wɔ yɛn soro Agya no mu, ne abusuabɔ pa a yɛne no benya so.
Tweetwee Bible Mu
w06 9/15 17 ¶7
Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw
3:3. Ɛsɛ sɛ yɛma adɔe ne nokware som yɛn bo, na yɛma nnipa nyinaa hu te sɛ nea yɛde kɔnmuade to yɛn kɔn mu no. Ɛho hia sɛ yɛkyerɛw gu yɛn koma so nso ma ɛbɛyɛ yɛn su.
MARCH 10-16
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 4
“Bɔ Wo Koma Ho Ban”
w19.01 15 ¶4
Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?
4 Asɛmfua “koma” a ɛwɔ Mmebusɛm 4:23 no, etumi kyerɛ nea yedwinnwen ho, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne nea yɛpɛ. Ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, na ɛnyɛ sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so.
w19.01 17 ¶10-11
Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?
10 Sɛ yebetumi abɔ yɛn koma ho ban a, ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn na yɛyɛ ho biribi ntɛm de bɔ yɛn ho ban. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘bɔ ho ban’ wɔ Mmebusɛm 4:23 no ma yɛkae adwuma a ɔwɛmfo yɛ. Ɔhene Solomon bere so no, na awɛmfo gyina kurow afasu so, na sɛ wohu sɛ asiane bi reba a, na wɔabɔ ɔmanfo kɔkɔ. Sɛ yetwa wei ho mfoni wɔ yɛn adwenem a, ɛboa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamma Satan ansɛe yɛn adwene.
11 Tete no, na awɛmfo ne kurow apon ano ahwɛfo bom yɛ adwuma. (2 Sam. 18:24-26) Bere biara a ɔtamfo bi bɛbɛn kurow no, na wɔn mmienu nyinaa hwɛ sɛ wɔatoto apon no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ kurow no ho ban. (Neh. 7:1-3) Yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no betumi ayɛ adwuma te sɛ ɔwɛmfo; sɛ Satan pɛ sɛ ɔsɛe yɛn koma a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ Satan yɛ n’adwene sɛ ɔbɛma yɛanya nsusuwii bɔne, nkate a ɛmfata, anaa wapiapia yɛn ama yɛayɛ nea enye a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Bere biara a yɛn ahonim bɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ biribi ho no, ɛsɛ sɛ yetie na yɛyɛ ntɛm twe yɛn ho fi ho.
w19.01 18 ¶14
Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?
14 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban a, ɛnyɛ nneɛma bɔne nko na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ɛsɛe yɛn koma, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma pa nso hyɛ yɛn koma mu. Momma yɛnsan nhwɛ kurow a wɔato ho ɔfasu ho mfatoho no. Sɛ atamfo pɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ kurow no so a, ɔpon ano hwɛfo toto apon no mu, nanso ɛtɔ da a obuebue apon no ma nkurɔfo de nnuan ne nneɛma foforo ba kurow no mu. Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔremmue apon no da a, ɔkɔm bekum kurom hɔfo. Yɛn nso, ehia sɛ yebue yɛn komam ma Onyankopɔn adwene kyerɛ yɛn kwan daa.
w12 5/1 32 ¶2
“Bɔ Wo Koma Ho Ban!”
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ saa koma no ho ban? Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛw sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa, efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.” (Mmebusɛm 4:23) Sɛ yɛn abrabɔ besi yɛn yiye nnɛ ne daakye a, ne nyinaa ne sɛnea yɛn koma anaa yɛn suban te. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn hu nea ɛwɔ yɛn koma mu. (1 Samuel 16:7) Ɛyɛ sɛnea yɛte wɔ yɛn mu, yɛn “komam nipa a wahintaw” no, na ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ yɛn ho.—1 Petro 3:4.
Tweetwee Bible Mu
w21.08 8 ¶4
Wode Ntoboase Bɛtwɛn Yehowa?
4 Mmebusɛm 4:18 ka sɛ: “Atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann a ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Yɛhwɛ saa kyerɛwsɛm yi a, ɛma yehu pefee sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo ma wɔte n’atirimpɔw ase nkakrankakra. Afei nso, sɛnea Kristoni bi tumi yɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu na ɔne Yehowa ntam yɛ kama no, saa kyerɛwsɛm yi betumi aboa yɛn ma yɛate ase. Egye bere na obi ne Yehowa adamfofa mu atumi ayɛ den. Sɛ yɛyere yɛn ho sua Bible, na yɛde afotu a Onyankopɔn asafo no nam Bible so de ma yɛn no yɛ adwuma a, nkakrankakra yebenya Kristo suban no bi. Afei nso, yebehu Onyankopɔn yiye. Momma yɛnhwɛ sɛnea Yesu de mfatoho kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu.
MARCH 17-23
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 5
Twe Wo Ho Fi Aguamammɔ Ho Koraa
w00 7/15 29 ¶1
Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase A Ɔbrasɛe Wom Mu
Wɔ bɛ yi mu no, wɔka ɔdebɔneyɛfo no ho asɛm sɛ “ɔbea nanani”—tuutuuni. Nsɛm a ɔka de daadaa nea odi no amim no yɛ dɛ sɛ ɛwo, na ɛyɛ toro sen ngo. So ɛnyɛ saa kwan yi so na wofi ase twetwe afoforo adwene kɔ nna mu ɔbrasɛe dodow no ara so? Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbea hoɔfɛfo kyerɛwfo a wadi mfirihyia 27 a ne din de Amy asɛm no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Saa ɔbarima yi a ɔwɔ m’adwumam no ma n’ani ku me ho yiye, na ɔkamfo me bere biara. Ɛyɛ anigye sɛ afoforo behu nea woyɛ. Nanso, mitumi hu sɛ nna nti na ɔkyerɛ me ho anigye saa. Meremma nea ɔreyɛ no nnaadaa me.” Ɔdaadaafo adɛfɛdɛfɛsɛm taa yɛ anigye, gye sɛ yehu nea ɔrepɛ akyerɛ no. Wɔ eyi ho no ehia sɛ yenya adwempa.
w00 7/15 29 ¶2
Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase a Ɔbrasɛe Wom Mu
Ɔbrasɛe akyi asɛm yɛ nwene sɛ awɔnwene, na ɛyɛ nnam sɛ nkrante anofanu—ano yɛ yaw na edi awu. Ahonim a ebu fɔ, nyinsɛn a wɔmpɛ, anaa yare a wonya fi nna mu ne nneɛma a enye na ɛtaa fi nneyɛe a ɛtete saa mu ba. Na susuw nkate fam yaw a obi a wanni nokware aware mu ɔhokafo bedi no ho hwɛ. Awaresɛe biako betumi apira obi kɛse a ne werɛ remfi da. Yiw, ɔbrasɛe pira.
w00 7/15 29 ¶5
Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase a Ɔbrasɛe Wom Mu
Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nkurɔfo a wɔn bra asɛe nkɛntɛnso ho koraa sɛnea yebetumi. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn akwan so denam nnwom a mfaso nni so a yebetie, anigyede a ɛsɛe adwene a yɛbɛhwɛ, anaasɛ aguamansɛm a yɛbɛhwɛ anaa yɛbɛkenkan so? (Mmebusɛm 6:27; 1 Korintofo 15:33; Efesofo 5:3-5) Na hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛtwetwe wɔn adwene aba yɛn so denam bɔ a yɛne wɔn bɛbɔ anaasɛ denam yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie a ɛmfata so!—1 Timoteo 4:8; 1 Petro 3:3, 4.
Tweetwee Bible Mu
w00 7/15 29 ¶7
Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase a Ɔbrasɛe Wom Mu
Enti Salomo si akatua a ɛsõ a yenya fi ɔbrasɛe a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu no mu so dua. Awaresɛe de animguase anaa aniwu na ɛba. So ɛnyɛ animguase ankasa sɛ yɛnam saa a yɛbɛyɛ so adwudwo yɛn ankasa akɔnnɔ bɔne anaa obi foforo de ano kɛkɛ? Sɛ yɛne obi a ɔnyɛ yɛn aware mu ɔhokafo nya nna mu kyɛfa a, so ɛnkyerɛ sɛ yemmu yɛn ho?
MARCH 24-30
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 6
Ɛdɛn Na Yebetumi Asua Afi Ntɛtea Hɔ?
it-1 115 ¶1-2
Ntɛtea
‘Wɔde Nyansa Ahyɛ Wɔn Mu.’ Bible ka sɛ ntɛtea wɔ ‘nyansa,ʼ nanso wei nkyerɛ sɛ wɔtumi dwen anaa wɔwɔ nimdeɛ. Mmom, Ɔbɔadeɛ no na ɔde biribi ahyɛ wɔn mu a ɛma wɔtumi yɛ nea wɔyɛ no. Bible ka ntɛtea ho asɛm sɛ ‘wɔhwehwɛ wɔn aduan wɔ ahohuru bere mu, na wɔboaboa wɔn aduan ano wɔ twabere mu.’ (Mme 6:8) Sɛ wokɔ Palestine asaase so a, ntɛtea a ɛdɔɔso wɔ hɔ paa no, baako ne kakapɛ (Messor semirufus). Wɔboaboa nnuan pii ano sie wɔ fefɛwbere ne ahohurubere mu, na sɛ edu awɔwbere anaa bere a aduan ho ayɛ nã a, wɔanya bi adi. Saa ntɛtea yi, baabi a wubehu wɔn paa ne awiporowbea; ɛhɔ na wɔnya aduan pii. Sɛ nsu tɔ, na aduan a kakapɛ de asie no fɔw a, akyiri yi wɔsan twe aduan a wɔde asie no begu awia mu hata. Nhwehwɛmufo ahu sɛ, saa ntɛtea yi, aba a wɔboaboa ano sie no, nea ɛbɛyɛ a ɛrentumi mfifi no, wɔkeka aba no ani fi so. Nea ɛma wuhu kakapɛ bon ne sɛ, wɔgyaw ntɛtɛwa pii gu wɔn bon ano, na kwan a wɔfa so kɔ bon no mu nso, wɔfa so ara ma ɛso yɛ kwabokwabo.
Suban Pa a Ntɛtea Wɔ. Ntɛtea ho asɛm kakra a yɛaka yi ma yehu sɛ, afotu a edi hɔ yi fata paa. Ɛne sɛ: “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn; hwɛ n’akwan, na hu nyansa.” (Mme 6:6) Ade a ɛma ntɛtea da nsow baako ne sɛnea wɔtumi toto nneɛma ma daakye no. Afei nso, wɔde animia, nsi, ne ahokeka kɔ so yɛ wɔn adwuma; wɔmpa abaw da. Mpɛn pii no, wobɛhwɛ no, na nneɛma a wɔretwe no mu yɛ duru sen wɔn ankasa mmɔho mmienu, anaa nea ɛsen saa. Sɛ wɔhwe ase, wɔwatiriw, anaa wɔhwe amoa donkudonku mu mpo a, wɔkɔ so ara yɛ wɔn adwuma. Baakoyɛ a ntɛtea de yɛ adwuma no, ɛyɛ nwanwa. Wɔbom siesie wɔn bon mu ma emu tew kama, na wɔboa wɔn ho wɔn ho. Ɛtɔ da a, sɛ ntɛtea no bi pira anaa wɔbrɛ a, wɔn a aka no boa wɔn twe wɔn kɔhyɛ wɔn bon no mu.
w00 9/15 26 ¶3-4
Bɔ Wo Din Ho Ban
Te sɛ ntɛtea no, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nsi? Eye ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ adwumaden na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn adwuma atu mpɔn, sɛ́ obi rehwɛ yɛn anaasɛ obi nhwɛ yɛn. Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ sukuu, yɛn adwumam, ne bere a yɛreyɛ honhom fam nnwuma no. Sɛnea ntɛtea nya ne nsiyɛ so mfaso no, saa ara na Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yehu adepa yɛn brɛ adwuma nyinaa mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:13, 22; 5:18) Adwumaden so akatua ne ahonim pa ne abotɔyam.—Ɔsɛnkafo 5:12.
Salomo bɔ mmɔden de nsɛmmisa a ɛma afoforo susuw nsɛm ho kanyan ɔkwadwofo no fi n’akwadworɔ mu: “Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo? Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu?” Bere a ɔhene no nam nsɛm a ɔka so resuasua ɔkwadwofo no, ɔde ka ho sɛ: “Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo.” (Mmebusɛm 6:9-11) Sɛ ɔkwadwofo te faako a, ohia ka no mpofirim te sɛ nea ɔfowfo ba no so, na ohia ka no sɛnea ɔkwanmukafo atow ahyɛ no so. Ɔkwadwofo afuw fuw wura ne sasono ntɛm ara. (Mmebusɛm 24:30, 31) Ɛnkyɛ na wabɔ ka wɔ n’adwumam. Adwumawura benya ɔkwadwofo ho koma akosi da bɛn? Na so sukuuni a ɔmpɛ adesua koraa bɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛbɔ mmɔden wɔ sukuu mu?
Tweetwee Bible Mu
w00 9/15 27 ¶3
Bɔ Wo Din Ho Ban
Nneɛma ason a ɛbɛ no ka ho asɛm no yɛ nneɛma atitiriw, na ɛkame ayɛ sɛ ɛfa nneɛma bɔne nyinaa ho. “Ani a ɛtra ntɔn” ne “koma a edwen mmusu adwene” nyinaa yɛ bɔne a efi adwene mu. “Atoro tɛkrɛma” ne “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm” yɛ abɔnefosɛm. “Nsa a ehwie mogya a edi bem gu,” ne “nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu” yɛ amumɔyɛ. Na ade a Yehowa tan koraa ne obi a ɔhyɛ nnipa a anka wɔte hɔ asomdwoe mu ntam takrawogyam. Nneɛma asia a ɔde bi kaa ho ma ɛyɛɛ ason no kyerɛ sɛ ɛnyɛ ade a ɔbɛka nneɛma a ɔtan no nyinaa ho asɛm awie esiane sɛ nnipa kɔ so ma wɔn abɔnefosɛm dɔɔso nti.
MARCH 31–APRIL 6
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 7
Biribiara a Ebetumi Atwetwe Wo Ama Woayɛ Bɔne, Twe Wo Ho Fi Ho
w00 11/15 29 ¶5
“Di Me Mmara Nsɛm So Na Nya Nkwa”
Ahunuaniankansa wɔ mfɛnsere a Salomo hwɛ mu no mu—ɛda adi sɛ nsisim wɔ mfɛnsere no mu, na ebia wɔadi adwini a ɛyɛ fɛ wɔ mpuran no so. Bere a owia tɔ no, esum ba abɔnten so. Ohu aberante bi a ɔyɛ mmerɛw ankasa. Onni nhumu, anaa atɛmpa, na onni ti. Ɛda adi sɛ, onim borɔn a wadu so no ne nea ebetumi ato no wɔ hɔ. Aberante no bɛn ‘ɔbea no twea,’ a ɛbɛn ne fie kwan so no so. Hena ne ɔbea no? Dɛn na ɔrehwehwɛ?
w00 11/15 30 ¶4-6
“Di Me Mmara Nsɛm So Na Nya Nkwa”
Saa ɔbea yi ano yɛ fremfrem. Ɔde akokoduru kaa ne nsɛm ahotoso mu. Ɔhwɛ biribiara a ɔka yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdaadaa aberante no. Ɔnam ka a ɔkae sɛ wabɔ asomdwoe afɔre saa da no ara atua n’aboade no so kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, kyerɛ sɛ, ɔnyɛ obi a ne honhom fam yiyedi asɛe. Ná wɔde nnam, asikresiam, ngo, ne bobesa na ɛbɔ asomdwoe afɔre wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (Leviticus 19:5, 6; 22:21; Numeri 15:8-10) Esiane sɛ nea ɔbɔ asomdwoe afɔre no tumi fa bi ma ɔne n’abusua nti, ɔnam saa a ɔka no so kyerɛ sɛ nnuan ne anonne pii wɔ ne fie. Asɛm no mu da hɔ pefee: Aberante no ani begye wɔ hɔ. Ɔno titiriw nti na ɔhyɛɛ da fii ne fie bɛhwehwɛɛ no. Hwɛ sɛnea ɛka koma—asɛm a ɛte saa yɛ dɛ dodo sɛ obi betumi agye adi. Bible ho ɔbenfo bi ka sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ ɔrehwehwɛ obi, nanso saa nipa pɔtee yi na ɔrehwehwɛ no? Ɔkwasea nkutoo—ebia oyi nkutoo—na obegye no adi.”
Bere a ɔdaadaafo no nam n’atade, n’adɛfɛdɛfɛsɛm, n’atuuyɛ, ne ne mfewano so ama ne ho ayɛ anika awie no, ɔtoa so ka ahuamhuamde ho asɛm. Ɔka sɛ: “Mede mmomo makata me mpa so, Misraim nkyeremu; mede kurobow ne pɛprɛ ne dupapo mapete me nnae so.” (Mmebusɛm 7:16, 17) Ɔde Misraim nkyeremu a ɛyɛ fɛ asiesie ne mpa so fɛfɛɛfɛ, na ɔde kurobow, pɛprɛ, dupapo, apetepete so ma ɛso ayɛ huam.
Ɔbea no toa so sɛ: “Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.” Frɛ a ɔfrɛ no sen anwummeduan a ɛyɛ dɛ kɛkɛ a wɔn baanu bedi. Ɔbea no bɔhyɛ no yɛ nna mu kyɛfa a wobenya. Aberante no de, ɛbɛyɛ ade a ɛyɛ anigye a ɔpɛ sɛ ɔsɔ hwɛ! Ɔbea no kɔ so daadaa no, na ɔde ka ho sɛ: “Ofiwura nni fie, watu kwan kɔ akyirikyiri; wafa foto ne sika akura, ɔsram korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.” (Mmebusɛm 7:18-20) Ɔbea no hyɛ no bɔ sɛ ɔhaw biara nni hɔ, efisɛ ne kunu atu kwan rekodi gua, na ɔbɛkyɛ ansa na waba. Hwɛ sɛnea otumi fa anifere kwan so daadaa aberante no! “Ɔde brada pii too no, ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.” (Mmebusɛm 7:21) Gye ɔbarima a ɔte sɛ Yosef na obetumi ako atia nnaadaa yi. (Genesis 39:9, 12) So aberante yi betumi agyina ano?
w00 11/15 31 ¶2
“Di Me Mmara Nsɛm So Na Nya Nkwa”
Aberante no antumi ankwati ɔfrɛ no. Obu n’ani gu biribiara so kodi n’akyi “sɛ nantwi a wɔrekokum no.” Sɛnea ɔbarima a wɔagu no mpokyerɛ ntumi nkwati asotwe no, saa ara na wɔtwe aberante no kɔ bɔne mu. Onhu asiane a ɛwɔ mu no kosi sɛ “agyan hwirew ne mmerɛbo mu,” kyerɛ sɛ, wopira no pira a ebetumi akum no. Owu no betumi ayɛ paa ara efisɛ obetumi anya nyarewa a wonya fi nna mu a ebetumi akum no. Apirakuru no nso betumi akum no wɔ honhom fam; ‘ne nkwa da asiane mu.’ Ɛka ne nipadua ne n’asetra nyinaa anibere so, na wayɛ bɔne a anibere wom atia Onyankopɔn. Enti ɔde ahoɔhare kɔ owu mu te sɛ anomaa a ɔkɔhyɛ afiri mu!
Tweetwee Bible Mu
w00 11/15 29 ¶1
“Di Me Mmara Nsɛm So Na Nya Nkwa”
Salomo toa so sɛ: “Fa [me mmara nsɛm] kyekyere wo nsateaa so, kyerɛw wo koma pon so.” (Mmebusɛm 7:3) Sɛnea yehu yɛn nsateaa bere nyinaa na ɛho hia wɔ yɛn atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu no, ɛsɛ sɛ yɛkae asuade a yenya fi Kyerɛwnsɛm mu ntetee a wɔde ma yɛn no mu anaa Bible mu nimdeɛ a yenya bere nyinaa no, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ biribiara a yɛyɛ mu. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw gu yɛn koma pon so, na yɛde ka nneɛma a ɛkanyan yɛn no ho.
APRIL 7-13
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 8
Nyansa Kasa Te Sɛ Onipa—Tie No
cf 131 ¶7
“Medɔ Agya No”
7 Wɔ nkyekyɛm 22 no, nyansa ka sɛ: “Yehowa bɔɔ me de fii ne kwan ase, ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.” Ɛrentumi mma sɛ nyansa ankasa ho asɛm na wɔreka wɔ asɛm yi mu, efisɛ ‘wɔammɔ’ nyansa. Nyansa nni mfiase, efisɛ Yehowa atena hɔ fi teteete, na onim nyansa bere nyinaa. (Dwom 90:2) Nanso, Onyankopɔn Ba no yɛ “abɔde nyinaa mu abakan.” Wɔbɔɔ no; ɔno ne Yehowa nnwuma nyinaa mfiase. (Kolosefo 1:15) Sɛnea Mmebusɛm kyerɛ no, ansa na wɔrebɔ ɔsoro ne asaase no, na Ɔba no wɔ hɔ. Ɔba no ara nso ne Asɛm no anaa Onyankopɔn ankasa Kasamafo. Ɔdaa Yehowa nyansa adi pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara mu.—Yohane 1:1.
cf 131-132 ¶8-9
“Medɔ Agya No”
8 Ɔba no de mfe ɔpepepem pii tenaa ase wɔ soro ansa na ɔreba asaase so. Saa bere no, dɛn na na ɔyɛ wɔ hɔ? Mmebusɛm ti 8, nkyekyɛm 30 ka sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ “odwumayɛni a onim adwuma paa.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Kolosefo 1:16 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ne so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asaase so . . . Nneɛma a aka nyinaa wɔnam no so na ɛbɔe, na wɔbɔ maa no.” Enti honhom abɔde a wɔwɔ soro, amansan kɛse a ɛwɔ hɔ yi, asaase ne emu nneɛma a ɛyɛ nwanwa te sɛ nnua ne mmoa, ne nnipa a wɔyɛ asaase so abɔde a wɔsom bo paa ara no, Ɔbɔadeɛ Yehowa, nam ne Ba no, kyerɛ sɛ Odwumayɛni a onim adwuma paa yi so na ɛbɔɔ ne nyinaa. Ɔkwan bi so no, yebetumi de baakoyɛ a ɛda Agya ne Ɔba yi ntam no atoto adansi ho nimdefo bi a ɔne kɔntrata bi yɛ adwuma ho. Kɔntrata no adwuma ne sɛ ɔbɛhwɛ ɔdan bi plan a adansi ho nimdefo ayɛ no so, na wasi ɔdan no pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛhwɛ abɔde bi ma yɛn ani gye a, nokwasɛm ne sɛ, na Adansi ho Nimdefo Kɛse no ankasa na yɛde ayeyi no rema no. (Dwom 19:1) Ebetumi ama yɛakae abusuabɔ fɛfɛɛfɛ a ɛda Ɔbɔadeɛ no ne “odwumayɛni a onim adwuma paa” no ntam no nso.
9 Sɛ nnipa mmienu a sintɔ wɔ wɔn ho bom yɛ adwuma a, ɛtɔ da a wɔn ntam tumi sɛe. Nanso amma saa wɔ Yehowa ne ne Ba no ntam! Ɔba no ne n’Agya yɛɛ adwuma mfe mpempem pii a yennim ano, nanso Ɔba no kaa sɛ, ‘n’ani gyee n’Agya no anim daa.’ (Mmebusɛm 8:30) Nokwarem no, n’ani gyei sɛ ɔne n’Agya no bɔe, na na wɔn mmienu nyinaa ani gye wɔn ho. Ɔba no suasuaa Onyankopɔn suban araa ma ɔbɛyɛɛ te sɛ n’Agya no pɛpɛɛpɛ. Ɛnde, ɛnyɛ nwanwa sɛ abusuabɔ a ɛda Agya ne Ɔba no ntam no mu yɛɛ den! Yebetumi aka paa sɛ, ɛyɛ ɔdɔ a akyɛ na emu yɛ den sen ɔdɔ biara wɔ amansan yi mu.
w09 4/15 31 ¶14
Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No
14 Ɛda adi pefee sɛ onipa biako pɛ na na onim nyansa sen Solomon. Ná ɔno ne Yesu Kristo a ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “nea ɔsen Solomon” no. (Mat. 12:42) Yesu kaa “daa nkwa nsɛm.” (Yoh. 6:68) Sɛ nhwɛso no, Bepɔw so Asɛnka no ma yɛte mmɛ a Solomon bui no bi ase kɔ akyiri. Solomon kaa nneɛma pii a ɛma Yehowa somfo bi nya anigye ho asɛm. (Mmeb. 3:13; 8:32, 33; 14:21; 16:20) Yesu sii so dua sɛ ade a ɛde anigye ankasa ba ne nneɛma a ɛfa Yehowa som ho ne Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛbɛbam. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:3) Wɔn a wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ no mu nsɛm bɔ wɔn bra no tumi bɛn Yehowa a ɔne “nkwa nsuti” no. (Dw. 36:9; Mmeb. 22:11; Mat. 5:8) Kristo yɛ “Onyankopɔn nyansa.” (1 Kor. 1:24, 30) Yesu Kristo a ɔyɛ Ɔhene Mesia no wɔ “nyansa . . . honhom.”—Yes. 11:2.
Tweetwee Bible Mu
g 5/14 16
‘Nyansa Reteɛm’—Wote?
▪ Nwoma bi ka sɛ, Bible ne “nwoma a yɛakyekyɛ wɔ asase yi so paa. Sɛ wopɛ nwoma a yɛakyerɛ aseɛ mpɛn pii kɔ kasa bebree mu a, ɛda mu fua.” (The World Book Encyclopedia) Seesei wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa anaa ne fã bi ase wɔ kasa bɛyɛ 2,600 mu. Wei nti wuyi nnipa 10 biara a, emu 9 wɔ Bible.
▪ Bio, nyansa ‘teɛm denneennen.’ Wei nyɛ kasakoa; ɛyɛ asɛm paa ara. Mateo 24:14 ka sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”
APRIL 14-20
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 9
Yɛ Onyansafo, Nyɛ Fɛwdifo
w22.02 9 ¶4
“Tie Anyansafo Nsɛm”
4 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wotu yɛn fo tẽẽ a, ɛtaa yɛ den sɛ yebegye atom. Ebetumi ama yɛn bo afuw mpo. Adɛn ntia? Ɛwom, ɛnyɛ den koraa sɛ yebegye atom sɛ yɛtɔ sin, nanso sɛ obi tu yɛn fo wɔ yɛn mmerɛwyɛ pɔtee bi ho a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegye atom. (Kenkan Ɔsɛnkafo 7:9.) Ebia yɛde nsɛm beyiyi yɛn ho ano. Ebi nso a yɛbɛka sɛ onii a ɔretu yɛn fo no mpɛ yɛn asɛm anaa ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye. Ebi mpo a yɛbɛka sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na kuku aka akyerɛ dadesɛn sɛ ne ho tumm? Wunim afotu a, tu wo ho fo!’ Sɛ yɛn ani nnye afotu no ho a, anhwɛ a yɛremfa nyɛ adwuma anaa yɛbɛkɔ akɔpɛ obi a ɔbɛka nea ɛyɛ yɛn asom dɛ akyerɛ yɛn.
w22.02 12 ¶12-14
“Tie Anyansafo Nsɛm”
12 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatie afotu? Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yɛkae sɛ yɛtɔ sin paa na ɛtɔ da a yedi nsɛnhunu. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Hiob kekaa nsɛm bi a na ɛmfa kwan mu. Nanso akyiri yi, ɔteɛɛ n’adwene na Yehowa nso hyiraa no. Adɛn ntia? Efisɛ na Hiob brɛ ne ho ase. Ɛwom sɛ na wanyin sen Elihu koraa, nanso bere a Elihu tuu no fo no, otiei. Ɔyɛɛ wei de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. (Hiob 32:6, 7) Yɛn nso, sɛ obi tu yɛn fo, na yɛte nka sɛ afotu no mfata yɛn anaa yɛanyin sen onii a ɔretu yɛn fo no mpo, na yɛwɔ ahobrɛase a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatie. Asafo mu panyin bi a ɔwɔ Canada ka sɛ, “Esiane sɛ nea ɔretwa sa no nnim sɛ n’akyi akyea nti, sɛ obi antu yɛn fo a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya nkɔso?” Yɛn mu hena na obetumi aka sɛ su ahorow a ɛka bom yɛ honhom aba no, baabi a wasow akodu no ara ye, na asɛnka adwuma no nso, enhia sɛ otu mpɔn wom bio?—Kenkan Dwom 141:5.
13 Bu afotu sɛ ɛyɛ Yehowa dɔ a ɔreyi no adi akyerɛ wo. Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Mmeb. 4:20-22) Sɛ ɔfa n’Asɛm no, asafo nhoma bi, anaa onua bi a ne ho akokwaw so tu yɛn fo a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Hebrifo 12:9, 10 ka sɛ: “Yɛn yiye mu nti na ɔyɛ saa.”
14 Fa w’adwene si aba a ɛwom no so, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu wo fo no. Ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu yɛn fo no, antwa yiye. Ɛwom, ɛsɛ sɛ ɔfotufo biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’afotu ayɛ mmerɛw ama nea ɔretu no fo no sɛ obegye atom. (Gal. 6:1) Nanso sɛ obi tu yɛn fo, na ɛyɛ yɛn sɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aba a ɛwom no so. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mempɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu me fo no mpo a, enti nokwasɛm biara nni nea ɔkae no mu? Metumi abu m’ani agu ɔfotufo no sintɔ so, na mede m’adwene asi mfaso a ɛwɔ afotu no so mmom?’ Afotu biara a wɔde bɛma yɛn no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛpɛ kwan bi afa so de ayɛ adwuma ma aboa yɛn.—Mmeb. 15:31.
w01 5/15 30 ¶1-2
‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’
Sɛnea onyansafo yɛ n’ade wɔ animka ho ne sɛnea ɔfɛwdifo yɛ n’ade wɔ ho no bɔ abira. Salomo kae sɛ: “Ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo. Tu onyansafo fo, na ɔbɛkɔ so ahu nyansa.” (Mmebusɛm 9:8b, 9a) Onyansafo nim sɛ “asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” (Hebrifo 12:11) Ɛwom sɛ afotu no betumi ayɛ yaw de, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi hyɛ ananmu anaa yɛtete yɛn ho bere a yenim sɛ sɛ yegye tom a ɛbɛma yɛayɛ anyansafo no?
Ɔhene nyansafo no toaa so sɛ: “Ma ɔtreneeni nhu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.” (Mmebusɛm 9:9b) Obiara nni hɔ a onim nyansa dodo anaa wanyin dodo sɛ obesua ade. Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim gye nokware no na wohyira wɔn ho so ma Yehowa! Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛbɔ mmɔden akɔ so anya ɔpɛ sɛ yebesua ade na ama yɛn adwenem ada hɔ.
w01 5/15 30 ¶5
‘Nyansa Bɛma Yɛn Nna Adɔɔso’
Ɛyɛ yɛn ankasa asɛyɛde sɛ yɛbɛyere yɛn ho anya nyansa. Bere a Salomo resi nokwasɛm yi so dua no, ɔkae sɛ: “Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.” (Mmebusɛm 9:12) Onyansafo nya ne nyansa so mfaso, na wɔbɔ fɛwdifo nkutoo sobo wɔ n’ankasa amanehunu ho. Nokwarem no, yetwa nea yegu. Ɛnde, ɛmmra sɛ ‘yɛbɛyɛ asõ atie nyansa.’—Mmebusɛm 2:2.
Tweetwee Bible Mu
w06 9/15 17 ¶5
Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw
9:17—Dɛn ne “nsu a wowia” no, na dɛn nti na ɛyɛ “fremfrem”? Esiane sɛ Bible de nna mu anigye a awarefo nya toto abura mu nsu a ɛyɛ dɛ ho nti, nsu a wowia no kyerɛ aguaman a wɔbɔ wɔ sum ase. (Mmebusɛm 5:15-17) Adwene a ɛwɔ akyi a ɛne sɛ wɔyɛ no sum ase no na ɛma nsu a ɛte saa yɛ te sɛ nea ɛyɛ fremfrem no.
APRIL 21-27
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 10
Ɛdɛn Na Ɛma Obi Yɛ Ɔdefo Ankasa?
w01 7/15 25 ¶1-3
‘Ɔtreneeni Benya Nhyira’
Ɔtreneeni nya nhyira wɔ ɔkwan foforo so. “Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho. Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.”—Mmebusɛm 10:4, 5.
Ɔhene no nsɛm a mfaso wɔ so paa ne nea ɔka kyerɛ adwumayɛfo wɔ otwabere mu no. Otwabere nyɛ bere a wɔtɔ nko. Ɛyɛ bere a wɔyɛ nsi na wɔyɛ adwuma bere tenteenten. Nokwarem no, ɛyɛ bere a egye ntɛmpɛ.
Bere a na Yesu nim sɛ nea yetwa no nyɛ awi, na mmom nnipa no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa Wura no, [Yehowa Nyankopɔn] na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:35-38) Wɔ afe 2000 mu no, nnipa bɛboro ɔpepem 14 na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase—wɔsen Yehowa Adansefo dodow mmɔho abien. Ɛnde, hena na obetumi agye kyim sɛ ‘mfuw no nnya nhoa mmaa otwa’? (Yohane 4:35) Nokware asomfo srɛ otwa Wura no sɛ ɔmma adwumayɛfo pii mmra, bere a wɔyere wɔn ho denneennen wɔ asuafoyɛ adwuma no mu ma ɛne wɔn mpaebɔ hyia no. (Mateo 28:19, 20) Na hwɛ sɛnea Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so! Wɔ 2000 ɔsom afe no mu no, wɔbɔɔ nnipa foforo bɛboro 280,000 asu. Eyinom nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo. Ɛmmra sɛ yebenya anigye ne abotɔyam wɔ otwabere yi mu denam asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a yebenya akosi ase so.
w01 9/15 24 ¶3-4
Nantew ‘Ɔkwan Tẽẽ So’
Salomo twe adwene si mfaso a ɛwɔ adetreneeyɛ so. Ɔka sɛ: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, abrɛfo abu a ebu wɔn ne wɔn hia. Ɔtreneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefo nnɔbae de, ɔde yɛ bɔne.”—Mmebusɛm 10:15, 16.
Ahonyade betumi ayɛ ahobammɔ bere a biribi a wɔnhwɛ kwan asi wɔ asetram, te sɛ nea kurow a ɛyɛ den tumi yɛ ahobammɔ ma wɔn a wɔte mu no. Na ohia betumi ayɛ asiane kɛse bere a biribi a wɔnhwɛ kwan si no. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ɔhene nyansafo no reka asiane a ɛwɔ hɔ ma ɔdefo ne ohiani nyinaa nso ho asɛm. Ebia ɔdefo de ne ho bɛto ne nneɛma a ɔwɔ so koraa asusuw sɛ n’agyapade ahorow yɛ “ahobammɔ te sɛ ɔfasu a ɛkorɔn.” (Mmebusɛm 18:11) Na ebia ohiani benya adwene a ɛnteɛ asusuw sɛ esiane sɛ ahia no nti, onni daakye ho anidaso biara. Ɛno nti wɔn baanu nyinaa rennya din pa wɔ Onyankopɔn anim.
it-1 340
Nhyira
Yehowa Hyira Nnipa. “Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo, na Ɔmfa yaw biara nka ho.” (Mme 10:22) Wɔn a Yehowa gye wɔn tom no, ohyira wɔn. Nneɛma a ɔyɛ de hyira wɔn ne sɛ, ɔbɔ wɔn ho ban, ɔma wɔdi yiye, ɔkyerɛ wɔn kwan, ɔma nea wɔyɛ biara kɔ yiye, na ɔma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Saa nneɛma yi nyinaa, ɛboa wɔn a Yehowa ahyira wɔn no.
Tweetwee Bible Mu
w06 5/15 30 ¶18
Nantew ‘Ɔkwan Tẽẽ So’
18 ‘Yehowa nhyira’ na ama ne nkurɔfo adi yiye wɔ honhom fam. Na ɔma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔremfa yaw biara nka ho.’ (Mmebusɛm 10:22) Ɛnde dɛn nti na Onyankopɔn anokwafo pii hyia sɔhwɛ ahorow, ma enti wodi yaw na wohu amane? Nneɛma titiriw abiɛsa nti na yehyia nsɛnnennen ne amanehunu. (1) Bɔne su a yɛwɔ. (Genesis 6:5; 8:21; Yakobo 1:14, 15) (2) Satan ne n’adaemone. (Efesofo 6:11, 12) (3) Wiase bɔne yi. (Yohane 15:19) Ɛwom sɛ Yehowa ma kwan ma yehu amane de, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔde ba yɛn so. Nokwasɛm ne sɛ, “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro; esian fi hann Agya no nkyɛn.” (Yakobo 1:17) Yehowa nhyira mma yenni yaw.
APRIL 28–MAY 4
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 11
Mɛnka!
w02 5/15 26 ¶4
Nokwaredi Di Teefo Anim
Teefo mudi mu kura ne abɔnefo amumɔyɛsɛm nya afoforo so nkɛntɛnso nso. Israel hene no ka sɛ: “Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.” (Mmebusɛm 11:9) Hena na obegye kyim sɛ ntwiri, nseku bɔne, kasafĩ, ne kasa tenten nsɛe afoforo? Nanso, ɔtreneeni kasa ho tew, osusuw ho yiye, na edwen afoforo ho. Wɔnam nimdeɛ so gye no efisɛ ne mudi mu a okura no ma onya adanse a ehia na ɔde ahu sɛ n’asɔretiafo redi atoro.
w02 5/15 27 ¶2-3
Nokwaredi Di Teefo Anim
Kuromfo a wɔn akwan teɛ no ma asomdwoe ne yiyedi ba, na wɔhyɛ afoforo a wɔte kurow no mu den. Denam saayɛ so no, wɔma kurow so—etu mpɔn. Wɔn a wotwiri afoforo, sɛe ade, na wɔyɛ nneɛma bɔne foforo no de basabasayɛ, awerɛhow, mpaapaemu, ne ɔhaw ba. Eyi te saa titiriw bere a saa nkurɔfo no wɔ gyinabea bi a ɛkorɔn no. Basabasayɛ, ɔporɔw, ɔbrasɛe ne ebia sikasɛm mu ahokyere ba kurow a ɛte saa mu.
Nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 11:11 no fa Yehowa nkurɔfo nso ho bere a wɔne wɔn ho wɔn ho nya fekubɔ wɔ wɔn asafo horow a ɛte sɛ kurow mu no. Asafo a honhom mufo—teefo a wokura wɔn mudi mu—wɔ nkɛntɛnso pa no yɛ asafo a wɔwɔ anigye, wɔyɛ hyew, wɔboa afoforo, na wɔde nidi brɛ Onyankopɔn. Yehowa hyira asafo no, na enya honhom fam nkɔso. Bere ne bere mu no, emufo kakraa bi a wɔn bo fuw na biribiara nsɔ wɔn ani, wɔn a wonya ɔkwan a yɛfa so yɛ nneɛma ho mfomso na wɔkasa tia yayaayaw no te sɛ “awɔnwene ntini” a ebetumi atrɛw aka ntini a kan no na ɛnyɛ nwene no. (Hebrifo 12:15) Mpɛn pii no, saafo no hwehwɛ tumi ne anuonyam. Wɔkeka sɛ atɛnkyea, abusua mu nyiyim, anaa nea ɛte saa rekɔ so wɔ asafo no mu anaa mpanyimfo no fam. Nokwarem no, wɔn ano betumi de mpaapaemu aba asafo no mu. So ɛnsɛ sɛ yesiw yɛn aso wɔ wɔn nsɛm no ho na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ honhom mufo na asomdwoe ne biakoyɛ atra asafo no mu?
w02 5/15 27 ¶5
Nokwaredi Di Teefo Anim
Hwɛ adesɛe ara a obi a onni atɛmpa anaasɛ ‘onni ti’ de ba! Ɔka nsɛnhuhuw de kosi sɛ obetwiri anaa ɔbɛsopa obi. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no yɛ ntɛm yi nkɛntɛnso bɔne a ɛte saa fi hɔ. Nea ɛnte sɛ ‘obi a onni ti’ no, nhumu nipa nim bere a ɛsɛ sɛ omua n’ano. Sɛ́ anka ɔbɛka ahintasɛm bi akyerɛ no, ɔkata so. Esiane sɛ onim sɛ tɛkrɛma a wɔnto no nnareka betumi asɛe ade kɛse nti, nhumu nipa nya “nokware honhom.” Odi mfɛfo gyidifo nokware na ɔmfa kokoam nsɛm a ebetumi apira afoforo nto gua. Hwɛ nhyira ara a mudi mu kurafo a wɔte saa yɛ ma asafo no!
Tweetwee Bible Mu
g20.1 11, adaka
Nea Wubetumi Ayɛ De Agyina Adwinnwen Ano
“FA AYAMYE TU W’ADWINNWEN ASE”
“Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimɔdenfo de mmusu na ɛba ne honam so.”—MMEBUSƐM 11:17.
Nhoma bi wɔ hɔ a wɔato din Overcoming Stress. Wohwɛ nhoma no mu a, eti baako wom a n’asɛmti ne “Fa Ayamye Tu W’adwinnwen Ase.” Nhoma no kyerɛwfo Ɔbenfo Tim Cantopher kyerɛ sɛ, sɛ yɛne afoforo di no yiye a, ebetumi ama yɛanya apɔwmuden na yɛn ani agye. Nanso, sɛ obi tirim yɛ den anaa onnwen afoforo ho a, n’ani nnye, efisɛ afoforo mpɛ sɛ wɔne no bɛbɔ.
Ade foforo nso a yebetumi ayɛ de atew yɛn adwinnwen so ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho pii. Sɛ nhwɛso no, ɛnsɛ sɛ wohyɛ wo ho yɛ biribi a worentumi nyɛ. Afei nso, ɛnsɛ sɛ wubu wo ho abomfiaa. Yesu Kristo kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—Marko 12:31.