Kyerɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Anisɔ
NHYIRA ne ‘onipa a Yehowa mmara sɔ n’ani.’ Onipa a ɔte saa kenkan Onyankopɔn Asɛm no ‘brɛoo awia ne anadwo.’ (Dw. 1:1, 2) So wowɔ anisɔ a ɛte saa? Wobɛyɛ dɛn atumi ama anigye a wunya fi Onyankopɔn Asɛm mu no ayɛ kɛse?
Sɛ Yehowa Kasa a Tie
Nkenkan nsɛm ara kwa. Twa tebea a worekenkan ho asɛm no ho mfonini wɔ w’adwenem. Fa no sɛ wote nnipa a wɔafa wɔn asɛm aka no nne. Bere a worekenkan Bible no ti ahorow a edi kan no, tie sɛnea Yehowa ankasa de nkakrankakra kyerɛ ɔkwan a ɔfaa so maa asase yɛɛ baabi a onipa tumi tra no. Tie bere a ɔka kyerɛ ne Ba, Odwumayɛni a Waben no sɛ, bere aso sɛ wɔma onipa a odi kan no ba nkwa mu no. Twa tebea no ho mfonini: Adam ne Hawa tew atua, Onyankopɔn bu wɔn atɛn na, ɛno akyi no, otu wɔn fi Paradise hɔ. (Genesis, ti 1-3) Nya osuro bi bere a wokenkan ɛnne bi a efi soro a ɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no, nea Onyankopɔn somaa no ma ɔde ne nkwa bɛtoo hɔ maa adesamma no. (Mat. 3:16, 17) Bɔ mmɔden sɛ wubetwa nea ɔsomafo Yohane yɛe bere a ɔtee sɛ Yehowa reka sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo” no ho mfonini wɔ w’adwenem. (Adi. 21:5) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm a wɔkenkan wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so no yɛ ade a ɛyɛ anigye!
Kɔ so kenkan nkyerɛwee a efi honhom mu no, na wubehu sɛ Yehowa yɛ obi a ɔkorɔn na ne ho yɛ nwonwa. Wobɛte nka kɛse sɛ woabɛn Onii a ɔdɔ yɛn na ɔne yɛn di no mmɔborohunu so no. Sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde a, ɔboa yɛn, na ɔkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so adi yiye wɔ biribiara a yɛyɛ mu.—Yos. 1:8; Dw. 8:1; Yes. 41:10.
Dodow a wugye bere de kenkan Bible no, dodow no ara na wubenya abotɔyam bere a wunya Onyankopɔn apɛde a ɛsɛ sɛ woyɛ ho nimdeɛ pii no. Nanso anisɔ no bɛkɔ akyiri asen saa. Sɛ w’akenkan boa ma wunya mmoa a wuhia de adi wo nsɛm ho dwuma a, wobɛte nka te sɛ odwontofo a ɔkaa eyi no: “W’adansesɛm yɛ nwonwa, enti na me kra di so.” (Dw. 119:129) Wo nso w’ani begye bere a wuhu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛboa ma wonwene wo nsusuwii ne nneɛma a w’ani gye ho wɔ Onyankopɔn kwan so no.—Yes. 55:8, 9.
Bible ma yenya abrabɔ ho akwankyerɛ a ɛbɔ yɛn ho ban fi asiane ho na ɛkyerɛ yɛn ɔkwan pa no. Sɛ yɛrekenkan a, yehu sɛ Yehowa yɛ Agya a onim ɔhaw a sɛ yegyae yɛn ho mu ma ɔhonam akɔnnɔ a yebehyia no. Ɔmpɛ sɛ yehyia amanehunu a ɛbɛba yɛn so ɔkwan biara so bere a yebu n’abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn so no. Odwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ yenya asetra kwan a eye sen biara. N’asɛm a yɛkenkan no boa ma yehu nhyira pii a ɛwom sɛ yebenya no sɛ yɛn Nyankopɔn ne yɛn soro Agya no.
Kenkan Bible no Da Biara
Odwontofo no kaa onipa a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara no ho asɛm sɛ: “Nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dw. 1:3) Yiw, ɛmfa ho yɛn sintɔ ahorow, ɛmfa ho sɛ yɛte Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne mu, na ɛmfa ho mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛmene yɛn no, nea ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a yɛbɛkenkan no daa na yɛde adi dwuma no bɛma yɛadi nkonim wɔ biribiara a ɛfa yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho no mu.
Esiane sɛ yɛwɔ nhyehyɛe dedaw yi nhyɛso ase nti, Ɔbɔadeɛ no adwene a yɛde bere tiaa bi mpo besusuw ho da biara no betumi ahyɛ yɛn den. Nkyekyem nketenkete bi a na wɔafa aka asɛm wɔ atesɛm nkrataa mu na ebinom a esiane wɔn gyidi nti wɔde wɔn guu afiase no nya kenkanee. Wotwitwaa eyi, kyeree nsɛm no guu wɔn tirim, na wodwennwen ho. Yehowa hyiraa wɔn mmɔdenbɔ no so efisɛ wofii nea na wɔn tebea no bɛma wɔn kwan mu nyaa Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ. (Mat. 5:3) Nanso, yɛn mu dodow no ara wɔ ahofadi a ɛsen saa. Ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Bible mu nkyekyem bi a yɛbɛkenkan no ntɛmntɛm pɛnkoro da koro biara no bɛyɛ anwonwade bi ama yɛn. Nanso, sɛ yɛyɛ yɛn nhyehyɛe yiye sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akenkan Bible no fã bi da biara, asusuw ho, na yɛde abɔ yɛn bra a, yebenya nhyira.
Nokwasɛm ne sɛ, biribi betumi atwitware yɛn nhyehyɛe a edi mu paa mu. Sɛ ɛba saa a, yɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no. Sɛ nhwɛso no, yɛnhyɛ da ntra ase da koro anaa nnanu a yɛnnom nsu. Ɛnde ɛmfa ho nea ebesi wɔ yɛn da biara da asetra mu no, ɛsɛ sɛ yegye bere de nkwa nsu no dwudwo yɛn ho.—Aso. 17:11.
Kenkan Onyankopɔn Asɛm Nyinaa
So woatumi akenkan Bible mũ no nyinaa? Genesis kosi Adiyisɛm a ebinom bɛkenkan no ahunahuna wɔn. Enti, nnipa pii a wɔpɛe sɛ wɔkenkan Bible mũ no nyinaa no fii ase kenkan fii Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Dɛn ntia? Ɛbɛyɛ sɛ ebia na ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wobehu sɛnea saa Bible nhoma ahorow no fa wɔn ho sɛ ankorankoro a wɔpɛ sɛ wodi Kristo anammɔn akyi no ntia. Anaasɛ ebia na ɛte sɛ nea Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyɛ nea ɛdɔɔso sɛ wɔbɛkenkan—ɛboro Bible no nkyekyem anan mu biako so kakraa bi pɛ. Nanso bere a wɔkenkan nhoma 27 no wiei no, wɔdan wɔn adwene kɔɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nhoma 39 no so na wofii ase kenkan maa wɔn ani gyee ho. Bere a wowiee Hebri Kyerɛwnsɛm no, na Bible akenkan abɛyɛ ade a wɔyɛ no daa, enti wɔtoaa so kenkanee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne mprenu so, na wonnyaee da. Ɛmmra sɛ wode Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan no da biara da no bɛyɛ wo su wɔ w’asetra nyinaa mu.
So obi wɔ w’abusua anaa w’asafo mu a ontumi nkenkan ade? Dɛn nti na wuntu wo ho nsi hɔ nkenkan Bible nkyerɛ saa onipa no? Wubenya so mfaso, na ɔno nso benya so mfaso bere a osusuw nea ɔte na ɔde di dwuma wɔ n’asetram ho no.—Adi. 1:3.
Bere kɔ so no, ebia wobɛpɛ sɛ woyɛ adwuma titiriw bi wɔ wo Bible akenkan ho. Eyinom bi betumi ama woahu abusuabɔ a ɛwɔ Bible no afã horow mu no yiye. Sɛ wɔahyehyɛ nsɛm wɔ wo Bible no anoano a, eyi bɛma woahu abakɔsɛm mu nsɛm ne nea ɛne no di nsɛ no. Ebetumi aboa wo ma woahu nsɛm tebea a ɛma wɔkyerɛw nnwom ahorow no ne nkrataa a Yesu Kristo asomafo no kyerɛwee no. Insight on the Scriptures no de nkurɔfo, mmeae ahorow, ne su horow a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no ho nsɛm a ɛfata pii ma. Nsɛm a wɔahyehyɛ twe adwene si Bible nkɔmhyɛ mmamu so, na ɛkyerɛ ahemfo ne adiyifo a wɔtraa ase wɔ bere koro mu, ne bere a ɛbɛyɛ sɛ Bible mu nsɛm pii sisii nso.
Bere a wususuw nea wusua ho no, wubehu nea enti a tebea horow bi kɔɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Afei nso wubehu nea enti a Yehowa ne ne nkurɔfo dii sɛnea ɔyɛe no. Sɛnea Yehowa bu nniso ahorow ne ɔmanfo ne ankorankoro nneyɛe no mu bɛda hɔ ama wo. Eyi bɛma woanya mu nhumu kɛse.
Sɛ wutwa beae a Bible mu abakɔsɛm sisii no ho mfonini wɔ w’adwenem a, ɛbɛma w’ani agye ho kɛse. Bible nsase ho mfonini ma wuhu asase bi tebea ne akwan a ɛdeda mmeae ahorow ntam no tenten. Sɛ nhwɛso no, beae bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Israelfo no twaa Po Kɔkɔɔ no? Ná Bɔhyɛ Asase no kɛse te dɛn? Ɔkwan tenten bɛn na Yesu twae bere a na ɔreyɛ n’asase so som adwuma no? Nneɛma bɛn na ɔsomafo Paulo hui wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu ahorow no mu biara mu? Asase ho mfonini ne sɛnea wɔkyerɛkyerɛ asase tebea bi mu no ma wuhu nneɛma bi a ɛbɛma w’akenkan ayɛ anigye. Ɛhe na wubetumi anya Bible nsase ho mfonini? Ebi wɔ New World Translation of the Holy Scriptures no mu. Asase ho mfonini bɛyɛ 70 wɔ Insight apo no mu, na asase ho mfonini ho nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ po a edi kan no awiei. Fa Watch Tower Publications Index no hwehwɛ asase ho mfonini foforo. Sɛ wunni eyinom bi a, fa asase ho mfonini a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban mu no di dwuma na aboa wo wɔ Bible akenkan a woyɛ no daa mu.
Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, Ɔhene Dawid kamfoo Yehowa sɛ: “Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara!” (Dw. 139:17) Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, ɔsomafo Paulo yii Yehowa ayɛ efisɛ “Wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.” (2 Kor. 4:6) Mfehaha pii da bere a Dawid ne Paulo de traa ase no ntam; nanso wɔn nyinaa ani gyee Onyankopɔn Asɛm ho. Saa ara na wo nso sɛ wugye bere de kenkan nea Yehowa de ama wo wɔ N’asɛm a efi honhom mu no mu no a, w’ani betumi agye ho.