Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 8/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Henanom Mpaebɔ Na Wobua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 8/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Enti Onyankopɔn tie obiara mpaebɔ?

Onyankopɔn tie nnipa a wofi aman nyinaa mu. (Dwom 145:18, 19) N’Asɛm Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ biribiara a ɛhaw yɛn no, yɛnka nkyerɛ no. (Filipifo 4:6, 7) Nanso mpaebɔ bi wɔ hɔ a Onyankopɔn ani nnye ho. Ebi ne sɛ wobɛkyere nsɛm bi agu wo tirim na wode ayɛ mpae a wobɔ no bere biara.​—Kenkan Mateo 6:7.

Bio nso, nnipa a wɔhyɛ da bu Yehowa mmara so no, ɔmpɛ wɔn mpaebɔ atie. (Mmebusɛm 28:9) Tete hɔ no, Israelfo a na wodi awu no, Onyankopɔn antie wɔn mpaebɔ. Enti emu da hɔ paa sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi ansa na Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ.​—Kenkan Yesaia 1:15.

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na Onyankopɔn atie yɛn?

Sɛ yenni gyidi a, yɛrentumi mmɔ Onyankopɔn mpae. (Yakobo 1:5, 6) Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ ɔwɔ hɔ na odwen yɛn ho. Sɛ yesua Bible a, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ den, efisɛ yɛka gyidi a, ɛkyerɛ adanse ne awerɛhyem a yenya fi Onyankopɔn Asɛm mu.​—Kenkan Hebrifo 11:1, 6.

Sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase ka yɛn komam asɛm nyinaa. Onyankopɔn Ba Yesu mpo de ahobrɛase bɔɔ mpae. (Luka 22:41, 42) Enti ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ Onyankopɔn nea ɔnyɛ; mmom ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible na yehu nea ɔno mmom hwehwɛ fi yɛn hɔ. Sɛ yehu a, ɛnde yebetumi abɔ mpae ama ɛne n’apɛde ahyia.​—Kenkan 1 Yohane 5:14.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 17. Yehowa Adansefo na wotintimii

Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena