Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 12/1 kr. 7
  • Ɛyɛ Bere a Abusuafo Hyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛyɛ Bere a Abusuafo Hyia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayɛ Nsakrae Mprempren A Me Nananom Ne Yɛn Te Yi’?
    Nyan!—1992
  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 12/1 kr. 7

Ɛyɛ Bere a Abusuafo Hyia

“Hwɛ! Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!”—DWOM 133:1.

Ade a ɛma ebinom di Buronya.

Esiane sɛ na Israelfo no nyinaa yɛ Yakob anaa Israel asefo nti, na wɔn nyinaa yɛ “anuanom” anaa abusua biako. Sɛ wohyia wɔ Yerusalem di afahyɛ a, na “eye” na ɛyɛ “fɛ” nso. Ɛnnɛ nso, nnipa bebree te nka sɛ edu Buronya bere a, “eye,” na ɛyɛ “fɛ” sɛ wɔne wɔn abusuafo behyia te sɛ Israelfo no.

Dɛn na ɛma ɛyɛ den?

Nhoma bi ka sɛ: “Ɛyɛ a na nsɛm hyehyɛ abusuafo mu a wɔmmɔ so wɔ afe no mu, nanso sɛ abusua no hyia afahyɛ bere no a, etumi pue ma ɛdan akasakasa.”—Encyclopedia of Christmas and New Year’s Celebrations.

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa?

‘Tua w’awofo ne wo nananom ka sɛnea ɛsɛ.’ (1 Timoteo 5:4) Bɔ mmɔden biara sɛ wobɛtaa asrasra w’abusuafo. Sɛ wonte mmɛn w’abusuafo mpo a, wubetumi ne wɔn adi nkitaho daa. Adɛn nti na wonkyerɛw wɔn anaa womfrɛ wɔn wɔ telefon so anaasɛ wo ne wɔn nni nkitaho wɔ Intanɛt so? Sɛ wotaa ne wɔn di nkitaho a, ɛntaa mma akasakasa mma.

“Yɛn de, yensiw mo kwan yɛn komam, . . . montrɛw mo komam.” (2 Korintofo 6:12, 13) Abusuafo a yɛntaa nhu wɔn no, sɛ yehyia wɔn a, na wɔayɛ ahɔho ama yɛn. Mmofra paa na ɛtaa yɛ wɔn saa. Mmofra bi wɔ hɔ a, wɔn nananom anaa wɔn abusuafo a wɔwɔ akyirikyiri no, wonhu wɔn sɛ wɔyɛ abusuafo. Enti hyɛ wo mma nkuran ma ‘wɔntrɛw wɔn komam’ mma ebi nka abusuafo a wɔn ani afi no.a Sɛ mmofra taa ka kɔ nkwakoraa ne mmerewa ho a, ɛma wonya tema ne anisɔ pii ma mpanyimfo.

“Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye.” (Mmebusɛm 15:23) Dɛn na yɛbɛyɛ na nsɛm nketenkete anaa wantwiwantwi ansɛe yɛne yɛn abusuafo ntam? Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ, sɛ asɛm bi sɔre a, ɛsɛ sɛ yɛpɛ “bere a ɛsɛ” de ka. Sɛ motaa di nkitaho a, ɛma mo ntam yɛ kama, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ mubesiesie mo ntam asɛm, na bere biara a mubehyia no, mubehu sɛ “eye” na ɛyɛ “fɛ.”

a Hwɛ May 8, 2001 Nyan! mu asɛm a wɔato din “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?” ne June 8, 2001 Nyan! mu asɛm a wɔato din “Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?” Yehowa Adansefo na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena