Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/12 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
Yɛn Ahenni Som—2012
km 6/12 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 25, 2012 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

1. Awerɛhyem bɛn na Yeremia ti a onya didii mu wɔ ahokyere bere mu no ma yenya? (Yer. 37:21) [May 7, w97 9/15 kr. 3 nky. 4–kr. 4 nky. 1]

2. Akwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no suasua nhwɛso pa a Ebed-Melek yɛe no? (Yer. 38:8-13) [May 7, su kr. 179 nky. 9]

3. Esiane sɛ Yehowa de Nebukadresar awɛmfo bɔɔ Yeremia ne Baruk ho ban nti, so ɛfata sɛ Kristofo bɛma polisifo de akode abɔ wɔn ho ban nnɛ? (Yer. 39:11-14) [May 14, w83-E 7/15 kr. 31]

4. “Nneɛma akɛse” bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Baruk rehwehwɛ, na nea ɔyɛe wɔ Yehowa afotu no ho no boa yɛn ma yɛde yɛn adwene si dɛn so? (Yer. 45:5) [May 21, w06 8/15 kr. 18 nky. 1; kr. 19 nky. 6]

5. Bere a Yehowa reka asotwe a ɛfata sɛ ɛba Edom so ho asɛm no, dɛn nti na wanka sɛ ɔbɛyɛ n’ade te sɛ “wɔn a wɔtetew bobe” ne “akorɔmfo”? (Yer. 49:9, 10) [May 28, w77-E kr. 442 nky. 7–kr. 443 nky. 1]

6. Dɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Ɔhene Sedekia bere a ‘ɔtew atua tiaa Babilon hene’ no mu? (Yer. 52:3, 7-11) [June 4, w88 11/15 kr. 15 nky. 8; w81-E 4/1 kr. 13 nky. 3-4; kr. 14 nky. 6]

7. Dɛn ne Yehowa “nan ntiaso” ne ne “sese”? (Kwa. 2:1, 6) [June 11, w07 6/1 kr. 9 nky. 2]

8. Ná Yeremia kyerɛ dɛn bere a ɔkae sɛ Yehowa “bɛkae na woakotow ama me,” na dɛn nti na eyi ho hia yɛn kɛse? (Kwa. 3:20) [June 18, w07 6/1 kr. 11 nky. 2]

9. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ obi sua sɛnea ɔbɛsoa n’amanehunu kɔndua wɔ ne mmerantebere mu? (Kwa. 3:27) [June 18, w07 6/1 kr. 11 nky. 4; w87-E 2/15 kr. 24 nky. 1]

10. Ɔkwan bɛn so na nhwɛso a Hesekiel yɛe no betumi aboa yɛn ma yɛde akokoduru aka asɛm no bere a afoforo nkyerɛ ho anigye no? (Hes. 3:8, 9) [June 25, w08 7/15 kr. 8-9 nky. 6-7]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena