Yɛma Wo Akwaaba Ba Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu
WƆ NSASE bɛboro 200 so wɔ wiase nyinaa no, asuafo ɔpepem pii renya Teokrase Ɔsom Sukuu adesua mu mfaso dapɛn biara. Afei na ebinom aba mu. Afoforo nso de mfe pii na aba sukuu yi. Wɔyɛ sukuu no wɔ mmeae ɔpedudu pii. Baabiara a wote wɔ asase yi so no, wubetumi anya adesua nhyehyɛe koro no ara mu kyɛfa. Nnipa a ɛsono mfe a wɔadi, ɛsono wɔn mmusua, ne nhomasua mu nimdeɛ nyinaa renya teokrase nkyerɛkyerɛ yi mu mfaso a wontua hwee.
Bere a wofii sukuu no ase wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu wɔ 1943 mu no, wɔde nsɛm yi na ɛdaa n’atirimpɔw adi: “Sɛ ebesiesie ‘gyidifo’ nyinaa, wɔn a wɔate Onyankopɔn Asɛm na wɔakyerɛ mu gyidi, ma ‘wɔatumi akyerɛkyerɛ afoforo’ . . . a atirimpɔw no ne sɛ wɔbɛma obiara . . . afata yiye ma waka gyidi a wanya no ho asɛm akyerɛ wɔ baguam.” (Course in Theocratic Ministry, kr. 4) Sukuu no atirimpɔw nsakrae de besi nnɛ.
Nokwarem no, dɛn ne ade a eye sen biara a yɛn mu biara betumi de ɔkasa akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn no ayɛ? Bible bua sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ.” (Dw. 150:6) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma yɛn soro Agya no koma ani gye. Yɛma ohu sɛ yefi komam kyerɛ ne papayɛ ne ne dɔ ho anisɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔhyɛ Kristofo nkuran bere nyinaa sɛ ‘wɔmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba’ no! (Heb. 13:15) Bere a yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa wo ma wode wo dom akyɛde a Onyankopɔn de ama wo no ayi Yehowa ayɛ no, yɛma wo akwaaba sɛ osuani ba Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.
Bere a yɛtwe adwene si baguam akenkan ne ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ so mpɛn pii wɔ sukuu no mu no, Teokrase Ɔsom Sukuu mu mfaso horow no nnyina ɛno nkutoo so. Sɛ wode wo ho hyem a, ɛbɛboa wo ma woanya su a mfaso wɔ so te sɛ sɛnea wɔkenkan ade, sɛnea wotie asɛm ne sɛnea wɔkae ade, sɛnea wosua ade, sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu, sɛnea wosusuw nsɛm ho ne sɛnea wɔyɛ biribi ho nhyehyɛe, sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ, sɛnea wɔma nsɛmmisa ho mmuae, ne sɛnea wɔyɛ kyerɛwtohɔ. Wubenya nea wubegyina so asua ade, ama mmuae na woayɛ wo dwumadi a wɔde bɛma wo wɔ sukuu no mu no afi Bible no ankasa ne Bible ho nhoma horow mu. Bere a wode nokware a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu hyɛ w’adwenem no, wubesua sɛnea wonya Onyankopɔn adwene. Hwɛ sɛnea ɛno so betumi aba yɛn mfaso wɔ asetram biribiara mu! Ɛdefa mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm so ho no, afeha a ɛto so 20 sukuupɔn kyerɛkyerɛfo, William Lyon Phelps kyerɛwee sɛ: “Yebetumi afrɛ obiara a wasua Bible no yiye sɛ nhomanimfo. . . . Migye di sɛ Bible mu nimdeɛ a kɔlege adesua nka ho so wɔ mfaso sen kɔlege adesua a Bible nka ho.”
Sɛnea Wubenya So Mfaso Pii
Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na wo a woyɛ osuani no anya nkyerɛkyerɛ a wɔnam Teokrase Ɔsom Sukuu so de ma so mfaso yiye no, ɛsɛ sɛ wobɔ wo ho mmɔden. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne yɔnko Kristoni Timoteo nkuran sɛ: “Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.” (1 Tim. 4:15) Akwan a mfaso wɔ so bɛn na wubetumi afa so abɔ wo ho mmɔden?
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no dapɛn biara. Fa adesua nhoma Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso yi di dwuma nyansam. Kyerɛw wo din wɔ faako a wɔagyaw ama wo wɔ kratafa a nhoma no asɛmti wɔ no. Bere biara a wobɛba sukuu no, fa nhoma no bra. Adesua nhoma yi san yɛ nhoma a wotumi kyerɛw mu. Sɛ wokenkan nsɛntitiriw bi wom na wususuw sɛ ɛbɛboa wo a, twitwa ase. Kyerɛw nsɛm a mfaso wɔ so a wusua wɔ sukuu no mu no gu ɔfã kɛse a wɔagyaw wɔ nhoma no ano no.
Woatintim nhyehyɛe a wodi akyi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no nkutoo. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ sukuu no ho nsɛm nso bɛka ho. Ɛbɛyɛ papa sɛ wode nhyehyɛe no bɛhyɛ nhoma yi mu wɔ baabi a wubehu no ntɛm.
Sɛ woresiesie wo ho ama dapɛn biara sukuu dwumadi no a, ma ɛntra w’adwenem sɛ Bible no ne nkyerɛkyerɛ nhoma titiriw. Ma Bible no fã biara a wɔbɛkenkan no dapɛn no ho nhia wo kɛse. Sɛ wutumi di kan kenkan dwumadi no afã horow no a, eyi nso bɛboa yiye.
Bere a sukuu no rekɔ so no, hokwan betumi aba ma atiefo no akasa. Fa hokwan ahorow yi di dwuma yiye. Wo ho a wode bɛhyɛ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa mu no yɛ ɔkwan titiriw a ebetumi aboa wo ma woakae nea wutie no na woatumi de adi dwuma wɔ w’asetra mu.
Nokwarem no, asuafo no nyinaa benya hokwan ama ɔkasa anaa wɔayɛ ɔyɛkyerɛ ahorow wɔ asafo no anim. Fa hokwan yi mu biara a wubenya no di dwuma yiye. Bɔ mmɔden yiye sɛ wubetu mpɔn wɔ ɔkasa ho dwumadi biara a wɔde bɛma wo no mu. Wɔde afotu bɛma wo na aboa wo ma woakɔ so anya nkɔso. Gye mmoa a ɛte saa no tom. Kyerɛw nyansahyɛ ahorow pɔtee bi a ɛfa nea w’ankasa wubetumi ayɛ na ama woanya nkɔso no ho nsɛm wɔ wo nhoma no mu. Esiane sɛ ɛyɛ den sɛ obi betumi ahu ne ho sɛnea afoforo hu no nti, afotu a ɔdɔ wɔ mu a efi Bible mu a wɔde ma no betumi aboa wo ma woanya nkɔso. Eyi yɛ nokware ɛmfa ho mpo sɛ wode wo ho ahyɛ sukuu no mu mfe pii no.—Mmeb. 1:5.
So w’ani begye ho sɛ wubenya nkɔso ntɛmntɛm? Sɛ wufi wo pɛ mu yɛ ho biribi a, ebetumi ayɛ yiye. Di kan sua nea wobesusuw ho wɔ osuani kasa biara mu no. Sɛ wohia sɛ obi si obi ananmu yɛ ne dwumadi a, wubetumi atu wo ho ama, na ɛno bɛma wo ho akokwaw kɛse. Sɛ afoforo rema ɔkasa ahorow a, tie sɛnea wɔka wɔn nsɛm no yiye. Yesua ade fi yɛn ho yɛn ho hɔ.
Bio nso, sɛ wo nsɛm tebea bɛma wo kwan a, wubetumi ama wo nkɔso no anya nkɔanim ntɛmntɛm denam adesua nhoma yi a wubedi anim asua no so. Sɛ wusua adesua ahorow 15 a edi eyi anim no yiye wie a, fi ase sua sɛnea wode “Nhyehyɛe a Ɛbɛma Woatu Mpɔn sɛ Ɔkasafo ne Ɔkyerɛkyerɛfo” a efi ase wɔ kratafa 78 no bedi dwuma. Nea edi kan no, sua adesua biara na bobɔ dwumadi a wɔde aka ho no so. Fa nea woresua no di dwuma wɔ asɛnka mu. Eyi betumi aboa wo yiye ma woanya nkɔso sɛ ɔkasafo ne Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛfo.
Teokrase Ɔsom Sukuu adesua no bɛboa wo ma woasiesie wo ho ama ade a ehia titiriw wɔ asetra mu no. Esiane sɛ Onyankopɔn pɛ nti na yɛte nkwa mu nti, sɛ yeyi no ayɛ a na yɛadi nea enti a yɛte ase ankasa no ho dwuma. Yehowa Nyankopɔn fata ayeyi a ɛsen biara. (Adi. 4:11) Yɛnam ntetee a yenya fi sukuu no mu so bɛyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asusuw nsɛm ho yiye, ayɛ ade nyansam, na yɛaka nokware ahorow a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.