Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 11/8 kr. 18
  • Ogye A Ɛyɛ Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ogye A Ɛyɛ Nwonwa
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wogyee Wɔn Nkwa
  • Ɛhe na W’ahobammɔ Wɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • So Abusua Asetra Betumi Ayɛ Anigye Kɛse Bere a Wonni TV?
    Nyan!—1994
  • Enti Obi Bɛtumi Ayɛ Adepa Homeda?
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Wɔreka Adwuma A Wɔabom Reyɛ Ho Asɛm”
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 11/8 kr. 18

Ogye A Ɛyɛ Nwonwa

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ BENIN hɔ

“ƐNYƐ Yehowa Adansefo na wogyee saa mmarima baasa no nkwa a, anka wɔnte nkwa mu!” Ɛno ne asɛm a ɛtrɛw ntɛmntɛm Wukuda, April 19, 2000, wɔ Calavi kurow a ɛwɔ Afrika Atɔe fam man, Benin, mu no mu. Na henanom ne mmarima baasa no, na ɛyɛɛ dɛn na Yehowa Adansefo gyee wɔn nkwa?

Bɛyɛ anɔpa 6:30 no, ná Phillipe Elegbe ne Roger Kounougbe resiesie wɔn ho akɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo nhyiambea a ɛbɛn Benin Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no. Saa da no anwummere na nnipa ɔhaha pii behyiam wɔ hɔ ayɛ afe afe Yesu Kristo wu Nkaedi no.a Mpofirim ara wɔtee nnyigyei kɛse bi anɔpa no a na wim atɛm dinn no. Phillipe ne Roger huu ntɛm ara sɛ akwanhyia bi asi wɔ kwan no so.

Ankyɛ koraa na wɔtee sɛ ɔbarima bi reteɛteɛm sɛ: “M’aboafo baasa no hyɛ semɛnte no ase!” Philippe ne Roger tuu mmirika kɔɔ kwan no so. Wohui sɛ lɔre kɛse bi da ne nkyɛnmu. Ná semɛnte mmɔtɔ pii afi lɔre no mu gugu fam.

Ná Josué Didolanvi a ɔno nso reyɛ adwuma wɔ nhyiambea hɔ adu hɔ dedaw retwe ɔbarima bi afi semɛnte no mu. Ná ofirikafo a n’ankasa apue afi mu no abɔ nnyennyen. Nanso, ɔyeree ne ho teɛɛm sɛ: “Nnipa baanu da so hyɛ semɛnte no ase!” Nnipa bi a na wɔwɔ hɔ fii ase yiyii semɛnte no nanso ankyɛ na wogyaee efisɛ na adɔ paa. Ná woyii semɛnte no fii adwumam hɔ fononoo mu nkyɛe koraa!

Wogyee Wɔn Nkwa

Philippe, Roger, ne Josué fii ase de ahoɔden yiyii semɛnte pii no mmiako mmiako. Sɛnea mmɔtɔ a na ebiara mu duru yɛ kilogram 50 no asan adɔ no maa wɔn nsa yɛɛ wɔn yaw. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ na semɛnte fi mmɔtɔ no bi mu rehwie gu, na ɛmaa wɔn nsa ho worɔworɔwee, na ɛyɛɛ den sɛ wɔbɛhome. Akyiri yi Josué kae sɛ: “Na me nsa ho hyehye me, titiriw me nsateaa. Nanso mekɔɔ so susuwii sɛ yebetumi agye onipa ko a ɔhyɛ hɔ no nkwa.”

Bere a mmarima baasa no yiyii mmɔtɔ bɛyɛ 40 wiei no, wɔn ani bɔɔ kɛtɛ bi so. Wɔn ho dwiriw wɔn yiye bere a wohuu mmarima baanu no wɔ hɔ no—na wɔhyɛ kɛtɛ no ase pɛɛ. Ná wonwui! Bere a lɔre no hwee ase no, na mmarima yi te akyi hɔ a wɔdeda kɛtɛ a wɔde akata semɛnte no ho no so. Bere a wofii lɔre no mu hwee fam no, kɛtɛ no kataa wɔn so na ɛbɔɔ wɔn ho ban wɔ semɛnte a ebeguu wɔn so no mu hyew no ho.

Bere a woyii wɔn wiei no, nnipadɔm kɛse betwaa hɔ hyiae. Ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa sɛ Philippe, Roger, ne Josué tumi faa gya mu yiyii semɛnte pii no ntɛmntɛm no. Wɔn ho dwiriw wɔn nso sɛ mmarima baasa no bɔɔ mmɔden a ɛte saa boaa nnipa a wonnim wɔn mpo. Ankyɛ koraa na obiara a ɔwɔ Calavi no tee wɔn akokodurusɛm no.

[Ase hɔ asɛm]

a Yehowa Adansefo yɛ ɔsom mu afahyɛ yi afe biara de di Yesu ahyɛde so.—Luka 22:19.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Roger a okura kɛtɛ no bere a wogyee wɔn nkwa wiei no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena