Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 9-13
  • Yenyaa Nkwa Wɔ Owudifo Bi Ɔtopae Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yenyaa Nkwa Wɔ Owudifo Bi Ɔtopae Mu
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛyɛɛ Yɛn Ade Amonom Hɔ Ara
  • Me Yere Amanehunu
  • Wɔn a Ɛyɛ Nwonwa Sɛ Wɔanwu
  • Wɔn a Wɔbɛfa Apirafo No Bedu Hɔ
  • Mogya Ho Asɛm no Sare
  • Oduruyɛfo Mmɔborohunufo Bi
  • Asuade Ahorow a Yesuae
  • Onuayɛ Di Dwuma
  • Yehowa Hyira Wɔn a Wɔde Bɔne Kyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ɔtopae A Ɛtowee Bubuu Ahenni Asa Gui Wɔ Australia
    Nyan!—1986
  • Yafunu A Wotu Gu—Ne Bo Yɛ Den Dɛn?
    Nyan!—1987
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 9-13

Yenyaa Nkwa Wɔ Owudifo Bi Ɔtopae Mu

NA KWASIDA anɔpa, July 21, 1985, te sɛ da a awɔw no mu bɛyɛ den, bere a Yehowa Adansefo ne wɔn nnamfo kɔɔ Casula a ɛwɔ Sydney atɔe fam wɔ Australia no Ahenni Asa so no. Bere a 9:35 bɔe no David Winder a na ɔne ɔkasafo a wabɛsra yɛn no fii ne kasa a ɛfa Kristofo nokwaredi ho no ase. Nnɔndu paa ho kakraa no, na yɛrehwɛ yɛn Bible mu redi n’akyi bere a na ɔkenkan Yohane 6:68 den no.

Wanwie akenkan no da. Nnyigyei kɛse bi a efi asɛnka agua no ase ma ɔperee wɔ fam a na ɔrewu. Yɛn adamfo bi a wɔfrɛ no Graham Wykes a ɔyɛ okunu ne agya no wui wɔ hɔ ara. Afoforo pii pirapirae, ebinom de yɛ aniberesɛm. Atirimɔdenne a esii beae a wɔsom no yɛɛ abɔnefo wiase no mpo nwonwa. Bere a wɔde amanneɛbɔ no too gua no, Australiafo traa wɔn TV ne radio ho de ahodwiriw tiei.

Sɛnea Yɛyɛɛ Yɛn Ade Amonom Hɔ Ara

Wɔ ɔtopae no akyi pɛɛ no, ɛhɔ yɛɛ dinn bere tiaa bi. Misusuw sɛ yɛn mu pii ho dwiriw wɔn na yɛde ehu totoo yɛn ani, yentumi nkasa anaa yennye nokware a nea asi no yɛ no nni. Na tutuw ayɛ mframa no mu ma. Na ɛhɔ hwɛbea ne ne hua te sɛ akono. Mmofra fii ase sui, na akomatu maa yɛn mu binom fii ase teɛteɛɛ mu. Akyiri yi obi a ɔka taksi a ohuu nea asi no huu “abeawa bi a wontumi nhu onii a ɔyɛ a ebia na n’anim yɛ fɛ sɛ wɔde no reto ambulans mu a n’anim fa awae afi hɔ.”a Na saa abeawa a wontumi nhu onii a ɔyɛ no yɛ me yere, Sue.

Biribi tu fii asɛnka agua no so bɛbɔɔ Sue anim tee na ɛmaa ade tɔɔ no so. M’asom ntini tewee amonom hɔ ara. Me fam no, ɔtopae no nnyigyei no yɛɛ te sɛ nea obi agyaa mframa mu wɔ me tirim—metee nnyigyei kɛse a ɛbaa mpofirim a ano yɛ den yiye na ɛmaa biribiara yɛɛ fitaa. Bere a na yɛte nkonguakuw a ɛto abien no so no, na ɛte sɛ nea ɔkasafo no gyina ɔtopae a na wɔde asie asɛnka agua a wɔde nnua ayɛ no ase no so.

Ɛhɔ ara mede me nsa guu m’atifi kotowee esiane sɛ na misuro sɛ biribi bedwiriw agu me so nti. Anibu kakraa a edi hɔ no yɛɛ te sɛ simma pii. Afei ansa na merehu sɛ wɔatow ɔtopae ato yɛn asa no so, na ehu kaa me efisɛ na Sue ayera wɔ nneɛma a abubu ne tutuw no mu. Bere a meteɛteɛm sɛ “Susie, Susie!” no, na m’adwenem ayɛ me basaa na mibisaa me ho sɛ: ‘Wawu anaa? Na David—ne wɔn a aka no nso ɛ? Mapira anaa?’

Nneɛma a wɔde asɛm dan no so, nkongua, nnua, bag ahorow ne Bible ne nsɛmma nhoma a atetew bɔ petee hɔ nyinaa. Ankyɛ na mihuu nkurɔfo a wɔn ani so ayɛ wɔn totɔtotɔ, mogya tu wɔn mu pii na nnua awowɔ ebinom wɔ nneɛma a adwiriw agu hɔ no mu. Wɔn a na wɔtete asa no so wɔ akyi no mu pii ampira, wɔn aso kɛkɛ na esisiwii.

Me Yere Amanehunu

Mihuu Sue bere a mihuu ne mpaboa a apuepue wɔ nsɛmso ade kɛse nanso emu nyɛ duru koraa ase no. Bere a miyi guu nkyɛn no, m’ani annye nea mihui no ho. Na Sue anofafa a ɛwɔ soro no atwa wɔ ne hwene a asɛe no ase na na ɛsensɛn n’abogye ho. Na ne sẽ anim de no abubu, na bere a mihuu sɛnea n’aniwa ne ɛho apira no, misuroe sɛ n’ani befura. Na mogya, efĩ, ne nnuaa ama ne ti nhwi ayɛ basaa, na na ɛte sɛ nea ɛrekɔ ne nsa benkum soro hɔ no atwa kɛse. Nanso esiane sɛ na mogya nkɔ so ntu no nti mansuro pii. Nanso akyiri yi muhui sɛ ɛnte saa. Memaa no so wɔ wura no mu traa ase akyi bere tiaa no, ɔbɔɔ me din bɔkɔɔ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma ne koma atɔ ne yam, nanso na meredi mfomso sɛ misusuwii sɛ ɔrehu nea asi no. Akyiri yi Sue kae sɛ: “Misusuwii sɛ mada wɔ fie a mereso daebɔne nti na mehwehwɛ sɛ Peter nyan me.” Na ɛte sɛ nea ade tɔ ne so a na wanyan, na na mempɛ sɛ migyaa ne mu, nanso na mihia mmoa.

Ɔdansefo foforo a na akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea ohuu me yere no maa ne ho adwiriw no pii no baa yɛn nkyɛn a ɔkasakasa. Mede me nsa biako a enkura hwee no nyamaa no sɛ ɔnkotow na menka asɛm nkyerɛ no. Bere a na ɔrehwɛ Sue no, ɔkotowee na ɔde ne nsa maa me. Afei yɛbɔɔ mpae tiawa bisaa Yehowa sɛ ɔmma yɛn nyansa ne ahoɔden a yɛde begyina ano. Bere a yɛkaa amen no, ɛwom sɛ na nusu da so wɔ n’aniwam de, nanso na n’ani so atetew no. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwehwɛ biribi na yɛmfa nyɛ sumii mma Sue.

Wɔn a Ɛyɛ Nwonwa Sɛ Wɔanwu

Bere a ɔtopae no towee no na Paul Hahn a ɔyɛ abofra no te m’anim pɛɛ na na efi ne hɔ kɔ sanku no ho bɛyɛ mita 2. Ɔtopae no maa sanku no so na ne fa bi kɔhwee Paul so na etuu ne srɛ ho nam kɛse. Ne se anim de foforo fɛfɛ no bubui. Na Joy Wykes a ɔtopae no kum ne kunu no nso da baabi a na wapira kɛse wɔ ne ti ne mmeae afoforo. Ne mmabea no mu baanu nso pirapirae.

Wɔn a wopirae yiye no mu nea ɛyɛ nwonwa sen biara sɛ wanwu ne ɔkasafo David Winder. Ɔtopae no maa ɔne nneɛma a abubu no so fii asɛnka agua no so faa dan no so beae a anka wakuru a atu no mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɔsan bɛhwee beae a na ogyinae no ara. Na onwui de, nanso na ade atɔ ne so koraa. Esiane sɛ n’anan mu bubui nti, ebinom susuwii sɛ ontumi nnantew bio da, nanso nnɛ otumi nantew yiye sɛnea ɛsɛ. Wohuu n’atade no bi wɔ eucalyptus dua bi a ɛbɛn hɔ mu. Wohuu ɔkasafo pon no wɔ fie a ɛto so abiɛsa wɔ hɔ no afikyiri. Esiane sɛ mogya tuu David pii nti na ɔwɔ tebea a emu yɛ den mu. Wɔde helicopter faa no kɔɔ ayaresabea.

Wɔn a Wɔbɛfa Apirafo No Bedu Hɔ

Ɛte sɛ nea polisifo ne ambulans mu adwumayɛfo bɔɔ mmɔden yiye beduu hɔ ntɛm. Bere a ambulans mu adwumayɛfo no hwɛɛ wɔn a wɔapira no, polisifo no adwuma no anyɛ den. Esiane sɛ wɔtee nnyigyei no wɔ akyiri nti, ankyɛ na bɛhwɛadefo ɔhaha pii siw akwan a ɛba Ahenni Asa no so hɔ no na atesɛm amanneɛbɔfo adwuma sɔree. Wɔn a wɔbɛn yɛn pɛɛ wɔ mpɔtam hɔ no boaa yɛn sɛnea wobetumi.

Ambulans no de apirafo no kɔɔ ayaresabea ahorow a ɛwɔ ha no ntɛmntɛm. Nea asi no maa ayaresabea adwumayɛfo ho dwiriw wɔn. Ɛhanom Adansefo pii baa ayaresabea hɔ de awerɛkyekye ne mmoa bɛmae. Wɔde David Winder ne Sue kɔɔ ayaresabea a ɛwɔ nneɛma a wɔde hwɛ apirafo titiriw no. Saa anadwo no bere a na wɔawɔ me paane a ɛmma mente ɛyaw nka wɔ Liverpool Hospital no, nnuruyɛfo yiyii nnua a awowɔ me nsa mu no. Ade kyee no, bere a na meredwennwen pii no, mepɛe sɛ mihu me yere. Saa awia no, wɔde amemenemfe yii me fii ayaresabea hɔ na matumi akɔhwɛ Sue.

Mogya Ho Asɛm no Sare

Mihuu no wɔ beae a wɔhwɛ wɔn a wɔn tebea mu yɛ den no na bere a midii kan hwɛɛ no fi ne mpa no anafo no, misui. Mihuu anim a asakra koraa, ahon na asɛe a wunhu onii a ɔyɛ. Na wɔde mpamee a ɛte sɛ zip tuntum nketenkete apompam n’anim.

Na Sue ntumi nhu ade efisɛ na n’anim, mpo n’ani akyi a ahonhon no ama n’ani akata. Na n’anim nnompe, ne hwene, afono ne anipun nnompe no abubu. Nanso, na asiane no ankasa ne sɛ ne ti kora no baabi a ɛbɛn ɛhwene no mu akoa na ama mogya ntini bi apae. Bere a ade atɔ ne so na nneɛma a adwiriw no gu no so no, mogya sɔn guu ne yam a yɛanhu. Ne mogya so tewee beduu susutoa asia. (Ɛsɛ sɛ ɔbea nya bɛyɛ 14.)

Ntɛm ara mogya a ɛsɛ sɛ wɔde ma no ho asɛm sɔree, na awiei koraa no ɛbɛyɛɛ akwanside maa oduruyɛfo no. Ɔka kyerɛɛ Sue sɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔma no mogya a, pene a ɔmpene so no nti ɔrentumi nyɛ ne ho adwuma yiye. Sue maa no awerɛhyem sɛ yɛn nyinaa ani sɔ eyi na “yɛbɛpene biribi foforo biara a wɔde besi ananmu a ntease wom no so, nanso yentumi nsakra abisade a ɛne sɛ ‘yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho’ no.” (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Wannye eyi antom.

Adwenem ɔhaw fii ase na ɛkɔɔ so. Obisaa Sue sɛ ɔwɔ mma anaa, na bere a obuae sɛ “Dabi” no, ɔkae sɛ, “Eye, efisɛ anka wobenya ɛnã a ne ho nyɛ fɛ.” Ɔka kyerɛɛ Sue nso sɛ n’anim no nti metumi agyaa no aware. Dɛn na Sue yɛe? “Na ɛno ne nea ɛhaw adwene sen biara. Misii me bo sɛ ɛwom sɛ na oduruyɛfo no adwenem no, ɔpɛ sɛ me ho yɛ fɛ sɛnea ebetumi de, nanso na memma ɔnsɛe m’ahonim.” Sɛnea ɔkɔɔ so de mogya a ɔde bɛma haw yɛn no maa tebea no mu yɛɛ den na ɛsɛee bere. Wɔ ahokyere bere yi mu no, nea na ɛda nsow kɛse koraa ne ayamhyehye ne ɔdɔ a nnuruyɛfo aboafo no nyinaa de maa Sue no. Yenyaa obu maa wɔn.

Afei na adi nnafua 11 fi bere a ɔtopae no towee no. Na Sue anim dompe no wɔ tebea a ennye a na ɛwom bere a wɔpamee nanso na ensisi so yiye no mu. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn ntɛm! Bere a edi hɔ a ne duruyɛfo no resrasra ayarefo no, ɔde abufuw a etwa to kae sɛ, “Merenhwɛ no!” na ɔkɔe. Na eyi ne ɔhaw mmere a ɛsen biara wɔ yɛn asetram. Nanso, sɛ yesusuw nea esii no ho a, ɛda adi sɛ hwɛ a oduruyɛfo no anhwɛ Sue no yɛ nhyira.

Oduruyɛfo Mmɔborohunufo Bi

Ɔdansefo bi a ɔno nso yɛ oduruyɛfo kaa yɛn asɛm no kyerɛɛ oduruyɛfo bi a ɔpenee sɛ ɔbɛfa ɔkwan foforo so asa Sue yare. Ɛwom sɛ na ɛnyɛ ɔkwan a wɔde di dwuma wɔ nnuruyɛ mu a wɔpɛ de, nanso ɛkwatii mogya a wɔde bɛma no. Na oduruyɛfo yi bu ade na ne yam ye. Yenyaa obu maa no, efisɛ na wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara a ɔmfa mogya nni dwuma.

Wɔde akoroteaa ahama bɛyɛ sɛ sɛntimita 8 pompam Sue anim nnompe a abubu no. Wɔde nnade susoo akoroteaa yi mu na ama nnompe no asisi anim yiye. Sue kae sɛ: “Nnade a wɔde tuatuaa m’anim adapɛn asia no amma nna anyɛ me dɛ!” Wɔkyekyee n’abogyem dompe a ɛwɔ soro a ebubui no taree fam de a ɛwɔ ahoɔden no ho na ama ateɛ. Wantumi ante ade hua bio.

Sue tumi yi aseresɛm na nea ɛho hia sen biara no, adwene a ɛne sɛ ɔte sɛ ‘TV antenna a ɛnantew’ no tumi ma ɔserew ne ho. Nanso na obehia nea ɛsen aseresɛm a otumi yi efisɛ na wɔbɛyɛ no oprehyɛn mpɛn pii wɔ mfe abien ne fã a ɛbɛba no mu. Na nea ɛka eyi ho ne n’asom ntini ne ne sẽ a wɔbɛyɛ ho adwuma pii no.

Asuade Ahorow a Yesuae

Yɛn baanu nyinaa nyaa asuade ahorow a nea ɛka ho ne tumi a mpaebɔ wɔ, ne sɛ Yehowa mma kwan da sɛ yebehu amane a yentumi nnyina ano. Bere a Sue hyiaa oduruyɛfo a odi kan no wɔ mogya ho asɛm no ho no, ɔkae sɛ: “Misuroe na na me werɛ ahow sɛ mahyia ɔsɛmpɔw a ɛte sɛɛ. Bere biara a mɛbɔ Yehowa mpae no, akomatɔyam ankasa nka a mete no ma minyaa awerɛhyem. Na makenkan Adansefo afoforo a wɔanya osuahu a ɛte saa ara ho asɛm, nanso mprempren de m’ankasa metee nka.” Esiane sɛ yɛahu sɛnea Yehowa boa wɔ tebea horow a kan yebuu no sɛ ɛyɛ abasamtu mu no nti, mprempren yɛanya awerɛhyem pii sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ biara a ebetumi aba yɛn so daakye no ano.

Ebinom abisa yɛn sɛ dɛn nti na Yehowa maa kwan ma wɔde ɔtopae sɛee Ahenni Asa na onua bi wui. Wɔ abakɔsɛm mu nyinaa ne yɛn bere yi mu no, wɔayɛ Onyankopɔn nkurɔfo atirimɔdenne pii. Sɛ Yehowa de ahobammɔ ban atwa wɔn ho ahyia sɛnea Satan kae sɛ na wayɛ Hiob no a, anka adwene a wɔde som Onyankopɔn no ho bɛba asɛm. Yenni nea yebegyina so asusuw sɛ yentumi mpira—ne sɛ Onyankopɔn begye yɛn bere nyinaa, mpo afi ‘nneɛma a yɛnhwɛ kwan’ mu. Amanehunu ne mpo owu a yɛn gyidi nti yɛpene so no kyerɛ sɛ yɛn som no yɛ nokware, emfi pɛsɛmenkominya—adifudepɛ.—Ɔsɛnkafo 9:11; Hiob, atiri 1 ne 2; Mateo 10:39.

Onuayɛ Di Dwuma

Wɔ bere a emu yɛ den yi mu no, yɛn honhom mu nnamfo no ma ɛdaa adi sɛ wɔfam yɛn ho ‘sen onua.’ (Mmebusɛm 18:24) Sue kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’abusuafo mu binom de wimhyɛn twaa kilomita 4,000 bɛhwɛɛ yɛn wɔ adapɛn abien a edi kan a emu yɛ den no mu. Na ɛyɛ awerɛkyekye sɛ na abusuafo ne nnamfo tete me ho, efisɛ na metaa sõ daebɔne ahorow.” Na yenya nkrataa ne nhwiren a ɛte sɛ nea ɛto ntwa da fi anuanom a wodwen yɛn ho a wɔwɔ ha ne amannɔne nyinaa nkyɛn. Hwɛ sɛnea na yɛde aseda ma wɔ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu” yi ho. (Mmebusɛm 25:11) Adansedi fɛfɛ fii mu bae. Na eyi yɛ onuayɛ ankasa a ɛredi dwuma.

Sue de ka ho sɛ: “Mmoa ankasa nso bae. Adansefo nnamfo a wɔbɛn yɛn de nnuaba mu nsu a iron wom pii bae. Yɛtee nka sɛ esiane sɛ na yɛka kyerɛ nnuruyɛfo sɛ wɔnyɛ nea yɛka no nti, na ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛboa wɔn, wɔ me fam no na eyi kyerɛ sɛ medi nneɛma a ɛbɛma me mogya pii. Wɔmaa me nea ɛbɛma iron a ɛwɔ me mu no adɔɔso nso.” Yɛn mu pii behuu sɛnea yɛbɛdan aduan mũ nyinaa ayɛ no nsu, na Sue bɔɔ mmɔden nso nomee. (So woabɔ mmɔden sɛ wode ɔdorobɛn bedi aduan a wɔatoto pɛn?) Sue ka sɛ: “Nea efii eyi nyinaa mu bae ne sɛ me mogya duu susutoa abiɛsa ansa na wɔyɛ me oprehyɛn, na ɛmaa me duruyɛfo foforo no ani gyei.”

Boasetɔ, ɔdɔ, mpaebɔ, Onyankopɔn honhom mmoa, ne bere, ne afei aduan pa nyinaa boae na ɛmaa Sue ho tɔɔ no. Opira no bi agyaw biribi wɔ ne ho a gye Onyankopɔn Ahenni nniso no nkutoo na ebesiesie no wɔ ɛno ankasa bere mu. Sue anim de, wɔ wɔn a wonim no yiye no fam no, asakra kakraa bi, nanso ɛyɛ nkamfo ma ne duruyɛfo no. Me fam de, ne ho da so yɛ fɛ.

Yiw, sɛ Yehowa Adansefo no, yɛn anidaso yɛ ade titiriw. Ebetumi ama yɛagyina sɔhwɛ biara mu. Na sɛ anka amanehunu no bɛma asafo no ayɛ mmerɛw wɔ honhom mu mmom no, ahyɛ yɛn abusuabɔ no mu den. Yɛn adamfo onigyefo bi a ɔwɔ hɔ na ɔtopae no towee no de serew ka sɛ ‘wɔde ɔtopae atow no aba nokware no mu.’ Esiane sɛ n’ankasa huu atirimɔden ntua a wɔde baa mmusua a wɔdɔ asomdwoe so no nti, osii ne bo sɛ ɔbɛtoa ne Bible mu adesua no so.

Ɛde bedu nnɛ nyinaa wonhuu nea ɔtow ɔtopae no, nanso polisifo de wɔn ani asi obi so, owudifo weredifo a ɔmpɛ Adansefo asɛm. Nanso wonni adanse a ɛdɔɔso a wobegyina so abɔ no sobo. Nsɛmmɔne pii wɔ hɔ a wosusuw sɛ ɔno na odii.

Mprempren, ɛno akyi mfe asia no, me ne Sue da so ara kura hokwan a yɛwɔ de som sɛ Ɔwɛn Aban baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no mufo no. Nea ɛyɛ yɛn anigye titiriw ne yɛn Ahenni Asa a wɔde ahoɔhare sii wɔ June 22-24, 1990 mu wɔ beae a ɛbɛn dedaw no a wɔde ɔtopae sɛee no a wohyiraa so no. Kristofo dɔ adi onipa biako ɔtan no so.—Sɛnea Peter ne Sue Schulz ka kyerɛe.

[Ase hɔ nsɛm]

a The Sydney Morning Herald, July 27, 1985.

[[Kratafa 10 mfonini]

Peter ne Sue Schulz nnansa yi ara mfonini

Sue Schulz a wɔde nnade hama asuso n’anim na wɔde asiesie

[Kratafa 13 mfonini]

Ahenni Asa foforo a ɛso sen kan de no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena