Nea Ɛma Yehu sɛ Obi Anya Adwenemhaw
“Obiara di awerɛhow, na ɛyɛ nkate a ɛfata; adwenemhaw yɛ yare. Nea ɛyɛ den ne sɛ yebehu nsonsonoe a ɛda abien no ntam.”—Oduruyɛfo David G. Fassler.
TE SƐ nyarewa pii no, nneɛma pɔtee bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi anya adwenemhaw. Nanso, ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ yebehu nsɛnkyerɛnne a ɛte saa no. Adɛn ntia? Efisɛ ɛwɔ mu ara a, ababun biara werɛ tumi how sɛnea ɛyɛ mpanyimfo no. Ɛnde, nsonsonoe bɛn na ɛda awerɛhow ne adwenemhaw ntam? Nsonsonoe no taa gyina emu den ne nna dodow a edi so.
Emu den no kyerɛ sɛnea awerɛhow ka mmabun. Adwenemhaw nyɛ bere tiaa mu adwennwen biara kɛkɛ, na mmom ɛyɛ yare ankasa a etumi haw mmabun kɛse a ɛmma wontumi nyɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ. Oduruyɛfo Andrew Slaby kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔhaw no mu tumi yɛ den fa mu sɛ: “Susuw sɛnea na yaw bi a woadi pɛn te no ho hwɛ—wo dompe a emu bui, kaka, anaa yaw a wofaa mu bere a na worewo—fa no sɛ yawdi a ɛte saa no abu abɔ ho du a wunnim nea ɛde bae; ɛno bɛma woahu sɛnea adwenemhaw yɛ yaw fa.”
Nna dodow a edi no twe adwene si bere tenten a abasamtu no di so. Sɛnea nnuruyɛfo Leon Cytryn ne Donald H. McKnew, Jr. kyerɛ no, “sɛ ɛba sɛ (biribi nti) abofra bi werɛ how na sɛ nnawɔtwe akyi ennyaee—anaasɛ ebia asram asia akyi na biribi a ɛyɛ no sɛ wahwere nti ɔhaw a ɛte saa wɔ hɔ a—na ɔreyɛ anya adwenemhaw.”
Nneɛma a Ɛma Yɛtaa Hu
Gye sɛ nneɛma dodow bi a ɛkyerɛ sɛ obi anya adwenemhaw ada adi wɔ ababun bi nneyɛe mu daa anaa da mu no fã kɛse bɛyɛ nnawɔtwe abien, ansa na yɛatumi aka sɛ wanya adwenemhaw. Adwenemhaw a edi bere tiaa bi wɔ hɔ. Nanso, adwenemhaw a ɛtra hɔ kyɛ no yɛ bere a anyɛ yiye koraa no ɔhaw no di afe biako a nea wanya no ho ntumi ntɔ no bɛyɛ asram abien mpo no. Wɔ tebea abien yi nyinaa mu no, dɛn ne nneɛma a ɛma yɛtaa hu sɛ obi anya adwenemhaw?a
Nipasu ne nneyɛe a ɛsakra prɛko pɛ. Ababun a na anka ɔyɛ osetie no bɛyɛ keka prɛko pɛ. Mmabun a wɔanya adwenemhaw no taa tew atua anaasɛ woguan fi fie mpo.
Ɔko ne ho. Ababun a wanya adwenemhaw no nka ne ho nkɔ ne nnamfo ho. Anaasɛ ebetumi aba sɛ ne nnamfo mmom twe wɔn ho fi ne ho esiane sɛ ne nneyɛe asesa koraa nti.
Ɛkame ayɛ sɛ n’ani nnye dwumadi biara ho. Mpɛn pii no, ababun no nkeka ne ho na ɔntaa nkyerɛ n’adwene. N’ani nnye nneɛma a na anka ɔpɛ paa no ho bio.
N’adidi sɛe koraa. Animdefo pii kyerɛ sɛ sɛ obi rebenya adwenemhaw anaasɛ onya bi a, ontumi nnidi, anaa odidi fuu, anaasɛ odidi ma ɛboro so.
Ne nna sɛe. Ontumi nna anaasɛ ɔda dodo. Mmabun binom nna sesa koraa, wontumi nna anadwo nanso ade kye a wɔda saa.
Ne mmɔdenbɔ wɔ sukuu mu so tew. Ababun a wanya adwenemhaw no ntumi ne n’akyerɛkyerɛfo ne ne nnamfo nyɛ biako na afei ne mmɔdenbɔ wɔ sukuu mu so tew. Akyiri yi, ogyae sukuukɔ koraa.
Awudisɛm. Nneyɛe a edi awu a ababun no de ne ho hyem no kyerɛ sɛ asetra afono no. Odi ne ho dɛm (sɛ ebia obetwitwa ne honam) nso.
Obu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee na obu ne ho fɔ bere nyinaa. Ababun no bu ne ho fɔ bere nyinaa, na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee koraa, ɛwom sɛ ebia na nokwasɛm no nte saa ankasa.
Nyarewa a adwennwen tumi de ba. Nyarewa te sɛ tipae, n’akyi a ɛyɛ no yaw, ayamkeka, ne ɔhaw a ɛtete saa da no adi sɛ wanya adwenemhaw.
Ɛyɛ a ɛba ne tirim sɛ onwu anaasɛ onni ne ho dɔm. Awudisɛm ho a obi taa dwene no betumi akyerɛ sɛ wanya adwenemhaw. Saa nso na ɛte bere a obi taa ka sɛ obekum ne ho no.—Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ no.
Yare a Ɛma Obi Yɛ Nneɛma Tra So
Nsɛnkyerɛnne yi bi betumi ada adi wɔ yare foforo a ɛyɛ ahometew a ebetumi ama obi ayɛ nneɛma aboro so mu. Sɛnea abenfo Barbara D. Ingersoll ne Sam Goldstein kyerɛ no, yare yi (wɔsan frɛ no adwenemhaw a ɛma obi ani gye boro so) “ma obi di awerɛhow san nya anigye ne ahoɔden bebree—anigye a ɛboro so koraa.”
Nea anigye mmoroso de ba ne adwennwen ntraso, kasatenten, ne kɔdaanna. Nokwarem no, nna bi twa mu a nea ɔyare no ntumi nna nanso ɔnyɛ mmerɛw. Afei nso nipa a ɔte saa no pere ne ho yɛ biribi a onnwen nea ebefi mu aba ho. Sɛnea U.S. Man Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare bɔ amanneɛ no, “yare yi taa nya obi nsusuwii, atɛmpa, ne ne nneyɛe so nkɛntɛnso ma ɛde nsɛnnennen ne aniwu ba.” Bere bɛn na yare yi fa a ɛne anigye mmoroso no di? Ɛtɔ da a edi nna kakraa bi; ɛtɔ mmere bi nso a, edi asram pii ansa na akowie adwenemhaw mu.
Wɔn a ɛyɛ mmerɛw paa sɛ wobenya ɔyare yi bi ne nkurɔfo a wɔn abusuafo wɔ bi no. Nanso, awerɛkyekyesɛm ne sɛ anidaso wɔ hɔ ma saafo no. The Bipolar Child nhoma no ka sɛ: “Sɛ wohu ɔyare no ntɛm na wɔsa no yiye a, mmofra yi ne wɔn mmusua betumi atra ase sɛnea ɛsɛ.”
Ɛho hia sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ ade biako pɛ bi na yebetumi agyina so aka sɛ obi anya adwenemhaw anaa yare a ɛma ɔyɛ nneɛma boro so. Mpɛn pii no, ɛyɛ nneɛma pii a ɛtra hɔ kyɛ na ɛma yehu sɛ obi anya adwenemhaw. Nanso, asɛmmisa no ne sɛ, Dɛn nti na yare a ɛyɛ hu saa no tumi bɔ mmabun?
[Ase hɔ asɛm]
a Nea yɛrebɛka wɔ ha no yɛ nneɛma atitiriw a wɔde hu sɛ obi anya ɔyare no bi, ɛnyɛ ɛno nko ara na wɔde hu.
[Adaka wɔ kratafa 6]
BERE A ABOFRA BI PƐ SƐ OWU
Sɛnea Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano wɔ U.S. kyerɛ no, nnansa yi, mmabun a wɔwɔ United States a wodii wɔn ho dɔm no dɔɔso sen wɔn a kokoram, komayare, AIDS, awo mu nyarewa, mmubui, krotowa, influensa, ne ahrawa mu nyarewa, nyinaa kunkum wɔn no. Ahodwirisɛm bi ni: Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ mmofra a wɔadi fi mfe 10 kosi 14 a wodi wɔn ho dɔm no adɔɔso yiye.
So yebetumi ama mmabun agyae wɔn ho dɔm a wodi no? Wɔ tebea horow bi mu no, mmuae no yɛ yiw. Ɔbenfo Kathleen McCoy kyerɛw sɛ: “Akontaabu kyerɛ sɛ wɔ nnipa pii fam no ansa na wobekum wɔn ho no, wɔyɛ biribi anaa wɔka nsɛm bi de kyerɛ sɛ wɔrebɛyɛ saa. Sɛ wo ba yɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho a, ɛsɛ sɛ woma w’ani kɔ ne ho ntɛm anaasɛ wohwehwɛ oduruyɛfo hɔ mmoa.”
Esiane sɛ mmabun pii kunkum wɔn ho nti, ɛsɛ sɛ awofo ne mpanyimfo afoforo bu biribiara a mmabun yɛ de kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wodi wɔn ho dɔm no aniberesɛm. Oduruyɛfo Andrew Slaby kyerɛw wɔ ne nhoma No One Saw My Pain mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nhwehwɛmu biara a mayɛ afa mmabun a wokum wɔn ho mu no, nkurɔfo buu wɔn ani guu nsɛnkyerɛnne biara a na ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no so anaasɛ wɔamfa no aniberesɛm. Abusuafo ne nnamfo anhu aniberesɛm a na saa nsɛnkyerɛnne no yɛ no. Wɔde wɔn ani sii nea afi mu aba te sɛ ‘abusua mu nsɛnnennen’ anaa ‘nnubɔnenom’ ne sɛnea na mmabun no ‘ntumi nnidi’ no nkutoo so na mmom wɔannwen nea ɛde saa haw no bae no ho. Ɛtɔ da a, na wodi basaayɛ ne abufuw no ho dwuma na ɛnyɛ adwenemhaw no. Ɔhaw no ankasa kɔɔ so traa hɔ na ɛyɛɛ kɛse bere nyinaa.”
Asɛm no mu da hɔ pefee: Bu adanse a ɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ odi ne ho dɔm no aniberesɛm!
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ɛtɔ da a, atuatew ma yehu sɛ obi anya adwenemhaw
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Mmabun a wɔanya adwenemhaw no ani ntaa nnye dwumadi a bere bi na wɔwɔ ho anigye no ho