Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g21 nɔma 2 kr. 10-12
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?
  • Nyan!—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƐSƐ SƐ WUHU
  • NEA WUBETUMI AYƐ
  • Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Wopɔn a, Woapɔn
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Munnya Bere Nnidi Mo Ho Nkɔmmɔ
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nea Ɛbɛboa Awarefo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Na Wɔannyae Aware
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2021
g21 nɔma 2 kr. 10-12
Ɔbarima bi ne ne yere reyɛ video call. Ogyina wimhyɛn gyinabea, na ne yere no nso wɔ fie.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?

Sɛ okunu ne ɔyere de ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma yiye a, ebetumi ama wɔn aware asɔ. Ɛho nhwɛso ne sɛ, awarefo betumi afa ɛlɛtrɔnik mfiri so ne wɔn ho adi nkitaho wɔ da no mu. Ɛba saa a, etumi ma wɔbɛn wɔn ho.

Nanso awarefo bi wɔ hɔ a, wɔmfa ɛlɛtrɔnik mfiri nyɛ adwuma yiye. Wei nti, . . .

  • ɛmma wonnya bere mma wɔn ho.

  • wɔapɔn adwuma aba fie mpo no, na wɔda so ara reyɛ adwuma.

  • ɛma ɛyɛ den sɛ wobegye wɔn ho adi, na etumi mpo ma baako fa ne yɔnko akyi.

NEA ƐSƐ SƐ WUHU

Awarefo bi da mpa mu anadwo; ɔbarima no ne ɔbea no nyinaa ani abere remiamia wɔn fon so.

BERE A MUBENYA AMA MO HO

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Michael kaa sɛ: “Ɛtɔ da na sɛ me ne me yere wɔ hɔ, na sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ a, mitumi hu sɛ, n’adwene nenam baabi koraa. Wobɛhwɛ na n’ani abere remiamia ne fon so. Nea ɛyɛ a ɔka ara ne sɛ, ‘Afei na manya adagyew a mede rehwɛ me messages.’” Ɔbarima bi nso a wɔfrɛ no Jonathan kaa sɛ: “Ɛnnɛ, ɛlɛtrɔnik mfiri nti, wubehu paa sɛ awarefo bi te ɔdan baako mu, nanso na okunu adwene nam baabi, ɛnna ɔyere nso adwene nam baabi.”

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ a wotaa ma fon call, anaa text message twetwe w’adwene anaa?​—EFESOFO 5:33.

ADWUMA

Ebinom wɔ hɔ a, sɛnea wɔn adwuma te nti, wɔwɔ fie koraa a, ɛsɛ sɛ wɔfa call anaa wɔsɛnde email ma afoforo. Ebinom nso de, wɔn adwuma no nte saa. Nanso sɛ wɔpɔn adwuma a, wontumi nnyaw adwuma no hɔ, na wɔasan de aba fie. Owura bi a wɔfrɛ no Lee kaa sɛ: “Me ara mitumi yi bere si hɔ sɛ me ne me yere bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso yɛwɔ hɔ ara a, na obi afrɛ anaa wɔasɛnde text message afi adwuma mu. Ɛba saa a, na ayɛ den sɛ mebu m’ani agu so.” Ɔbea bi a wɔfrɛ no Joy nso kaa sɛ: “Meyɛ adwuma wɔ fie, enti da biara adwuma wɔ hɔ. Wei nti, ɛsɛ sɛ meyere me ho paa, na adwuma annye me ammɔ so.”

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo kunu anaa wo yere ne wo rekasa a, ɛyɛ a woyɛ aso tie no a womma biribi foforo biara ntwetwe w’adwene?’​—LUKA 8:18.

NOKWAREDI

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ sɛ, ntɔkwaw a ɛkɔ so wɔ awarefo ntam no, emu pii wɔ hɔ a, efi sɛnea awarefo de sohyial media yɛ adwuma. Awarefo bi mpo de, wɔkaa sɛ, nneɛma a wɔde gu sohyial media so no, ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔn kunu anaa wɔn yere behu.

Wei ma ebinom ka sɛ, sohyial media yɛ biribi a etumi di awarefo awu. Enti sɛ ɔwarefo bi de yɛ adwuma, na wamma n’ani anna hɔ a, ebetumi ama wafa ne kunu anaa ne yere akyi. Alɔyafo a wɔne awarefo a wɔpɛ sɛ wogyae aware di nsawɔso no taa ka sɛ, ɛnnɛ, nneɛma a etumi gu aware paa no, sohyial media ka ho.

SUSUW WEI HO HWƐ: Sɛ wo ne obi a ɔnyɛ wo hokafo rebɔ nkɔmmɔ wɔ sohyial media so a, ɛyɛ a wompɛ sɛ wo kunu anaa wo yere hu anaa?​—MMEBUSƐM 4:23.

NEA WUBETUMI AYƐ

FA NNEƐMA BI SI W’ANI SO

Sɛ obi annye bere annidi yiye a, ebetumi ama n’apɔwmuden ho aba asɛm. Saa ara na sɛ obi annya bere amma ne kunu anaa ne yere a, ebetumi akɔfa ɔhaw pii aba n’aware mu.​—Efesofo 5:28, 29.

BIBLE MU AFOTUSƐM: ‘Hwehwɛ mu hu nneɛma a ehia paa no.’​—FILIPIFO 1:10.

Nea edidi so yi, wo ne wo hokafo mmom nsusuw ho nhwɛ nea mopɛ sɛ mode yɛ adwuma. Anaa sɛ biribi foforo wɔ hɔ a mubetumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛlɛtrɔnik mfiri nkɔfa ɔhaw mma mo aware mu a, mubetumi akyerɛw wɔ ase hɔ.

  • Bɔ mmɔden sɛ, da biara, wo ne wo kunu anaa wo yere bedidi abom baako anaa mmienu bi

  • Munyi mmere bi nsi hɔ a obiara remfa ne nsa nka ne fon, tablɛt, anaa laptop

  • Munyi bere bi nsi hɔ a mode bepue anaa mobɛbom ayɛ biribi de agyigye mo ani

  • Edu anadwo na sɛ morekɔda a, munnum mo fon anaa mo tablɛt

  • Da biara, munyi simma 15 nsi hɔ mfa mmɔ nkɔmmɔ a momma mo fon, mo tablɛt, anaa biribi foforo biara ntwetwe mo adwene

  • Munyi bere pɔtee bi nsi hɔ a mode bedum mo intanɛt

WO NE WO HOKAFO NSUSUW NSƐMMISA YI HO

Mo mu biara nyi nsɛmmisa a edidi so yi ano. Muwie a, mommom nsusuw mo mmuae no ho.

  • Akwan bɛn so na wubetumi de ɛlɛtrɔnik mfiri ayɛ adwuma ama mo aware asɔ?

  • Sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu te hɔ rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ a woma ɛlɛtrɔnik mfiri twetwe w’adwene anaa?

  • Nsakrae bɛn na wo ne wo hokafo bɛpɛ sɛ moyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de ɛlɛtrɔnik mfiri ayɛ adwuma yiye?

  • Ɛyɛ a wutumi gyaw adwuma wɔ adwumam? Anaa ɛyɛ a wode ba fie? Mmuae a woama yi, wo hokafo ne wo bɛyɛ adwene?

  • Ɔwarefo biara pɛ sɛ ne hokafo nya bere ma no. Nanso wobɛyɛ dɛn ama wo hokafo ahu sɛ, wote ase sɛ, ɛsɛ sɛ onya bere de yɛ nneɛma foforo?

    BIBLE MU AFOTUSƐM: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 KORINTOFO 10:24.

Jason ne Alexandra.

“Meyɛ adwuma wɔ fie. Enti mahyɛ bere pɔtee a mede pɔn. Edu bere bi nso a, meyɛ biribi wɔ fon no so, sɛnea ɛbɛyɛ a minnya email biara. Ɛba saa a, mitumi de me fon no yɛ nneɛma foforo bere a adwumasɛm biara ntwetwe m’adwene.”​—JASON NE NE YERE ALEXANDRA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena