ADESUA 6
Kyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm Mu Ma Emu Nna Hɔ
Yohane 10:33-36
NSƐNTITIRIW: Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, nnyaw no saa ara nkɔ asɛm foforo so. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ mu yiye ama w’atiefo ahu sɛnea kyerɛwsɛm a wokenkanee no foa asɛm a woreka no so.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Si nsɛntitiriw a ɛwom no so dua. Sɛ wokenkan kyerɛwsɛm bi wie a, ma w’atiefo nhu nsɛmfua a ɛwom a ɛfa w’asɛm no ho tẽẽ. Nea ɛbɛboa ma woayɛ saa no, tĩ saa nsɛmfua no mu, anaa bisa asɛm bi a ɛbɛma w’atiefo ahu nsɛntitiriw no.
Kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu. Sɛ wudi kan ma w’atiefo hu nea enti a worekan kyerɛwsɛm bi a, ɛnde sɛ wokan wie a, kyerɛkyerɛ mu ma atiefo no nhu sɛnea kyerɛwsɛm no mu nsɛntitiriw no foa nea wudii kan kae no so.
Mma wo nkyerɛkyerɛmu no nyɛ bebree. Sɛ worekyerɛkyerɛ asɛm bi mu a, nkɔsesaw nsɛm bi a ɛmfa asɛntitiriw no ho mmɛka ho. Hwɛ nea w’atiefo nim fa asɛm a woreka no ho, na hwɛ sɛ nsɛm dodow ahe na ebehia sɛ wode kyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu na ama emu ada hɔ na atiefo ate ase.