Nhoma Yi Ne Nyansahu Hyia?
Ɛnyɛ bere nyinaa na nyamesom bu nyansahu sɛ n’adamfo. Mfehaha pii a atwam ni no, na nyamekyerɛfo bi ko tia nneɛma horow a nyansahu ma ɛda adi bere a wosusuw sɛ ɛbɛsɛe nkyerɛkyerɛ a wɔde ma Bible mu nsɛm no. Nanso so nyansahu yɛ Bible tamfo ankasa?
SƐ BIBLE akyerɛwfo maa wɔn kyerɛwtohɔ no foaa nsusuwii a na wogye tom wɔ wɔn bere so sɛ ɛne nyansahu hyia so a, anka nea ɛbɛba ne sɛ nhoma no bedi mfomso pii wɔ nyansahu ho nsɛm mu. Nanso akyerɛwfo no anhyɛ nnaadaasɛm a ɛne nyansahu nhyia no ho nkuran. Mmom no, wɔkyerɛw nsɛm pii a ɛne nyansahu hyia na ɛne adwene a na nnipa pii gye tom saa bere no bɔ abira.
Asase Te Sɛn?
Saa asɛmmisa yi akyere nnipa pii adwene mfe mpempem pii. Tete no na nnipa wɔ adwene sɛ asase yɛ tratra. Sɛ nhwɛso no, na Babilonfo gye di sɛ amansan yɛ adaka anaa ɛdan bi, na asase na wɔde agyina so. Na Veda asɔfo a wɔwɔ India susuw sɛ asase yɛ tratra na ɔfã baako pɛ na nnipa te. Nnipa bi a wɔwɔ Asia yɛɛ asase ho mfonini sɛ apampaa kɛse bi.
Afeha a ɛtɔ so nsia A.Y.B. mu pɛɛ na Helani nyansapɛfo Pythagoras kae sɛ esiane sɛ bosome ne owia yɛ kurukuruwa nti, ɛsɛ sɛ asase nso yɛ kurukuruwa. Aristotle (afeha a ɛtɔ so nnan A.Y.B.) begye toom akyiri yi, na ɔkae sɛ yehu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asase yɛ kurukuruwa no bere a asase sunsum tɔ bosome mu no. Sɛ asase sunsum tɔ bosome mu a, ɛkonton.
Nanso nsusuwii a ɛne sɛ asase yɛ tratra (na ne fã a ɛwɔ soro nkoaa na nnipa te) no amfi hɔ koraa. Na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye nokwasɛm a emu da hɔ no atom sɛ asase yɛ kurukuruwa—kyerɛ sɛ asase wɔ agyafanu.a Lactantius a na ɔkasa ma Kristosom wɔ afeha a ɛtɔ so nnan Y.B. mu no dii nsusuwii a ɛte saa ho fɛw. Ɔkae sɛ: “So obi wɔ hɔ a onni adwene koraa ma enti obegye adi sɛ yɛwɔ nnipa bi a sɛ wɔnam a na wɔn nan hwɛ soro? . . . sɛ nnɔbae ne nnua ti hwɛ fam? sɛ nsuo ne sukyenee ne asukɔtweaa tɔ fi fam?”2
Ná nyamekyerɛfo bi wɔ hɔ a wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ asɛm a ɛne sɛ asase wɔ agyafanu no ho. Na nkyerɛkyerɛ bi wɔ hɔ a ɛka sɛ sɛ nnipa wɔ asase fã foforo a, wontumi ne nnipa foforo nni nkitaho da esiane ɛpo a ɛso dodo sɛ wobetwa anaa nsase a ɛwɔ nkyempɛ no ho a ɛyɛ den sɛ obi betumi afa so nti. Ɛnde ɛhe na wɔn a wɔwɔ asase fã foforo no fi? Esiane sɛ na asɛm no abɔ nyamekyerɛfo bi nti, na wɔpɛ mmom sɛ wɔbɛka sɛ nnipa biara nni asase fã foforo anaa mpo, sɛnea Lactantius kae no, entumi mma sɛ asase yɛ kurukuruwa!
Eyi nyinaa akyi no, wɔantumi anka adwene a ɛne sɛ asase yɛ kurukuruwa no anhyɛ, na akyiri yi amanfoɔ begye toom. Nanso ɛyɛ bere a ahunmu akwantu fii ase wɔ afeha a ɛtɔ so 20 mu maa nnipa tumi tuu kwan kɔɔ ahunmu akyirikyiri na wɔn ankasa dii ho adanse sɛ asase yɛ kurukuruwa.b
Ɛdɛn na Bible no ka wɔ asɛm yi ho? Afeha a ɛtɔ so nwɔtwe A.Y.B. mu, bere a na adwene a ɛne sɛ asase yɛ tratra gyina mu, mfehaha pii ansa na Hela nyansapɛfo reka sɛ asase yɛ kurukuruwa, na aka mfe mpempem ansa na nnipa akɔ ahunmu akohu sɛ asase yɛ kurukuruwa no, na Hebrini odiyifo Yesaia aka no tiawa sɛ: ‘Ɔno na ɔte asase kontonkron so.’ (Yesaia 40:22) Hebri asɛmfua chugh a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “kontonkron” no betumi akyerɛ “kurukuruwa” nso.3 Bible foforo ka no “asase kurukuruwa” (Douay Version) ne “asase a atwa puduo.”—Moffatt.c
Bible kyerɛwfo Yesaia amma asase ho nsɛm huhuo no ansɛe n’adwene. Mmom no, ɔkyerɛw asɛm a nyansahu mu nhwehwɛmu a na ɛrenya nkɔanim no antumi ammɔ angu.
Ɛdɛn na Ekura Asase Mu?
Tete no, na nneɛma foforo pii wɔ hɔ a nnipa nte ase fa amansan ho: Ɛdɛn na asase gyina so? Ɛdɛn na ekura owia, bosome, ne nsoromma mu? Na wonnim asɛm a Isaac Newton kyerɛkyerɛ mu sɛ tumi bi wɔ hɔ a ɛtwe biribi fam biribi ho a wotintimii wɔ 1687 mu no. Na wonnim biribiara fa adwene a ɛne sɛ ɔsoro abɔdeɛ horow no sensɛn hɔ a hwee nsom no ho. Enti na nsɛm a wɔka kyerɛ sɛ wosusuw sɛ nneɛma pɔtee bi wɔ hɔ a asase ne ɔsoro abɔdeɛ foforo sensɛn so.
Sɛ nhwɛso no, atetesɛm bi a ebia nnipa a wɔte supɔw so na wɔde bae, kyerɛe sɛ nsuo atwa asase ho ahyia, na ɛtɛn nsuo yi ani. Na Hindufo gye di sɛ asase wɔ nnyinaso pii, ebi si ebi so. Esi asono nnan so, asono no nso gyina akyekyedeɛ kɛse bi so, akyekyedeɛ no gyina ɔwɔ kɛse bi so, na ɔwɔ a wabobɔ no tɛn amansan nsuo bi ani. Na Helani nyansapɛfo a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛtɔ so nnum A.Y.B. a wɔfrɛ no Empedocles gye di sɛ wɔde asase asi atwafrɛdɛɛ so, na saa atwafrɛdɛɛ yi na ɛma ɔsoro abɔdeɛ ahorow no twa ne ho.
Wɔn a na wɔn nsusuwii wɔ nkɛntɛnso kɛse paa no mu baako ne Aristotle. Ɛwom sɛ na ogye di sɛ asase yɛ kurukuruwa de, nanso na onnye nni sɛ ɛnsɛn hwee so wɔ ahunmu. Bere a ɔrebɔ adwene a ɛne sɛ asase da nsuo so agu no, ɔkae wɔ ne nhoma a ɛne On the Heavens no mu sɛ: “Ɛnyɛ nsuo su, sɛnea ɛnyɛ asase su no, sɛ ɛbɛsɛn ahunmu: ɛsɛ sɛ enya biribi a ebekura mu.”4 Enti dɛn na ‘ekura’ asase mu? Aristotle kyerɛkyerɛe sɛ owia, bosome, ne nsoromma fomfam nneɛma nkuruwankuruwa bi a ɛyɛ nahanaha ho. Na nneɛma nkuruwankuruwa yi biara hyɛ foforo mu, na asase—a etim faako no—wɔ mfinimfini. Bere a nneɛma nkuruwankuruwa yi mu biara twa ne ho wɔ ɔfoforo mu no, nneɛma a ɛfomfam ho—owia, bosome, ne okyinnsoromma ahorow—no twa fa wim.
Na ɛte sɛ nea Aristotle asɛm no tɔ asom. Sɛ biribiara nni hɔ a ekura ɔsoro abɔdeɛ ahorow yi mu a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi asensɛn hɔ? Wɔfaa adwene a na Aristotle a wobu no sɛ nyame bi kura no sɛ nokwasɛm bɛyɛ mfe 2,000. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ afeha a ɛtɔ so 16 ne 17 mu hɔ no, na nyamesomfo bu ne nkyerɛkyerɛ no sɛ “nyamesom mu gyidi.”5
Bere a afei wɔyɛɛ afiri a wɔde hwɛ nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri no, nsoromma ho animdefo fii ase nyaa Aristotle nkyerɛkyerɛ no ho adwene foforo. Nanso wɔn nsa anka mmuae no kosii sɛ Sir Isaac Newton kyerɛkyerɛɛ mu sɛ okyinnsoromma no sɛn hɔ a hwee nkura mu, na tumi bi a aniwa nhu—tumi a ɛtwe biribi fam biribi ho—na ɛma ebiara tumi fa ne kwan so. Na ɛyɛ den sɛ wobegye adi, na na Newton mfɛfo binom nnye nni sɛ ahunmu yɛ baabi a hwee nni.d6
Ɛdɛn na Bible wɔ ka wɔ asɛm yi ho? Bɛyɛ mfe 3,500 ni na Bible no ka maa emu daa hɔ pefee sɛ asase sɛn “nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Tete Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha maa “nea biribi nni” (beli-mahʹ) kyerɛ nea “hwee nni koraa.”7 Contemporary English Version ka no sɛ, “ahunmu a hwee nni.”
Nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no ansusuw da sɛ asase sɛn ‘ahunmu a hwee nkura mu.’ Nanso Bible kyerɛwfo no kyerɛw biribi a na ne bere sofo no nna nsoo ho dae da nanso ɛyɛ nyansahu mu nokwasɛm.
Bible ne Aduyɛ Mu Nimdeɛ—Ehyia?
Aduyɛ mu nimdeɛ a nnipa anya nnansa yi aboa ma yɛahu sɛnea nyarewa trɛw ne ɔkwan a wɔfa so siw ano. Aduyɛ mu nkɔso a ɛbae wɔ afeha a ɛtɔ so 19 no mu maa wohuu ɔkwan titiriw bi a nnipa betumi afa so abɔ wɔn ho ban afi nyarewa ho—ahotew a ɛboa ma obi kwati nyarewa pii. Nea efi mu bae no nyɛ asɛm ketewa. Ɛmaa nyarewa ne mpatuwu pii so tewee.
Nanso na tete nnuruyɛfo nte akwan horow a nyarewa fa so ba ase yiye, na na wonnim sɛnea ahotew bɔ amanfoɔ ho ban fi nyarewa ho nso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ yɛde akwan a na wɔfa so sa yare no toto nnɛ de ho a, ɛte sɛ nea na wɔn de no mfa kwan mu koraa.
Tete aduyɛ ho nhoma a ɛwɔ hɔ no mu baako ne Ebers Nhoma Mmobɔwee a ɛka Misrifo aduyɛ ho nimdeɛ fi 1550 A.Y.B. ho asɛm no. Ɛde nyarewa ahorow bɛyɛ 700 ano aduro ma, “fi dɛnkyɛm ano borɔ kosi obi bɔwerɛ a etutu no so.”8 The International Standard Bible Encyclopaedia ka sɛ: “Na aduyɛ ho nimdeɛ a saa nnuruyɛfo yi wɔ no gyina osuahu nkoaa so, na ntafowayi wom, na na wɔnyɛ nhwehwɛmu a edi mũ biara.”9 Na akwan a wɔde sa yare no pii nni mũ ahe biara, na na asiane mpo wɔ ebi mu. Sɛ wɔrekum kuru bi a, na ano aduru biako a wɔkamfo kyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde onipa tiafi fra nneɛma foforo de tare so.10
Wɔkyerɛw Misraim aduyɛ nhoma yi bɛyɛ bere koro no ara a wɔkyerɛw Bible nhoma horow a edi kan a na Mose Mmara no wom no. Mose a wɔwoo no 1593 A.Y.B. mu no nyinii wɔ Misraim. (Exodus 2:1-10) Sɛ́ Farao fieni no, ‘wɔkyerɛɛ no Misrifo nyansa nyinaa.’ (Asomafo no Nnwuma 7:22) Na onim sɛnea Misraim “aduyɛfo no” yɛ wɔn nnwuma. (Genesis 50:1-3) So akwan a na enni mũ anaa asiane wom a na wɔnam so sa yare no nyaa nea ɔkyerɛwee no so nkɛntɛnso?
Dabi. Mmom Mose Mmara no de ahyɛde ahorow a ɛfa ahotew ho a saa bere no na wɔntee bi da mae. Sɛ nhwɛso no, na ɛyɛ mmara sɛ sɛ asraafo kɔbɔ nsra wɔ baabi na obi pɛ sɛ ogya n’anan a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ nsra no akyi na ɔkata so. (Deuteronomium 23:13) Na eyi yɛ ahobammɔ ho ahyɛde a saa bere no na afoforo nnim koraa. Ɛmaa wɔn nsuo ho tewee na ɛbɔɔ wɔn ho ban fii nyarewa ahorow a nwansena de ba te sɛ konkoruwa ne ayamtu a ɛda so kunkum nnipa ɔpepem pii afe biara wɔ nsase a wonni ahotew ho nhyehyɛe pa so no ho.
Na ahotew ho mmara foforo wɔ Mose Mmara no mu a ɛbɔɔ Israelfo ho ban fii nsanyare ho. Na wɔmma obi a ɔwɔ nsanyare anaa wosusuw sɛ ɔwɔ bi no mma nnipa mu. (Leviticus 13:1-5) Sɛ aboa bi wu (ebia yare bi na akum no) na ne ho ka atade bi a, ɛsɛ sɛ wɔhoro ansa na wɔasan ahyɛ, na sɛ ɛyɛ kukuo a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no. (Leviticus 11:27, 28, 32, 33) Na wobu obiara a ɔso funu mu sɛ ne ho ntew, na na ɛsɛ sɛ odi ahyɛde horow bi so ma ne ho tew te sɛ n’atade a ɔbɛhoro ne guare a obeguare. Nnanson a na ɛsɛ sɛ ɔde tew ne ho mu no, na ɛnsɛ sɛ ɔba nnipa mu.—Numeri 19:1-13.
Nnuruyɛfo a na wɔwɔ aman a atwa Israel ho ahyia mu saa bere no anhu nyansasɛm a na ɛwɔ ahotew ho mmara yi mu. Mfe mpempem ansa na nnuruyɛfo rebehu akwan a nyarewa fa so trɛw no, na Bible no de ahyɛde a nyansa wom a ɛbɛbɔ nnipa ho ban afi nyarewa ho ama. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mose tumi kaa Israelfo a na wɔwɔ ne bere so dodow no ara ho asɛm sɛ wodi mfe 70 anaa 80.e—Dwom 90:10.
Ebia wubegye atom sɛ Bible mu nsɛm a yɛaka yi ne nyansahu mu nhwehwɛmu hyia pɛpɛɛpɛ. Nanso nsɛm bi wɔ Bible mu a yentumi nnyina akwan a nyansahufo fa so yɛ wɔn ade no so nkyerɛkyerɛ mu. Eyi kyerɛ sɛ Bible ne nyansahu nhyia?
Nsɛm a Yenni Ho Adanse a Yebegye Adi
Sɛ adanse bi nni asɛm bi ho a, ɛno nkoaa nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Sɛ yebetumi agye biribi atom sɛ nyansahu mu nokwasɛm a, ɛsɛ sɛ nnipa tumi nya adanse a ɛfata na wotumi te nsɛm ase yiye. Nanso nokwasɛm bi wɔ hɔ a yentumi nnya ɛho adanse efisɛ ebia wɔankora ɛho nsɛm biara so, wɔnte adanse no ase anaa wonnya nhui, anaa ebia nyansahu mu nneɛma ne nimdeɛ a ɛfata nni hɔ a ɛbɛma wɔatumi aka asɛm no ho biribi a akyinnye biara remma ho. So ebetumi aba sɛ Bible mu nsɛm bi a ɛho adanse pɔtee biara nni hɔ no te saa?
Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ abɔdeɛ a wɔyɛ ahonhom te baabi a yentumi mfa yɛn ani nhu, nanso yentumi mfa nyansahu kwan so nkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware—anaa atoro. Saa ara na anwonwade ahorow a Bible ka ho asɛm no te. Adanse a emu da hɔ pefee a ɛfa asase mu abotan ne nneɛma foforo ho nnɔɔso sɛ ɛbɛma ebinom agye atom sɛ Noa bere so Nsuyiri no bae ampa. (Genesis, ti 7) Yebetumi aka sɛ amma? Esiane bere tenten a ebia atwam ne nneɛma a asesa nti, abakɔsɛm mu nsɛm bi so bɛkata. Enti wunnye nni sɛ nsakrae a akɔ so wɔ asase mu mfe mpempem pii mu no ama Nsuyiri no ho adanse pii apopa afi hɔ?
Ɛyɛ nokwasɛm sɛ nsɛm bi wɔ Bible no mu a yenni adanse pɔtee a yɛde bɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware anaasɛ ɛyɛ atoro. Nanso ɛsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa? Bible nyɛ nyansahu nhoma. Nanso ɛyɛ nhoma a ɛka nokware. Yɛasusuw adanse a emu yɛ duru ho de akyerɛ sɛ nnipa nokwaredifo na wɔkyerɛwee. Na sɛ wɔka biribi a ɛfa nyansahu ho a, wɔn nsɛm no yɛ nokware na adwene a na ɛwɔ hɔ tete a wobu no sɛ “nyansahu mu nokwasɛm” a akyiri yi ɛbɛdaa adi sɛ anansesɛm no annya wɔn so nkɛntɛnso. Enti nyansahu nyɛ Bible tamfo. Adanse pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wode adwempa susuw nea Bible ka no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Agyafanu [a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi] . . . yɛ mmeae mmienu a edi nhwɛanim pɛpɛɛpɛ wɔ asase so. Sɛ woyɛ nsensanee bi fa ntam pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛfa asase mfinimfini. Asɛmfua agyafanu kyerɛ ɛnan ne ɛnan wɔ Hela kasa mu. Sɛ nnipa mmienu gyina asase agyafanu a, wɔn nammuromu na ɛbɛbɛn paa.”1—The World Book Encyclopedia.
b Sɛ yɛbɛka no paa a, asase nyɛ kurukuruwa nsi tire; ɛyɛ tratra kakra wɔ atifi ne anafo.
c Afei nso ɛyɛ biribi a ɛyɛ kurukuruwa na sɛ wogyina baabiara hwɛ a ɛyɛ kontonkron. Biribi a ɛyɛ tratra bɛkoa, ɛrenyɛ kontonkron.
d Newton bere so no, na adwene a agye ntini ne sɛ biribi nsuonsuo—amansan “nkwan”—ahyɛ ahunmu ma, na ɛyɛ kyinhyia a nsuo yi di na ɛma okyinnsoromma ahorow no twa ne ho.
e Wɔ 1900 mu no, na nnipa a wɔwɔ Europa aman pii so ne United States no nkwa nna nnu mfe 50. Efi saa bere no, mfe a wodi no akɔ anim paa, a ɛnyɛ aduyɛ mu nkɔsoɔ a ɛma wotumi siw nyarewa ano nkoaa nti na ɛte saa, na mmom ahotew ho nhyehyɛe ne asetra mu tebea horow a atu mpɔn nso ntia.
[Kratafa 18 mfonini]
Mfe mpempem pii ansa na nnipa fi ahunmu hui sɛ asase yɛ kurukuruwa no, na Bible aka sɛ ‘asase yɛ kontonkron’
[Kratafa 20 mfonini]
Sir Isaac Newton kyerɛkyerɛɛ mu sɛ tumi a ɛka biribi fam biribi ho na ekura asase mu
[Kratafa 21 mfonini]
Sɛ adanse bi nni asɛm bi ho a, ɛno nkoaa nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware