Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 91-94
  • Nneɛma Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Bɔne
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 91-94

Nneɛma Bɔne

Nneɛma bɔne bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho fi ho?

Abosonsom

Hwɛ “Abosonsom”

Abususɛm; ɔkasatia

Mt 5:22; 1Ko 6:9, 10; Efe 4:31

Hwɛ nea edidi so yi nso: Ex 22:28; Ɔsɛ 10:20; Yuda 8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Sa 16:5-8; 1Ah 2:8, 9, 44, 46—Simei domee ɔhene a Yehowa asra no, na onyaa ho asotwe

Adanmude a wɔtua anaa wɔgye

Ex 23:8; Dw 26:9, 10; Mme 17:23

Hwɛ nea edidi so yi nso: De 10:17; 16:19; Dw 15:1, 5

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 8:1-5—Odiyifo Samuel mma anni ne nhwɛso pa no akyi, mmom wɔgyee adanmude, na wɔkyeaa atemmu

    • Ne 6:10-13—Atamfo bɔɔ Semaia paa sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔntoro mfa nhunahuna Amrado Nehemia, na ɛmmrɛ Onyankopɔn adwuma ase

Adewia; korɔnbɔ

Hwɛ “Adewia; Korɔnbɔ”

Adɛfɛdɛfɛsɛm

Hio 32:21, 22; Dw 5:9; 12:2, 3; Mme 26:24-28; 29:5

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 28:23; 1Te 2:3-6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Lu 18:18, 19—Obi yɛe sɛ ɔde abodin bi redɛfɛdɛfɛ Yesu, nanso Yesu annye antom

    • Aso 12:21-23—Bere a nkurɔfo dɛfɛdɛfɛɛ Ɔhene Herode Agripa sɛ ɔyɛ onyame no, ogye toom; bɔne a ɔyɛe yi nti, Yehowa bɔɔ no kum no

Adidi mmoroso

Mme 23:20, 21; 28:7

Hwɛ Lu 21:34, 35 nso

Aguamansɛm ho mfoni; ponografi

Hwɛ “Aguamansɛm Ho Mfoni; Ponografi”

Ahohwibra; ɔbra fĩ; aguamammɔ; awaresɛe

Hwɛ “Aguamammɔ”

Ahunahuna

Efe 6:9; 1Pe 2:23

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 10:4, 7; 73:3, 8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 4:15-21—Sanhedrin no hunahunaa Yesu asuafo no sɛ wɔnyae asɛnka adwuma no

Akansi

Ɔsɛ 4:4; Ga 5:26

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mr 9:33-37; 10:35-45—Ná Yesu asomafo no taa pere dibea, enti ɔtenee wɔn adwene mpɛn pii

    • 3Yo 9, 10—Ná Diotrefe pɛ sɛ “odi kan” wɔ anuanom mu

Akasakasa; akyinnyegye

Hwɛ “Akasakasa; Akyinnyegye”

Anomdwa

Hwɛ “Anomdwa”

Anwiinwii

1Ko 10:10; Flp 2:14; Yuda 16

Hwɛ Nu 11:1 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Nu 14:1-11, 26-30—Israelfo nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, nanso Yehowa faa no sɛ ɔno na wɔrenwiinwii tia no

    • Yoh 6:41-69—Yudafo no nwiinwii tiaa Yesu; n’asuafo no bi nso gyaw no hɔ kɔe

Apontow a ase yɛ gyegyeegye

Ro 13:13; Ga 5:19, 21; 1Pe 4:3

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 20:1; 1Ko 10:31

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Da 5:1-4, 30—Ɔhene Belsasar tow pon kɛse bi. Ɔnom nsã boroo so, na obuu Yehowa animtiaa; nea ɔyɛe no nti, Yehowa ma wɔkum no

Apoobɔ

Dw 62:10; 1Ko 5:10, 11; 6:9, 10

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 1:19; 15:27

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yer 22:11-17—Ɔhene Salum (a wɔsan frɛ no Yehoahas) bɔɔ nkurɔfo apoo, na ɔyɛɛ bɔne afoforo a emu yɛ duru; wei nti Yehowa buu no kumfɔ

    • Lu 19:2, 8—Sakeo a na ɔyɛ wɔn a wɔgyigye tow no mpanyimfo no baako no bɔɔ nkurɔfo apoo; akyiri yi, onuu ne ho, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn anan

    • Aso 24:26, 27—Ná Amrado Felike rehwɛ kwan sɛ ɔsomafo Paul bɛma no adanmude anaa braeb, nanso Paul amma no

Asabow; wɔn a wɔnom nsã pii

Mme 20:1; 23:20, 29-35; 1Ko 5:11; 6:9, 10

Hwɛ nea edidi so yi nso: Efe 5:18; 1Ti 3:8; Tit 2:3; 1Pe 4:3

Hwɛ “Asanom” nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 9:20-25—Noa nom nsã bowee, na ɛbɔɔ kwan maa Ham ne ne ba Kaanan yɛɛ bɔne a emu yɛ duru

    • Da 5:1-6, 30—Ɔhene Belsasar nom nsã bowee, na odidii Yehowa atɛm; wei nti owui, na n’ahenni no gui

Atorodi; dinsɛe

Hwɛ “Atorodi”

Atorodi; wɔn a wɔdaadaa nkurɔfo

Hwɛ “Atorodi”

Awudi

Ex 20:13; Mt 15:19; 1Pe 4:15

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mt 5:21, 22; Mr 7:21

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ge 4:4-16—Yehowa maa Kain afotu pa nanso wantie, na okum ne nua Habel a na ɔyɛ ɔtreneeni no

    • 1Ah 21:1-26; 2Ah 9:26—Anibere nti, ɔhemmɔne Ahab ne ne yere tirimɔdenfo Ɔhemmaa Yesebel hyehyɛɛ ho ma wɔkum Nabot ne ne mma mmarima

Fɛwdi

Mme 19:29; 24:9

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 17:5; 22:10; 2Pe 3:3, 4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 36:15-21—Bere a Onyankopɔn somaa ne nkoa ne n’adiyifo kɔɔ ne man atuatewfo no nkyɛn no, ɔman no dii wɔn ho fɛw goruu wɔn ho; wei nti ewiee wɔn bɔne

    • Hio 12:4; 17:2; 21:3; 34:7—Bere a na ɔtreneeni Hiob refa sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, nkurɔfo dii ne ho fɛw

Kasafĩ ne nsɛnkwaa a kasafĩ wom

Efe 5:4; Kol 3:8

Hwɛ Efe 4:29, 31 nso

Mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so

Ge 9:4; De 12:16, 23; Aso 15:28, 29

Hwɛ nea edidi so yi nso: Le 3:17; 7:26

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Sa 14:32-34—Israelfo yɛɛ Yehowa bɔne; wɔkunkum mmoa wee a wɔanhwie wɔn mogya angu yiye

Nseku; obi a ɔde ne ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu

Mme 25:23; 1Te 4:11; 2Te 3:11; 1Pe 4:15

Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 20:19; 1Ti 5:13

Ntɔkwaw; awudisɛm

Dw 11:5; Mme 3:31; 29:22

Hwɛ nea edidi so yi nso: 1Ti 3:2, 3; Tit 1:7

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Ex 21:22-27—Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi bɔ obi pira no anaa ɔbɔ no kum no a, wɔntwe n’aso

Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo; wɔn a wɔde mpaapaemu ba

Ro 16:17; Ga 5:19, 20; Tit 3:10, 11; 2Pe 2:1

Hwɛ nea edidi so yi nso: Aso 20:29, 30; 1Ko 1:10-12; Adi 2:6, 15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena