Wɔkataa Nokware So Mfirihyia 50—Dɛn Ntia?
Rum yɛ Inner Hebrides supɔw ketewaa bi a ɛwɔ Scotland mpoano atɔe fam. Bɛyɛ mfirihyia 70 a atwam no, supɔw no wura maa afifide ne dɔte ho nimdefo
John Heslop Harrison, sukuupɔn bi mu ɔbenfo ne Britania Adehye Kuw a agye din no muni, kwan ma obesuaa afifide ho nsɛm wɔ supɔw no so.
Mfe bi akyi no, Harrison bɔɔ amanneɛ sɛ wahu afifide bi a ɛho yɛ na wɔ hɔ, afifide a na wonim sɛ enyin wɔ anafo fam akyirikyiri akwansin ɔhaha pii no. Wɔkamfoo Harrison kɛse, efisɛ nea ohui no maa onyaa din kɛse. Nanso dodow a ohuu abɔde a ɛho yɛ na pii no, dodow no ara na afifide ho animdefo foforo adwenem yɛɛ wɔn naa.
Wɔ 1948 mu no, John Raven, a ɔkyerɛ Hela ne Roma amammerɛ ho ade wɔ Cambridge, na ɔyɛ afifide ho nimdefo foforo a ɔyɛ nsi no gye too ne ho so sɛ ɔbɛhwehwɛ mu. Nanso wɔantintim amanneɛbɔ a ɔde mae no. Mmom no, wɔde siei, na 1999 yi ara na wɔdaa no adi. Dɛn ntia? Efisɛ Raven daa no adi sɛ Harrison yɛ ɔdaadaafo. Sɛnea New Scientist nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ no, ɔfaa saa afifide no wɔ baabi na ɛde kɔɔ Rum.
Raven asua afifide ne baabi a afifide no tumi yɛ yiye ho ade kɛse, enti ohui ntɛm ara sɛ “afifide” a Harrison “hui” no pii wɔ England mmom, na ɛnyɛ Rum. Ná nkoekoemmoa adidi afifide afoforo a wɔabɔ amanneɛ sɛ ebi wɔ mmeae abien pɛ wɔ Britain—a na biako ne Harrison turo a ɛwɔ England—no mu. Wonyaa adanse foforo nso wɔ afifide bi ntini a na hoabo wɔ ho no mu—saa hoabo no yɛ soronko koraa wɔ hoabo a ɛwɔ Rum no ho.
Adanse pii da so wɔ hɔ. Wɔahu sɛ nsɛm a Harrison ka faa supɔw no so afofantɔ ne amanku ho no yɛ nnaadaa. The Sunday Telegraph Magazine kyerɛe sɛ obi a ɔte Rum kae sɛ: “Ɔbenfo no de biribi siei—afofantɔ anaa afifide bi—a na ɔbɛda no adi afe biara.” Ɛnde dɛn nti na wɔampa Harrison ho ntama?
Nhwehwɛmufo Karl Sabbagh ka sɛ gyinae a wosii sɛ wɔrenyɛ biribiara ntia no no yɛ ayamye a na wɔde rebɔ Harrison abusua ho ban, nanso ɛsɛ sɛ wosusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Harrison yɛ ɔbarima kokodurufo, a ɛyɛ hu sɛ wobɛsɔre atia no no nso ho. Sabbagh san ka sɛ, sɛ wɔpaa ne ho ntama a, anka “ebetumi asɛe afifide ho adesua no nyinaa.”