Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 6
  • Wɔboa Ahiafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔboa Ahiafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Buronya Mu Ahosɛpɛw No—Afa He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Suasua Yesu Na Hu Ahiafo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nya Anigye​—Hu Amanehunufo Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Buronya Honhom” No Yɛ Kristofo De Dɛn?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 6

Wɔboa Ahiafo

“Nea ohu mmɔbɔ no benya nhyira, efisɛ ɔde aduan ma ohiani.”​—MMEBUSƐM 22:9.

Ade a ɛma ebinom di Buronya.

Esiane sɛ Yesu boaa ahiafo, ayarefo, ne abrɛfo nti, ebinom pɛ sɛ wosuasua no. Wɔn adwene ne sɛ, bere pa a ɛsɛ sɛ wɔboa ahiafo ne Buronya bere, bere a adɔe kuw ahorow yere wɔn ho paa gyigye akyɛde fi nkurɔfo hɔ no.

Dɛn na ɛma ɛyɛ den?

Afahyɛ bere no du a, ade a egye nkurɔfo adwene paa ne sɛ wɔbɛtotɔ nneɛma agye wɔn ani na wɔakɔsrasra wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo. Ɛno mma wonnya adagyew mma ahiafo ne mmɔborɔwafo na wɔde sika anaa biribi foforo aboa wɔn; nea wotumi yɛ ara ne sɛ ebia wɔde mmoa no besi adɔe kuw bi so.

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa?

“Mfa yiyeyɛ nkame wɔn a ɛsɛ wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛyɛ.” (Mmebusɛm 3:27) Ɛnyɛ Buronya bere nko ara na ahiafo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn ne abrɛfo hia yɛn mmoa. Sɛ wuhu sɛ obi ho akyere no ma ohia mmoa na sɛ “wowɔ tumi a wode bɛyɛ” a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotena hɔ kosi da titiriw bi ansa na woaboa no? Sɛ woboa nkurɔfo a, Onyankopɔn behyira w’ayamye ne wo mmɔborɔhunu no.

“Nnawɔtwe biara mu da a edi kan no, mo mu biara nhwɛ nea wanya na onyi biribi nsie wɔ ne fie.” (1 Korintofo 16:2) Ɔsomafo Paulo de afotu yi maa tete Kristofo a na wɔpɛ sɛ wɔboa ahiafo no. Wubetumi de sika bi ‘asie’ anaa woatwa sika bi ato hɔ a wode bɛma ahiafo anaa kuw bi a wɔhwɛ sika so yiye? Sɛ woyɛ saa a, ɛma wutumi hwɛ w’ahoɔden ho boa ahiafo.

“Bio nso, mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:16) Hyɛ no nsow sɛ ‘nneɛma a yɛne afoforo bɛkyɛ’ no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛkae “papayɛ” nso, kyerɛ sɛ, nneɛma a yɛbɛyɛ aboa afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, awofo a wɔpɛ wɔn mma yiye betumi atete mmofra no ama wɔayɛ nneɛma bi ama nkwakoraa ne mmerewa. Wobetumi akyerɛ mmofra no sɛ, sɛ obi yare a, wobetumi akyerɛw krataa akɔma no, wobetumi afrɛ no telefon so anaa wɔakɔsra no. Ne nyinaa betumi ahyɛ onii no nkuran. Ɛno ma mmofra no sua sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo papa na wɔakyɛ ade wɔ afe no nyinaa mu.

Awofo a wɔpɛ wɔn mma yiye betumi atete mmofra no ama wɔayɛ nneɛma bi ama nkwakoraa ne mmerewa, ayarefo ne mmofra a wohia mmoa. Ɛno ma mmofra no sua sɛ wɔbɛyɛ nkurɔfo papa na wɔakyɛ ade wɔ afe no nyinaa mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena