Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g17 nɔma 5 kr. 12-13
  • Ɛyɛ Papa sɛ Yɛde Yɛn Nkwa Bɛto Asiane Mu Agyigye Yɛn Ani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Papa sɛ Yɛde Yɛn Nkwa Bɛto Asiane Mu Agyigye Yɛn Ani?
  • Nyan!—2017
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆHAW NO
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • “Agumadi a Ɛyɛ Hu”—Ɛsɛ sɛ Wode Wo Ho Hyem?
    Nyan!—2000
  • Hokwan A Wowɔ Sɛ Wubekari Asiane Ne Mfaso Horow A Ɛwɔ So Ahwɛ
    Nyan!—1984
  • Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso
    Nyan!—2014
  • Akwankyerɛ Pa Ma Nnɛyi Mmofra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2017
g17 nɔma 5 kr. 12-13
Mmerante mmienu bi akɔ intanɛt so; wɔrehwɛ obi a ɔde ne nkwa reto asiane mu agyigye n’ani

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Ɛyɛ Papa sɛ Yɛde Yɛn Nkwa Bɛto Asiane Mu Agyigye Yɛn Ani?

ƆHAW NO

“Sɛ keteke retwam wɔ asase ase a, na makogyina ho. Sɛnea keteke no de mmirika retwam no ma me koma bɔ kim-kim, na wei ma ɛyɛ te sɛ nea me werɛ afi me haw.”​—Leon.a

“Sɛ mikogyina bepɔw tenten bi so na metow me ho to nsu mu a, anibu kakraa bi ntam deɛ, me ho tɔ me. Ɛyɛ a ɛma m’ani gye, nanso ɛtɔ mmere bi a na misuro.”​—Larissa.

Mmerante ne mmabaa pii te sɛ Leon ne Larissa. Ɛyɛ a wɔpɛ sɛ wɔhwɛ sɛ dɛn na wobetumi ayɛ. Enti ɛtɔ mmere bi a wɔde wɔn nkwa to asiane mu de gyigye wɔn ani. Wunyae a anka wobɛyɛ bi anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi bɛboa wo.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Sɛ obi de ne nkwa to asiane mu gyigye n’ani a, etumi ka no hɔ. Ebetumi ama w’ani agye bere tiaa bi, nanso ɛnkyɛ na anigye no atu ayera ama wopɛ pii aka ho. Ná Marco nso kogyina keteke kwan ho wɔ asase ase te sɛ Leon. Marco kaa sɛ: “M’ani gye bere tiaa bi. Nanso, ɛyɛ a na mepɛ anigye no bi aka ho. Mewie no na ayɛ nkɔbesie.”

Ná Justin tumi hyɛ mpaboa a taes hyehyɛ ase de kɔ mmirika wɔ kwan so. Sɛ kar retwam a, na waso kar no mu di akyi. Ɔkaa sɛ: “Ná mepɛ sɛ nkurɔfo bɔ gye me so, nanso ewiee ase no, mikopuee ayaresabea.”

Atipɛnfo nhyɛso mma wuntumi mfa w’adwene nyɛ adwuma yiye. Aberante bi a yɛfrɛ no Marvin kaa sɛ: “Me nnamfo hyɛɛ me sɛ memforo aborosan tenteenten bi a memfa atwedeɛ, na afei nso meremfa biribiara mmɔ me ho ban. Wɔkaa sɛ: ‘Yere wo ho. Wubetumi.’ Ná misuro paa. Mereforo nyinaa na me ho repopo.” Larissa a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Meyɛɛ nea obiara yɛe no bi. Ná midi wɔn akyi kɛkɛ.”

Ebinom nso fa Intanɛt so daadaa afoforo. Nnipa a wɔde wɔn nkwa to asiane mu gyigye wɔn ani no, wɔkamfo wɔn wɔ Intanɛt so, na wɔma ɛyɛ te sɛ nea asiane biara nni mu. Nea ɛyɛ nwonwa mpo ne sɛ, sɛ wɔde video a ɛtete saa to Intanɛt so a, wobɛbɔ w’ani no, na nnipa a ahwɛ nyɛ asɛm ketewa. Wei ma nkurɔfo a wɔde wɔn nkwa to asiane mu no gye din, na afoforo gye wɔn tom.

Nhwɛso bi ni. Video no pii wɔ hɔ a, wubehu nea wɔfrɛ no parkour no wom. Parkour kyerɛ sɛ ɔdan, ɔfasu, anaa atrapoe bi wɔ hɔ, ɛnna nkurɔfo tu mmirika fa so, wohuruhuruw fa so, anaa wɔforo no ntɛmtɛm a wɔmfa biribiara mmɔ wɔn ho ban. Sɛ nkurɔfo hwɛ video ahorow yi a, ɛma wonya nsusuwii mmienu bi a wonnim sɛ ɛyɛ nnaadaa: (1) Asiane biara nni mu saa. (2) Obiara reyɛ bi. Dɛn na efi mu ba? Ɛbɛyɛ wo sɛ, wo nso fa wo nkwa kɔto asiane mu yɛ nneɛma bi hwɛ.

Wopɛ sɛ wuhu baabi a wubetumi ayɛ ade akodu a, kwan pa wɔ hɔ. Bible ka sɛ: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra.” (1 Timoteo 4:8) Nanso Bible san ka sɛ, ma ‘w’adwenem nna hɔ.’ (Tito 2:12) Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

NEA WUBETUMI AYƐ

Hu asiane a ɛwom. Bible ka sɛ: “Onitefo yɛ n’ade nimdeɛ mu, na ɔkwasea trɛw nkwaseasɛm mu.” (Mmebusɛm 13:16) Ansa na wubesusuw ho sɛ wode wo ho bɛhyɛ dwumadi bi mu no, hu asiane a ɛwom. Bisa wo ho sɛ: ‘Nea mepɛ sɛ meyɛ yi, ɛbɛma mede me nkwa ato kyakya anaa mapira me ho?’—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 14:15.

Fa nnamfo a wobu nkwa. Nnamfo pa renka nkyerɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛde wo nkwa bɛto asiane mu anaa biribi a wompɛ sɛ wobɛyɛ. Larissa kaa sɛ: “Bere a na mepɛ sɛ meyɛ biribi no, nnamfo pa boaa me ma misisii gyinae pa. Mesesaa me nnamfo no, ɛmaa m’asetena nso sesae.”​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 13:20.

Bisa wo ho sɛ: ‘Nea mepɛ sɛ meyɛ yi, ɛbɛma mede me nkwa ato kyakya anaa mapira me ho?

Wubetumi agye w’ani a womfa wo nkwa nto asiane mu. Nhoma bi kaa sɛ, sɛ obi renyin a, “osua sɛnea ɔbɛhyehyɛ mmara ama ne ho ne baabi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma kodu.” (Adolescent Risk Behaviors) Sɛ wopɛ sɛ wohwɛ nea wutumi yɛ a, yɛ no wɔ baabi a worempira, na fa nneɛma papa bɔ wo ho ban, na hyehyɛ mmara bi ma wo ho.

Nya obu amapa. Sɛ wode ahokokwaw gyina asetenam nsɛnnennen ano a, ɛno na nkurɔfo bebu wo, na ɛnyɛ wo nkwa a wode bɛto asiane mu agyigye w’ani. Larissa kaa sɛ: “M’asetena fã a mede me nkwa too asiane mu no, nea mede hyɛɛ ase ne sɛ, na mikogyina bepɔw tenten bi so tow me ho to nsu mu. Misuae sɛ mɛka dabi a, anka eye.”

Asɛm no tiatwa mu ne sɛ: Sɛ́ anka wode wo nkwa bɛto asiane mu kɛkɛ de agyigye w’ani no, susuw nneɛma ho yiye na paw nea wode gye w’ani nyansam.​—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 15:24.

a Wɔasesa edin ahorow no bi wɔ asɛm yi mu.

KYERƐW NSƐM ATITIRIW

  • “Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.”​—Mmebusɛm 14:15.

  • “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”​—Mmebusɛm 13:20.

  • “Nkwa kwan kɔ soro ma nhumufo, na ɔkwati Adamoa a ɛwɔ ase no.”​—Mmebusɛm 15:24.

Peter

PETER

“Sɛnea wuhu anigye a ɛwom no, saa ara na ɛsɛ sɛ wuhu asiane nso a ɛwom. Adeɛ yi, aberante anaa ababaa biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔtena mmubuafo agua mu.”

Rio

RIO

“Sɛ wo nnamfo rekɔyɛ biribi a wompɛ sɛ wobɛyɛ a, ne papa mu no, nni wɔn akyi. Sɛ wunya kodu hɔ deɛ a, ɛnde na aka akyi dodo; wuntumi nka dabi, na wuntumi nsesa w’adwene nso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena