-
“Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No MuƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | May
-
-
ADESUA ASƐM 19
“Atifi Fam Hene No” Wɔ Awiei Bere No Mu
“Awiei bere no mu no, anafo fam hene no ne [atifi fam hene] no bedi apiapia.”—DAN. 11:40.
DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa
NEA YƐREBESUAa
1. Dɛn na Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yehu?
DƐN na Yehowa nkurɔfo hwɛ kwan sɛ ebesi nnansa yi ara? Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribiara, efisɛ Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ nsɛm akɛse akɛse besisi, na ɛbɛka yɛn nyinaa. Nkɔmhyɛ bi ma yehu nea aban ahorow a wɔwɔ tumi paa wɔ asase so no bi bɛyɛ. Saa nkɔmhyɛ no wɔ Daniel ti 11. Ɛka ahemfo mmienu bi a wɔko tia wɔn ho ho asɛm; saa ahemfo yi ne atifi fam hene no ne anaafo fam hene no. Saa nkɔmhyɛ no fã kɛse no ara aba mu dedaw, enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea aka no nso bɛbam ɔkwan biara so.
2. Sɛnea Genesis 3:15 ne Adiyisɛm 11:7 ne 12:17 kyerɛ no, sɛ yɛresua Daniel nkɔmhyɛ no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwene mu?
2 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no ase a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ, atumfoɔ ne aban ahorow a wodii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani nkutoo na saa ti no ka wɔn ho asɛm. Ɛwom, sɛ yɛde Onyankopɔn asomfo toto nnipa dodow a wɔwɔ wiase mu ho a, wɔnnɔɔso koraa, nanso mpɛn pii no aban ahorow tan wɔn ani. Adɛn ntia? Efisɛ ade titiriw a Satan ne ne wiase no pɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɛtɔre Yehowa asomfo anaa Yesu asuafo ase. (Kenkan Genesis 3:15 ne Adiyisɛm 11:7; 12:17.) Afei nso, nkɔm a Daniel hyɛe no, ɛsɛ sɛ ɛne nkɔmhyɛ afoforo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yebetumi ate Daniel nkɔmhyɛ no ase yiye a, gye sɛ yɛde toto kyerɛwnsɛm afoforo ho.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?
3 Enti adesua yi mu no, yebesusuw Daniel 11:25-39 ho. Yebehu nea na ɔyɛ atifi fam hene ne nea na ɔyɛ anafo fam hene fi afe 1870 kosi afe 1991. Afei nso, yebehu nea enti a ehia sɛ yɛsan susuw nkɔmhyɛ yi fã bi ho, na yenya ntease a edi mũ. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw Daniel 11:40–12:1 ho, na nea nkɔmhyɛ yi ma yehu fa nea ɛbɛkɔ so fi afe 1991 kosi bere a Harmagedon ko no bɛba no, yɛbɛhwɛ ntease foforo a yɛanya wɔ ho. Sɛ woresua adesua nsɛm mmienu yi na wohwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a wɔato din “Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu” a, ɛbɛboa wo. Nanso, ɛsɛ sɛ yedi kan hu ahemfo mmienu a nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm no.
YƐBƐYƐ DƐN AHU NEA ƆYƐ ATIFI FAM HENE NE NEA ƆYƐ ANAFO FAM HENE?
4. Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene a, nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɛbɛboa yɛn?
4 Israelfo bere so no, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no atifi no “atifi fam hene.” Afei nso, na wɔfrɛ atumfoɔ a wodi ade wɔ mmeae a ɛwɔ Israel man no anafo no “anafo fam hene.” Adɛn nti na yɛreka saa? Ɔbɔfo a ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ Daniel no kaa sɛ: “Maba sɛ merebɛma woahu nea ɛbɛto wo man wɔ nna a edi akyiri no mu.” (Dan. 10:14) Ansa na Pentekoste afe 33 Y.B. no, na Israel man no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, Yehowa ma ɛdaa adi sɛ Yesu asuafo anokwafo na wɔyɛ ne nkurɔfo. Enti nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 11 no fã kɛse no ara fa Kristo akyidifo ho na ɛnyɛ Israel man no. (Aso. 2:1-4; Rom. 9:6-8; Gal. 6:15, 16) Afei nso bere rekɔ so no, na nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene no sesasesa. Nanso sɛnea na wɔyɛ wɔn ade no de, na ɛnsesa. Nea edi kan, ahemfo no dii tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa wɔtan wɔn ani. Nea ɛto so mmienu, nea wɔde yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo kyerɛe sɛ na wɔtan nokware Nyankopɔn Yehowa. Nea ɛto so mmiɛnsa, na ahemfo mmienu no mu biara pɛ sɛ onya tumi sen ne yɔnko.
5. Efi afe 100 kosi afe 1870 mu hɔ no, na atifi fam hene ne anafo fam hene bi wɔ hɔ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
5 Afe 100 akyi hɔ baabi no, atoro Kristofo bewurawuraa nokware Kristofo asafo no mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ atoro nkyerɛkyerɛ, na na wɔmpɛ sɛ nkurɔfo hu nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Efi saa bere no kosi afe 1870 mu hɔ no, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo wɔ asase so. Atoro Kristofo yɛɛ bebree te sɛ nwura, enti na ɛyɛ den sɛ obi behu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo. (Mat. 13:36-43) Adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu saa asɛm yi? Efisɛ ɛbɛma yɛahu sɛ nea yɛkenkan fa atifi fam hene ne anafo fam hene ho no, ɛrentumi nyɛ ahemfo a wodii ade fi afe 100 kosi afe 1870 mu hɔ anaa aban ahorow a na ɛwɔ hɔ saa bere no. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, na nnipakuw pɔtee biara nni hɔ a wohu wɔn sɛ Onyankopɔn asomfo a na saa ahemfo yi betu wɔn ani asi wɔn so atan wɔn.b Nanso, afe 1870 akyi bere tiaa bi no, afei de na wobetumi ahu nea ɔyɛ atifi fam hene ne nea ɔyɛ anafo fam hene. Yɛyɛ dɛn hu saa?
6. Bere bɛn na wɔsan hyehyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ kuw? Kyerɛkyerɛ mu.
6 Efi afe 1870 reba no, Onyankopɔn nkurɔfo fii ase som no sɛ kuw. Ɛyɛ saa afe no mu na Charles T. Russell ne ne mfɛfo tew kuw bi a wobom sua Bible. Onua Russell ne ne mfɛfo no na na wogyina hɔ ma ɔbɔfo a Bible hyɛɛ ne ho nkɔm a ‘osiesiee kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no resi hɔ. (Mal. 3:1) Afei de, na nnipakuw pɔtee bi wɔ hɔ a wɔresom Yehowa! Saa bere no, na atumfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛtan Onyankopɔn asomfo ani anaa? Momma yɛnhwɛ nsɛm a edidi so yi.
HENA NE ANAFO FAM HENE NO?
7. Wiase Ko I no rekɔ so nyinaa no, hena na na ɔyɛ anafo fam hene?
7 Eduu afe 1870 no, na Britain di aman pii so sen ɔman foforo biara, na na wɔwɔ asraafo a wɔyɛ den sen asraafo biara wɔ asase so. Daniel nkɔmhyɛ no ka abɛn ketewa bi a ebubuu mmɛn mmiɛnsa bi ho asɛm. Abɛn ketewa no gyina hɔ ma Britain, ɛnna mmɛn mmiɛnsa no gyina hɔ ma France, Spain, ne Netherlands. (Dan. 7:7, 8) Enti bere a Wiase Ko I no rekɔ so nyinaa no, na Britain na ɔyɛ anafo fam hene. Saa bere no ara mu no, na United States of America na ɛyɛ ɔman a ɛwɔ sika paa, na na wafi ase de ne ho rebɔ Britain.
8. Nna a edi akyiri no mu nyinaa, hena na ɔyɛ anafo fam hene no?
8 Wiase Ko I no mu no, United States ne Britain asraafo ka boom kɔɔ ɔko no, na ɛma wɔbɛyɛɛ den paa. Saa bere no, Britain ne United States bɛyɛɛ ayɔnkofo, na wiase nyinaa wɔn na na wɔyɛ aman a wɔyɛ den paa. Sɛnea Daniel hyɛɛ nkɔm no, na saa ɔhene yi anya “asraafodɔm kɛse a wɔyɛ den boro so.” (Dan. 11:25) Nna a edi akyiri yi mu nyinaa no, Britain ne United States na wɔyɛ anafo fam hene no.c Nanso, hena na ɔyɛ atifi fam hene no?
ATIFI FAM HENE BI YII NE TI
9. Bere bɛn na atifi fam hene bi yii ne ti, na sɛn na Daniel 11:25 baa mu?
9 Afe 1871 no, na Onua Russell ne ne mfɛfo abom asua Bible no afe baako. Saa afe no ara mu na atifi fam hene bi yii ne ti. Saa bere no, Otto von Bismarck kaa nsase ahorow bi boom ma wɔbɛyɛɛ ɔman baako a wɔfrɛ no Germany. Ná saa ɔman no wɔ tumi paa. Prussia hene Wilhelm I na odii kan yɛɛ Ɔhempɔn wɔ Germany, na oyii Bismarck sɛ Germany mampanyin a odi kan.d Mfe bi akyi no, aman bi a ɛwɔ Pacific Po no so no, Germany fii ase dii wɔn so. Afei nso, edii aman bi a ɛwɔ Afrika so, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya tumi asen Britain. (Kenkan Daniel 11:25.) Saa bere no, sɛ yɛreka asraafo a na wɔyɛ den a, wuyi Britain asraafo a, na Germany asraafo na edi hɔ. Wiase ko a edi kan no mu no, Germany maa n’asraafo no ko tiaa wɔn atamfo.
10. Sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:25b, 26 no baa mu?
10 Afei, Daniel kaa nea ɛbɛto Germany Ahemman no ne n’asraafodɔm. Nkɔmhyɛ no kaa sɛ atifi fam hene no ‘rentumi nnyina.’ Adɛn ntia? “Efisɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔw bɔne. Wɔn a wɔne no to nsa didi na wɔbɛsɛe no.” (Dan. 11:25b, 26a) Daniel bere so no, na ahemfie mpanyimfo a ‘wogyina ɔhene anim’ no ka wɔn a wodi “ɔhene nnuan” no ho. (Dan. 1:5) Henanom na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho? Germany aban mpanyimfo, ɔhempɔn no asahene, ne n’asraafo mpanyimfo no na saa nkɔmhyɛ yi fa wɔn ho. Esiane nea saa nkurɔfo yi yɛe nti, tumi a ɔhene no wɔ no fii ne nsa na aban foforo bedii Germany man no so.e Ɛnyɛ nea ɛbɛto ahemman no nko na nkɔmhyɛ no kae, na mmom ɛsan kaa nea ebefi ɔko a Germany ne anafo fam hene no bɛko no mu aba ho asɛm. Nkɔmhyɛ no kaa atifi fam hene no ho asɛm sɛ: “N’asraafodɔm nso, wobeyiri afa wɔn so, na nnipa pii bɛtotɔ.” (Dan. 11:26b) Sɛnea nkɔmhyɛ no kae no, wiase ko a edi kan no mu no, ‘woyiri faa’ anaa wɔpraa German asraafo no, na nnipa pii ‘totɔe.’ Besi saa bere no, na nnipa nwui wɔ ɔko mu saa da.
11. Dɛn na atifi fam hene ne anafo fam hene no yɛe?
11 Bere a Daniel 11:27, 28 reka nsɛm a esisii ansa na Wiase Ko I no refi ase no, ɛkaa sɛ atifi fam hene ne anafo fam hene no ‘bɛtena ɔpon biako ho akeka atosɛm.’ Ɛsan kaa sɛ atifi fam hene no bɛboaboa “nneɛma pii” ano. Saa pɛpɛɛpɛ na esii. Germany ne Britain keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ wɔpɛ asomdwoe, nanso afe 1914 bere a ɔko no fii ase no, ɛdaa adi sɛ nsɛm a wɔkae no nyinaa yɛ atoro. Eduu afe 1914 no, sɛ yɛreka aman a wɔwɔ sika paa a, na Germany na ɛto so mmienu. Afei, Germany ne anafo fam hene no koe, nanso odii nkogu. Wei maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:29 ne nkyekyɛm 30 no fã a edi kan no baa mu.
AHEMFO NO KO TIA ONYANKOPƆN NKURƆFO
12. Wiase ko a edi kan no mu no, dɛn na atifi fam hene ne anafo fam hene no yɛe?
12 Efi afe 1914 reba no, ahemfo mmienu no ne wɔn ho ako paa, na wɔako atia Onyankopɔn nkurɔfo nso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wiase ko a edi kan no mu no, esiane sɛ Onyankopɔn asomfo ankɔ ɔko no bi nti, Germany aban ne Britain aban tuu wɔn ani sii wɔn so tan wɔn ani. Afei nso, U.S. aban no de anuanom a na wodi asɛnka adwuma no anim no guu afiase. Ɔtaa a wɔde baa Onyankopɔn nkurɔfo so no maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:7-10 no baa mu.
13. Afe 1930 akyi ne bere a wiase ko a ɛto so mmienu no rekɔ so no, dɛn na atifi fam hene no yɛe?
13 Afei, afe 1930 akyi no, atifi fam hene no tow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a wanhu wɔn mmɔbɔ. Wiase ko a ɛto so mmienu no rekɔ so no na otuu n’ani sii wɔn so paa. Bere a Nasi aban no bedii Germany so no, Hitler ne n’akyidifo de wɔn nsa too adwuma a na Onyankopɔn nkurɔfo reyɛ no so. Atifi fam hene no kum Yehowa asomfo bɛyɛ 1,500, na ɔde wɔn mu mpempem koguu nneduaban mu. Daniel hyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa ho nkɔm. Atifi fam hene no de ne nsa too asɛnka adwuma no so. Nea ɔyɛe no ma ‘oguu kronkronbea no ho fĩ, na oyii daa afɔre no fii hɔ.’ (Dan. 11:30b, 31a) Hitler a na ɔyɛ ne kannifo no hyɛɛ bɔ mpo sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase wɔ Germany.
ATIFI FAM HENE FOFORO YII NE TI
14. Atifi fam hene foforo bɛn na oyii ne ti wɔ wiase ko a ɛto so mmienu no akyi? Kyerɛkyerɛ mu.
14 Wiase ko a ɛto so mmienu no akyi no, Komunis aban a ɛwɔ Soviet Union no bedii aman a na ɛhyɛ Germany ase no so, na wei maa Soviet Union no bɛyɛɛ atifi hene. Sɛnea na Nasi aban no yɛ kankabi no, saa ara na na Soviet Union aban no nso te. Obiara a ɔmaa nokware Nyankopɔn som ho hiaa no sen osetie a ɔbɛyɛ ama aban no, wotuu wɔn ani sii ne so tan no.
15. Bere a Wiase Ko II no baa awiei no, dɛn na atifi fam hene no yɛe?
15 Wiase Ko II no baa awiei no, Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Ɔko no akyi pɛɛ no, ɔtow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Sɛnea Adiyisɛm 12:15-17 kae no, ɔhene yi de ne nsa too asɛnka adwuma no so, na otwaa Yehowa nkurɔfo mpempem asu. Nna a edi akyiri yi mu nyinaa, atifi fam hene no de ɔtaa aba Onyankopɔn nkurɔfo so te sɛ nea “asubɔnten” mu nsu resen no. Nanso ontumi mmaa Onyankopɔn nkurɔfo nnyae wɔn adwuma no.f
16. Dɛn na Soviet Union no yɛe a ɛmaa asɛm a ɛwɔ Daniel 11:37-39 no baa mu?
16 Kenkan Daniel 11:37-39. Saa nkɔmhyɛ yi baa mu. Atifi fam hene no ‘ammu ne papanom Nyankopɔn no.’ Dɛn na ɔyɛe? Ná Soviet Union no pɛ sɛ otu nyamesom ase, enti ɔyɛe sɛ obegye ɔsom ahorow a ɛwɔ hɔ nyinaa tumi afi wɔn nsam. Nea ɛbɛyɛ na Soviet aban no atumi ayɛ saa no, afe 1918 mu tɔnn na ɔhyɛɛ mmara a ɛbɛma wɔakyerɛkyerɛ wɔ sukuu ahorow mu sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Sɛn na saa atifi fam hene yi ‘hyɛɛ guankɔbea nyame no anuonyam’? Nea ɛbɛyɛ na Soviet Union no anya tumi kɛse no, ɔsɛee sika pii de tetee n’asraafo na ɔyɛɛ nuklea akode mpempem pii nso. Ewiee ase no, na atifi fam hene no ne anafo fam hene no anya akode bebree a wobetumi de akunkum nnipa ɔpepepem pii!
AHEMFO MMIENU NO BOOM YƐƐ ADWUMA
17. Dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no?
17 Atifi fam hene no aboa anafo fam hene no ama wɔayɛ ade baako bi a ɛho hia wɔn paa; ‘wɔde akyide a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.’ (Dan. 11:31) Saa “akyide” no ne Amanaman Nkabom no.
18. Adɛn nti na wɔka Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akyide”?
18 Nea enti a wɔka Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ ɛyɛ “akyide” ne sɛ, ɛka sɛ ebetumi ama asomdwoe aba wiase baabiara, nanso Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi ayɛ saa. Nkɔmhyɛ no san ka akyide no ho asɛm sɛ “ɛbɔ ɔman.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔresɛe atoro som a, Amanaman Nkabom no na ebedi mu akoten.—Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a asɛmti ne “Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu.”
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YEHU SAA ABAKƆSƐM YI?
19-20. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yehu saa abakɔsɛm yi? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
19 Ɛho hia sɛ yehu saa abakɔsɛm yi efisɛ ɛma yehu sɛ efi afe 1870 kosi afe 1991 no, Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa atifi fam hene ne anafo fam hene ho no baa mu. Ɛno nti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, nkɔmhyɛ no fã a aka no nso bɛbam.
20 Afe 1991 no, Soviet Union no gui. Ɛnde ɛnnɛ, hena ne atifi fam hene no? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae.
DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei
a Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “atifi fam hene no” ne “anafo fam hene no” ho no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ egu so renya mmamu. Adɛn nti na yetumi si no pi saa? Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛte saa nkɔmhyɛ yi ase?
b Nea yɛaka yi nti, sɛ yɛhwɛ a, asɛm a yɛkae sɛ na Roma Ɔhempɔn Aurelian (270-275 Y.B.) yɛ “atifi fam hene,” na Ɔhemmaa Zenobia (267-272 Y.B.) yɛ “anafo fam hene” no, ɛnyɛ ne kwan so. Asɛm a yɛaka wɔ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! nhoma no ti 13 ne ti 14 mu no, yɛde wei resi ananmu.
c Hwɛ adaka a wɔato din “Bible Hyɛɛ Britain Ne Amerika Wiase Tumidi No Ho Nkɔm.”
d Afe 1890 no, Germany ɔhempɔn Wilhelm II tuu Bismarck ade so.
e Wɔyɛɛ nneɛma bi ma tumi a aban no wɔ no fii ne nsa ntɛm. Ebi ne sɛ, nneɛma a na wɔyɛ de boa ɔhene no wogyaee, wɔde ɔko no ho nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ no dawuru too gua, na wɔhyɛɛ ɔhene no ma ɔsɔree akongua no so.
f Sɛnea Daniel 11:34 kyerɛ no, Kristofo a na atifi fam hene no atu n’ani asi wɔn so no ho dwoo wɔn kakra. Ɛho nhwɛso ne bere a Soviet Union no gui wɔ afe 1991 mu no.
-
-
Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?Ɔwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | May
-
-
ADESUA ASƐM 20
Hena Ne “Atifi Fam Hene No” Nnɛ?
“Ɔbɛba ara abedu n’awiei, na ɔrennya ɔboafo biara.”—DAN. 11:45.
DWOM 95 Hann no Kɔ So Hyerɛn
NEA YƐREBESUAa
1-2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
ƐNNƐ, yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ paa sɛ yɛte wiase no nna a edi akyiri no awiei mu. Ɛrenkyɛ, Yehowa ne Yesu Kristo bɛsɛe aban ahorow a ɛsɔre tia Ahenni no nyinaa. Nanso ansa na saa asɛm yi besi no, atifi fam hene no ne anafo fam hene no bɛkɔ so ako atia wɔn ho, na wɔbɛko atia Onyankopɔn nkurɔfo nso.
2 Adesua yi mu no, yebesusuw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:40–12:1 ho. Yɛbɛhwɛ nea ɔyɛ atifi fam hene no nnɛ, na afei nso yɛbɛhwɛ nea enti a yebetumi anya akokoduru de agyina nsɛnnennen a yebehyia daakye no ano.
ATIFI FAM HENE FOFORO YI NE TI
3-4. Hena ne atifi fam hene no nnɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
3 Bere a Soviet Union no gui afe 1991 akyi no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ aman a na Soviet Union no di wɔn so no nyaa “mmoa kakra” anaa ahofadi kakra. (Dan. 11:34) Wei nti, wotumi kaa asɛmpa no a biribiara ansiw wɔn kwan, na aman a na wɔka Soviet Union no ho no, ankyɛ na wonyaa adawurubɔfo mpempem wɔ hɔ. Nanso mfe bi akyi no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no bɛyɛɛ atifi fam hene no. Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi wei anim no, aban a ɛbɛyɛ atifi fam hene anaa anafo fam hene no, ɛsɛ sɛ yehu nneɛma mmiɛnsa yi wɔ ne ho: (1) obedi tumi wɔ aman a Onyankopɔn nkurɔfo dɔɔso wɔ hɔ so anaa ɔbɛtan wɔn ani, (2) nea ɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ ɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo, (3) ɔne ɔhene a ɔyɛ ne tamfo no bɛko.
4 Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔyɛ atifi fam hene no nnɛ. (1) Wɔatu wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so, na wɔde wɔn nsa ato yɛn asɛnka adwuma no so. Afei nso, wɔde ɔtaa aba anuanom mpempem pii a wɔte mmeae a wodi so no so. (2) Nea wɔreyɛ yi kyerɛ sɛ wɔtan Yehowa ne ne nkurɔfo. (3) Wɔreyɛ nea wobetumi biara sɛ wobenya tumi asen Britain ne Amerika a wɔyɛ anafo fam hene no. Momma yɛnhwɛ nea Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ayɛ, ne nea enti a ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔn na wɔyɛ atifi fam hene no.
ATIFI FAM HENE NO NE ANAFO FAM HENE NO KƆ SO DI APIAPIA
5. Bere bɛn na Daniel 11:40-43 no ka ho asɛm, na dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ saa bere no mu?
5 Kenkan Daniel 11:40-43. Nkɔmhyɛ no fã yi ka nna a edi akyiri no ho asɛm. Ɛma yehu sɛnea atifi fam hene no ne anafo fam hene no bɛko atia wɔn ho. Sɛnea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no, awiei bere no mu no, anafo fam hene no ne atifi fam hene no “bedi apiapia.”—Dan. 11:40.
6. Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ ahemfo mmienu no di apiapia?
6 Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho, efisɛ wɔn mu biara pɛ sɛ odi wiase so tumi. Wo de, hwɛ nea esii wɔ Wiase Ko II no akyi. Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi no nyaa tumi wɔ aman pii a ɛwɔ Europe so. Nea atifi fam hene no yɛe no maa anafo fam hene no ne aman ahorow bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛka wɔn asraafo abom, na wɔatumi ako atia atifi fam hene no. Saa nhyehyɛe no na wɔfrɛ no NATO (North Atlantic Treaty Organization) no. Atifi fam hene no ne anafo fam hene no mu biara sɛe sika pii de yɛ akode akɛse a ɛbɛkyɛn ne yɔnko de. Atifi fam hene no boaa aman a wɔtaa n’akyi ma wɔko tiaa aman a wɔtaa anafo fam hene no akyi wɔ Africa, Asia, ne Latin Amerika, na saa ara nso na anafo fam hene no yɛe. Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no anya aman a ɛwɔ wiase no mu pii so tumi kɛse. Afei nso, wɔyɛ kɔmputa dwumadi ahorow de ko tia anafo fam hene no. Ahemfo yi mu biara bɔ ne yɔnko sobo sɛ wayɛ kɔmputa so dwumadi a ɛbɛma ne yɔnko sikasɛm ayɛ basaa na asɛe nhyehyɛe a wayɛ wɔ n’aban mu nso. Na sɛnea Daniel hyɛɛ ho nkɔm no, atifi fam hene no kɔ so ko tia Onyankopɔn nkurɔfo.—Dan. 11:41.
ATIFI FAM HENE NO KƆ “ASASE FƐFƐ NO” SO
7. Dɛn ne “asase Fɛfɛ no”?
7 Daniel 11:41 ka sɛ atifi fam hene no bɛkɔ “asase Fɛfɛ no” so. Saa asase no yɛ asase bɛn? Tete no, na wobu Israel asase no sɛ ɛyɛ “asase a ɛso yɛ fɛ sen asase biara.” (Hes. 20:6) Nanso nea na ɛma asase no som bo ne sɛ, ɛhɔ na na nkurɔfo som Yehowa. Efi Pentekoste afe 33 Y.B. no, saa “asase” no nyɛ baabi pɔtee bi wɔ asase so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa nkurɔfo wɔ asase so baabiara. Ɛnnɛ, “asase Fɛfɛ no” gyina hɔ ma sɛnea Yehowa nkurɔfo bɔ wɔn bra. Ebi ne sɛnea wɔsom Yehowa wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ne asɛnka adwuma a wɔyɛ no.
8. Dɛn na atifi fam hene no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wakɔ “asase Fɛfɛ no” so?
8 Nna a edi akyiri yi mu no, atifi fam hene no akɔ “asase Fɛfɛ no” so mpɛn pii. Ɛho nhwɛso ni. Wiase ko a ɛto so mmienu no mu no, na Nasi Germany na ɛyɛ atifi fam hene no. Saa bere no, atifi fam hene no de ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so na okunkum wɔn mu bi. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔkɔɔ “asase Fɛfɛ no” so. Bere a Soviet Union bɛyɛɛ atifi fam hene wɔ Wiase Ko II akyi no, saa ɔhene yi kɔɔ “asase Fɛfɛ no” so; ɔde ɔtaa baa Onyankopɔn nkurɔfo so, na otwaa wɔn asu.
9. Nnansa yi, dɛn na Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔakɔ “asase Fɛfɛ no” so?
9 Nnansa yi, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no nso akɔ “asase Fɛfɛ no” so. Dɛn na wɔyɛe? Afe 2017 no, atifi fam hene yi baraa Yehowa nkurɔfo adwuma, na ɔde yɛn nuanom mmarima ne mmea binom guu afiase. Ɔbaraa yɛn nhoma ahorow ne Wiase Foforo Nkyerɛase no nso. Afei nso, ogyee baa dwumadibea a ɛwɔ Russia, ne Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow. Ɔyɛɛ saa wiei no, afe 2018 mu no, Akwankyerɛ Kuw no kaa sɛ Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no ne atifi fam hene no. Nanso, sɛ aban bi di Yehowa nkurɔfo ani sɛ dɛn ara mpo a, wɔnsɔre ntia aban no anaa wɔnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wotu aban no gu. Mmom, wɔde Bible afotu a ɛka sɛ wɔmmɔ mpae mma “wɔn a wɔwɔ dibea a ɛkorɔn nyinaa” no yɛ adwuma. Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ saa nkurɔfo no si gyinae a ebetumi ama yɛanya ahofadi asom Yehowa anaa ɛbɛma wɔabara yɛn som no a, saa bere no paa na yɛde saa afotu yi yɛ adwuma.—1 Tim. 2:1, 2.
ATIFI FAM HENE NO BEDI ANAFO FAM HENE NO SO NKONIM ANAA?
10. Atifi fam hene no bedi anafo fam hene no so nkonim anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
10 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 11:40-45 no, nea atifi fam hene no bɛyɛ ho asɛm paa na ɛka. Wei kyerɛ sɛ obedi anafo fam hene no so nkonim anaa? Dabi. Bere a Yehowa ne Yesu bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa wɔ Harmagedon no, na anafo fam hene no da so wɔ hɔ. (Adi. 19:20) Adɛn nti na yetumi si no pi saa? Momma yɛnhwɛ nea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ne Adiyisɛm nhoma no mu no kyerɛ.
Bible de Onyankopɔn Ahenni toto ɔbo ho; ɛbɛsɛe nnipa aban nyinaa wɔ Harmagedon. Ohoni kokuroo a ɛwɔ mfoni yi mu no gyina hɔ ma nnipa aban (Hwɛ nkyekyɛm 11)
11. Dɛn na Daniel 2:43-45 no ma yehu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)
11 Kenkan Daniel 2:43-45. Odiyifo Daniel kaa ohoni kokuroo bi a wɔde dade ahorow ayɛ ho asɛm. Ná ohoni no fã biara gyina hɔ ma aban bi. Saa aban no mu biara yɛɛ biribi ma ɛkaa Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛsono bere a aban yi mu biara dii tumi. Wɔde dade ne dɔte na ɛyɛɛ ohoni no nan ase. Egyina hɔ ma aban a etwa to a ɛno ne Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Saa nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ bere a Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa no, na Britain ne Amerika da so ara redi tumi.
12. Akekaboa no ti a ɛto so nson no gyina hɔ ma dɛn, na adɛn nti na ɛho hia sɛ yehu?
12 Ɔsomafo Yohane nso kaa wiase tumidi ahorow a wodii tumi wɔ Yehowa nkurɔfo so ho asɛm. Yohane kaa aban ahorow yi ho asɛm sɛ wɔte sɛ akekaboa bi a ɔwɔ ti nson. Saa aboa yi ti a ɛto so nson no gyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no. Ehia sɛ yehu wei efisɛ Bible nka sɛ aboa no wɔ ti foforo biara ka ti nson no ho. Bere a Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛba abɛsɛe aboa no ti a ɛto so nson ne aboa no ankasa no, na ti a ɛto so nson no da so ara redi tumi.b—Adi. 13:1, 2; 17:13, 14.
DƐN NA ATIFI FAM HENE NO BƐYƐ NNANSA YI ARA?
13-14. Hena ne “Gog a ofi Magog asase so no,” na dɛn na ɛbɛma watow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so?
13 Nkɔm bi a Hesekiel hyɛe ma yehu nea ebetumi asi ansa na wɔasɛe atifi fam hene ne anafo fam hene no. Sɛ yɛfa no sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 38:10-23; Daniel 2:43-45; 11:44–12:1; ne Adiyisɛm 16:13-16, 21 no nyinaa reka nsɛm a ebesisi bere koro mu ho asɛm a, ɛnde yebetumi ahwɛ kwan sɛ nea yɛrebɛka ho asɛm yi besisi.
14 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, emu hɔ baabi no, “asase nyinaa so ahene” anaa aman ahorow bi bɛka wɔn ho abom. (Adi. 16:13, 14; 19:19) Saa aman a wɔbɛka wɔn ho abom no na Bible frɛ no “Gog a ofi Magog asase so no.” (Hes. 38:2) Saa aman a wɔaka wɔn ho abom no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Dɛn na ɛbɛma wɔatow ahyɛ wɔn so? Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi a ɛfa nea ebesi saa bere no ho. Ohui sɛ amparuwbo anaa asukɔtweaa akɛse fi soro bɛhwehwee Onyankopɔn atamfo so. Ɛbɛyɛ sɛ saa amparuwbo anaa asukɔtweaa no gyina hɔ ma atemmusɛm a ano yɛ den a Yehowa asomfo bɛka akyerɛ nkurɔfo saa bere no. Ebetumi aba sɛ saa atemmusɛm yi na ɛbɛma Gog a ofi Magog atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase afi asase so.—Adi. 16:21.
15-16. (a) Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Daniel 11:44, 45 no fa dɛn ho? (b) Dɛn na ɛbɛto atifi fam hene no ne aman a wɔka ne ho ma wɔyɛ Gog a ofi Magog no?
15 Saa atemmusɛm a ano yɛ den no ne Onyankopɔn atamfo a wɔbɛtow ahyɛ n’asomfo so no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ara na Daniel 11:44, 45 ka ho asɛm no. (Kenkan.) Daniel ka wɔ hɔ sɛ, ‘amanneɛbɔ bi a efi apuei ne atifi fam” bɛhaw atifi fam hene no ama wafa “abufuw kɛse.” Atifi fam hene no bɛyɛ n’adwene sɛ “ɔrekɔsɛe nnipa pii.” “Nnipa pii” a wɔde adi dwuma wɔ kyerɛwsɛm yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ egyina hɔ ma Yehowa nkurɔfo.c Ebetumi aba sɛ na Daniel reka sɛnea Gog a ofi Magog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no ho asɛm.
16 Sɛ atifi fam hene no ne aban ahorow a aka no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛbɛma ade nyinaa so Tumfoɔ no bo afuw paa, na afei Harmagedon ko no befi ase. (Adi. 16:14, 16) Saa bere no, atifi fam hene no ne aman a wɔka ne ho ma wɔyɛ Gog a ofi Magog no awiei bɛba, na “ɔrennya ɔboafo biara.”—Dan. 11:45.
Yesu Kristo ne n’asafodɔm a wɔwɔ soro no bɛsɛe Satan wiase bɔne yi na wɔagye Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Harmagedon ko no mu (Hwɛ nkyekyɛm 17)
17. Hena ne Mikael, “ɔsafohene kɛse” a wɔka ne ho asɛm wɔ Daniel 12:1 no, na dɛn na ɔyɛ?
17 Sɛnea atifi fam hene no ne aman a wɔtaa n’akyi no awiei bɛba ne sɛnea wobegye yɛn nkwa no, Daniel 12:1 ka ho asɛm pii. (Kenkan.) Dɛn na saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ? Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Hene seesei no, ne din foforo ne Mikael. ‘Wagyina hɔ ama’ Onyankopɔn nkurɔfo fi afe 1914 bere a wɔde n’Ahenni no sii hɔ wɔ soro no. Ɛrenkyɛ koraa, ‘ɔbɛsɔre agyina’ anaa ɔbɛsɛe n’atamfo wɔ Harmagedon ko no mu. Saa ɔko yi na ɛbɛyɛ ade a etwa to a ebesi “ahohia” bere a ebi mmae da a Daniel kaa ho asɛm no. Yohane nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɛka nsɛm a ebesisi a ɛbɛkɔ akɔfa Harmagedon ko no aba ne Harmagedon ko no ho asɛm sɛ “ahohiahia kɛse.”—Adi. 6:2; 7:14.
‘WƆBƐKYERƐW WO DIN WƆ NHOMA NO MU’ ANAA?
18. Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, yebetumi anya akokoduru de agyina ano. Adɛn ntia?
18 Ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, yebetumi anya akokoduru de agyina ano efisɛ Daniel ne Yohane ma yehu sɛ, wɔn a wɔyɛ Yesu asuafo na wɔsom Yehowa no benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ebi mmae da no mu. Daniel ka sɛ wɔn a ‘wɔakyerɛw wɔn din wɔ nhoma no mu’ na wobenya wɔn ti adidi mu. (Dan. 12:1) Dɛn na yɛbɛyɛ na ama wɔakyerɛw yɛn din wɔ saa nhoma no mu? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yesu, Onyankopɔn Guammaa no mu gyidi. (Yoh. 1:29) Ɛsɛ sɛ yehyira yɛn ho so ma Onyankopɔn na yɛbɔ asu. (1 Pet. 3:21) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa afoforo ma wosua Yehowa ho ade de kyerɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi.
19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ, na adɛn ntia?
19 Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’asomfo anokwafo so. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi. Yɛyɛ saa a, sɛ Onyankopɔn Ahenni no sɛe atifi fam hene ne anafo fam hene no a, wobegye yɛn nkwa.
DWOM 149 Nkonimdi Dwom
a Hena ne “atifi fam hene no” nnɛ, na sɛn na wɔbɛsɛe no? Sɛ yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho ama sɔhwɛ a ɛrenkyɛ yebehyia no.
b Sɛ wopɛ Daniel 2:36-45 ne Adiyisɛm 13:1, 2 ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ June 15, 2012, Ɔwɛn-Aban, kr. 7-19.
c Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ May 15, 2015, Ɔwɛn-Aban, kr. 27-28.
-
-
Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No MuƆwɛn-Aban (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020 | May
-
-
Ahemfo Mmienu a Wɔko Tia Wɔn Ho Wɔ Awiei Bere No Mu
Nkɔmhyɛ a ɛwɔ nsɛm a wɔahyehyɛ yi mu no, emu bi fa nsɛm a ebesisi wɔ bere koro mu ho. Ne nyinaa yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte “awiei bere no” mu.—Dan. 12:4.
Kyerɛwnsɛm Adi. 11:7; 12:13, 17; 13:1-8, 12
Nkɔmhyɛ “Akekaboa” no adi nnipa so wɔ asase so mfe mpempem. Awiei bere no mu no, wotwaa aboa no ti a ɛto so nson no ma opirae. Akyiri yi, wɔsaa aboa no ti a ɛto so nson no yare maa ne kuru no wui, na “asase nyinaa” dii aboa no akyi. Satan nam saa aboa no so ne ‘ɔbea no asefo a aka no reko.’
Ne mmamu Nsuyiri no akyi no, nnipa aban sɔre tiaa Yehowa. Mfe pii akyi, Wiase Ko I no mu no, wɔbrɛɛ Britain Ahemman no ase koraa. Bere a United States de ne ho kɔbɔɔ Britain no, Britain san gyinaa ne nan so. Nna a edi akyiri yi mu paa na Satan nam aban ahorow a ɛwɔ asase so redi Onyankopɔn nkurɔfo ani.
Kyerɛwnsɛm Dan. 11:25-45
Nkɔmhyɛ Atifi fam hene no ne anafo fam hene no ko tia wɔn ho wɔ awiei bere no mu.
Ne mmamu Germany ko tiaa Britain ne Amerika. Afe 1945 no, Soviet Union ne aman a wɔtaa n’akyi na wɔbɛyɛɛ atifi fam hene. Afe 1991 no, Soviet Union no gui, na bere rekɔ so no, Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no na wɔabɛyɛ atifi fam hene.
Kyerɛwnsɛm Yes. 61:1; Mal. 3:1; Luka 4:18
Nkɔmhyɛ Yehowa somaa ne “bɔfo” ma ‘osiesiee kwan mu’ ansa na wɔde Mesia Ahenni no resi hɔ. Saa kuw yi fii ase ‘kaa asɛmpa kyerɛɛ ahobrɛasefo.’
Ne mmamu Efi 1871 no, C. T. Russell ne ne mfɛfo yeree wɔn ho suaa Bible no, na wohuu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa. Afe 1881 no, wosii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ka asɛmpa no. Wotintim nsɛm te sɛ “Yehia Asɛmpakafo 1,000” ne “Wɔasra Wɔn sɛ Wɔnka Asɛm No.”
Kyerɛwnsɛm Mat. 13:24-30, 36-43
Nkɔmhyɛ Ɔtamfo bi beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu, na wɔma enyinii araa ma na wunhu awi no. Eduu twabere no, woyiyii nwura bɔne no fii awi no mu.
Ne mmamu Efi 1870 no, wofii ase huu wɔn a wɔyɛ nokware Kristofo ne wɔn a wɔyɛ atoro Kristofo. Awiei bere no mu no, wɔaboaboa nokware Kristofo ano aba Kristofo asafo no mu, na wɔatew wɔn afi atoro Kristofo ho.
Kyerɛwnsɛm Dan. 2:31-33, 41-43
Nkɔmhyɛ Ohoni a ne nan ase fã bi yɛ dade na ɔfã bi yɛ dɔte no, wɔde nnade ahorow na ayɛ.
Ne mmamu Dɔte no gyina hɔ ma nnipa a Britain ne Amerika aban no di wɔn so a wɔsɔre tia saa aban no. Saa nkurɔfo yi nti, Britain ne Amerika aban no ntumi nni tumi sɛnea wɔpɛ.
Kyerɛwnsɛm Mat. 13:30; 24:14, 45; 28:19, 20
Nkɔmhyɛ Wɔboaboa “awi no” ano gu ‘asan’ so, na wɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no si ‘asomfo’ no so. Wofii ase kaa “ahenni ho asɛmpa” no “wɔ asase so nyinaa.”
Ne mmamu Afe 1919 no, wɔpaw akoa nokwafo no sɛ ɔnhwɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Efi saa bere no, Bible Asuafo no ayere wɔn ho aka asɛm no. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka asɛm no wɔ nsase bɛboro 200 so, na wɔyɛ Bible ho nhoma wɔ kasa bɛboro 1,000 mu.
Kyerɛwnsɛm Dan. 12:11; Adi. 13:11, 14, 15
Nkɔmhyɛ Aboa a ɔwɔ mmɛn mmienu no di anim ma wɔyɛ ‘ohoni ma aboa’ a ɔwɔ ti nson no, na ɔde ‘ahome ma aboa no honi no.’
Ne mmamu Britain ne Amerika na wodii anim ma wɔyɛɛ Amanaman Apam no. Aman afoforo nso taa wɔn akyi. Ewiee ase no, atifi fam hene no nso kɔtaa Amanaman Apam no akyi, nanso ɔyɛɛ saa fi afe 1926 kosi afe 1933 pɛ. Asomdwoe a Onyankopɔn Ahenni no nkutoo na ebetumi de aba no, na wosusuw sɛ Amanaman Apam no betumi de aba, na saa ara na ɛnnɛ nso nkurɔfo susuw sɛ Amanaman Nkabom (UN) no betumi de asomdwoe aba.
Kyerɛwnsɛm Dan. 8:23, 24
Nkɔmhyɛ Ɔhene tirimɔdenfo bi ‘sɛe ade ma ɛyɛ nwonwa.’
Ne mmamu Britain ne Amerika akunkum nnipa pii na wɔasɛe ade paa. Nhwɛso bi ni. Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, Amerika tow atɔmik bɔmb mmienu guu ɔman bi a ɛyɛ Britain ne Amerika tamfo so. Sɛnea bɔmb yi sɛee ade no, na ebi nsii da.
Kyerɛwnsɛm Dan. 11:31; Adi. 17:3, 7-11
Nkɔmhyɛ “Akekaboa kɔkɔɔ” a ɔwɔ mmɛn du no fi amena donkudonku no mu pue, na ɔno ne ɔhene a ɔto so nwɔtwe. Daniel kaa ɔhene yi ho asɛm sɛ ɔyɛ “akyide a ɛbɔ ɔman.”
Ne mmamu Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, na Amanaman Apam no nyɛ adwuma. Ɔko no baa awiei no, wɔde Amanaman Nkabom no ‘sii hɔ.’ Anuonyam a ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn Ahenni no, wɔde maa Amanaman Apam no, na saa ara nso na ɛnnɛ wɔde saa anuonyam no ma Amanaman Nkabom no. Amanaman Nkabom no bɛtow ahyɛ ɔsom ahorow so.
Kyerɛwnsɛm 1 Tes. 5:3; Adi. 17:16
Nkɔmhyɛ Amanaman no bɛpae mu aka “asomdwoe ne dwoodwoo,” na “mmɛn du” no ne “aboa” no bɛtow ahyɛ “aguaman” no so asɛe no. Ɛno akyi no, wɔbɛsɛe amanaman no.
Ne mmamu Ebia amanaman no bɛka sɛ wɔama asomdwoe ne dwoodwoo aba wiase. Afei, aman a wɔtaa amanaman nkabom no akyi no bɛsɛe atoro som. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no afi ase. Sɛ Yesu sɛe Satan wiase no fã a aka wɔ Harmagedon a, ɛnna ahohiahia kɛse no bɛba awiei.
Kyerɛwnsɛm Hes. 38:11, 14-17; Mat. 24:31
Nkɔmhyɛ Gog bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Afei, abɔfo bɛboaboa wɔn a “wapaw wɔn no” ano.
Ne mmamu Atifi fam hene ne aban ahorow a aka no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Sɛ wɔtow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, emu hɔ baabi no, wɔbɛboaboa wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ano akɔ soro.
Kyerɛwnsɛm Hes. 38:18-23; Dan. 2:34, 35, 44, 45; Adi. 6:2; 16:14, 16; 17:14; 19:20
Nkɔmhyɛ ‘Nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so no’ bɛsɛe Gog ne n’asraafodɔm de awie “ne nkonimdi” koraa. Wɔbɛtow “aboa no” ato “ogya tare” no mu, na ɔbo bi bebubu ohoni kokuroo no pasaa.
Ne mmamu Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no begye Onyankopɔn nkurɔfo. Ɔne 144,000 a wɔne no bedi ade no ne n’abɔfo asafodɔm no bɛsɛe amanaman a wɔaka wɔn ho abom no, kyerɛ sɛ, wɔbɛsɛe Satan amammui nhyehyɛe no nyinaa.
-