Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
JULY 7-13
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 21
Afotu Pa a Ɛma Aware Sɔ
w03 10/15 4 ¶5
Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asisi Gyinae Pa?
Ɛnyɛ den sɛ gyinae a wɔde ahopere si betumi adan nea nyansa nnim. Mmebusɛm 21:5 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ mmabun a wɔanya nna ho akɔnnɔ a ɛmfata no tɔ wɔn bo ase ansa na wɔasi gyinae sɛ wɔbɛware. Anyɛ saa a, wobehu nokwasɛm a ɛwɔ William Congreve, Engiresi agorukyerɛwfo wɔ afeha a ɛtɔ so 18 no mfiase mu no, nsɛm yi mu sɛ: “Wɔn a wɔpere wɔn ho ware no benu wɔn ho wɔ wɔn adeyɛ no ho akyɛ.”
g 7/08 7 ¶2
Nea Woyɛ a Ɛbɛma W’aware Asɔ
Brɛ wo ho ase. “Mommfa mansotwe anaa ahomaso nnyɛ biribiara; mmom mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.” (Filipifo 2:3) Nea ɛde ntɔkwaw pii ba aware mu ne sɛ, sɛ mente-me-ho-ase bi ba a, ahomaso nti, awarefo bɔ wɔn ho wɔn ho sobo mmom sen sɛ wɔn mu biara bɛfa akwan bi so aka ne yɔnko koma ato ne yam. Ahobrɛase betumi aboa wo na sɛ akasakasa bi sɔre wɔ mo ntam a, woanka sɛ kyenkyen araa kye, wo na w’asɛm yɛ dɛ.
w06 9/15 28 ¶13
“Wo Ne Wo Mmerantebere Mu Yere Ani Nnye”
13 Na sɛ sɛnea awarefo ne wɔn ho di nsɛm no na ama wɔn ho hiahia wɔn nso ɛ? Egye mmɔdenbɔ na wɔatumi adi ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ wɔtaa ka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ wɔn ho wɔn ho ma abɛyɛ wɔn su. (Mmebusɛm 12:18) Sɛnea yɛadi kan asusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, eyi betumi de ɔhaw a emu yɛ den aba. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Sare asase so tra ye sen ɔyere tutupɛfo a ne ho yɛ ahi nkyɛn.” (Mmebusɛm 21:19) Sɛ woyɛ ɔyere a w’aware te saa a, bisa wo ho sɛ, ‘Me suban nti na ɛyɛ den sɛ me kunu bɛbɛn me?’ Bible ka kyerɛ okununom sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kolosefo 3:19) Sɛ woyɛ okunu nso a, bisa wo ho sɛ, ‘So mennwen me yere ho nti na ama ɔrekɔhwehwɛ obi akyekye ne werɛ?’ Nokwarem no, eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ obi gyina so fi ne hokafo akyi. Nanso, esiane sɛ awerɛhosɛm a ɛte saa betumi asi nti, ɛyɛ papa sɛ mususuw nsɛnnennen ho a momfa biribiara nsie.
Tweetwee Bible Mu
w05 1/15 17 ¶9
Onyankopɔn Ahenni Ho Anisoadehu Nya Mmamu
9 Yesu nyɛ obi a ɔte afurum ba so bio, na mmom ɔyɛ Ɔhene a ɔwɔ tumi kɛse. Wɔda no adi sɛ ɔte ɔpɔnkɔ so, na ɛyɛ akodi ho sɛnkyerɛnne wɔ Bible mu. (Mmebusɛm 21:31) Adiyisɛm 6:2 ka sɛ: “Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” Afei nso, Dawid kyerɛw Yesu ho asɛm sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa, NW] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’”—Dwom 110:2.
JULY 14-20
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 22
Afotu Pa a Yɛde Tete Mmofra
w20.10 27 ¶7
Wo Mma Nyin a Wɔbɛsom Onyankopɔn Anaa?
7 Sɛ moyɛ awarefo na mopɛ sɛ mowo a, mubetumi abisa mo ho sɛ: ‘Yɛbrɛ yɛn ho ase, yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani gye n’Asɛm no ho anaa? Enti Yehowa de abofra a ɔsom bo bɛhyɛ yɛn nsa anaa?’ (Dw. 127:3, 4) Sɛ wowɔ mma dedaw a, bisa wo ho sɛ: ‘Mereboa me mma ama wɔahu sɛ adwumaden so wɔ mfaso anaa?’ (Ɔsɛnk. 3:12, 13) ‘Asiane ne nneɛma bɔne a me mma betumi ahyia wɔ Satan wiase yi mu no, meyɛ nea metumi biara sɛ mɛbɔ wɔn ho ban afi ho anaa?’ (Mmeb. 22:3) Worentumi mmɔ wo mma ho ban mfi ɔhaw a wobetumi ahyia nyinaa ho. Ɛrentumi nyɛ yiye saa. Nanso sɛ wubetumi aboa wo mma ama wɔagyina ɔhaw a wobehyia wɔ asetenam no ano a, gye sɛ wokɔ so boa wɔn ma wohu sɛnea wɔbɛhwehwɛ afotu afi Bible mu na wɔde abɔ wɔn bra. (Kenkan Mmebusɛm 2:1-6.) Sɛ wo busuani bi gyae Yehowa som a, fa Onyankopɔn Asɛm boa wo mma ma wonhu nea enti a ɛho hia paa sɛ yedi Yehowa nokware. (Dw. 31:23) Anaa sɛ wo dɔfo bi wu a, boa mmofra no ma wonhu Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn werɛ na ama wɔanya asomdwoe.—2 Kor. 1:3, 4; 2 Tim. 3:16.
w19.12 26 ¶17-19
Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
17 Montete wɔn mfi wɔn mmofraase pɛɛ. Sɛ awofo tete wɔn mma fi wɔn mmofraase pɛɛ a, ɛboa paa. (Mmeb. 22:6) Yɛnhwɛ Timoteo. Bere a onyinii no, ɔne ɔsomafo Paul tutuu akwan. Timoteo maame Eunike ne ne nana Lois tetee no fi ne “mmofraase.”—2 Tim. 1:5; 3:15.
18 Jean-Claude ne Peace nso yɛ awarefo a wɔwɔ Côte d’Ivoire. Wɔatumi atete wɔn mma nsia nyinaa ama wɔadɔ Yehowa, na wɔresom no. Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi yɛɛ saa? Wosuasuaa Eunike ne Lois. Wɔka sɛ: “Efi yɛn mma no mmofraase pɛɛ na yɛde Onyankopɔn Asɛm no duaa wɔn komam. Yɛwoo wɔn no, ankyɛ koraa na yefii ase yɛɛ saa.”—Deut. 6:6, 7.
19 Yehowa Asɛm a wode ‘bedua’ wo mma komam no kyerɛ sɛn? Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘fa dua’ no kyerɛ sɛ “wobɛkyerɛkyerɛ asɛm bi mu na woatĩ mu mpɛn pii.” Sɛ awofo betumi ayɛ saa a, ehia sɛ wonya bere ma wɔn mma daa. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ awofo tĩ asɛnkoro no ara mu kyerɛ wɔn mma mpɛn pii nti, ɛtɔ da a wɔn abam betumi abu. Nanso, awofo betumi afa no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔde bɛboa wɔn mma ama wɔate Onyankopɔn Asɛm ase na wɔde ayɛ adwuma.
w06 4/1 9 ¶4
Awofo Monyɛ Nhwɛso Pa Mma Mo Mma
Nokwarem no, mmofra de woyɛ wɔn dɛn ara a wɔyɛ mmofra, na wɔn mu bi betumi asen wɔn kɔn na wɔagye nsam mpo. (Genesis 8:21) Dɛn na awofo betumi ayɛ? Bible ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Ebinom bu eyi sɛ ɛyɛ nteɛso a emu yɛ den a ne bere atwam. Nokwarem no, Bible kasa tia basabasayɛ ne atɛnnidi. Ɛwom sɛ, ɛtɔ mmere bi a “abaa” no kyerɛ abaa ankasa de, nanso egyina hɔ ma tumi a awofo wɔ a wogyina pintinn de nteɛso ma, nanso wɔyɛ saa wɔ ɔdɔ mu na aboa abofra no afebɔɔ.—Hebrifo 12:7-11.
Tweetwee Bible Mu
w21.08 22 ¶11
Hokwan Biara a Wowɔ No, Ma W’ani Nnye Ho
11 Yɛn nso, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma biara a wɔde ahyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu a, ebetumi ama yɛn anigye ayɛ kɛse. Fa ‘wo bere nyinaa’ ka asɛmpa no, na yere wo ho yɛ asafo no mu nnwuma nyinaa bi. (Aso. 18:5; Heb. 10:24, 25) Nea yebesua wɔ adesua ase no, di kan sua no yiye na woatumi ama mmuae a ɛhyɛ nkuran. Sɛ wunya asuafo dwumadi wɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no ase a, ɛyɛ a siesie no yiye. Sɛ wɔde adwuma bi hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu a, ɛyɛ a du hɔ ntɛm na kɔyɛ na mmu w’ani ngu so. Dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, mmu no sɛ ɛmfata wo, enti wobɛyɛ no biarabiara. Yere wo ho sɛ wubehu adwuma no ani so yiye. (Mmeb. 22:29) Biribiara a yɛyɛ de som Yehowa no, sɛ woyere wo ho yɛ no yiye a, ɛbɛma wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den, na ɛbɛma w’ani agye paa. (Gal. 6:4) Afei nso, hokwan bi a anka wohwɛ kwan sɛ wubenya no, sɛ afoforo nya a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wo ne wɔn bedi ahurusi.—Rom. 12:15; Gal. 5:26.
JULY 21-27
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 23
Afotu Pa a Ɛfa Nsanom Ho
w04 12/1 19 ¶5-6
Hwɛ Wo Asanom Yiye
5 Na sɛ obi taa nom nsa nanso ɔhwɛ yiye sɛ ɔrennom bebree nkosi sɛ afoforo behu sɛ wabow nso ɛ? Nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wɔnom nsa bebree mpo a ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wɔabow. Nanso, sɛ obi nya adwene sɛ asɛm biara nni nneyɛe a ɛte saa ho a, na ɔredaadaa ne ho. (Yeremia 17:9) Asanom de nkakrankakra na ɛka obi hɔ ma ɔbɛyɛ ‘ɔsadweam.’ (Tito 2:3) Ɛdefa sɛnea obi bɛyɛ ɔsadweam ho no, nhoma kyerɛwfo Caroline Knapp ka sɛ: “Ɛba nyaa nkakrankakra.” Hwɛ sɛnea asanom bebrebe yɛ afiri a etumi di awu!
6 Susuw Yesu kɔkɔbɔ yi nso ho hwɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow [asanom ntraso, NW] ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Enhia sɛ obi nom nsa bow ansa na watɔ nko ayɛ akwadworɔ wɔ n’asetram ne Onyankopɔn som mu. Na sɛ Yehowa da no bɛto no wɔ tebea a ɛte saa mu nso ɛ?
it-1 656
Asabow
Bible kasa tia. Bible ka sɛ enye koraa sɛ obi bɛnom nsã a ano yɛ den na wabow. Onyansafo a ɔkyerɛwee Mmebusɛm nhoma no kaa nea obi nom nsã tra so a ɛto no no ho asɛm pefee. Nea ɔkyerɛwee no, apɔwmuden ho animdefo foa so sɛ ɛyɛ nokware. Onyansafo no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Hena na ɔwɔ amanehunu mu? Hena na ɔwɔ ahoyeraw mu? Hena na ntɔkwaw ahyɛ no ma? Hena na ɔredi abooboo? Hena na wapirapira opira hunu? Hena na n’ani ayɛ sann? Ɛyɛ wɔn a wɔtena nsã ho kyɛ; wɔn a wɔkɔhwehwɛ nsã a wɔafrafra. Nhwɛ nsã a ani yɛ kɔɔ bere a ɛretwa ahuru wɔ kuruwa mu, [bere a nsã no ayɛ akɔnnɔ-akɔnnɔ, na ani retwa ahuru], na ɛkɔ yɔɔ no [bere a esian fa wo menem yɛredɛdɛ no]. Efisɛ ebewie ase no, ɛbɛka te sɛ ɔwɔ, na ebepuw bɔre te sɛ ahurutoa [ebetumi ama yare abɔ obi (ɛho nhwɛso bi ne sɛ, ebetumi ama obi anya mmerɛbo mu yare) na wanya adwenemyare (a ebetumi ama ne ho awosowosow), na ebetumi akum no mpo]. Wubehu nneɛma wɔ w’ani so, [nsã no betumi aka w’adwene, na ahyɛ w’adwene so; ebetumi ama onipa no ayɛ nneɛma bi a sɛ ɛnyɛ sɛ wanom nsã a, anka obetumi ahyɛ ne ho so wɔ ho; nneɛma betumi agyinagyina n’ani so; ɛbɛma wabɔ ne srɛ mu akeka anikasɛm a ɛnyɛ nokware; esiane sɛ ontumi nhyɛ ne ho so nti, nea ɛbɛba ne mu biara, na ɔreyɛ], na wo koma bɛkeka nsɛnhunu [ne tirim nsɛm ne nneɛma ho akɔnnɔ a ɛhyɛ ne so nyinaa, ɔbɛka ho asɛm; sɛ ɔmmow nsã a, anka ɔrenyɛ saa].”—Mme 23:29-33; Ho 4:11; Mt 15:18, 19.
Ɔkyerɛwfo no kɔɔ so kaa nea ɛto ɔsabofo no ho asɛm sɛ: “Wobɛyɛ sɛ obi a ɔda ɛpo mfinimfini, [n’adwene betu afra te sɛ obi a nsu refa no, na awiei koraa no, ade bɛtɔ ne so], na wobɛyɛ sɛ obi a ɔda po so hyɛn dua so [ebedu saa bere yi no, na ɔsabofo no ayɛ sɛ po so hyɛn a asorɔkye rewosow no gidigidi; obetumi anya akwanhyia, ne fã betumi adwudwo, obetumi akɔko ntɔkwaw, anaa ɔbɛyɛ biribi foforo a ebetumi ama ne nkwa afi ne nsa]. Wobɛka sɛ: ‘Wɔbɔɔ me, nanso mante. Wɔhwee me, nanso manhu [ɔsabofo no na ɔrekasa yi; efisɛ wanhu nea na ɛrekɔ so ankasa. Nea wɔde yɛɛ no nyinaa, wante hwee]. Bere bɛn na mɛsɔre? Minyaa bio a, anka mɛnom [kyerɛ sɛ, nsã no adeda no, nanso esiane sɛ nsã de no ayɛ akoa nti, nea ɔredwen ho ara ne sɛ n’ani so bɛtete no na wakosi ne ho so, anaa wasan akɔnom bio].’” Ɔsɛe sika pii wɔ nsã ho, na ɛma ɔbɛyɛ onipa a obiara ntumi nnya ne mu ahotoso, na ontumi nyɛ adwuma nso. Wei nti, ɛma odi hia.—Mme 23:20, 21, 34, 35.
Tweetwee Bible Mu
w04 11/1 31 ¶2
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛ nhwɛso no, kɛseyɛ mmoroso betumi ayɛ adidi ntraso ho sɛnkyerɛnne, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Ebia na kɛse a obi ayɛ aboro so no yɛ yare bi na ama aba saa. Sɛ kɛse wɔ obi abusua mu a ebetumi de kɛseyɛ mmoroso nso aba. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem nso sɛ yebetumi ahwɛ obi aka sɛ wayɛ kɛse aboro so, nanso adidi ntraso yɛ adwene a obi kura. Bere a obi mu srade adɔɔso aboro so no na wɔka sɛ wayɛ kɛse aboro so, wɔ bere ko a wɔkyerɛ adidi ntraso ase sɛ adifudepɛ anaasɛ didi a obi didi ma ɛboro so. Enti, wonnyina sɛnea obi kɛse te so nkyerɛ sɛ ɔyɛ odidifo na mmom su a ɔwɔ wɔ aduan ho. Ebetumi aba sɛ obi kɛse yɛ nea ɛfata anaa ebi mpo a na ɔyɛ teaa nanso na ɔyɛ odidifo. Bio nso, ɛsono sɛnea wobu kɛse a ɛfata anaa nipadua a ɛfata wɔ baabiara.
JULY 28–AUGUST 3
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 24
Hyɛ Wo Ho Den Nnɛ Na Ama Woatumi Agyina Ɔhaw Ahorow Ano
it-2 610 ¶8
Ɔtaa
Nkonimbo a ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔde animia gyina ɔtaa ano no, Kristofo ani sɔ ɛno nso. Yesu kaa saa akatua no ho asɛm sɛ: “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtan wɔn ani, efisɛ ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mt 5:10) Sɛ Kristofo nya owusɔre no ho anidaso, na wɔnya Onii a ɔyɛɛ ho nhyehyɛe no ho nimdeɛ a, ɛhyɛ wɔn gyidi den. Saa anidaso ne nimdeɛ no boa wɔn, na sɛ nkurɔfo tan wɔn ani yayaayaw, na wɔka sɛ wɔbekum wɔn mpo a, ɛma wɔtumi di Onyankopɔn nokware. Gyidi a wɔanya wɔ nea Yesu wu no atumi ayɛ no mu nti, wɔnsuro owu yaayaw a ɛte saa bio. (Heb 2:14, 15) Sɛ nkurɔfo retan Kristoni bi ani denneennen na obetumi agyina pintinn a, adwene a okura ho hia paa. Bible ka sɛ: “Momma adwene a na Kristo Yesu wɔ no bi ntena mo mu. . . . Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, asɛndua so wu mu mpo.” (Flp 2:5-8) Bible san ka sɛ: “Anigye a na ɛda [Yesu anim] nti, omiaa n’ani huu amane wɔ asɛndua so, na obuu n’ani guu aniwu so.”—Heb 12:2; hwɛ 2Ko 12:10; 2Te 1:4; 1Pe 2:21-23 nso.
w09 12/15 18 ¶12-13
Ma W’ani Nnye Wɔ Ahohia Bere Mu
12 Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Ɛbɛ foforo nso ka sɛ: “Koma mu yaw ma honhom botow.” (Mmeb. 15:13) Kristofo binom ama wɔn abam abu araa ma wɔagyae Bible a wɔkenkan ne Onyankopɔn Asɛm ho a wodwinnwen. Wɔbɔ mpae biarabiara, na ebia wɔbɛtew wɔn ho afi wɔn mfɛfo asomfo ho. Ɛda adi pefee sɛ awerɛhow a yebedi no bere tenteenten betumi apira yɛn.—Mmeb. 18:1, 14.
13 Nanso, sɛ yenya adwempa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nneɛma a yebetumi ayɛ wɔ yɛn asetena mu a ɛbɛma yɛn ani agye so. Dawid kyerɛwee sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn.” (Dw. 40:8) Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn asetena mu a, ɛnsɛ sɛ yegyae nneɛma a mfaso wɔ so a yɛyɛ no daa wɔ Onyankopɔn som mu no da. Nokwarem no, ade a yebetumi ayɛ de agyina awerɛhow a yedi ano ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, yebetumi anya anigye afi n’Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛahwehwɛ mu daa no mu. (Dw. 1:1, 2; Yak. 1:25) Kyerɛw Kronkron no ne Kristofo nhyiam ahorow ma yenya “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ebetumi ahyɛ yɛn nkuran na ama yɛn koma atɔ yɛn yam.—Mmeb. 12:25; 16:24.
w20.12 15
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Mmebusɛm 24:16 ka sɛ: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.” Asɛm yi fa obi a ɔyɛ bɔne mpɛn pii ma Onyankopɔn de ne bɔne kyɛ no ho anaa?
Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɛno na saa kyerɛwsɛm yi reka ho asɛm. Mmom nea ɛreka ho asɛm ne obi a ohyia ɔhaw pii nanso otumi gyina mu, kyerɛ sɛ, otumi san gyina ne nan so.
Enti, asɛm, “hwe ase” a ɛwɔ Mmebusɛm 24:16 no, ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne ho asɛm na ɛka, na mmom obi a ohyia ɔhaw anaa ohu amane mpɛn pii. Wiase bɔne a yɛwom nnɛ yi, ɔtreneeni betumi ayare anaa obetumi ahyia ɔhaw afoforo. Ebetumi mpo aba sɛ ne gyidi nti, aban no bɛtaa no denneennen. Nanso obetumi anya awerɛhyem sɛ ɔhaw biara a ɔrehyia no, Onyankopɔn betumi aboa no ama no agyina ano na wadi nkonim. Sɛnea woahu sɛ nneɛma taa kɔ yiye ma Onyankopɔn nkurɔfo no, wo de susuw ho hwɛ. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, “Yehowa wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina hɔ.”—Dwom 41:1-3; 145:14-19.
Tweetwee Bible Mu
w09 10/15 12
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Wɔ mmere a na wɔrekyerɛw Bible no mu no, sɛ na ɔbarima bi pɛ sɛ ‘ɔkyekye ne fie,’ anaasɛ ɔware hyehyɛ abusua a, na ehia sɛ obisa ne ho sɛ, ‘So masiesie me ho sɛ mɛhwɛ ɔyere ne mma a ebia yɛbɛwo wɔn akyiri yi no?’ Ansa na ɔbɛhyehyɛ abusua no, na ɔwɔ adwuma a ɔyɛ, ɛne sɛ ɔreyɛ n’afuw anaa ɔrehwɛ ne nnɔbae. Eyi nti, Today’s English Version kyerɛ saa kyerɛwsɛm yi ase tẽẽ ma emu da hɔ sɛ: “Nsi wo fie nhyehyɛ w’abusua ansa na wo nnɔbae aba, bere a wunim sɛ wubetumi ahwɛ wo ho no.” So saa nnyinasosɛm yi da so ara yɛ adwuma nnɛ?
Yiw, ɛda so ara yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔware siesie ne ho yiye sɛ obedi saa asɛyɛde yi ho dwuma. Sɛ ɔwɔ ahoɔden a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma. Nokwarem no, sɛ wɔka sɛ ɔbarima nyere ne ho nhwɛ n’abusua a, ɛnyɛ honam fam nneɛma nkutoo na wɔreka sɛ ɔmfa mma wɔn. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ, ɔbarima a ɔmmfa nea n’abusua hia wɔ honam fam, nkate fam, ne Onyankopɔn som mu mma wɔn no yɛ onipa bɔne sen nea onnye nni! (1 Tim. 5:8) Enti sɛ aberante bi resiesie ne ho aware na wahyehyɛ abusua a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho nsɛm te sɛ: ‘So masiesie me ho sɛnea ɛsɛ a metumi de honam fam nneɛma a m’abusua behia ama wɔn? So masiesie me ho sɛ medi abusua anim ma yɛasom Onyankopɔn? So metumi ne me yere ne me mma asua Bible daa?’ Onyankopɔn Asɛm si asɛyɛde ahorow a ɛho hia yi so dua pefee.—Deut. 6:6-8; Efe. 6:4.
Enti ɛsɛ sɛ aberante a ɔpɛ sɛ ɔware susuw nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 24:27 no ho yiye. Saa ara na ɛsɛ sɛ ababaa nso bisa ne ho sɛ wasiesie ne ho sɛ obedi asɛyɛde ahorow a ɔyere ne ɛna a ɔbɛyɛ no bɛma wanya no ho dwuma? Nnipa baanu a wɔaware foforo anaa nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware betumi abisa nsɛm a ɛte saa ara bere a wɔpɛ sɛ wɔwo mma no. (Luka 14:28) Bible mu akwankyerɛ a ɛte saa a Onyankopɔn nkurɔfo de bɛbɔ wɔn bra no betumi aboa ma wɔrenni ɛyaw pii, na ama wɔanya anigye wɔ wɔn abusua mu.
AUGUST 4-10
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 25
Afotu Pa a Ɛwɔ Bible Mu a Ɛboa Ma Yɛn Kasa Tɔ Asom
w15 12/15 19 ¶6-7
Ma Wo Kasa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
6 Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛkasa wɔ bere a ɛfata mu? Mmebusɛm 25:11 ka sɛ: “Asɛm a wɔka no berɛ a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a ɛgu dwetɛ anwenneɛ mu.” Sika aduaba yɛ fɛ, nanso sɛ wɔde gu dwetɛ anwenneɛ mu a, ɛbɛma ayɛ fɛ kɛse paa. Ebia yɛn nso yɛwɔ asɛmpa bi a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ obi. Sɛ yɛka saa asɛm no wɔ bere a ɛfata mu a, yɛbɛtumi aboa saa nipa no paa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?
7 Sɛ yɛankasa wɔ bere a ɛfata mu a, ebia nkurɔfo rente yɛn ase anaa wɔrennye asɛm a yɛreka no ntom. (Kenkan Mmebusɛm 15:23.) Nhwɛso bi ni. March 2011 no, asasewosow bi sii wɔ po mu maa nsuo twi faa nkuro pii so wɔ Japan apuei fam. Ɛkum nnipa bɛboro 15,000. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo pii abusuafo ne wɔn nnamfo wuwuiɛ deɛ, nanso na wɔpɛ sɛ wɔde Bible hyɛ afoforo a wɔn nso abusuafo ne wɔn nnamfo awuwu no nkuran. Ná anuanom nim sɛ saa nkurɔfo no pii yɛ Buddhafo, na wɔnni Bible mu nimdeɛ. Enti sɛ́ anka anuanom bɛka owusɔre ho asɛm akyerɛ wɔn saa bere no, wɔkaa nea enti amanehunu a ɛte saa to nnipa pa ho asɛm mmom de kyekyee wɔn werɛ.
w15 12/15 21 ¶15-16
Ma Wo Kasa Nhyɛ Yehowa Anuonyam
15 Asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo ho hia, na saa ara na ɔkwan yɛfa so ne wɔn kasa nso ho hia. Ná Yesu kasa yɛ nkurɔfo dɛ efisɛ na ne kasa ‘ka akoma,’ anaasɛ ɛma akomatɔyam. (Luka 4:22) Sɛ yɛma yɛn kasa yɛ dɛ a, nkurɔfo ani bɛgye ho sɛ wɔbɛtie yɛn na wɔagye asɛm a yɛka no atom. (Mmebusɛm 25:15) Sɛ yɛbu afoforo na yɛnya tema ma wɔn a, yɛbɛtumi ne wɔn akasa ma wɔn koma atɔ wɔn yam. Saa na Yesu yɛeɛ. Bere bi a Yesu huu nnipakuw bi a na wɔpɛ sɛ wɔtie no no, n’ani gyee paa sɛ ɔbɛnya bere ama wɔn, na wakyerɛkyerɛ wɔn nneɛma pii. (Marko 6:34) Bere a nkurɔfo sopaa Yesu no, wansopa wɔn bi.—1 Petro 2:23.
16 Ɛwom sɛ yɛdɔ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo deɛ, nanso esiane sɛ yɛnim wɔn yie nti, anhwɛ a yɛbɛka nsɛm a ɛnyɛ dɛ akyerɛ wɔn. Ebia yɛbɛnya adwene sɛ ɛho nhia sɛ yɛhwɛ yie wɔ sɛnea yɛbɛkasa akyerɛ wɔn ho. Nanso Yesu anka nsɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ ne nnamfo bere a ɔne wɔn rekasa no. Bere a wɔn mu binom gyee nea ɔyɛ kɛse wɔ wɔn mu ho akyinnye no, ɔtenetenee wɔn wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɔde abofra kumaa bi yɛɛ nhwɛso maa wɔn sɛnea ɛbɛboa wɔn ma wɔasesa wɔn adwene. (Marko 9:33-37) Asafo mu mpanyimfo bɛtumi asuasua Yesu na wɔatu afoforo fo ɔdwoɔ mu.—Galatifoɔ 6:1.
w95 4/1 17 ¶8
Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?
8 Bere a yɛresom yɛn Nyankopɔn no, yɛn nyinaa betumi ayɛ nhwɛso de akanyan yɛn ho yɛn ho. Ɛda adi sɛ Yesu kanyan n’atiefo. Ná ɔpɛ Kristofo som adwuma no, na ɔkamfoo ɔsom adwuma no. Ɔkae sɛ ɛte sɛ aduan ma no. (Yohane 4:34; Romafo 11:13) Anigye a wɔda no adi saa no tumi ka afoforo. Wo nso wubetumi ama ɔsom adwuma no ho anigye a wowɔ ada adi? Ka wo suahu pa no kyerɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu, bere a wohwɛ yiye na nsɛm a woka no ankyerɛ sɛ worehoahoa wo ho. Sɛ woto nsa frɛ afoforo sɛ wɔne wo mmɛyɛ adwuma a, hwɛ sɛ wubetumi aboa wɔn ma wɔanya anigye ankasa afi yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa, ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no mu.—Mmebusɛm 25:25.
Tweetwee Bible Mu
it-2 399
Odwo
Sɛ obi dwo a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔwɔ gyidi ne biribi a ɛhyɛ no den. Ne bo mfuw ntɛmntɛm, anaa ɔnyɛ n’ade basabasa. Sɛ obi nnwo, anaa ɛreyɛ ara ni na ne bo afuw a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔyɛ ohufo, ɔreteetee, onni gyidi ne anidaso, na mpo, ne ho yeraw no. Ɛbɛ bi a ɛwɔ Bible mu ka obi a ne bo fuw ntɛmntɛm ho asɛm sɛ: “Sɛnea kurow a wɔabubu n’afasu te no, saa ara na onipa a ontumi nhyɛ n’abufuw so te.” (Mme 25:28) Onipa a ɔte saa no, ɛnyɛ den koraa sɛ obedwinnwen nneɛma a ɛmfata ho na wayɛ nneɛma a enye.
AUGUST 11-17
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 26
Twe Wo Ho Fi “Ɔkwasea” Ho
it-2 729 ¶6
Osutɔ
Ahohurubere ne awɔwbere. Bɔhyɛ Asaase no so no, afe no mu no, ewim nsakrae a ɛwɔ hɔ yɛ mmienu; ahohurubere ne awɔwbere. Nanso yɛbɛka paa a, ɛyɛ ɔpɛbere ne osutɔbere mmom. (Fa toto Dw 32:4 ho; Nmd 2:11, ase hɔ asɛm) Efi April mfinimfini kosi October mfinimfini no, osu kakraa bi pɛ na ɛtɔ wɔ hɔ. Saa bere no yɛ otwabere, enti osu ntaa ntɔ. Mmebusɛm 26:1 ma yehu sɛ, sɛ osu tɔ wɔ hɔ wɔ otwabere a, na ɛyɛ anwanwasɛm. (Fa toto 1Sa 12:17-19 ho.) Edu osutɔbere mpo a, ɛnyɛ da biara na osu tɔ; ɛyɛ a ewim tumi tew nna bi. Ewim yɛ nwini saa bere no, enti sɛ osu hwe wo a, awɔw tumi de wo paa. (Esr 10:9, 13) Enti, sɛ osu retɔ na wunya hintabea kamakama bi kɔhyɛ a, na wo ho tɔ wo paa.—Yes 4:6; 25:4; 32:2; Hio 24:8.
w88 1/1 30 ¶12
Nteɛso Sow Asomdwoe Aba
12 Sɛnea Mmebusɛm 26:3 kyerɛ no, ebia nhyehyɛe a emu yɛ den kɛse ho behia wɔ ebinom fam: “Pɔnkɔbaa fata ɔpɔnkɔ, nnareka fata afurum, na abaa nso fata ɔkwasea akyi.” Ɛtɔ bere bi a na Yehowa ma ɔhaw ahorow a ne man Israel de baa wɔn ho so no brɛ wɔn ase: “Efisɛ wɔtew Onyankopɔn nsɛm ho atua, na wɔtew ɔsorosoroni no agyina ahi, na ɔde ɔhaw brɛɛ wɔn koma ase, wɔhwehwee ase a ɔboafo bi nni hɔ. Na wosu frɛɛ [Yehowa], wɔn ahohia mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahokyere mu.” (Dwom 107:11-13) Nanso nkwasea bi sen wɔn kɔn ma enti wontumi nnya nteɛso a ɛbɛsa wɔn yare biara: “Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.”—Mmebusɛm 29:1.
it-2 191 ¶4
Apakye
Sɛnea wɔde yɛ adwuma wɔ abebu mu. Ɔhene Solomon nyansani no kaa sɛ: “Nea ɔde asɛm hyɛ ɔkwasea nsa no, ɔte sɛ onipa a obubu ɔno ara ne nan na opira ne ho [kyerɛ sɛ, ɛba saa a, ɛbɛma wadan apakye].” Nokwasɛm ne sɛ, onipa a ɔde adwuma bi bɛhyɛ ɔkwasea nsa sɛ ɔnyɛ mma no no, ɛnde na gu araa na ɔpɛ sɛ ogu n’adwuma no. Sɛnea ɛte biara, obehu sɛ adwuma a ɔde rehyɛ ɔkwasea no nsa no, ebegye agu, na ɛde ɔhaw abrɛ no.—Mme 26:6.
Tweetwee Bible Mu
it-1 846
Ɔkwasea
Sɛ ɔkwasea rekasa a, ɔkeka nsɛnhunu. Enti sɛ obi nso keka nsɛm a ɛte saa bi de ma no mmuae a, na onii no abɛyɛ sɛ ɔkwasea no ara. Ɛno nti, Bible ka wɔ Mmebusɛm 26:4 sɛ, “mma ɔkwasea mmuae sɛnea ne nkwaseasɛm te.” Nanso, Mmebusɛm 26:5 ma yehu sɛ, ɛtɔ da a, sɛ yɛma “ɔkwasea mmuae wɔ ne nkwaseasɛm ho” a, ɛboa. Kyerɛ sɛ, sɛ ɔkwasea rekasa, na yegyina nsɛm a ɔno ara keka no so ma ohu sɛ nyansa biara nni nea ɔrekeka no mu a, ebetumi aboa no.
AUGUST 18-24
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 27
Sɛnea Nnamfo Pa Boa Yɛn
w19.09 5 ¶12
Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No
12 Obi a ɔbrɛ ne ho ase no, sɛ wotu no fo a, n’ani sɔ. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wowɔ Kristofo nhyiam bi ase. Bere a wo ne anuanom kakra bɔɔ nkɔmmɔ akyi no, wɔn mu baako twee wo kɔɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wo sɛ aduan tetare wo sẽ ho. Sɛnea ɛte biara, ɛbɛma woafɛre. Nanso, w’ani begye sɛ ɔka kyerɛɛ wo. Nokwasɛm ne sɛ, wo yam a anka obi ka kyerɛɛ wo ntɛm! Saa ara na sɛ yɛn nua Kristoni bi hu sɛ ehia sɛ otu yɛn fo na onya akokoduru yɛ saa a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom na yɛda no ase. Onua a otuu yɛn fo no, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɔdɔ yɛn na ɔyɛ yɛn adamfo, na ɔnyɛ yɛn tamfo.—Kenkan Mmebusɛm 27:5, 6; Gal. 4:16.
it-2 491 ¶3
Ofipamfo
Nanso, Mmebusɛm nhoma no hyɛ yɛn nkuran sɛ, yennya nnamfo pa mu gyidi ne awerɛhyem. Ɛma yehu sɛ, sɛ yɛkɔ ahohia mu a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi obi a ɔyɛ adamfo pa hɔ. Ɛka sɛ: “Ntow w’adamfo anaa wo papa adamfo nkyene, na nkowura wo ara wo nua fi w’amanehunu da; ofipamfo [sha·khenʹ] a ɔbɛn ye sen onua a ɔwɔ akyirikyiri.” (Mme 27:10) Nea ɔkyerɛw ɛbɛ no, ɛbɛyɛ sɛ nea na ɔreka ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ obi a ɔyɛ yɛn abusua adamfo a ɔte bɛn yɛn no ho. Sɛ yehia mmoa bi a, yɛn nuabarima anaa yɛn nuabea bi a ɔte akyirikyiri no, ebia na ɔnyɛɛ krado sɛ ɔbɛba abɛboa yɛn, anaa ɛnyɛ ade a obetumi abɛboa yɛn. Enti yɛn abusua adamfo a ɔte bɛn yɛn no mmom na ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nkyɛn kɔpɛ mmoa.
w23.09 10 ¶7
Mmabun—Ebewie Mo Sɛn?
7 Gyinae bɔne a Yehoas sii no, ade baako a yebetumi asua afi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa nnamfo a wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔma n’ani gye. Nnamfo a ɛte saa na wɔbetumi aboa yɛn ma yɛayɛ adepa. Ɛnyɛ yɛn atipɛnfo nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ. Kae sɛ, na Yehoas adamfo Yehoiada anyin sen no bam. Wo nso, bisa wo ho sɛ: ‘Me nnamfo boa me ma me gyidi yɛ den? Wɔhyɛ me nkuran sɛ minni Onyankopɔn mmara so anaa? Nsɛm a ɛfa Yehowa ho ne nea wɔasua afi Bible mu no, ɛno na wɔka ho asɛm anaa? Wɔn ani gye Onyankopɔn mmara ho? Nea ɛbɛyɛ m’asom dɛ nko ara na wɔka kyerɛ me, anaa sɛ meyɛ biribi a ɛmfa kwan mu a, wɔtumi tu me fo?’ (Mmeb. 27:5, 6, 17) Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ wo nnamfo nnɔ Yehowa a, ɛsɛ sɛ wo ne wɔn twam. Nanso sɛ wo nnamfo dɔ Yehowa a, kɔ so ara ne wɔn mmɔ, efisɛ wɔbɛboa wo paa.—Mmeb. 13:20.
Tweetwee Bible Mu
w06 9/15 19 ¶12
Mmebusɛm Nhoma no mu Nsɛntitiriw
27:21. Ayeyi betumi ama wɔahu nnipa kõ a yɛyɛ. Sɛ ayeyi no ka yɛn ma yehu sɛnea yɛdan Yehowa, na ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so som no a, ɛma ɛda adi sɛ yɛwɔ ahobrɛase. Sɛ ayeyi ma yɛte nka sɛ yɛkorɔn sen afoforo a, na ɛkyerɛ sɛ yenni ahobrɛase.
AUGUST 25-31
BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 28
Nsonsonoe a Ɛwɔ Ɔbɔnefo Ne Ɔtreneeni Ntam
w93 5/15 26 ¶2
So Wudi Yehowa Akyi Wie?
“TRENEEFO te sɛ gyataforo a ɔwɔ ahotoso.” (Mmebusɛm 28:1, New World Translation) Wɔkyerɛ gyidi, wofi ahotoso mu de wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm no so, na wɔde akokoduru kɔ wɔn anim wɔ Yehowa som mu wɔ asiane biara mu.
it-2 1139 ¶3
Ntease
Nkurɔfo a wɔatwe wɔn ho afi Onii a ɔma ntease no ho. Obi si bɔne kwan so a, sɛ ɔreyɛ nhyehyɛe anaa ɔresisi gyinae a, ɔnhwɛ nea Onyankopɔn aka mpo na kampɛsɛ wagyina so ayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. (Hio 34:27) Onipa a ɔte saa no, sɛ ɔreyɛ bɔne a, ɔma ne koma daadaa no sɛ nea ɔreyɛ no, asɛm biara nni ho. Onnwen nea ɔreyɛ no ho nkɔ akyiri, kyerɛ sɛ, onni nhumu. (Dw 36:1-4) Saa onipa no, ɔde n’ano na ɛka sɛ ɔsom Onyankopɔn, nanso nnipa ahyɛde mmom na n’ani gye ho, na ɛnyɛ Onyankopɔn ahyɛde. (Yes 29:13, 14) Sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔbrafĩ bi mu a, ɔde nneɛma yiyi ne ho ano sɛ ‘agorɔ’ bi kɛkɛ na ɔredi. (Mme 10:23) Ɛma ɔbɛyɛ obi a ne nsusuwii akyea, ogyimifo, ne ɔkwasea. Saa nipa no, ɔyɛ ade kɔ akyiri araa ma ɔba benya adwene sɛ Onyankopɔn a yɛmfa yɛn ani nhu no no, gyama afei de ontumi nhu papa ne bɔne mu nsonsonoe bio. Ɛba saa a, onipa no adwene yɛ no sɛ nea ɔreyɛ no, Onyankopɔn nhu. (Dw 94:4-10; Yes 29:15, 16; Yer 10:21) Saa nipa no, sɛ wohwɛ n’abrabɔ ne ne nneyɛe a, nea ɔreka ara ne sɛ, “Yehowa biara nni hɔ,” enti n’asɛm mfa ne ho. (Dw 14:1-3) Esiane sɛ ɔmma Onyankopɔn asɛm nkyerɛ no kwan nti, ontumi nnwinnwen nneɛma ho nte ase yiye, na wahu nea ɛwom ankasa na wagyina so asisi gyinae pa.—Mme 28:5.
it-1 1211 ¶4
Abrabɔ a Edi Mu
Sɛ obi abrabɔ bedi mu a, ennyina ɔno ankasa ahoɔden so. Mmom, nea edidi so yi nko ara na ebetumi ama onipa abrabɔ adi mu: Ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu gyidi ne ahotoso kɛse, na ogye tom sɛ Yehowa tumi gye nnipa nkwa. (Dw 25:21) Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔn abrabɔ di mu no, ɔbɛyɛ “ɔkyɛm” ne “abannennen” ama wɔn, na wawɛn wɔn anammɔn kwan. (Mme 2:6-8; 10:29; Dw 41:12) Nkurɔfo a ɛte saa no, esiane sɛ bere nyinaa wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, ɛmma wɔnhinhim wɔ wɔn abrabɔ mu. Wei ma wɔtumi tutu wɔn anammɔn yiye kɔ botae a wɔde asi wɔn ani so no ho. (Dw 26:1-3; Mme 11:5; 28:18) Ɛwom, bere a na Hiob ho yeraw no no, ɔkaa sɛ, esiane sɛ abɔnefo di tumi nti, wɔbetumi akunkum wɔn a wɔn ho nni asɛm afra abɔnefo. Nanso, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ, onim ɔhaw a onipa a asɛm biara nni ne ho refa mu. Enti wahyɛ bɔ sɛ onipa a ɔte saa no, n’agyapade bɛtena hɔ daa, obenya asomdwoe daakye, na wanya adepa sɛ n’agyapade. (Hio 9:20-22; Dw 37:18, 19, 37; 84:11; Mme 28:10) Hiob asɛm no ma yehu sɛ, ɛnyɛ ahonyade a obi wɔ na ɛma n’anim ba nyam na ɛma nkurɔfo bu no, na mmom ɛyɛ n’abrabɔ a edi mu no. (Mme 19:1; 28:6) Sɛ agya bi abrabɔ di mu saa a, ne mma ani begye paa. (Mme 20:7) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ne nhwɛso pa no bɛyɛ agyapade kɛse ama ne mma no, na wɔbedidi ho, kyerɛ sɛ, wɔn nso benya din pa, na nkurɔfo abu wɔn.
Tweetwee Bible Mu
w01 12/1 11 ¶3
Wubetumi Akwati Honhom Mu Komayare
Gye a obi gye ne ho di dodow. Ná nnipa a wɔanya komayare no mu pii gye wɔn ho di paa sɛ wɔwɔ ahoɔden bere tiaa bi ansa na wɔrenya komayare no. Wɔtaa bu ani gu nnuruyɛfo nhwehwɛmu so anaa woyi fi wɔn adwenem anaa mpo sɛ wodi fɛw ka sɛ ɛho nhia. Saa ara nso na ebia ebinom bɛte nka sɛ esiane sɛ wɔbɛyɛɛ Kristofo akyɛ nti, biribiara ntumi wɔn. Ebia wobebu wɔn ani agu honhom mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ so anaa wɔn ho mu a wɔbɛhwehwɛ so kosi sɛ asiane bɛto wɔn. Ehia paa sɛ yɛma afotu pa a ɔsomafo Paulo de mae wɔ gye a ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo no tra yɛn adwenem: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” Nyansa wom sɛ yebegye yɛn sintɔ atom na yɛahwehwɛ yɛn ho mu wɔ honhom fam bere nyinaa.—1 Korintofo 10:12; Mmebusɛm 28:14.