Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 5 kr. 8
  • Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akenkan a Emu Da Hɔ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’akenkan a Wobɛma Anya Nkɔso —Wubetumi Ayɛ!
    Nyan!—1986
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 5 kr. 8

ADESUA 5

Ma W’akenkan Mu Nna Hɔ

Kyerɛwsɛm

1 Timoteo 4:13

NSƐNTITIRIW: Kenkan nea wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ, na kenkan no den.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye. Dwen ho hwɛ nea enti a wɔkyerɛw saa asɛm no. Sua sɛ wobɛka nsɛmfua dodow bi abom akan ne nyinaa, sen sɛ wobɛbobɔ nsɛmfua no din mmaako mmaako. Hwɛ sɛ woremfa nsɛmfua bi nhyehyɛ mu, woremmɔ bi ntra, anaa woremfa asɛmfua bi nhyɛ foforo ananmu. Fa kasa mu agyiraehyɛde a ɛwɔ akenkan no mu nyinaa di dwuma.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Kenkan kyerɛ w’adamfo bi ma ontie, na ɔnkyerɛ wo ɔfã a woankenkan no yiye.

  • Bɔ asɛmfua biara din yiye. Sɛ wunnim sɛnea wɔbɔ asɛmfua bi a, hwɛ nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu. Wubetumi nso abɔ akenkan no a wɔakyere agu afiri so atie, anaa wubetumi abisa obi a onim akenkan yiye ama waboa wo.

  • Kasa ma emu nna hɔ. Ɛyɛ a ma wo ti so, bue w’ano yiye, na tɔ wo bo ase bobɔ nsɛmfua din kama. Bɔ mmɔden kenkan ma nsɛmfua no mpue yiye.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Mmobɔ nsɛmfua no din frenkyemm, anyɛ saa a akenkan no renyɛ dɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena