Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 3
  • Yi Wo Yam Boa Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yi Wo Yam Boa Afoforo
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Ma “Ayamye Mmara” Nkanyan Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ayamye A Yɛbɛda No Adi Wɔ Nitan Wiase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Sɔ Yehowa Ani Denam Ayamye A Wubeyi Adi Akyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 3

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Yesu abɛn onifuraefo bi; ɔrebɛsa no yare.

Yoh. 9:1-7

ADESUA 3

Yi Wo Yam Boa Afoforo

Nnyinasosɛm: “Ɔdɔ . . . yam ye.”—1 Kor. 13:4.

Nea Yesu Yɛe

Yesu abɛn onifuraefo bi; ɔrebɛsa no yare.

VIDEO: Yesu Saa Onifuraefo Bi Yare

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 9:​1-7. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Dɛn na Yesu dii kan yɛ maa onifuraefo no? Ɔsaa no yare anaa ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no?—Hwɛ Yohane 9:​35-38.

  2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ saa kwan a Yesu faa so yi na ɛmaa ɔbarima no tiee asɛmpa no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛma obi hu sɛ yedwen ne ho a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ obetie asɛm a yɛde nam no.

Suasua Yesu

3. Te no ase. Sɛnea ɔte nka no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte ase.

  1. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na ɛreteetee no? Dɛn na meyɛ a n’ani begye ho anaa ɛbɛboa no?’ Wubisa wo ho saa nsɛm yi a, ɛbɛma woayi wo yam aboa no.

  2. Yɛ aso tie no. Woyɛ saa a, ɛbɛma no ahu sɛ wudwen ne ho. Sɛ nipa no ka sɛnea ɔte nka anaa ɔhaw bi a ɔrefa mu kyerɛ wo a, mmɔ n’asɛm no nngu.

4. Wo ne no nkasa kama. Sɛ wudwen obi ho na wopɛ sɛ woboa no a, ɛda adi wɔ wo kasa mu. Enti ɛyɛ a hwɛ nsɛm a woka, ne ɛnne a wode kasa no yiye. Nka nsɛm a ebetumi ahaw obi.

5. Yɛ biribi boa no. Hwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa no. Sɛ wuyi wo yam yɛ ade boa obi a, ebetumi ama watie wo.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Rom. 12:​15, 16; Gal. 6:10; Heb. 13:16

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena