Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 18
  • Munnya Bere Nnidi Mo Ho Nkɔmmɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munnya Bere Nnidi Mo Ho Nkɔmmɔ
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔte faako, nso obiara nam ne kwan—adɛn ntia?
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Munsusuw wei ho
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?
    Nyan!—2021
  • Wopɔn a, Woapɔn
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 18
Ɔbarima bi ne ne yere renoa aduan; wɔn ani agye.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Munnya Bere Nnidi Mo Ho Nkɔmmɔ

Okununom ne ɔyerenom pii ahu sɛ wɔne wɔn ahokafo ntaa nni nkɔmmɔ. Sɛ wɔwɔ faako mpo a, wɔmmɔ nkɔmmɔ. Adɛn nti na ɛba saa?

  • Wɔte faako, nso obiara nam ne kwan—adɛn ntia?

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Awarefo bi anom asɛm

  • Munsusuw wei ho

Wɔte faako, nso obiara nam ne kwan—adɛn ntia?

  • Ɔbrɛ

    “Bere a ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkɔmmɔ no, wobɛhwɛ na me kunu abrɛ sɛ nkontommire, na na me nso mabrɛ paa. Sɛ mebrɛ saa a, adeɛ ketewaa bi a na me bo afu. Enti nea yɛbɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛhwɛ TV.”—Anna.

  • Abɛɛfo mfiri gye yɛn bɔ so

    “Sohyia midia ne Intanɛt so video ne aseresɛm betumi agye wo bere nyinaa. Wubetumi atena sohyia midia so nnɔnhwerew pii, na w’ani bɛba wo ho so no, na wo ne wo kunu anaa wo yere mmɔɔ nkɔmmɔ baako mpo. Ɛte sɛ nea munni dan baako mu.”—Katherine.

  • Obiara ne nea n’ani gye ho

    “Me kunu fi adwuma ba a, adeɛ a ɔde gyigye n’ani no, ɛno ara na egye n’adwene. Mehwɛ sɛnea wakɔyɛ adwuma abrɛ no a, ehia sɛ onya bere de dwodwo ne ho. Nanso minyae a anka yɛanya bere pii abɔ nkɔmmɔ.”—Jane.

  • Adwuma

    “Abɛɛfo mfiri nti, wo ne w’abusua wɔ fie koraa a, nea woantumi anyɛ no adwuma mu no, anhwɛ a wobɛyɛ no fie. Bere a anka ɛsɛ sɛ me ne me yere bɔ nkɔmmɔ no, nea ɛtaa ba ne sɛ adwuma mu e-mail ne text message na mesɛnde sɛnde.”—Mark.

Nea wubetumi ayɛ

  • Hu sɛ ehia sɛ wunya bere ne wo kunu anaa wo yere bɔ nkɔmmɔ; ɛnyɛ sɛ wunni hwee yɛ a na mobɛbɔ nkɔmmɔ.

    Bible mu afotusɛm: ‘Hwehwɛ mu hu nneɛma a ehia paa no.’—Filipifo 1:10.

    Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ wohwɛ wo nneyɛe a, ɛkyerɛ sɛ w’aware ho hia wo paa sen w’adwuma ne nneɛma a wode gyigye w’ani anaa? Sɛ wunni dwuma biara di a, ɛnna wohwehwɛ wo kunu anaa wo yere ne no bɔ nkɔmmɔ anaa?

    Nyansahyɛ: Ntena hɔ nka sɛ, nkɔmmɔ no ara de ne ho bɛba. Mmom, wo ne wo hokafo no, montaa mpɛ bere na mo nko ara munnidi mo ho nkɔmmɔ.

    “Sɛ me kunu yɛ nhyehyɛe ma me ne no nko ara bom yɛ biribi a, ɛyɛ me dɛ paa. Ɛma mihu sɛ onsi me fam koraa. Afei nso, ɛma me awerɛhyem sɛ n’ani ka me ho. Ɛno ma medɔ no paa.”—Anna.

  • Ɛyɛ a fa wo fon, wo tablɛt, ne nea ɛkeka ho no gu baabi kakra.

    Bible mu afotusɛm: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.”—Ɔsɛnkafo 3:1.

    Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ text message anaa biribi foforo ba wo fon so a, ɛyɛ a wotaa gyae nkɔmmɔ a wo ne wo kunu anaa wo yere rebɔ no kɔhwɛ anaa?

    Nyansahyɛ: Da biara, anyɛ hwee koraa no, mommom nnidi baako, na munnyaw mo fon ngu baabi. Sɛ mobom didi a, ɛma obiara nya kwan ka nea ɔyɛe saa da no.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mommom nkodi gua anaa mommom nyɛ fie nneɛma.

    Bible mu afotusɛm: “Baanu ye sen ɔbaako, efisɛ wonya wɔn adwumaden so mfaso pii.”—Ɔsɛnkafo 4:9, ase hɔ asɛm.

    Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wo ne wo kunu anaa wo yere, sɛ obi rekodi gua anaa biribi a ɛte saa a, obiara taa kɔ ne kwan anaa?

    Nyansahyɛ: Monka mo ho mmom nyɛ nneɛma. Sɛ ɛyɛ biribi a ɔbaakofo betumi ayɛ mpo a, mommom nyɛ.

    “Egua a mobɛkɔ akodi, nkukuo mu a mobɛhohoro, nneɛma a mobɛbobɔ, mo fie anim a mubesiesie; weinom nyinaa, sɛ́ anka mobɛfa no sɛ ɛyɛ adwuma no, adɛn nti na momfa no sɛ ɛyɛ akwannya a mode bɛbɔ nkɔmmɔ?”—Nina.

  • Nhwehwɛ nea ɛboro wo kunu anaa wo yere so

    Bible mu afotusɛm: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.”—Filipifo 4:5.

    Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ nea wohwehwɛ fi wo kunu anaa wo yere hɔ no, ɛmmoro ne so?

    Nyansahyɛ: Mommɔ nkɔmmɔ na obiara nhu nea ne yɔnko hia na ɔnyɛ mma no. Monyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mo nyinaa moahu sɛnea mode mo bere bɛyɛ biribi a ɛbɛma obiara ani agye.

    “Me kunu ho yɛ den paa. Me deɛ, yare nti, minni ahoɔden koraa. Metaa ka kyerɛ me kunu sɛ ompue nkogye n’ani, na mɛtena fie atwɛn no. Metena fie, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ahome. Me kunu nso pue, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atenetene n’apɔw mu. Sɛ obiara tumi yɛ nea ohia a, ɛma yɛn ani gye.”—Daniela.

    Awarefo bi anom asɛm

    Jamin ne Kendra.

    “Sɛ mudidi bom a, ɛma munya kwan bɔ nneɛma a ehia ho nkɔmmɔ, na mutumi mpo ka nsɛm bi a ɛyɛ sere de di agorɔ. Ɛma ɔbarima ne ne yere yɛ nnamfo, na ɛnyɛ sɛ nnipa mmienu a wɔte dan baako mu kɛkɛ.”—Jamin ne ne yere Kendra.

    Monica ne Shawn.

    “Nea ɛbɛyɛ biara mubedidi, enti adɛn nti na munnidi mmom? Me nkwadaabere mu nneɛma a mekae a ɛma m’ani gye no, ebi ne bere a na me ne me maame ne me papa tena pon ho didi no. Enti sɛ me ne me kunu didi bom a, ɛno nso boa ma yenya biribi a daakye yɛbɛkae ama yɛn ani agye.”—Monica ne ne kunu Shawn.

Munsusuw wei ho

Nea edi kan, mo mu biara nsusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho. Muwie a, na moabom asusuw obiara mmuae ho.

  • Bere a wo ne wo kunu anaa wo yere de bɔ nkɔmmɔ seesei no, wohwɛ a, ɛdɔɔso anaa esua?

  • Ɛdɛn na wo kunu anaa wo yere ayɛ de aboa ama mo nkɔmmɔbɔ akɔ so a wubetumi akamfo no wɔ ho?

  • Nsakrae bɛn na wopɛ sɛ wo kunu anaa wo yere yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere pii abɔ nkɔmmɔ?

  • Abɛɛfo mfiri nti, ɛtaa ba sɛ wo kunu anaa wo yere rekasa wo ho a, na w’adwene da baabi?

  • Nnawɔtwe yi, nsakrae bɛn na wo ne wo kunu anaa wo yere, obiara betumi ayɛ na moatumi abɔ nkɔmmɔ a biribiara nyi mo adwene mfi nkɔmmɔ no so?

Yɛbɔ No Mua A: Momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛbɛma mo ani agye.

  • Hu sɛ ehia sɛ wunya bere ne wo kunu anaa wo yere bɔ nkɔmmɔ; ɛnyɛ sɛ wunni hwee yɛ a na mobɛbɔ nkɔmmɔ.

  • Ɛyɛ a fa wo fon, wo tablɛt, ne nea ɛkeka ho no gu baabi kakra.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mommom nkodi gua anaa mommom nyɛ fie nneɛma.

  • Nhwehwɛ nea ɛboro wo kunu anaa wo yere so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena