Nneɛma Bɔne
Nneɛma bɔne bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho fi ho?
Abosonsom
Hwɛ “Abosonsom”
Abususɛm; ɔkasatia
Mt 5:22; 1Ko 6:9, 10; Efe 4:31
Hwɛ nea edidi so yi nso: Ex 22:28; Ɔsɛ 10:20; Yuda 8
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Sa 16:5-8; 1Ah 2:8, 9, 44, 46—Simei domee ɔhene a Yehowa asra no, na onyaa ho asotwe
Adanmude a wɔtua anaa wɔgye
Ex 23:8; Dw 26:9, 10; Mme 17:23
Hwɛ nea edidi so yi nso: De 10:17; 16:19; Dw 15:1, 5
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 8:1-5—Odiyifo Samuel mma anni ne nhwɛso pa no akyi, mmom wɔgyee adanmude, na wɔkyeaa atemmu
Ne 6:10-13—Atamfo bɔɔ Semaia paa sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔntoro mfa nhunahuna Amrado Nehemia, na ɛmmrɛ Onyankopɔn adwuma ase
Adewia; korɔnbɔ
Hwɛ “Adewia; Korɔnbɔ”
Adɛfɛdɛfɛsɛm
Hio 32:21, 22; Dw 5:9; 12:2, 3; Mme 26:24-28; 29:5
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 28:23; 1Te 2:3-6
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Lu 18:18, 19—Obi yɛe sɛ ɔde abodin bi redɛfɛdɛfɛ Yesu, nanso Yesu annye antom
Aso 12:21-23—Bere a nkurɔfo dɛfɛdɛfɛɛ Ɔhene Herode Agripa sɛ ɔyɛ onyame no, ogye toom; bɔne a ɔyɛe yi nti, Yehowa bɔɔ no kum no
Adidi mmoroso
Hwɛ Lu 21:34, 35 nso
Aguamansɛm ho mfoni; ponografi
Ahohwibra; ɔbra fĩ; aguamammɔ; awaresɛe
Hwɛ “Aguamammɔ”
Ahunahuna
Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 10:4, 7; 73:3, 8
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Aso 4:15-21—Sanhedrin no hunahunaa Yesu asuafo no sɛ wɔnyae asɛnka adwuma no
Akansi
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mr 9:33-37; 10:35-45—Ná Yesu asomafo no taa pere dibea, enti ɔtenee wɔn adwene mpɛn pii
3Yo 9, 10—Ná Diotrefe pɛ sɛ “odi kan” wɔ anuanom mu
Akasakasa; akyinnyegye
Hwɛ “Akasakasa; Akyinnyegye”
Anomdwa
Hwɛ “Anomdwa”
Anwiinwii
Hwɛ Nu 11:1 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Nu 14:1-11, 26-30—Israelfo nwiinwii tiaa Mose ne Aaron, nanso Yehowa faa no sɛ ɔno na wɔrenwiinwii tia no
Yoh 6:41-69—Yudafo no nwiinwii tiaa Yesu; n’asuafo no bi nso gyaw no hɔ kɔe
Apontow a ase yɛ gyegyeegye
Apoobɔ
Dw 62:10; 1Ko 5:10, 11; 6:9, 10
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 1:19; 15:27
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yer 22:11-17—Ɔhene Salum (a wɔsan frɛ no Yehoahas) bɔɔ nkurɔfo apoo, na ɔyɛɛ bɔne afoforo a emu yɛ duru; wei nti Yehowa buu no kumfɔ
Lu 19:2, 8—Sakeo a na ɔyɛ wɔn a wɔgyigye tow no mpanyimfo no baako no bɔɔ nkurɔfo apoo; akyiri yi, onuu ne ho, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn anan
Aso 24:26, 27—Ná Amrado Felike rehwɛ kwan sɛ ɔsomafo Paul bɛma no adanmude anaa braeb, nanso Paul amma no
Asabow; wɔn a wɔnom nsã pii
Mme 20:1; 23:20, 29-35; 1Ko 5:11; 6:9, 10
Hwɛ nea edidi so yi nso: Efe 5:18; 1Ti 3:8; Tit 2:3; 1Pe 4:3
Hwɛ “Asanom” nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 9:20-25—Noa nom nsã bowee, na ɛbɔɔ kwan maa Ham ne ne ba Kaanan yɛɛ bɔne a emu yɛ duru
Da 5:1-6, 30—Ɔhene Belsasar nom nsã bowee, na odidii Yehowa atɛm; wei nti owui, na n’ahenni no gui
Atorodi; dinsɛe
Hwɛ “Atorodi”
Atorodi; wɔn a wɔdaadaa nkurɔfo
Hwɛ “Atorodi”
Awudi
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mt 5:21, 22; Mr 7:21
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 4:4-16—Yehowa maa Kain afotu pa nanso wantie, na okum ne nua Habel a na ɔyɛ ɔtreneeni no
1Ah 21:1-26; 2Ah 9:26—Anibere nti, ɔhemmɔne Ahab ne ne yere tirimɔdenfo Ɔhemmaa Yesebel hyehyɛɛ ho ma wɔkum Nabot ne ne mma mmarima
Fɛwdi
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 17:5; 22:10; 2Pe 3:3, 4
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Be 36:15-21—Bere a Onyankopɔn somaa ne nkoa ne n’adiyifo kɔɔ ne man atuatewfo no nkyɛn no, ɔman no dii wɔn ho fɛw goruu wɔn ho; wei nti ewiee wɔn bɔne
Hio 12:4; 17:2; 21:3; 34:7—Bere a na ɔtreneeni Hiob refa sɔhwɛ a emu yɛ den mu no, nkurɔfo dii ne ho fɛw
Kasafĩ ne nsɛnkwaa a kasafĩ wom
Mogya a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so
Ge 9:4; De 12:16, 23; Aso 15:28, 29
Hwɛ nea edidi so yi nso: Le 3:17; 7:26
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 14:32-34—Israelfo yɛɛ Yehowa bɔne; wɔkunkum mmoa wee a wɔanhwie wɔn mogya angu yiye
Nseku; obi a ɔde ne ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu
Mme 25:23; 1Te 4:11; 2Te 3:11; 1Pe 4:15
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 20:19; 1Ti 5:13
Ntɔkwaw; awudisɛm
Hwɛ nea edidi so yi nso: 1Ti 3:2, 3; Tit 1:7
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ex 21:22-27—Mose Mmara no kaa sɛ, sɛ obi bɔ obi pira no anaa ɔbɔ no kum no a, wɔntwe n’aso
Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo; wɔn a wɔde mpaapaemu ba
Ro 16:17; Ga 5:19, 20; Tit 3:10, 11; 2Pe 2:1
Hwɛ nea edidi so yi nso: Aso 20:29, 30; 1Ko 1:10-12; Adi 2:6, 15