-
Ɔfã 1: Nea KristofO Gye DiNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO
Ɔfã 1: Nea KristofO Gye Di
Bible no a wo ne Yehowa Adansefo asua no ama woabehu nokware no. Akyinnye biara nni ho sɛ nea woasua no aboa ama wo ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Bio nso, ama woanya anidaso sɛ Onyankopɔn Ahenni ba a, wubenya asetena pa wɔ paradise asase so. Gyidi a wowɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, emu ayɛ den, na esiane sɛ wode wo ho abɔ Kristofo asafo no nti, woanya nhyira pii. Afei, w’ani gye sɛnea Yehowa hwɛ ne nkurɔfo nnɛ no ho paa.—Sak. 8:23.
Bere a woresiesie wo ho akɔbɔ asu no, asafo mu mpanyimfo ne wo besusuw nneɛma titiriw a Kristofo gye di ho, na ɛbɛboa wo paa. (Heb. 6:1-3) Mmɔden biara a worebɔ sɛ wubehu Yehowa yiye no, yɛsrɛ sɛ onhyira so na ɔmma wo akatua a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no.—Yoh. 17:3.
1. Adɛn nti na wopɛ sɛ wobɔ asu?
2. Hena ne Yehowa?
• “Yehowa ne nokware Nyankopɔn wɔ ɔsoro a ɛwɔ soro ne asase a ɛwɔ fam yi so. Obiara nni hɔ te sɛ ɔno.”—Deut. 4:39.
• “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dw. 83:18.
3. Adɛn nti na ɛho hia sɛ wode Onyankopɔn din ankasa di dwuma?
• “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.’”—Mat. 6:9.
• “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.”—Rom. 10:13.
4. Nsɛmfua a ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu onii ko a Yehowa yɛ no, ebi ne dɛn?
• “Wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ te no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa bere a wɔreyɛ papa no.”—1 Pet. 4:19.
• “Yɛn Agya a wowɔ soro.”—Mat. 6:9.
• “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yoh. 4:8.
5. Dɛn na wubetumi de ama Yehowa Nyankopɔn?
• “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Mar. 12:30.
• “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ wosom no.”—Luka 4:8.
6. Adɛn nti na wopɛ sɛ wudi Yehowa nokware?
• “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm abua nea otwa me mpoa.”—Mmeb. 27:11.
7. Hena na wobɔ no mpae, na hena din mu na wobɔ mpae?
• “Nokware, nokware, [me, Yesu] mise mo sɛ, biribiara a mubebisa Agya no ɔde bɛma mo wɔ me din mu.”—Yoh. 16:23.
8. Nneɛma bɛn saa na wubetumi abɔ ho mpae?
• “Enti mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro. Ma yɛn nnɛ aduan wɔ da yi mu; fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛn nso de afiri wɔn a wɔde yɛn aka no. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.’”—Mat. 6:9-13.
• “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 Yoh. 5:14.
9. Adɛn nti na ebia Yehowa rentie obi mpaebɔ?
• “Wobesu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn, . . . wɔn nneyɛe bɔne nti.”—Mika 3:4.
• “Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ; nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”—1 Pet. 3:12.
10. Hena ne Yesu Kristo?
• “Simon Petro buae sɛ: ‘Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no Ba.’”—Mat. 16:16.
11. Adɛn nti na Yesu baa asase so?
• “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”—Mat. 20:28.
• “Ɛsɛ sɛ [me, Yesu] mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”—Luka 4:43.
12. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ Yesu afɔrebɔ no?
• “Owu maa obiara na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.”—2 Kor. 5:15.
13. Tumi bɛn na Yesu wɔ?
• “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ ɔsoro ne asase so.”—Mat. 28:18.
• “Onyankopɔn pagyaw no maa no gyinabea a ɛkorɔn, na ɔdom maa no din a ɛkyɛn edin biara.”—Filip. 2:9.
14. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Yesu pawee no, wugye di sɛ ɛno ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no anaa?
• “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?”—Mat. 24:45.
15. Dɛn ne honhom kronkron? Ɛyɛ ɔbɔfo anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
• “Ɛnna ɔbɔfo no bua see no sɛ: ‘Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.’”—Luka 1:35.
• “Enti, sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!”—Luka 11:13.
16. Nneɛma bɛn na Yehowa de ne honhom kronkron no ayɛ?
• “Yehowa anom asɛm so na ɔyɛɛ ɔsoro, na n’anom honhom so na ɔyɛɛ emu asafo nyinaa.”—Dw. 33:6.
• “Sɛ honhom kronkron no ba mo so a mubenya tumi, na mobɛyɛ m’adansefo . . . de akɔ asase ano nohoa.”—Aso. 1:8.
• “Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a efi nnipa nkyerɛase mu. Na nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”—2 Pet. 1:20, 21.
17. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
• “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw ahenni no mma ɔman foforo biara. Ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Dan. 2:44.
18. Onyankopɔn Ahenni ba a, nhyira bɛn na wubenya?
• “Ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”—Adi. 21:4.
19. Nhyira a Ahenni no de bɛba no, dɛn na ɛma wuhu sɛ ɛbɛba nnansa yi ara?
• “Asuafo no baa ne nkyɛn kokoam bɛkae sɛ: ‘Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?’ Ɛnna Yesu buaa wɔn sɛ: ‘. . . Ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahenni atia ahenni, na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae. Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.’”—Mat. 24:3, 4, 7, 14.
• “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, ahohoahoa, ahantan, wɔn a wɔka abususɛm, awofo so asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, dinsɛefo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nyɛ adwuma.”—2 Tim. 3:1-5.
20. Dɛn na woyɛ de kyerɛ sɛ Ahenni no ho hia wo?
• “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan.”—Mat. 6:33.
• “Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.’”—Mat. 16:24.
21. Hena ne Satan, na henanom ne adaemone no?
• “Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ . . . Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase.”—Yoh. 8:44.
• “Wɔtow ɔtweaseɛ kɛse no kyenee, ɔwɔ dedaw no, nea wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan a ɔredaadaa asase sofo nyinaa no; wɔtow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adi. 12:9.
22. Sobo bɛn na Satan de abɔ Yehowa ne wɔn a wɔsom Yehowa no?
• “Ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: ‘Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, “Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.”’ Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’”—Gen. 3:2-5.
• “Satan buaa Yehowa sɛ: ‘Were si were ananmu, na nea onipa wɔ nyinaa ɔde bɛma de agye ne kra.’”—Hiob 2:4.
23. Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ sobo a Satan abɔ no yɛ atoro?
• ‘Fa koma a edi mũ som Onyankopɔn.’—1 Be. 28:9.
• “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me mũdi mu da!”—Hiob 27:5.
24. Adɛn nti na nnipa wu?
• “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Rom. 5:12.
25. Tebea bɛn na awufo wom?
• “Ateasefo nim sɛ wobewuwu; awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnk. 9:5.
26. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔawuwu?
• “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.”—Aso. 24:15.
27. Nnipa dodow sɛn na wɔbɛkɔ soro ne Yesu akodi ade?
• “Hwɛ! Oguammaa no gyina Sion Bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma so no ka ne ho.”—Adi. 14:1.
-
-
Ɔfã 2: Kristofo AbrabɔNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO
Ɔfã 2: Kristofo Abrabɔ
Seesei, woasua Bible, na woahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ. Afei nso, woahu sɛnea wobɛbɔ wo bra ma ɛne n’apɛde ahyia. Esiane sɛ wode nea woasua no reyɛ adwuma nti, ebia woayɛ nsakrae pii wɔ w’asetena mu, na woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wobɔ wo bra. Afei a woasi wo bo sɛ wode Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ wo bra yi, woyɛ asɛmpaka adwuma no bi a, Yehowa ani bɛsɔ. Sɛ wususuw nsɛmmisa a edidi so yi ho a, ɛbɛboa ma nea Yehowa hwehwɛ sɛ woyɛ no atena w’adwene mu, na akaakae wo nneɛma a wubetumi ayɛ na ama woabɛka n’asomfo a ogye wɔn tom no ho. Nsɛm yi bɛma woahu sɛ ɛho hia sɛ wode ahonim pa yɛ nneɛma nyinaa de hyɛ Yehowa anuonyam.—2 Kor. 1:12; 1 Tim. 1:19; 1 Pet. 3:16, 21. Baabi a woasua ade adu yi, ɛda adi sɛ afei de, wopɛ sɛ wobrɛ wo ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase na wode wo ho bɔ n’ahyehyɛde no. Yehowa na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, ɔno na ɔhyehyɛɛ abusua, na ɔno ara na wama kwan ma sodifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no redi tumi. Enti, nsɛmmisa ne Bible mu nsɛm a ɛka ho no bɛboa wo ma woahwɛ sɛ, sɛ yɛka sɛ brɛ wo ho ase ma Yehowa nhyehyɛe a, wote ase anaa. Afei nso, ɛbɛma w’ani asɔ nhyehyɛe a Yehowa nam so tete ne nkurɔfo na ɔhyɛ wɔn den wɔ honhom fam no paa. Nhyehyɛe no bi ne asafo nhyiam ahorow a wobɛkɔ na woanya mu kyɛfa sɛnea wo tebea bɛma wo kwan. Afei nso, ɔfã yi bɛma woahu nea enti a ɛho hia sɛ woyɛ Ahenni no ho asɛmpaka adwuma no daa na woboa afoforo ma wohu Yehowa ne nea ɔreyɛ ama adesamma. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Awiei koraa no, ɛbɛma woahu sɛ wo ho so a woahyira ama Yehowa Nyankopɔn ne w’asubɔ no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wode di agorɔ koraa. Nya awerɛhyem sɛ, sɛnea woayi wo yam agye hokwan soronko a Yehowa de adom wo no atom no, n’ani sɔ.
1. Gyinapɛn bɛn na Onyankopɔn de ama Kristofo wɔ aware ho? Dɛn ne ade baako pɛ a Bible ma kwan sɛ Kristoni betumi agyina so agyae aware?
• “Monkenkanee sɛ onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase, na ɔkae sɛ, ‘Eyi nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na wakɔfam ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ ɔhonam koro’? Enti wɔnyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu. . . . Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔsan ware foforo a, wasɛe aware.”—Mat. 19:4-6, 9.
2. Adɛn nti na sɛ ɔbarima bi ne ɔbea bi te hɔ sɛ okunu ne ɔyere a, ɛsɛ sɛ wɔware wɔ ɔkwan pa so? Sɛ woaware a, woahwɛ ahu sɛ wowaree ɔkwan pa so, na aban gye w’aware no tom?
• “Kɔ so kae wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nyɛ osetie mma nniso ne tumi horow.”—Tito 3:1.
• “Mo nyinaa, momma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.”—Heb. 13:4.
3. W’asɛde ne sɛn wɔ abusua no mu?
• “Me ba, tie wo papa nteɛso, na mpo wo maame mmara.”—Mmeb. 1:8.
• “Okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no . . . Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no.”—Efe. 5:23, 25.
• “Agyanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efe. 6:4.
• “Mma, muntie mo awofo asɛm ade nyinaa mu, na eyi na ɛsɔ ani Awurade mu.”—Kol. 3:20.
• “Mo ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom.”—1 Pet. 3:1.
4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu nkwa?
• ‘Onyankopɔn na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne nneɛma nyinaa. Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.’—Aso. 17:25, 28.
5. Ɛnsɛ sɛ yekum obiara. Abofra a ɔhyɛ yafunum mpo ɛnsɛ sɛ yekum no. Adɛn ntia?
• “Sɛ mmarima bi reko na wɔkɔpem ɔpemfo ma . . . bɔne bi si a, ɛnde ɔkra nsi ɔkra ananmu.”—Ex. 21:22, 23.
• “Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu, nna a wɔnwenee no, nanso na emu biako mpo nnya mmae.”—Dw. 139:16.
• “Yehowa kyi . . . nsa a ehwie mogya a edi bem gu.”—Mmeb. 6:16, 17.
6. Ahyɛde a Onyankopɔn de ama wɔ mogya ho ne sɛn?
• ‘Montwe mo ho mfi mogya ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya angu ho.’—Aso. 15:29.
7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo?
• “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.”—Yoh. 13:34, 35.
8. Nea ɛbɛyɛ na obi mfa nsanyare a ɛyɛ hu bi nsan afoforo no: (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi a nsanyare bi wɔ ne ho no yɛ obi atuu, ɔfew n’ano, anaa ɔyɛ biribi foforo a ɛte saa? (b) Sɛ ebinom mpɛ sɛ wɔto nsa frɛ no ba wɔn fie a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔma ɛhaw no? (d) Sɛ obi atena baabi a nsanyare wɔ pɛn anaa ɔne obi a nsanyare wɔ ne ho abɔ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ofi ne pɛ mu kɔhwehwɛ ne mogya mu ansa na ɔne obi ayɛ aware nhyehyɛe? (e) Sɛ obi a ɔwɔ nsanyare pɛ sɛ ɔbɔ asu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ odi kan ka ne yare no ho asɛm kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no?
• “Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka biara sɛ ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho. . . . ’Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne.”—Rom. 13:8-10.
• “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”—Filip. 2:4.
9. Adɛn nti na Yehowa hwehwɛ sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn?
• “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Kol. 3:13.
10. Sɛ onua bi sɛe wo din anaa ɔbɔ wo apoo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
• “Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a, kɔda ne mfomso adi kyerɛ no wo ne ɔno nkutoo ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na ama asɛm biara agyina adansefo baanu anaa baasa anom asɛm so. Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, bu no sɛ amanaman muni anaa towgyeni.”—Mat. 18:15-17.
11. Sɛn na Yehowa bu bɔne a edidi so yi?
▪ Aguamammɔ
▪ Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu
▪ Ɔbarima a ɔne ɔbarima da anaa ɔbea a ɔne ɔbea da
▪ Korɔnbɔ
▪ Kyakyatow
▪ Asabow
• “Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da anaa akorɔmfo anaa adifudepɛfo anaa asabofo anaa wɔn a wɔsopa afoforo anaa apoobɔfo rennya Onyankopɔn ahenni no.”—1 Kor. 6:9, 10.
12. Aguamammɔ ne nna mu nneyɛe ahorow a nnipa a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyɛ mu no, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ ho?
• “Munguan aguamammɔ!”—1 Kor. 6:18.
13. Nnuru bi wɔ hɔ a sɛ obi nom anaa ɔtwe kɔ ne mu a, ɛka ne hɔ, na ebi nso wɔ hɔ a ɛma sɛnea obi yɛ n’ade sesa. Sɛ ɛnyɛ oduruyɛfo bi na wakyerɛ yɛn sɛ yɛmfa saa nnuru no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho?
• “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a adwene wom. Na mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ.”—Rom. 12:1, 2.
14. Nneyɛe a adaemone hyɛ akyi a Onyankopɔn bara no, ebi ne dɛn?
• “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: . . . nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo.”—Deut. 18:10, 11.
15. Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom na ɔpɛ sɛ ɔsan nya Yehowa anim dom a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ntɛm ara?
• “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomso so bio. Mekae sɛ: ‘Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.’”—Dw. 32:5.
• “Mo mu bi yare anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.”—Yak. 5:14, 15.
16. Sɛ wunim sɛ wo yɔnko Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
• “Sɛ ɔkra bi te sɛ obi reka ntam, na ɔyɛ asɛm a asi no ho dansefo anaasɛ ohui anaa nso onim ho biribi na wanka a, wayɛ bɔne na ɛsɛ sɛ ɔsoa ne bɔne.”—Lev. 5:1.
17. Sɛ wɔbɔ asafo no amanneɛ sɛ obi nyɛ Yehowa Dansefo bio a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne onii no di?
• “Mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo anaa ɔpoobɔfo mmmɔ, na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.”—1 Kor. 5:11.
• “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura nkyerɛkyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fie na munnkyia no nso.”—2 Yoh. 10.
18. Ɛsɛ sɛ wo nnamfo paa yɛ wɔn a wɔdɔ Yehowa. Adɛn ntia?
• “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.”—Mmeb. 13:20.
• “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”—1 Kor. 15:33.
19. Adɛn nti na Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu?
• “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea [me, Yesu] menyɛ wiase no fã no.”—Yoh. 17:16.
20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi aban mmara so?
• “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Onyankopɔn; atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.”—Rom. 13:1.
21. Sɛ nnipa hyɛ mmara bi na ɛne Onyankopɔn mmara nhyia a, dɛn na wobɛyɛ?
• “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Aso. 5:29.
22. Sɛ worepɛ adwuma a wobɛyɛ a, kyerɛwnsɛm bɛn na ɛbɛboa wo na woamfa wo ho amfɔrefɔre wiase no?
• “Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman foforo so, na wɔrensua akodi bio.”—Mika 4:3.
• “Mumfi [Babilon Kɛse no] mu, me man, sɛ mompɛ sɛ munya ne bɔne no mu kyɛfa na munya ne haw no bi a.”—Adi. 18:4.
23. Sɛ worepɛ biribi a wobɛyɛ de agyigye w’ani anaa wode begye w’ahome a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wopaw, na nea ɛwɔ he na ɛsɛ sɛ wopo?
• “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Yehowa] kra kyi no koraa.”—Dw. 11:5.
• “Munkyi bɔne, mommata papa ho.”—Rom. 12:9.
• “Biribiara a ɛyɛ nokware, biribiara a ɛsom bo, biribiara a ɛteɛ, biribiara a ɛho tew, biribiara a ɛyɛ fɛ, biribiara a wɔka ho asɛm pa, ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ ne biribiara a ɛsɛ ayeyi no, monkɔ so nsusuw saa nneɛma yi ho.”—Filip. 4:8.
24. Adɛn nti na Yehowa Adansefo ne ɔsom ahorow mmom nsom?
• “Muntumi nnidi wɔ ‘Yehowa pon’ so ne adaemone pon so.”—1 Kor. 10:21.
• “‘Montew mo ho,’ Yehowa na ose, ‘na mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew’; ‘na megye mo.’”—2 Kor. 6:17.
25. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa wo ama woahu sɛ ɛsɛ sɛ wudi afahyɛ bi anaa ɛnsɛ sɛ wudi?
• “Wɔde wɔn ho frafraa amanaman no, na wosuasuaa wɔn nnwuma. Wɔkɔsom wɔn ahoni, na esum wɔn afiri.”—Dw. 106:35, 36.
• “Awufo de, wonnim biribiara.”—Ɔsɛnk. 9:5.
• “Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no.”—Yoh. 17:16.
• “Bere a atwam no dɔɔso ma mo sɛ moyɛɛ nea amanaman no pɛ de mo ho hyɛɛ ahohwibra, akɔnnɔ bɔne, asanom bebrebe, anigye ntraso, akɔwensafo fekuw, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.”—1 Pet. 4:3.
26. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ eye sɛ wubedi awoda anaa enye sɛ wubedi a, Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛbɛboa wo?
• “Nnansa so a Farao redi n’awoda no, ɔtow pon maa ne nkoa nyinaa, na oyii nsahyɛfo panyin ne paanootofo panyin no fii adi wɔ ne nkoa no anim. Ɔsan de nsahyɛfo panyin no dibea maa no . . . Na paanootofo panyin no de, ɔsɛn no.”—Gen. 40:20-22.
• “Bere a wɔredi Herode awoda no, Herodia babea sawee wɔ ase ma ɛyɛɛ Herode fɛ yiye ma ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a obebisa. Ɛnna ne maame tutu guu n’asom ma ɔkae sɛ: ‘Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.’ Na ɔsoma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase.”—Mat. 14:6-8, 10.
27. Adɛn nti na wopɛ sɛ wutie mpanyimfo no akwankyerɛ?
• “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu ho akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.”—Heb. 13:17.
28. Ɛho hia sɛ wo ne w’abusua yi bere si hɔ de kenkan Bible daa, na mosan yi bere si hɔ de sua daa. Adɛn ntia?
• “N’ani gye Yehowa mmara ho, na ɔkenkan ne mmara dwinnwen ho awia ne anadwo. Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua wɔ nsuten ho, a ɛsow aba ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ biara bewie yiye.”—Dw. 1:2, 3.
29. Adɛn nti na w’ani gye ho sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam na wode wo ho ahyem?
• “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.”—Dw. 22:22.
• “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—Heb. 10:24, 25.
30. Dɛn ne adwuma a ɛho hia sen biara a Yesu de ama yɛn sɛ yɛnyɛ?
• “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mat. 28:19, 20.
31. Yɛreyi ntoboa de aboa Ahenni adwuma no, anaa yɛreboa yɛn nuanom a, yɛyɛ no sɛn a ɛnna ɛsɔ Yehowa ani?
• “Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.”—Mmeb. 3:9.
• “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Kor. 9:7.
32. Ɔhaw ahorow bɛn na Kristofo hwɛ kwan sɛ nkurɔfo de bɛba wɔn so?
• “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea. Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.”—Mat. 5:10-12.
33. Sɛ obi bɔ asu bɛyɛ Yehowa Dansefo a, ɛyɛ hokwan soronko paa. Adɛn ntia?
• ‘W’asɛm bɛyɛɛ ahurusi ne anigye wɔ me koma mu; wo din na ɛda me so, O Yehowa Nyankopɔn.’—Yer. 15:16.
-
-
Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw HoNhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
-
-
NSƐMMISA A WƆNE WƆN A WƆPƐ SƐ WƆBƆ ASU SUSUW HO
Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho
Mpɛn pii no, wɔbɔ nkurɔfo asu wɔ Yehowa Adansefo nhyiam nketewa ne akɛse ase. Sɛ ɔkasafo no de asubɔ kasa no reba awiei a, ɔma wɔn a wɔrebɛbɔ asu no sɔre gyina hɔ de nne a emu da hɔ bua nsɛmmisa mmienu a edidi so yi:
1. Woanu wo ho wɔ wo bɔne ho, woahyira wo ho so ama Yehowa, na woagye atom sɛ Yesu Kristo na Yehowa nam no so begye yɛn nkwa anaa?
2. Wugye tom sɛ, sɛ wobɔ asu a, woabɛyɛ Yehowa Danseni, na woabɛka Yehowa ahyehyɛde no ho anaa?
Nsɛmmisa yi a asubɔfo no bebua no sɛ yiw no kyerɛ sɛ ‘wɔrepae mu aka’ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi, na wɔahyira wɔn ho so koraa ama Yehowa. (Rom. 10:9, 10) Ɛsɛ sɛ asubɔfo no di kan bɔ ho mpae na wosusuw nsɛmmisa yi ho anibere so sɛnea ɛbɛyɛ a wobefi wɔn komam abua no yiye.
Woabɔ mpae ahyira wo ho so ama Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ ɔno nko ara na wobɛsom no, na wobɛma n’apɛde a wobɛyɛ ho ahia wo asen biribi foforo biara anaa?
Seesei wugye di paa sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo asu anim anim yi ara?
Atade bɛn na ɛfata sɛ wohyɛ bɔ asu? (1 Tim. 2:9, 10; Yoh. 15:19; Filip. 1:10)
Ɛsɛ sɛ yɛde “fɛre ne adwenemtew” siesie yɛn ho de kyerɛ sɛ ‘yɛsom Onyankopɔn.’ Enti ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔrebɛbɔ asu no hyɛ ntade nketenkete a wɔde guare nsu, ntade a ɛbɛma wɔn ho agu hɔ, anaa ntade a wɔakyerɛkyerɛw mu. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ani tew, ɛyɛ kama, na ɛfata asubɔ no.
Sɛ wɔrebɔ obi asu a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade? (Luka 3:21, 22)
Sɛnea wɔbɔɔ Yesu asu no, saa ara na Kristofo yɛ nnɛ. Ná Yesu nim sɛ asubɔ yɛ aniberesɛm. Sɛnea ɔyɛɛ n’ade ne suban a ɔdaa no adi no ma yehu saa. Wei nti, sɛ wɔrebɔ obi asu a, ɛnsɛ sɛ oyi nsɛnkwaa a ɛmfata, odi agorɔ, ɔboro nsu, anaa ɔyɛ biribi a ɛbɛma asubɔ no ayɛ sɛ gyama agorɔ bi na wɔredi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristoni a wɔabɔ no asu foforo no yɛ n’ade te sɛ nea wadi nkonim kɛse bi. Ɛwom sɛ asubɔ yɛ anigye bere de, nanso ɛsɛ sɛ yɛda anigye no adi wɔ nidi mu.
Sɛ wokɔ asafo nhyiam daa na wo ne asafo no bɔ bere nyinaa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ma woakɔ so adi Yehowa nokware?
Wobɔ asu wie a, adɛn nti na ehia sɛ woyɛ nhyehyɛe pa de sua ade na wokɔ asɛnka daa?
-