ADESUA ASƐM 34
DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso
Gye Tom Sɛ Yehowa De Wo Bɔne Akyɛ Wo
“Wode me bɔne ne me mfomso kyɛɛ me.”—DW. 32:5.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, nea enti a ɛsɛ sɛ yegye tom, ne sɛnea Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ abɔnefo nu wɔn ho a, Yehowa de wɔn bɔne kyɛ wɔn.
1-2. Sɛ Yehowa de ɔbɔnefo bi bɔne kyɛ no a, onii no betumi ate nka sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)
SƐ YƐREKA sɛnea obi ahonim tumi bu no fɔ wɔ bɔne a wayɛ atwam ho a, na Ɔhene Dawid nim sɛnea ɛte. (Dw. 40:12; 51:3; atifi asɛm) Ɔyɛɛ bɔne akɛseakɛse bi wɔ n’asetenam. Nanso ofii ne komam nuu ne ho, enti Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. (2 Sam. 12:13) Bere a ohui sɛ Yehowa de ne bɔne akyɛ no no, ne ho dwoo no sei fɔmm.—Dw. 32:1.
2 Yɛn nso, sɛ Yehowa hu yɛn mmɔbɔ de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, yɛn ho betumi adwo yɛn. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi mpo na yenu yɛn ho, yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa ne asafo mu mpanyimfo no, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛrensan nkɔyɛ bio a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ yɛn. Saa nokwasɛm yi a yenim no kyekye yɛn werɛ paa. (Mmeb. 28:13; Aso. 26:20; 1 Yoh. 1:9) Afei nso, sɛ yehu sɛ Yehowa tumi de yɛn bɔne kyɛ yɛn te sɛ nea yɛnyɛɛ bɔne koraa da a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam paa!—Hes. 33:16.
Ɔhene Dawid hyehyɛɛ nnwom pii a ɛkyerɛkyerɛ Yehowa bɔnefakyɛ mu (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)
3-4. Onuawa bi asubɔ akyi no, sɛn na ɔtee nka, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Nanso ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbegye atom sɛ Yehowa de wɔn bɔne akyɛ wɔn. Yɛnhwɛ Jennifer; wɔtetee no wɔ nokware no mu. Bere a ɔyɛ ababaa no, ofii ase yɛɛ nneɛma bɔne de siee n’awofo. Mfe bi akyi no, ɔsan baa Yehowa nkyɛn, na akyiri yi ohyiraa ne ho so bɔɔ asu. Ɔka sɛ: “Kan no, sikapɛ, aguamammɔ, nsawe, ne koko bɔne; ɛno ara na na mede te wiase. M’adwenem de, na minim sɛ, sɛ masrɛ bɔnefakyɛ na manu me ho a, Kristo afɔrebɔ no nti, Yehowa de akyɛ me. Nanso me komam paa de, na minnye nni sɛ ɔde akyɛ me.”
4 Ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ bɔne bi a woayɛ atwam no, Yehowa de akyɛ wo anaa? Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo, enti na Dawid gye di paa sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa pɛ sɛ yɛn nso yɛte nka. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YEGYE TOM SƐ YEHOWA DE YƐN BƆNE AKYƐ YƐN?
5. Dɛn na Satan pɛ sɛ yegye di? Ma ho nhwɛso.
5 Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, ɛremma Satan nnaadaa yɛn. Kae sɛ, Satan yɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛagyae Yehowa som. Nea ɛbɛma watumi ayɛ saa no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛanya adwene sɛ Yehowa remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Yɛnhwɛ ɔbarima a aguamammɔ nti, wɔyii no fii Korinto asafo no mu no. (1 Kor. 5:1, 5, 13) Akyiri yi a onuu ne ho no, na Satan mpɛ sɛ asafo no mufo de ne bɔne kyɛ no na wɔsan gye no ba asafo no mu. Bere koro no ara nso, na Satan pɛ sɛ ɔbarima a wanu ne ho no nya adwene sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa betumi de ne bɔne akyɛ no da, na na ɔpɛ sɛ ‘awerɛhow bebrebe hyɛ no so’ ara ma ogyae Yehowa som. Satan nsesae, na akwan a ɔfa so daadaa yɛn nso, ɔnsesaa no. Enti yebetumi ako atia no, efisɛ “yenim n’akwan.”—2 Kor. 2:5-11.
6. Sɛ yɛte nka sɛ Yehowa mfaa yɛn bɔne nkyɛɛ yɛn a, dɛn na ebetumi ama yɛn kɔn mu adwo yɛn?
6 Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, ebetumi ama yɛn kɔn mu adwo yɛn. Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn ahonim tumi haw yɛn. (Dw. 51:17) Ɛno yɛ adepa. Yɛn ahonim a ɛhaw yɛn no betumi aboa yɛn ma yɛatoto nneɛma yiye. (2 Kor. 7:10, 11) Nanso, sɛ yɛanu yɛn ho dedaadaw na yɛma yɛn ahonim kɔ so teetee yɛn a, ebetumi ama yɛagyae Yehowa som. Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, yɛremma yɛn ahonim nkɔ so nteetee yɛn bio. Ɛba saa a, yebetumi anya ahonim pa de asom Yehowa ama yɛn koma atɔ yɛn yam paa, efisɛ saa na Yehowa pɛ no. (Kol. 1:10, 11; 2 Tim. 1:3) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn agye atom wɔ yɛn komam sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne akyɛ yɛn?
DƐN NA EBETUMI ABOA YƐN MA YƐAGYE ATOM SƐ YEHOWA DE YƐN BƆNE AKYƐ YƐN?
7-8. Sɛnea Yehowa te no, sɛn na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Mose, na ahotoso bɛn na wei ma yenya? (Exodus 34:6, 7)
7 Sɛnea Yehowa te a ɔno ara akyerɛkyerɛ mu no, dwinnwen ho. Yɛnhwɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so.a (Kenkan Exodus 34:6, 7.) Ná anka Yehowa betumi aka ne suban afoforo ho asɛm, nanso ne ‘mmɔborɔhunu ne n’ayamhyehye’ mmom na odii kan kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose. Onyankopɔn a ɔte saa no, sɛ ne somfo bi fi ne komam nu ne ho a, wohwɛ a ɔremfa ne bɔne nkyɛ no? Ɔde bɛkyɛ no dodo! Sɛ wamfa ankyɛ no a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo a onni ahummɔbɔ; ɛno nso de, ɛmpare Yehowa!
8 Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa renka biribi a ɛnyɛ nokware mfa ne ho da, efisɛ ɔyɛ ɔnokwafo. (Dw. 31:5) Enti yebetumi agye no adi. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ bɔne bi a woayɛ atwam no, Yehowa de akyɛ wo a, bisa wo ho sɛ: ‘Migye di paa sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, na obiara a onu ne ho wɔ ne bɔne ho no, ɔde kyɛ no anaa? Sɛ saa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ me nso migye tom sɛ ɔde akyɛ me anaa?’
9. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, sɛn na Dwom 32:5 ka ho asɛm?
9 Nea Yehowa maa Bible akyerɛwfo ka faa ne bɔnefakyɛ ho no, dwinnwen ho. Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible kyerɛwfo Dawid kaa Yehowa bɔnefakyɛ ho asɛm. (Kenkan Dwom 32:5.) Dawid kaa sɛ, “Wode me bɔne ne me mfomso kyɛɛ me.” Hebri asɛmfua a yɛakyerɛ ase ‘fakyɛ’ no, ebetumi nso akyerɛ sɛ “wubepagyaw biribi” anaa “wobɛma biribi so.” Bere a Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no no, yɛbɛka a, opagyaw ne bɔne no kɔe. Ɛbaa saa no, n’ahonim a na ɛreteetee no a na ayɛ sɛ adesoa no fii ne so, na ne kɔn mu dwoo no. (Dw. 32:2-4) Yɛn nso yebetumi ate nka saa. Sɛ yefi yɛn komam nu yɛn ho a, ɛho nhia sɛ yɛma yɛn ahonim kɔ so teetee yɛn, efisɛ adesoa a ɛte saa no, Yehowa apagyaw kɔ.
10-11. Asɛm a ɛne sɛ Yehowa ‘ayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ’ no, dɛn na ɛma yehu fa ne ho? (Dwom 86:5)
10 Kenkan Dwom 86:5. Ɛha yi, Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ ‘wayɛ krado sɛ ɔde bɔne bɛkyɛ.’ Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu kyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa nipasu sɛ ɔde bɔne kyɛ.’ Adɛn ntia? Efisɛ Dwom 86:5 no fa a edi hɔ no ka sɛ: “Wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, ɔdɔ a enni huammɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo anokwafo nti, ɔrentwe ne ho mmfi wɔn ho da. Ɔbɔnefo biara a obenu ne ho no, ne dɔ a enni huammɔ nti, “obeyi ne yam de akyɛ” no. (Yes. 55:7; ase hɔ asɛm) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye atom sɛ Onyankopɔn de wo bɔne akyɛ wo a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Migye di sɛ Yehowa de bɔne kyɛ, na obiara a onu ne ho na ɔsrɛ sɛ onhu no mmɔbɔ no, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ no anaa? Ɛnde me nso, bere a mesrɛɛ no sɛ onhu me mmɔbɔ mfa me bɔne nkyɛ me no, ɛnsɛ sɛ migye tom sɛ ɔde kyɛɛ me anaa?’
11 Yenim sɛ Yehowa nim paa sɛ yɛyɛ abɔnefo; wei betumi akyekye yɛn werɛ. (Dw. 139:1, 2) Yɛnhwɛ Dawid dwom foforo bi a ɛno nso betumi aboa yɛn ma yɛagye atom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn.
MMA WO WERƐ MMFI NEA YEHOWA KAE
12-13. Sɛnea Dwom 103:14 kyerɛ no, dɛn na Yehowa kae, na ɛno nti sɛn na ɔne yɛn di?
12 Kenkan Dwom 103:14. Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ, “ɔkae sɛ yɛyɛ dɔte.” Dawid nam saa asɛm yi so ma yehu ade baako nti a Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde n’asomfo a wɔnu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Ɛne sɛ: Bere nyinaa ɔkae sɛ yɛyɛ abɔnefo. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛate wei ase yiye no, momma yensusuw Dawid asɛm no ho nkɔ akyiri kakra.
13 Dawid kaa sɛ Yehowa ‘nim sɛnea ɔbɔɔ yɛn.’ ‘Ɔde fam dɔte na ɛnwenee’ Adam, enti onim sɛnea nnipa te ne nea yehia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, onim sɛ ehia sɛ yedidi, yɛda, na yɛhome. Nnipa a bɔne ne sintɔ biara nni wɔn ho mpo, ehia sɛ wɔyɛ saa nneɛma yi. (Gen. 2:7) Nanso bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, yɛ a yɛyɛ dɔte no benyaa ntease foforo kaa ho. Yɛyɛ wɔn asefo nti, wɔde bɔne ne sintɔ woo yɛn. Wei nti ɛnyɛ den sɛ yɛbɛyɛ bɔne. Ɛnyɛ sɛ Yehowa nim kɛkɛ sɛ yɛyɛ abɔnefo, mmom Dawid kaa ne ho asɛm sɛ “ɔkae” sɛ yɛyɛ abɔnefo. Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi akyerɛ sɛ obi retu anammɔn pa bi. Enti nea Dawid kae no, yebetumi abɔ no mua sɛ: Yehowa nim sɛ ɛtɔ da a yɛbɛyɛ bɔne; sɛ ɛba saa na yefi yɛn komam nu yɛn ho a, ohu yɛn mmɔbɔ de yɛn bɔne kyɛ yɛn.—Dw. 78:38, 39.
14. (a) Dɛn bio na Dawid ka faa Yehowa bɔnefakyɛ ho? (Dwom 103:12) (b) Sɛnea Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no korakora no, dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hwɛ adaka a yɛato din “Yehowa De Bɔne Kyɛ a, Ɔnkae Bio—Ɔkwan Bɛn So?” no.)
14 Dɛn bio na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu paa sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn? (Kenkan Dwom 103:12.) Dawid kaa sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, opia fi yɛn ho kɔ akyirikyiri “sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no.” Apuei ne atɔe nso de, enhyia da; ebiara nam ne kwan. Dɛn na wei ma yehu fa bɔne a Yehowa de kyɛ yɛn no ho? Nhoma bi kyerɛ mu sɛ: “Opia yɛn bɔne no kɔ akyirikyiri ara ma ɛte sɛ nea bɔne no ho pampan anaa ɛho biribiara afi hɔ, enti ɔnkae bio.” Sɛ yɛte pampan bi a, etumi ma yɛkae biribi. Nanso sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛho pampan biara nka na akɔkae no sɛ yɛayɛ bɔne nti ɔntwe yɛn aso.—Hes. 18:21, 22; Aso. 3:19.
15. Bɔne bi a yɛayɛ atwam nti, sɛ daa yɛn ahonim teetee yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ?
15 Asɛm a Dawid kae a ɛwɔ Dwom 103 no, sɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagye atom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn? Bɔne bi a yɛayɛ atwam nti, sɛ daa yɛn ahonim teetee yɛn a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Nea Yehowa kae no, me werɛ reyɛ afi anaa, kyerɛ sɛ, me werɛ reyɛ afi sɛ bere nyinaa Yehowa kae sɛ meyɛ ɔbɔnefo, na sɛ minu me ho wɔ me bɔne ho a ɔde bɛkyɛ me anaa? Afei nso, nea Yehowa werɛ afi no, ɛno na mekae anaa, kyerɛ sɛ, bɔne a ɔde akyɛ me a ɔrentwe m’aso wɔ ho bio da no, ɛno na mekae anaa?’ Yehowa mfa n’adwene nsi bɔne a yɛayɛ atwam no so. Enti ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. (Dw. 130:3) Sɛ yegye tom sɛ Yehowa de yɛn bɔne akyɛ yɛn a, yɛremma yɛn ahonim nteetee yɛn bio, na mmom yɛbɛhwɛ yɛn anim tee asom no.
16. Nea enti a ɛyɛ hu sɛ yɛbɛma yɛn ahonim akɔ so ateetee yɛn no, fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)
16 Yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ yɛreka kar a, ahwehwɛ a yɛhwɛ mu de hu nea ɛwɔ yɛn akyi no, sɛ yɛkɔ so dwinnwen bɔne a yɛayɛ atwam no ho a, ɛte sɛ nea yɛrehwɛ saa ahwehwɛ no mu saa ara a yenyi yɛn ani. Ɛwom, eye sɛ ɛwɔ hɔ ara a, yɛbɛhwɛ saa ahwehwɛ no mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ esiane bi fi yɛn akyi reba a yebehu na yɛayɛ ho biribi. Nanso sɛ yɛmpɛ sɛ akwanhyia biara besi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn anim tee. Yɛn nso, ɛwom ara na yɛkae bɔne bi a yɛayɛ atwam a, yebetumi asua biribi afi mu, na aboa yɛn ama yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenkɔyɛ saa bɔne no bio. Nanso sɛ daa yedwinnwen bɔne a yɛayɛ atwam ho a, ebetumi ama yɛn ahonim abu yɛn fɔ ara ma yɛrentumi nsom Onyankopɔn yiye. Enti ɔkwan a ɛkɔ wiase foforo a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no mu no, momma yɛnhwɛ yɛn anim tee mfa so. Yekodu wiase foforo no mu a, nneɛma a ɛreteetee yɛn no, ‘yɛrenkae bio.’—Yes. 65:17; Mmeb. 4:25.
Sɛ obi reka kar a, ahwehwɛ a ɔhwɛ mu de hu nea ɛwɔ n’akyi no, ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ mu saa ara a onyi n’ani, mmom ɛsɛ sɛ ɔhwɛ n’anim tee. Yɛn nso, nhyira a daakye yebenya no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so, na ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam (Hwɛ nkyekyɛm 16)
KƆ SO MA WO KOMA AWERƐHYEM
17. Adɛn nti na ehia sɛ yɛkɔ so kae yɛn ho sɛ Yehowa dɔ yɛn na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn?
17 Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kae yɛn ho sɛ Yehowa dɔ yɛn na wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. (1 Yoh. 3:19) Adɛn ntia? Efisɛ Satan reyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma yɛate nka sɛ Yehowa nnɔ yɛn, na ɔremfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn da. Ne botae ara ne sɛ ɔpɛ sɛ yegyae Yehowa som. Yenim sɛ mmɔden a Satan rebɔ no, ɔbɛkɔ so ara amia mu, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tia. (Adi. 12:12) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma odi nkonim da!
18. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woagye adi sɛ Yehowa dɔ wo na wayɛ krado sɛ ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo?
18 Nea ɛbɛyɛ na woagye adi sɛ Yehowa dɔ wo paa no, nyansahyɛ ahorow a yɛkaa ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no, fa yɛ adwuma. Sɛnea Yehowa te a ɔno ara akyerɛkyerɛ mu no, dwinnwen ho. Ɛno bɛboa wo ma woagye adi sɛ Yehowa de wo bɔne akyɛ wo. Afei nso, nea Yehowa maa Bible akyerɛwfo ka faa ne bɔnefakyɛ ho no, dwinnwen ho. Mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa nim paa sɛ bɔne wɔ wo ho, enti obeyi mmɔborɔhunu adi akyerɛ wo. Kae nso sɛ, sɛ ɔde bɔne kyɛ a, ɔpopa fi hɔ koraa. Woma wei tena wo tirim a, gyidi a na Dawid wɔ sɛ Yehowa behu no mmɔbɔ no, wo nso wubenya bi, na wubetumi aka sɛ, “Yehowa, meda wo ase sɛ wode ‘me bɔne ne me mfomso’ kyɛɛ me!”—Dw. 32:5.
DWOM 1 Yehowa Su Ahorow
a Hwɛ asɛm a yɛato din “Yehowa Bɔnefakyɛ De, Ɛso Bi Nni” no. Ɛwɔ June, 2022 Ɔwɛn-Aban mu, nkyekyɛm 4-7.