Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 May kr. 14-19
  • Hwehwɛ Kurow a Ɛrensɛe Da No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwehwɛ Kurow a Ɛrensɛe Da No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ƆRENNAN N’AKYI NKYERƐ WO DA NO, FA WO HO TO NO SO
  • TIE WƆN A WƆDI NNEƐMA ANIM NO
  • KYERƐ SƐ WODƆ ANUANOM, NA DA AHƆHOYƐ ADI
  • DƐN NA YƐREHWƐ KWAN?
  • Krataa Bi a Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛde Animia Agyina Mu Akosi Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Yɛn Nuanom a Yɛbɛbɛn Wɔn No Ye Ma Yɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 May kr. 14-19

ADESUA ASƐM 21

DWOM 21 Di Kan Hwehwɛ Ahenni No

Hwehwɛ Kurow a Ɛrensɛe Da No

“Yɛrehwɛ [kurow a] ɛreba no kwan denneennen.”—HEB. 13:14.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Hebrifo ti 13 betumi aboa yɛn nnɛ ne daakye.

1. Dɛn na Yesu kaa sɛ ɛbɛto Yerusalem kurow a na ɛwɔ asomafo no bere so no?

AKA nna kakra ama Yesu Kristo awu no, ɔhyɛɛ nkɔm bi faa Yerusalem ho. Saa nkɔmhyɛ no dii kan baa mu bere a atamfo sɛee Yerusalem ne asɔrefie no. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ bere bi bɛba a, ‘asraafodɔm bɛba abetwa Yerusalem ho ahyia.’ (Luka 21:20) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, sɛ wɔnya hu asraafo no pɛ, wɔnguan mfi kurow no mu ntɛmpa ara. Ampa-ne-ampa ara, Yesu asɛm no baa mu; Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae.—Luka 21:​21, 22.

2. Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo a na wɔtete Yudea ne Yerusalem no, afotu bɛn na ɔsomafo Paul de maa wɔn?

2 Aka mfe kakraa bi ama Roma asraafo akotwa Yerusalem ho ahyia no, ɔsomafo Paul kyerɛw krataa bi; ɛno ne Hebrifo nhoma a ɛwɔ Bible mu no. Saa krataa no mu no, Paul maa Kristofo a na wɔtete Yudea ne Yerusalem no afotu pa pii. Ná saa afotu no bɛboa wɔn ama wɔasiesie wɔn ho ama nea na ɛda wɔn anim no. Dɛn pɔtee na na ɛda wɔn anim? Ná Yerusalem kurow no rebɛsɛe. Sɛ na Kristofo no benya wɔn ti adidi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ wɔbegyaw wɔn afie ne wɔn nnwuma hɔ. Enti Paul kyerɛw Yerusalem kurow no ho asɛm sɛ: “Yenni kurow a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Yɛrehwɛ nea ɛreba no kwan denneennen.”—Heb. 13:14.

3. Dɛn ne “kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no,” na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ?

3 Kristofo a wɔsii gyinae sɛ wɔbefi Yerusalem ne Yudea no, ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo kasa tiaa wɔn dii wɔn ho fɛw, nanso saa gyinaesi no gyee wɔn nkwa. Ɛnnɛ nso, esiane sɛ yɛmfa yɛn ho nto nnipa so anaa yenni sika ne ahonyade akyi nti, nkurɔfo di yɛn ho fɛw. Adɛn nti na yɛmma wei nhaw yɛn? Efisɛ yenim sɛ wiase yi da owu mpa so. Yɛrehwehwɛ “kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den” no; ɛno ne Onyankopɔn Ahenni a “ɛreba no.”a (Heb. 11:10; Mat. 6:33) Asɛmti ketewa biara a yebedu so wɔ adesua yi mu no, yebesusuw nea edidi so yi ho: (1) sɛnea Paul afotu no boaa tete Kristofo no ma wɔkɔɔ so twɛn Onyankopɔn Ahenni no, (2) sɛnea Paul boaa wɔn ma wɔsiesiee wɔn ho maa nea na ɛda wɔn anim no, ne (3) sɛnea n’afotu no boa yɛn nnɛ.

NEA ƆRENNAN N’AKYI NKYERƐ WO DA NO, FA WO HO TO NO SO

4. Adɛn nti na na Yerusalem kurow no som bo ma Kristofo no saa?

4 Ná Yerusalem kurow no som bo ma Kristofo no. Wɔtew asafo a edi kan no wɔ saa kurow no mu wɔ afe 33, na ɛhɔ ara nso na na akwankyerɛ kuw no wɔ. Afei nso, Kristofo a na ɛwɔ kurow no mu no, na wɔn mu bebree wɔ wɔn ankasa afie, na na wɔwɔ agyapade pii nso. Ne nyinaa mu no, Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ ebehia sɛ wɔguan fi Yerusalem ne Yudea.—Mat. 24:16.

5. Sɛn na Paul boaa Kristofo no ma wɔsiesiee wɔn ho maa nea na ɛrebobɔ ba no?

5 Paul boaa Kristofo no ma wɔhuu sɛnea na Yehowa hu Yerusalem kurow no. Ɔyɛɛ saa de siesiee wɔn maa nea na ɛrebobɔ ba no. Paul kaee wɔn sɛ, asɔrefie no, asɔfodi no, ɛne afɔre a wɔbɔ wɔ Yerusalem no, Yehowa nnye ntom bio. (Heb. 8:13) Nnipa a na wɔtete kurow no mu no, na wɔn mu pii apo Mesia no. Saa bere no, sɛ obi som bɛsɔ Yehowa ani a, na ɛnyɛ asɔrefie hɔ na ɛsɛ sɛ ɔkɔ. Esiane sɛ na Yehowa nnye ɔsom a ɛkɔ so wɔ hɔ no ntom bio nti, na ɔrebɛsɛe asɔrefie no.—Luka 13:​34, 35.

6. Adɛn nti na na ehia paa sɛ Kristofo no tie Paul afotu a ɛwɔ Hebrifo 13:​5, 6 no?

6 Bere a Paul kyerɛw Hebrifo no, na Yerusalem yɛ kurow a emufo di yiye, na na ɛhɔ bɔ so paa. Roma ɔkyerɛwfo bi a na ɔwɔ hɔ saa bere no kaa Yerusalem ho asɛm sɛ, “nkurow a na ɛwɔ Apuei fam nyinaa, ɛno na na agye din paa.” Ná Yudafo a wɔfi mmeae pii tu kwan kɔ hɔ afe biara kodi afahyɛ ahorow no. Ɛno boa maa kurow no sikasɛm kɔɔ yiye. Ɛda adi sɛ, wei maa Kristofo binom nso dii yiye. Ɛbɛyɛ sɛ wei nti na Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ” no. Afei, ɔfaa asɛm bi a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kae. Ná saa asɛm no bɛma wɔanya Yehowa mu ahotoso paa. Ɔkaa sɛ: “Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.” (Kenkan Hebrifo 13:​5, 6; Deut. 31:6; Dw. 118:6) Kristofo a na wɔtete Yerusalem ne Yudea no, na ebehia sɛ wɔma saa asɛm no tena wɔn tirim. Adɛn ntia? Efisɛ bere a wɔn nsa kaa krataa no bere tiaa bi akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔgyaw wɔn afie, wɔn nnwuma ne wɔn agyapade hɔ, na wɔkɔhyɛ abrabɔ foforo ase wɔ baabi foforo.

7. Ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛyɛ kɛse nnɛ?

7 Asuade a ɛwom: Dɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ ɛbɛba nnansa yi ara? “Ahohiahia kɛse” no; ɛno na ɛbɛkɔ akɔtwe wiase awiei no aba. (Mat. 24:21) Sɛnea tete Kristofo no yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛkɔ so wɛn. (Luka 21:​34-36) Ahohiahia kɛse no mu no, ebia ebehia sɛ yegyaw yɛn agyapade nyinaa hɔ, na yenya Yehowa mu ahotoso koraa sɛ ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da. Ɛnnɛ mpo, bere a ahohiahia kɛse no nnya nhyɛɛ ase yi, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ yɛn, enti bisa wo ho sɛ, ‘Me nneyɛe ne botae a esisi m’ani so kyerɛ sɛ migye saa asɛm no di, anaa ahonyade na mede me ho to so?’ (1 Tim. 6:17) Nea esii wɔ tete Kristofo no bere so no, yebetumi asua biribi afi mu na aboa yɛn ma yɛadi nokware wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no de, ɛbɛkyɛn. Sɛ saa ahohiahia no hyɛ ase a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

TIE WƆN A WƆDI NNEƐMA ANIM NO

8. Akwankyerɛ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no?

8 Bere a Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no nsa kaa Paul krataa no, mfe kakraa bi akyi no, Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae. Ɛbaa saa no, Kristofo no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔguan, efisɛ na Yerusalem sɛe adu apon ano. (Mat. 24:3; Luka 21:​20, 24) Nanso ɛhe na na wɔbeguan akɔ? Nea Yesu kae ara ne sɛ: “Momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.” (Luka 21:21) Ná mmepɔw a ɛwɔ pɔw mu hɔ no dɔɔso. Enti mmepɔw no mu nea ɛwɔ he na na wɔbɛkɔ so?

9. Bepɔw a na Kristofo no bɛkɔ so no, adɛn nti na na ebetumi ayɛ wɔn dadwen? (Hwɛ map no nso.)

9 Mmepɔw a na Kristofo no betumi aguan akɔ so no, ebi na edidi so yi: Samaria mmepɔw, Galilea mmepɔw, Hermon bepɔw, Lebanon mmepɔw, ne mmepɔw a na ɛwɔ Yordan asubɔnten no ho no. (Hwɛ map no.) Nkurow a na ɛwɔ mmeae a mmepɔw no wɔ no, anhwɛ a wobɛka sɛ na obi betumi akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hɔ. Gamla kurow no sei, na ɛwɔ bepɔw so paa, na na ɛhɔ kɔ yɛ den. Yudafo no bi huu saa kurow no sɛ ɛyɛ baabi pa a na wɔbetumi akɔbɔ wɔn ho aguaa. Nanso, Romafo ne Yudafo no de fee so wɔ hɔ, na Romafo no kunkum kurow no mufo bebree.b

Map bi a ɛma yehu mmepɔw ne nkurow bi a na ɛwɔ Israel wɔ asomafo no bere so. Yɛhwɛ Yerusalem atifi a, yehu Lebanon, Galilea, Samaria, ne Gilead Mmepɔw no. Afei nso, yehu Hermon Bepɔw, ne Tabor Bepɔw no. Gamla, Kaesarea, ne Pella nkurow no nso wɔ Yerusalem atifi. Yɛhwɛ Yerusalem anaafo a, yehu Yudea ne Abarim mmepɔw, ne Masada kurow no. Bio nso, yehu mmeae a Romafo no koe ne mmeae a efii Yudafo no nsa fi afe 67 kosi afe 73.

Mmepɔw bebree wɔ hɔ a na Kristofo no betumi aguan akɔ so, nanso ɛnyɛ ne nyinaa na wɔkɔ hɔ a na wɔbenya ahobammɔ (Hwɛ nkyekyɛm 9)


10-11. (a) Ɔkwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa faa so maa Kristofo no akwankyerɛ? (Hebrifo 13:​7, 17) (b) Bere a Kristofo no tiee wɔn a na wɔdi wɔn anim no, ɛboaa wɔn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Wɔn a na wɔdi asafo no anim no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn na Yehowa faa wɔn so de akwankyerɛ maa Kristofo no. Akyiri yi, abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius kaa sɛ, Onyankopɔn maa mmarima bi a wɔapaw wɔn a wɔwɔ Yerusalem nyaa oyikyerɛ sɛ, Kristofo no nguan mfi Yerusalem nkɔtena Pella ansa na ɔko no ahyɛ ase; ná Pella yɛ kurow bi a ɛwɔ Perea mantam mu. Ná Pella yɛ beae a sɛ Kristofo no kɔ a ɛbɛboa wɔn paa. Ná ɛbɛn Yerusalem, enti na ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛkɔ hɔ. Wɔn a na wɔte Pella no, esiane sɛ na wɔn mu dodow no ara nyɛ Yudafo nti, ntɔkwaw a na ɛrekɔ so wɔ Yudafo ne Romafo ntam no, na wɔnka ho.—Hwɛ map no.

11 Paul afotu a ɛne sɛ, “monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim” wɔ asafo no mu no, Kristofo a wɔguan kɔɔ mmepɔw so no tie guu aso pa mu. (Kenkan Hebrifo 13:​7, 17.) Wei nti Onyankopɔn nkurɔfo nyaa wɔn ti didii mu. Abakɔsɛm si so dua sɛ, Onyankopɔn annan n’akyi ankyerɛ wɔn a na ‘wɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no.’ Saa kurow no ne Onyankopɔn Ahenni no.—Heb. 11:10.

Tete Kristofo no bi kurakura wɔn nneɛma nam mmepɔw mu.

Ná Kristofo no benya ahobammɔ wɔ Pella (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)


12-13. Sɛn na Yehowa kyerɛ ne nkurɔfo kwan wɔ ahokyere bere mu?

12 Asuade a ɛwom: Wɔn a wɔdi nneɛma anim no, wɔn na Yehowa fa wɔn so de akwankyerɛ pɔtee ma ne nkurɔfo. Sɛnea Yehowa faa mmarima bi so de akwankyerɛ maa ne nkurɔfo wɔ ahokyere bere mu no, ɛho nhwɛso pii wɔ Bible mu. (Deut. 31:23; Dw. 77:20) Ɛnnɛ nso, yɛahu adanse pii a esi so dua sɛ, Yehowa nam wɔn a wɔdi nneɛma anim no so kyerɛ ne nkurɔfo kwan.

13 Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a COVID-19 nsanyare no bae no, “wɔn a wodi . . . anim” no maa nsafo ahorow no akwankyerɛ. Wɔde adesua ne nhyiam ho akwankyerɛ maa asafo mu mpanyimfo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama yɛakɔ so asom Yehowa. Nsanyare no bae no, ankyɛ na yɛyɛɛ nhyiam bi wɔ kasa bɛboro 500 mu. Yɛyɛɛ bi wɔ Intanɛt, TV, ne radio so. Honhom fam aduan a na yenya no, ɛto antwa da. Ɛno nti, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no, emu kɔɔ so yɛɛ den, efisɛ honhom fam aduan koro no ara na yɛn nyinaa dii. Yebetumi anya ahotoso sɛ, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a yebehyia daakye no, Yehowa bɛkɔ so aboa wɔn a wɔdi nneɛma anim no na wɔama yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn. Yɛabehu sɛ, ahohiahia kɛse a ɛbɛwosow wiase nyinaa no, sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ mu a, ehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yedi n’ahyɛde so. Ɛnde, suban bɛn bio na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama ahohiahia kɛse a ɛreba no na yɛayɛ yɛn ade nyansam saa bere no?

KYERƐ SƐ WODƆ ANUANOM, NA DA AHƆHOYƐ ADI

14. Sɛnea Hebrifo 13:​1-3 kyerɛ no, aka kakra ma atamfo asɛe Yerusalem no, suban bɛn na na ehia sɛ Kristofo no nya?

14 Sɛ ahohiahia kɛse no fi ase a, saa bere no paa na ebehia sɛ yɛdodɔ yɛn ho. Nhwɛso pa a Kristofo a na wɔtete Yerusalem ne Yudea yɛe no, sɛ yesuasua a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa. Ná wɔdodɔ wɔn ho paa. (Heb. 10:​32-34) Nanso aka mfe kakraa bi ama wɔasɛe Yerusalem ne asɔrefie no, “onuadɔ” ne “ahɔhoyɛ” a na Kristofo no da no adi no, saa bere no paa na na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mu gya.c (Kenkan Hebrifo 13:​1-3.) Yɛn nso, ɔdɔ a yɛwɔ ma anuanom no, ebehia sɛ yɛhyɛ mu kena bere a wiase yi awiei rebobɔ ba no.

15. Bere a Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no guan fii Yerusalem ne Yudea no, adɛn nti na na ehia sɛ wɔda onuadɔ ne ahɔhoyɛ adi?

15 Roma asraafo no betwaa Yerusalem ho hyiae, nanso prɛko pɛ na wɔsan kɔe. Wei maa Kristofo no nyaa kwan guanee, nanso na nneɛma kakraa bi pɛ na wɔbetumi afa. (Mat. 24:​17, 18) Bere a wɔnam kwan so rekɔ mmepɔw no so no, na ɛsɛ sɛ obiara boa ne yɔnko. Wɔkɔduu Pella a na wɔrekɔhyɛ abrabɔ foforo ase nso, na obiara behia ne yɔnko mmoa. Ɛda adi sɛ na wɔn mu bebree ‘hia mmoa denneennen,’ enti na ɛbɛma Kristofo no anya hokwan de ada onuadɔ ne ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho, na wɔne wɔn nuanom akyɛ nea wɔwɔ.—Tito 3:14.

16. Yɛn nuanom Kristofo a wɔhia mmoa no, nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Asuade a ɛwom: Sɛ yɛn nuanom Kristofo hia mmoa a, ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛboa wɔn. Akokoakoko a ɛrekɔ so ne atoyerɛnkyɛm a ɛresisi nnansa yi nti, yɛn nuanom binom akɔyɛ atubrafo. Nanso anuanom pii fi wɔn pɛ mu yɛ saafo no mmoa. Afei nso, wɔhyɛ wɔn nkuran kyekye wɔn werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so asom Yehowa. Onuawa bi a ofi Ukraine a ɔko nti waguan afi ne kurom kaa sɛ: “Yɛahu sɛnea Yehowa faa yɛn nuanom so boaa yɛn na ɔmaa yɛn akwankyerɛ. Wɔyii wɔn yam boaa yɛn paa wɔ Ukraine ne Hungary, na seesei wɔreboa yɛn wɔ Germany ha nso.” Sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ yɛn nuanom na yɛma wɔn nea wɔhia a, ɛkyerɛ sɛ yɛne Yehowa abom reyɛ adwuma.—Mmeb. 19:17; 2 Kor. 1:​3, 4.

Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim regye abusua bi a wɔyɛ atubrafo fɛw so aba wɔn fie. Wɔkura bag kɛse baako, na obiara nso kura ketewa baako pɛ.

Ɛnnɛ nso, anuanom a wɔyɛ atubrafo no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 16)


17. Ɛnnɛ, adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛda onuadɔ ne ahɔhoyɛ adi?

17 Ɛda adi sɛ, ahohiahia kɛse no mu no, mmoa a yɛde ma yɛn nuanom no, ebehia sɛ yemia mu. (Hab. 3:​16-18) Yehowa retete yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛda onuadɔ ne ahɔhoyɛ adi, efisɛ saa su no bɛboa yɛn paa wɔ ahohiahia kɛse no mu.

DƐN NA YƐREHWƐ KWAN?

18. Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua wɔn?

18 Abakɔsɛm si so dua sɛ, Kristofo a wɔguan fii Yerusalem kɔɔ mmepɔw so no, wɔnyaa wɔn ti didii mu bere a atamfo sɛee kurow no. Wɔgyaw kurow no hɔ, nanso Yehowa annyaw wɔn mu da. Dɛn na yesua fi mu? Yennim sɛnea nneɛma bɛkɔ. Nanso Yesu abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ na yɛnwɛn. (Luka 12:40) Afotu a Paul de kɔmaa Hebrifo no, wɔakora so ama yɛn; yɛn nso yebetumi asua biribi afi mu na yɛde ayɛ adwuma. Ɛno da nkyɛn a, Yehowa ankasa nso ahyɛ yɛn bɔ sɛ, ɔrennyaw yɛn da, na ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da biara da. (Heb. 13:​5, 6) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so atwɛn kurow a ɛrensɛe da a ɛno ne Onyankopɔn Ahenni no. Saa Ahenni no de nhyira pii bɛbrɛ adasamma.—Mat. 25:34.

WUBEBUA SƐN?

  • Ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, adɛn nti na saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den?

  • “Ahohiahia kɛse” no mu no, adɛn nti na ebehia paa sɛ yɛyɛ osetie?

  • Ɛnnɛ, adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yɛda onuadɔ ne ahɔhoyɛ adi?

DWOM 157 Asomdwoe Bebu So!

a Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ mpɛn pii no ahemfo na na wɔdi nkurow so. Kurow a ɔhene di so no, yebetumi aka sɛ ɛyɛ ahenni.—Gen. 14:2.

b Saa asɛm yi sii wɔ afe 67; ná Kristofo no guan fii Yudea ne Yerusalem nkyɛe.

c Asɛmfua a yɛakyerɛ ase “onuadɔ” no, ebetumi akyerɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn abusuafo, nanso Paul de kaa ɔdɔ a ɛwɔ asafo no mu ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena