Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 4
  • Brɛ Wo Ho Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Brɛ Wo Ho Ase
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Paul Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?
  • Suasua Paul
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohyɛ Ahobrɛase?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Asomfo a Wɔbrɛ Wɔn Ho Ase Som Bo Ma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Ahobrɛase Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nya Ahobrɛase Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 4

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu ɔsomafo Paul nsa asan de agu ɔwɛmfo bi nsa. Paul rekasa obu so akyerɛ Ɔhene Agripa, Amrado Festo, ne Bernike.

Aso. 26:2, 3

ADESUA 4

Brɛ Wo Ho Ase

Nnyinasosɛm: “Mommrɛ mo ho ase na mummu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filip. 2:3.

Nea Paul Yɛe

Wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu ɔsomafo Paul nsa asan de agu ɔwɛmfo bi nsa. Paul rekasa obu so akyerɛ Ɔhene Agripa, Amrado Festo, ne Bernike.

VIDEO: Paul Kaa Asɛmpa No Kyerɛɛ Ɔhene Agripa

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Asomafo Nnwuma 26:​2, 3. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Ɔkwan bɛn na Paul faa so ne Ɔhene Agripa kasae a ɛkyerɛ sɛ na ɔbrɛ ne ho ase?

  2. Dɛn na Paul kae a ɛmaa nkurɔfo adwene kɔɔ Yehowa ne Kyerɛwnsɛm no so mmom sen sɛ ɛbɛba ɔno Paul so?—Hwɛ Asomafo Nnwuma 26:22.

Dɛn Na Yesua Fi Paul Hɔ?

2. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛkasa obu so a, ɛbɛma nkurɔfo atie asɛmpa a yɛka no.

Suasua Paul

3. Kasa obu so. Mma no nnkɔyɛ sɛ wunim biribiara, na nea wo ne no rekasa no de, onnim hwee. Fa obu kasa kyerɛ no.

4. Ma ɛnna adi sɛ nea wokyerɛkyerɛ no fi Bible mu. Onyankopɔn Asɛm tumi ka nkurɔfo koma. Enti sɛ yɛde yɛ adwuma a, ɛma wɔtumi de wɔn gyidi gyina Bible so, na ɛno nso na ɛbɛma wɔn ase atim.

5. Hyɛ wo ho so. Sɛ obi ne w’adwene nhyia a, ɛnsɛ sɛ wo ne no gye akyinnye. Yɛmpɛ sɛ yɛne obiara begye akyinnye. Wohwɛ na ɛnkɔ yiye a, twa so kɔ. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase. (Mmeb. 17:14; Tito 3:2) Sɛ wohyɛ wo ho so na woamma wo bo amfuw a, ebetumi aba sɛ bere foforo obetie wo.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Rom. 12:​16-18; 1 Kor. 8:1; 2 Kor. 3:5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena