Nneɛma Mu Ayɛ Den Nnɛ
BIBLE hyɛɛ nkɔm sɛ adesamma behyia “mmere a emu yɛ den.” Ɛka saa bere yi ho asɛm sɛ “nna a edi akyiri.” (2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:3-7) Bere a Yesu Kristo rebua n’asuafo no asɛm bi a ɛfa “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” ho no, ɔkaa bere koro yi ara ho asɛm. (Mateo 24:3) So yɛte nna a edi akyiri no mu? Fa nea Bible hyɛɛ ho nkɔm no toto nea wɔabɔ ho amanneɛ a wɔafa mu asɛm aka wɔ ase ha no ho, na afei w’ankasa bua fa.
Nea Bible hyɛɛ ho nkɔm: akodi a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa—Luka 21:10; Adiyisɛm 6:4.
Nea wɔbɔ ho amanneɛ nnɛ: “Nnipa a wowuwui wɔ akodi mu wɔ mfe 100 a atwam ni mu no yɛ nnipa a wowuwui wɔ akodi mu wɔ mfe 1,900 a atwam ni no mmɔho abiɛsa.”—Worldwatch Institute.
Nea Bible hyɛɛ ho nkɔm: aduankɔm ne ɔyaredɔm—Luka 21:11; Adiyisɛm 6:5-8.
Nea wɔbɔ ho amanneɛ nnɛ: Wɔ afe 2004 mu no, wobuu akontaa sɛ asase so nnipa ɔpepem 863 annya aduan pa anni. Ná ɛboro afe 2003 de no so ɔpepem 7.—Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Aduan ne Kuadwuma Ho Nsɛm So.
Nnipa bɛyɛ ɔpepepem biako nni baabi pa te; nnipa bɛboro ɔpepepem abien ne fã tete mmeae a ɛhɔ ntew; nnipa bɛyɛ ɔpepepem biako ne kakra nni nsu pa a wɔnom.—Worldwatch Institute.
Atiridiinini haw nnipa ɔpepem 500; nnipa ɔpepem 40 wɔ HIV-AIDS; nsamanwaw kunkum nnipa bɛboro ɔpepem biako ne fã wɔ afe 2005 mu.—Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde.
Nea Bible hyɛɛ ho nkɔm: asase no a wɔsɛe no—Adiyisɛm 11:18.
Nea wɔbɔ ho amanneɛ nnɛ: “Nnwuma a nnipa yɛ wɔ asase so nti, ɛrenkyɛ, mmoa ne afifide pii ase betumi ahyew.” “Ɛrekame ayɛ sɛ adwuma a adebɔ mu nneɛma yɛ de boa ma nkwa kɔ so wɔ yɛn okyinnsoromma yi so no so atew koraa.”—Millennium Ecosystem Assessment.
“Mframa bɔne a nnipa apuw agu wim no ama wim tebea asɛe wɔ asase yi so, na adu baabi a sɛ yɛanyɛ ho hwee a ebetumi de okyinnsoromma yi ato asiane kɛse mu.”—NASA, Goddard Institute for Space Studies.
Nea Bible hyɛɛ ho nkɔm: wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa—Mateo 24:14; Adiyisɛm 14:6, 7.
Nea wɔbɔ ho amanneɛ nnɛ: Wɔ afe 2007 mu no, Yehowa Adansefo dodow a ɛsen biara 6,957,854 de nnɔnhwerew bɛyɛ ɔpepepem biako ne fã kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ nsase 236 so.—2008 Yearbook of Jehovah’s Witnesses.
Sɛnea yɛadi kan aka no, Bible hyɛɛ nkɔm sɛ asɛmmɔne a yɛte nyinaa akyi no, yɛwɔ nea yebetumi agyina so anya asetra ho adwempa. Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa.” Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Ɔkwan bɛn so na ɛde asetra pa bɛbrɛ adesamma? Na mfaso bɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛma woanya?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Bible hyɛɛ tebea a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no ho nkɔm