ADESUA ASƐM 20
DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse
Hwehwɛ Awerɛkyekye Fi Yehowa Hɔ
“Ayeyi nka . . . mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no.”—2 KOR. 1:3.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yudafo a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no, sɛnea Yehowa kyekyee wɔn werɛ no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu.
1. Yudafo a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no, na wɔn asetena te sɛn?
YUDAFO no yɛɛ Yehowa so asoɔden mfe pii. Ɛno nti, Yehowa maa Babilonfo bɛsɛee wɔn kurow no, na wɔde wɔn kɔyɛɛ nkoa. (2 Be. 36:15, 16, 20, 21) Ɛwom, bere a Yudafo no wɔ Babilon no, na wɔwɔ ahofadi a na wɔde yɛ wɔn daa daa asetena mu dwumadi ahorow. (Yer. 29:4-7) Nanso, na asetena nyɛ mmerɛw mma wɔn, efisɛ na ɛnyɛ baabi a wɔpɛ sɛ wɔtena no no. Wɔtee nka sɛn wɔ obi man so a na wɔakodi no? Tie wɔn mu baako anom asɛm: “Babilon nsubɔnten ho na yɛtenatenae. Bere a yɛkaee Sion no, yesui.” (Dw. 137:1) Ná Yudafo a wɔabotow yi hia awerɛkyekye, nanso na ɔwerɛkyekyefo wɔ he?
2-3. (a) Dɛn na Yehowa yɛ maa Yudafo a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon no? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
2 Yehowa yɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Kor. 1:3) Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkyekye n’asomfo nyinaa werɛ. Ná Yehowa nim sɛ Yudafo a wɔakɔyɛ nkoa no, wɔn mu bi benu wɔn ho na wɔasan asom no. (Yes. 59:20) Enti bɛboro mfe 100 ansa na Yudafo no rekɔ nkoasom mu no, Yehowa maa odiyifo Yesaia kyerɛw nsɛm bi maa wɔn. Adɛn nti na ɔkyerɛw saa nsɛm no maa wɔn? Yesaia kaa sɛ: “‘Monkyekye me man werɛ, monkyekye wɔn werɛ,’ mo Nyankopɔn asɛm ni.” (Yes. 40:1) Yehowa nam nsɛm a Yesaia kyerɛwee no so de awerɛkyekye a na Yudafo no behia no maa wɔn.
3 Sɛnea na Yudafo no hia awerɛkyekye no, yɛn nso ɛtɔ da a, yehia awerɛkyekye. Yudafo a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon no, adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ akwan mmiɛnsa a Yehowa faa so kyekyee wɔn werɛ: (1) Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde wɔn a wɔanu wɔn ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, (2) ɔmaa wɔn anidaso, na (3) ɔkaa wɔn koma too wɔn yam. Sɛ yɛresusuw emu biara ho a, hwɛ sɛnea Yehowa fa saa kwan no ara so kyekye yɛn werɛ.
YEHOWA YI NE YAM DE YƐN BƆNE KYƐ YƐN
4. Dɛn na Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmɔborɔhunu Nyankopɔn? (Yesaia 55:7)
4 Yehowa ‘yɛ mmɔborɔhunu Agya.’ (2 Kor. 1:3) Ɔnam Yesaia so kaa sɛ, Yudafo a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon no, ɔde wɔn a wɔanu wɔn ho no bɔne bɛkyɛ wɔn. (Kenkan Yesaia 55:7.) Ɔkaa sɛ: “Me dɔ a enni huammɔ a ɛwɔ hɔ daa nti, mehu wo mmɔbɔ.” (Yes. 54:8) Dɛn na na Yehowa bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu? Ɛwom sɛ na Yudafo no betwa wɔn bɔne no so aba, nanso Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ wɔrenka Babilon. (Yes. 40:2) Wɔn a na wɔanu wɔn ho no, ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm yi kyekyee wɔn werɛ, na ɛhyɛɛ wɔn nkuran!
5. Ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ emu yɛ den sen Yudafo no de no?
5 Dɛn na yesua fi mu? Yehowa pɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn korakora. Ɛnnɛ, ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ emu yɛ den sen Yudafo no de no? Efisɛ yenim nea Yehowa gyina so de yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yesaia nkɔmhyɛ no akyi bɛyɛ mfe 700 no, Yehowa somaa ne Dɔba no baa asaase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mma abɔnefo a wɔanu wɔn ho. Saa afɔrebɔ no na Yehowa gyina so ‘popa’ yɛn bɔne koraa. (Aso. 3:19; Yes. 1:18; Efe. 1:7) Ampa, Onyankopɔn a yɛsom no no yɛ mmɔborɔhunufo!
6. Sɛ yɛde yɛn adwene si Yehowa mmɔborɔhunu so a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Bɔne bi a yɛayɛ nti, sɛ yɛn ahonim reteetee yɛn a, Yehowa asɛm a ɛwɔ Yesaia 55:7 no betumi akyekye yɛn werɛ. Yɛn mu bi wɔ hɔ a, sɛ yɛanu yɛn ho wɔ bɔne bi a yɛayɛ atwam ho mpo a, ebia yɛn ahonim bɛkɔ so ahaw yɛn, ɛnkanka bere a yɛn bɔne no ho nsunsuanso da so ara reteetee yɛn no. Nanso sɛ yɛaka yɛn bɔne na yɛasiesie yɛn akwan a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa de akyɛ yɛn. Afei nso, Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, oyi n’adwene fi so; ɔnkae bio. (Fa toto Yeremia 31:34 ho.) Enti sɛ Yehowa mfa n’adwene nsi bɔne a yɛayɛ atwam so a, yɛn nso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea ehia Yehowa ne nea yɛreyɛ no nnɛ, ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam no. (Hes. 33:14-16) Ɛrenkyɛ, yɛn bɔne ho nsunsuanso a ɛreteetee yɛn no, mmɔborɔhunu Agya no beyi afi hɔ korakora.
Nea ehia Yehowa ne nea yɛreyɛ no nnɛ, ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam no (Hwɛ nkyekyɛm 6)
7. Sɛ yɛayɛ bɔne kɛse bi asie a, dɛn na ebetumi akanyan yɛn ama yɛahwehwɛ mmoa?
7 Sɛ yɛayɛ bɔne kɛse bi asie na yɛn ahonim reteetee yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ mmoa mfi mpanyimfo no hɔ. (Yak. 5:14, 15) Ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka bɔne a yɛayɛ no akyerɛ wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa apaw mmarima anokwafo yi sɛ wɔmmoa yɛn. Enti onim sɛ wɔbesuasua no, na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn na wɔahu yɛn mmɔbɔ. Sɛ yɛma wei tena yɛn adwenem a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔhwehwɛ wɔn hɔ mmoa. Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa mmɔborɔhunu kyekyee onua bi a ne din de Arthura werɛ; bɔne bi a ɔyɛe nti, na n’ahonim haw no paa. Arthur ka sɛ: “Mehwɛɛ ponografi bɛyɛ afe baako. Nanso bere a mitiee ɔkasa bi a ɛfa ahonim ho no, mekaa me bɔne kyerɛɛ me yere ne mpanyimfo no. Ɛno akyi no, me ho tɔɔ me, nanso na ɛda so ara yɛ me yaw sɛ meyɛɛ saa. Mpanyimfo no kaee me sɛ Yehowa mpoo me. Ɔdɔ a ɔdɔ yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. Nsɛm a ɛyɛ dɛ a wɔka kyerɛɛ me no kaa me koma, na ɛboaa me ma migye dii sɛ Yehowa de me bɔne akyɛ me.” Ɛnnɛ, Arthur yɛ ɔkwampaefo ne asafo mu somfo. Sɛ yenu yɛn ho wɔ yɛn bɔne ho a, Yehowa hu yɛn mmɔbɔ de kyɛ yɛn. Wei a yenim no kyekye yɛn werɛ paa!
YEHOWA MA YƐN ANIDASO
8. (a) Yudafo a na wɔakɔyɛ nkoa wɔ Babilon no, anidaso bɛn na Yehowa de maa wɔn? (b) Sɛnea Yesaia 40:29-31 kyerɛ no, Yudafo a na wɔanu wɔn ho no, sɛn na na anidaso bɛboa wɔn?
8 Nnipa ani so de, na anidaso biara nni hɔ sɛ Yudafo no betumi asan akɔ wɔn kurom. Babilon na na edi wiase so tumi saa bere no. Ná wɔagye din sɛ wɔnnyaa wɔn nkoa. (Yes. 14:17) Nanso Yehowa maa ne nkurɔfo nyaa anidaso. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ obegye ne man, na na biribiara ntumi nsiw no kwan. (Yes. 44:26; 55:12) Yehowa ani so no, na Babilon te sɛ mfuturu bi kɛkɛ. (Yes. 40:15) Mfuturu nso de, sɛ ɛwɔ biribi ho a, wunya huwii ara na ɛkɔ. Wei kyerɛ sɛ na ɛrenyɛ den koraa sɛ Yehowa begye ne nkurɔfo. Saa anidaso yi, na ɛbɛboa Yudafo no sɛn? Ná ɛbɛkyekye wɔn werɛ. Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden.” (Kenkan Yesaia 40:29-31.) Ná ‘wɔbetu te sɛ akɔre,’ efisɛ na wɔn anidaso no bɛma wɔanya ahoɔden foforo.
9. Dɛn na na ɛbɛma Yudafo no agye adi sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam?
9 Afei nso, Yehowa maa Yudafo no nyaa adanse a na ɛbɛma wɔagye adi sɛ ne bɔhyɛ bɛbam. Adanse bɛn na ɔde maa wɔn? Ná nkɔmhyɛ pii abam ama wɔahu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na wɔnim sɛ Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam no, Asiria dii wɔn so nkonim, na wɔsoaa nkurɔfo no kɔɔ wɔn kurom. (Yes. 8:4) Afei nso, bere a Babilonfo sɛee Yerusalem na wɔfaa emufo no kɔe no, wɔhui. (Yes. 39:5-7) Ɔhene Sedekia nso, bere a wɔsɛee n’ani na wɔde no kɔɔ Babilon no, wɔhui. (Yer. 39:7; Hes. 12:12, 13) Asɛm biara a na Yehowa aka no baam. (Yes. 42:9; 46:10) Ɛbɛyɛ sɛ wei nyinaa hyɛɛ Yudafo no gyidi den sɛ, ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ obegye wɔn no, ɛno nso bɛbam ɔkwan biara so!
10. Anidaso a yɛwɔ no, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahyɛ mu den wɔ awiei mmere yi mu?
10 Dɛn na yesua fi mu? Sɛ yɛbotow a, anidaso a yɛwɔ no betumi akyekye yɛn werɛ na aboa yɛn ma yɛanya ahoɔden foforo. Yɛte mmere a emu yɛ den mu na atamfo a wɔn ho yɛ hu nso sɔre tia yɛn. Nanso ɛnsɛ sɛ wei bɔ yɛn hu koraa, efisɛ Yehowa ama yɛn anidaso nwanwaso bi. Ɛne sɛ, daakye yɛbɛtena ase daa na yɛanya asomdwoe ne ahobammɔ. Ɛsɛ sɛ yɛma anidaso a yɛwɔ no hyerɛn wɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu. Anyɛ saa a ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛhyɛ ahwehwɛniwa a emu ayɛ fĩ na yɛrehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ fɛ; yɛrenhu no yiye. Yɛbɛyɛ dɛn “apopa efĩ no,” na ama yɛn anidaso no akɔ so ahyerɛn? Asetena pa a yebenya wɔ wiase foforo no mu no, daa ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de dwinnwen ho. Yɛn anidaso no, yebetumi akenkan ho nsɛm, ahwɛ ho video, na yɛatie ho nnwom. Afei nso, nneɛma a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛba daakye no, yebetumi aka akyerɛ no sɛ yɛrehwɛ kwan denneennen.
11. Onuawa bi a yare koankɔ bi abɛtena no so no, dɛn na ɛboa no ma onya ahoɔden foforo?
11 Yare koankɔ bi abɛtena onuawa bi a ne din de Joy so. Momma yɛnhwɛ sɛnea anidaso a ɔwɔ no akyekye ne werɛ na ahyɛ no den. Ɔka sɛ: “Sɛ yare no ho adwinnwen hyɛ me so a, meka sɛnea mete nka no nyinaa kyerɛ Yehowa, efisɛ minim sɛ ɔte me ase. Meyɛ saa a, Yehowa nso ma me ‘tumi a ɛboro nnipa de so.’” (2 Kor. 4:7) Bio nso, ɛyɛ a Joy de n’ani bu sɛ ɔwɔ wiase foforo no mu. Ɛhɔ de, “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yes. 33:24) Yɛn nso, sɛ yɛka yɛn koma mu asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa na yɛde yɛn ani si yɛn anidaso no so a, yebetumi anya ahoɔden foforo.
12. Dɛn na ebetumi ama yɛagye adi sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam? (Hwɛ mfoni no nso.)
12 Yudafo a na wɔwɔ Babilon no, Yehowa maa wɔn adanse pii a na ɛbɛma wɔagye adi sɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛbam. Ɛnnɛ nso, saa ara na ɔyɛ ma yɛn. Yehu sɛ nkɔmhyɛ pii rebam. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yehu sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumidi no, ne ‘fã bi yɛ den na ne fã bi nso yɛ mmerɛw.’ (Dan. 2:42, 43) Yɛte nso sɛ ‘asaasewosow sisi wɔ mmeaemmeae,’ na yɛreka asɛmpa no nso wɔ “amanaman nyinaa” mu. (Mat. 24:7, 14) Saa nkɔmhyɛ yi nyinaa ne nkɔmhyɛ afoforo pii a ɛrebam no hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yenya ahotoso kɛse sɛ Yehowa bɔhyɛ a aka nyinaa bɛbam.
Nkɔmhyɛ a yehu sɛ ɛrebam nnɛ no ma yegye di sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam (Hwɛ nkyekyɛm 12)
YEHOWA KA YƐN KOMA TO YƐN YAM
13. (a) Bere a na Yudafo no rebenya fahodi no, na nsɛm bi a ebesisi no betumi ama wɔate nka sɛn? (b) Sɛnea Yesaia 41:10-13 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekyee Yudafo no werɛ?
13 Ɛwom sɛ Yehowa kyekyee Yudafo a na wɔwɔ Babilon no werɛ, na ɔma wɔnyaa anidaso nwanwaso bi. Nanso na onim sɛ, sɛ bere so sɛ wɔbenya fahodi a, nsɛm bi a na ebesisi no betumi ateetee wɔn. Ná Yehowa ahyɛ nkɔm sɛ, sɛ saa bere no so a, ɔhenkɛse bi bɛsɛe nkurow a na atwa Babilon ho ahyia no, na akyiri yi wɔatow ahyɛ Babilon ankasa so. (Yes. 41:2-5) Wei nti, na ɛsɛ sɛ Yudafo no bɔ hu anaa? Mfe pii ansa na saa bere no reba no, Yehowa kyekyee ne nkurɔfo werɛ. Ɔkaa sɛ: “Nsuro, efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn.” (Kenkan Yesaia 41:10-13.) Bere a Yehowa kaa sɛ “mene wo Nyankopɔn” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Ɛnyɛ sɛ na ɔrekae Yudafo no sɛ wɔnsom no, efisɛ na wɔnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Mmom na ɔrekae wɔn sɛ, ɔda so ara wɔ wɔn afã.—Dw. 118:6.
14. Dɛn bio na Yehowa yɛ de kaa Yudafo no koma too wɔn yam?
14 Yehowa yɛɛ biribi foforo de kaa Yudafo no koma too wɔn yam; ɔkaee wɔn sɛ ne tumi ne ne nimdeɛ nni ano. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma wɔn ani so nhwɛ nsoromma. Ɔma wɔhui sɛ ɔno na ɔbɔɔ nsoromma no nyinaa, na onim wɔn nyinaa din. (Yes. 40:25-28) Sɛ Yehowa nim nsoromma biara din a, n’asomfo nso ɛ, wunnye nni sɛ onim wɔn mu biara din? Sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɔɔ nsoromma a, ɛnde ɔkwan biara so, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa ne nkurɔfo nso. Anokwa, na ɛnsɛ sɛ Yudafo no bɔ hu koraa anaa wɔn ani yɛ wɔn totɔtotɔ.
15. Nea na ɛrebobɔ ba no, sɛn na Onyankopɔn boaa Yudafo no ma wɔhuu nea na wɔbɛyɛ wɔ ho?
15 Afei nso, nea na ɛrebobɔ ba no, Yehowa boaa ne nkurɔfo ma wɔhuu nea wɔbɛyɛ wɔ ho. Yesaia nhoma no mu no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Monkɔhyɛ mo mpia mu na monto mo apon mu wɔ mo akyi. Momfa mo ho nsie kakra nkosi sɛ abufuhyew no betwam.” (Yes. 26:20) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no dii kan baam bere a Ɔhene Kores tow hyɛɛ Babilon so no. Tete abakɔsɛm kyerɛwfo bi a na ɔyɛ Greekni kaa sɛ, bere a Kores bɔ wuraa Babilon no, “ɔka kyerɛɛ [n’asraafo] sɛ, obiara a wɔbehu no wɔ abɔnten no, wɔnkum no.” Ɛbɛyɛ sɛ ehu kaa Babilonfo no paa! Nanso Yudafo no de, ɛda adi sɛ wɔnyaa wɔn ti didii mu, efisɛ wɔtiee Yehowa akwankyerɛ.
16. Nsɛm a ebesisi wɔ ahohiahia kɛse no mu no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛbɔ yɛn hu? (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Dɛn na yesua fi mu? Ɛrenkyɛ, ahohiahia kɛse a ebi mmaa asaase so da bɛba. Sɛ efi ase a, nnipa dodow no ara bɛbɔ hu, na wɔn adwene betu afra. Nanso Yehowa nkurɔfo de, yɛremmɔ hu. Yenim sɛ Yehowa ne yɛn Nyankopɔn. Yɛbɛsɔre agyina, efisɛ yenim sɛ ‘yɛn nkwagye rebɛn.’ (Luka 21:28) Sɛ aman bi a wɔaka wɔn ho abom tow hyɛ yɛn so mpo a, yebegyina pintinn. Yehowa bɛma abɔfo abɔ yɛn ho ban, na wasan ama yɛn akwankyerɛ a ebegye yɛn nkwa. Ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so de saa akwankyerɛ no ama yɛn? Seesei de, yennim. Nanso, ebia ɔnam nsafo a yɛwom no so na ɛde saa akwankyerɛ no bɛma yɛn. Ɛbɛyɛ sɛ “mpia mu” no begyina hɔ ama nsafo a yɛwom no, na ɛhɔ na yebenya ahobammɔ. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama nea ɛrebobɔ ba no? Ɛsɛ sɛ yɛtwe bɛn yɛn nuanom, yefi yɛn pɛ mu tie asafo akwankyerɛ, na yegye di sɛ Yehowa na ɔredi n’ahyehyɛde no anim.—Heb. 10:24, 25; 13:17.
Yenim sɛ Yehowa wɔ tumi, na obetumi agye yɛn nkwa. Sɛ yedwinnwen wei ho a, ɛremma yɛmmɔ hu wɔ ahohiahia kɛse no mu (Hwɛ nkyekyɛm 16)b
17. Wobɛyɛ dɛn ahwehwɛ awerɛkyekye afi Yehowa hɔ?
17 Ɛwom sɛ na asetena nyɛ mmerɛw mma Yudafo a na wɔwɔ Babilon no, nanso Yehowa kyekyee wɔn werɛ. Yɛn nso, ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn. Enti ɛmfa ho nea ebesi daakye biara no, kɔ so hwehwɛ awerɛkyekye fi Yehowa hɔ. Nya awerɛhyem sɛ, Yehowa de bɔne kyɛ a na ɔde akyɛ. Ma anidaso a wowɔ no mu nyɛ den. Kae sɛ, Yehowa ne wo Nyankopɔn, enti ɛnsɛ sɛ wusuro biribiara.
DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso
a Wɔasesa edin no bi.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom kakra bi ahyiam. Sɛ wɔhwɛ nsoromma a ɛwɔ wim a, ɛma wɔgye di sɛ Yehowa wɔ tumi, na ɛmfa ho baabiara a n’asomfo wɔ wɔ asaase so no, obetumi abɔ wɔn ho ban.