Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/12 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
Yɛn Ahenni Som—2012
km 8/12 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 27, 2012 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

1. Hesekiel anisoadehu a ɛfa Yudafo a na wɔawae ho no yɛ dɛn ho mfonini, na asuade titiriw bɛn na yenya fi mu? (Hes. 8:15-17) [July 2, w07 7/1 kr. 13 nky. 6; w93 1/15 kr. 27-28 nky. 7, 12]

2. Ɔkwan bɛn so na nyamesom akannifo dodow no ara suasua atoro adiyifo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no? (Hes. 13:3, 7) [July 9, w99 10/1 kr. 13 nky. 14-15]

3. Hena ne “nea afefɛw frɔmfrɔm” a wɔka ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 17:22-24 no mu no, dɛn ne “bepɔw tenten kokuroo” a wotuu no kɔtɛw no wɔ so no, na ɔkwan bɛn so na ɔbɛba abɛyɛ “kyeneduru kɛse”? [July 16, w07 7/1 kr. 12-13 nky. 6]

4. Sɛnea abebusɛm a ɛwɔ Hesekiel 18:2 kyerɛ no, henanom na Hesekiel mfɛfo a na ɔne wɔn wɔ nnommumfa mu no kyerɛe sɛ wɔn amanehunu no fi wɔn, na asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi kyerɛwtohɔ yi mu? [July 23, w88 9/15 kr. 18 nky. 10-E; w88 11/1 kr. 16 nky. 10]

5. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Hesekiel 21:18-22 no kyerɛ sɛ nnipa anaa adaemone rentumi nsakra Yehowa atirimpɔw? [July 30, w07 7/1 kr. 14 kr. 4]

6. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hesekiel 24:6, 11, 12 no, nkannare a na ɛwɔ kuku no mu no gyina hɔ ma dɛn, na nnyinasosɛm bɛn na yehu wɔ nkyekyɛm 14? [Aug. 6, w07 7/1 kr. 14 nky. 2]

7. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛfa “Tiro hene” ho nyaa mmamu? [Aug. 6, w08 1/1 kr. 23, nky. 1]

8. Nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Hesekiel 28:2, 12-17 bɛn na ɛfa “Tiro hene” ne ɔfatwafo panyin a ɔne Satan ho? [Aug. 13, w05 10/15 kr. 23-24 nky. 10-14; it-2-E kr. 604 nky. 4-5]

9. Bere bɛn na Egypt danee amamfo mfe 40, na dɛn na ɛma yegye di sɛ ɛdanee amamfo? (Hes. 29:8-12) [Aug. 13, w07 8/1 kr. 8 nky. 5)

10. Dɛn na Hesekiel yɛe wɔ anibiannaso, fɛwdi ne asɛm no a nkurɔfo antie no ho, na awerɛhyem bɛn na Yehowa ma onyae? (Hes. 33:31-33) [Aug. 20, w91 3/15 kr. 17 nky. 16-17]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena