Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 August kr. 26-30
  • Ná Mefɛre Ade Nanso Mebɛyɛɛ Ɔsɛmpatrɛwfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Mefɛre Ade Nanso Mebɛyɛɛ Ɔsɛmpatrɛwfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MIFII BERE NYINAA SOM ADWUMA ASE
  • MEDE SII M’ANI SO SƐ MƐBA ABƐYƐ ƆSƐMPATRƐWFO
  • YƐKƆSOMEE WƆ ƆMAN BI A NA ƆKO AYƐ NO PASAA MU
  • ƆHAW AFOFORO
  • SƐNEA MAGYINA ƆHAW AHOROW A MAHYIA NO ANO
  • MEDA YEHOWA ASE SƐ WABOA ME
  • Ɔsatu Titiriw A Wɔyɛe Wɔ Bulgaria Asow Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yehowa Ama ‘M’Akwan Ateɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Yɛasi Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ná Me Botae Ne Sɛ Me Ne Agodifo Betutu Akwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 August kr. 26-30
Marianne Wertholz.

ASETENAM NSƐM

Ná Mefɛre Ade Nanso Mebɛyɛɛ Ɔsɛmpatrɛwfo

MARIANNE WERTHOLZ ANOM ASƐM

MEYƐ abofra no, na mefɛre ade, na na misuro sɛ mɛkɔ nnipa mu. Nanso, nkakrankakra Yehowa boaa me ma mebɛyɛɛ obi a ɔpɛ nnipa, na mebɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo mpo. Ɛbaa no sɛn? Nea edi kan no, me papa boaa me. Nea ɛtɔ so mmienu, onuawa ababaa bi nhwɛso pa boaa me. Nea etwa to no, me kunu kasadɛ ne n’abotare nso boaa me. Ɛnde, ma menka m’asetenam nsɛm nkyerɛ wo.

Wɔwoo me afe 1951 wɔ Vienna, Austria. Ná m’awofo yɛ Katolekfo. Ná mefɛre ade nanso na migye Onyankopɔn di, na na metaa bɔ mpae. Bere a midii mfe nkron no, me papa ne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade; akyiri yi me maame nso kɔkaa ho.

Me ne me nuabea Elisabeth (ɔno na ɔte akyi no)

Ankyɛ na yɛkɔkaa Döbling asafo a ɛwɔ Vienna no ho. Ná yɛn abusua no yɛ biribiara bom. Ná yɛkenkan Bible no sua, yɛkɔ adesua, na sɛ yɛkɔ nhyiam nso a, na yetu yɛn ho ma yɛ nnwuma a ɛwɔ hɔ no bi. Me mmofraase pɛɛ na me papa de Yehowa ho dɔ duaa me mu. Ná me papa mpaebɔ ara ne sɛ me ne me nuabea bɛba abɛyɛ akwampaefo. Nanso saa bere no, ɛnyɛ ɛno na na esi m’ani so.

MIFII BERE NYINAA SOM ADWUMA ASE

Mebɔɔ asu afe 1965; saa bere no na madi mfe 14. Nanso, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a minnim wɔn. Afei nso, na minnye me ho nni, enti mmerante ne mmabaa a na me ne wɔn bɔ tipɛn no, na mepɛ paa sɛ misuasua wɔn. Enti mebɔɔ asu akyi no, ankyɛ koraa na mifii ase ne wɔn a wɔnsom Yehowa bɔe. Ɛwom sɛ na m’ani gye wɔn ayɔnkofa no ho, nanso na m’ahonim haw me, efisɛ na minim sɛ ɛnsɛ sɛ me ne wɔn a wɔnsom Yehowa no bɔ. Nanso na ɛyɛ den ma me sɛ mɛtwe me ho. Dɛn na ɛboaa me?

Marianne ne Dorothée.

Misuaa nneɛma pii fii Dorothée hɔ (ɔno na ɔwɔ benkum no)

Saa bere no ara mu na ababaa bi a wadi mfe 16 a ne din de Dorothée baa yɛn asafo no mu. Nsi a na ɔde yɛ afie afie asɛnka adwuma no yɛɛ me nwanwa paa. Ná manyin sen no, nso na menyere me ho nyɛ asɛnka adwuma no papa. Mekaa sɛ: ‘M’awofo yɛ Adansefo, nanso Dorothée busuani biara nni nokware no mu. Ɔne ne maame a ɔyare na ɛte, nanso ɔkɔ asɛnka bere nyinaa!’ Ne nhwɛso pa no kanyan me, enti na me nso mepɛ sɛ meyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na me ne Dorothée nyinaa bɛyɛɛ akwampaefo. Yedii kan yɛɛ akwampaefo aboafo, ansa na yɛrebɛyɛ daa akwampaefo. Dorothée ahokeka no san me. Ɔboaa me ma mifii Bible adesua a edi kan ase. Eduu baabi no, sɛ mereyɛ afie afie asɛnka, meredi nkurɔfo adanse wɔ mmɔnten so, ne mmeae afoforo a, na me yam nhyehye me bebree.

Afe a mebɛyɛɛ daa kwampaefo no, onua bi a ofi Austria a ne din de Heinz baa yɛn asafo mu. Ohuu nokware no wɔ Canada bere a ɔkɔsraa ne nuabarima a na ɔyɛ Ɔdansefo no. Wɔde Heinz baa yɛn asafo a ɛwɔ Vienna no mu sɛ ɔkwampaefo titiriw. Mihuu no ara na mepɛɛ n’asɛm. Ná ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo, nanso me de, ɛnyɛ ɛno na na esi m’ani so. Enti mfiase no, mamma wanhu sɛ mepɛ n’asɛm. Nanso akyiri yi, me ne Heinz fii ase yɛɛ aware nhyehyɛe; eduu baabi no yɛwaree, na yɛboom yɛɛ akwampae adwuma no wɔ Austria.

MEDE SII M’ANI SO SƐ MƐBA ABƐYƐ ƆSƐMPATRƐWFO

Ná Heinz taa ka kyerɛ me sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛwom sɛ wanhyɛ me da, nanso na obisa me nsɛm bi te sɛ, “Yenni mma yi de, sɛ́ yebetumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? Esiane sɛ na mefɛre ade nti, na misuro sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛwom sɛ mitumi bɛyɛɛ ɔkwampaefo, nanso ɔsɛmpatrɛwfo de, na asɛ ɛboro me so. Nanso Heinz ampa abaw; ɔkɔɔ so kaa ho asɛm kyerɛɛ me. Afei nso, ɔhyɛɛ me nkuran sɛ minnwen sɛnea mɛboa afoforo ho mmom sen sɛ daa mɛka me haw ho asɛm. N’afotu no boaa me paa.

Heinz rehwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so wɔ asafo ketewa bi mu wɔ Salzburg, Austria; wɔka Yugoslavia kasa, 1974

Nkakrankakra, m’ani begyee asɛmpatrɛw adwuma no ho, enti yɛhyehyɛɛ Gilead Sukuu akwammisa krataa no bi. Nanso nea na ɔhwɛ Baa Dwumadibea no so saa bere no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ midi kan sua Borɔfo yiye. Bere a na mereyere me ho sɛ mesua Borɔfo yiye no, anwanwasɛm ne sɛ, wɔmaa yɛn dwumadi sɛ yɛnkɔ asafo bi a ɛka Yugoslavia kasa mu; ɛwɔ Salzburg a ɛwɔ Austria. Yɛde mfe nson a edi hɔ no yɛɛ asaasesin no mu adwuma; yɛde emu baako yɛɛ ɔmansin adwuma. Serbiafo ne Croatiafo kasa no, na ɛyɛ den nanso yenyaa Bible asuafo bebree.

Afe 1979 no, anuanom a na edi asɛnka adwuma no anim no somaa yɛn sɛ yɛnkɔ Bulgaria. Ná wɔabara asɛnka adwuma no wɔ hɔ, enti wɔkaa sɛ yɛnyɛ yɛn ho sɛ yɛrekodi akwamma. Ná wɔmpɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no, na mmom na wɔpɛ sɛ yɛde yɛn nhoma a wɔayɛ no nketenkete hyɛ yɛn ho kɔ Bulgaria kɔma anuanom mmea nnum a na wɔte ɔman no ahenkurow Sofia mu no. Ná ehu aka me, nanso Yehowa boaa me ma meyɛɛ adwuma a wɔde hyɛɛ yɛn nsa no. Mihui sɛ saa anuanom mmea no wɔ akokoduru ne anigye ɛmfa ho sɛ na apolisifo betumi akyere wɔn agu afiase bere biara no. Wei ma minyaa akokoduru sɛ mɛyɛ nea Yehowa ahyehyɛde no bɛka sɛ menyɛ biara.

Bere bi akyi no, yɛsan hyehyɛɛ Gilead akwammisa krataa no bio, na saa bere yi de, wɔfrɛɛ yɛn. Ná yɛn adwene yɛ yɛn sɛ yɛbɛkɔ sukuu no wɔ United States, enti wɔbɛyɛ no wɔ Borɔfo kasa mu. Nanso November 1981 no, wɔfii ase yɛɛ Gilead sukuu no bi wɔ Wiesbaden a ɛwɔ Germany. Enti yetumi kɔɔ sukuu no bi wɔ Germany, na na ɛnyɛ den sɛ mɛte ase efisɛ na ɛwɔ German kasa mu. Yewiei no, ɛhe na wɔde yɛn kɔe?

YƐKƆSOMEE WƆ ƆMAN BI A NA ƆKO AYƐ NO PASAA MU

Wɔde yɛn kɔɔ Kenya. Betel a ɛwɔ Kenya no bisaa yɛn sɛ yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛkɔ akɔsom wɔ Uganda a ɛbɛn Kenya no anaa. Mfe du a na atwam no, na asogyafo a General Idi Amin da wɔn ano no atu Uganda aban no agu. Ne bere so no, ne kankabi amammu no maa nnipa mpempem pii wuwui, na ɔpepem pii nso huu amane paa. Afe 1979 no, asogyafo tuu Idi Amin aban no nso gui. Nokwasɛm ne sɛ, na misuro sɛ mɛkɔ ɔman a ɔko ayɛ no pasaa saa mu. Nanso, na Gilead aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so. Enti yɛkaa sɛ yɛbɛkɔ.

Ná nneɛma agye nsam koraa wɔ Uganda. Ná aban no ntumi mma ɔmanfo nsu ne anyinam ahoɔden. Afei nso, na tɛlefon ne nneɛma a ɛtete saa nyinaa nyɛ adwuma. Ná atutotow ne korɔno abu so, ɛnkanka edu anadwo a. Ɛba saa a obiara mpue; wɔn mpaebɔ ara ne sɛ obiara mmekum wɔn anaa obiara mmewia wɔn. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, na anuanom a ɛwɔ hɔ no de anigye resom Yehowa.

Mereyɛ aduan wɔ Waiswa abusua no fie

Afe 1982 no, me ne Heinz koduu Uganda ahenkurow Kampala mu. Ná onua bi a ne din de Sam Waiswa ne ne yere Christina ne wɔn mma nnum ne wɔn abusuafo nnan na ɛte. Abosome nnum a edi kan no, yɛne wɔn na ɛtenae. Mpɛn pii no, na onua Waiswa ne n’abusua didi pɛnkoro da biara. Enti, na wɔn ahɔhoyɛ no fata nkamfo. Me ne Heinz suaa nneɛma pii fii Waiswa abusua no hɔ, na ɛboaa yɛn wɔ yɛn asɛmpatrɛw adwuma no mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yesuaa sɛnea yɛde nsu kakraa bi beguare, na yewie a, yɛde saa nsu no ara aflahye tɔilɛt. Afe 1983 no, me ne Heinz nyaa yɛn ara yɛn fie wɔ Kampala baabi a asomdwoe wɔ.

Ná yɛn ani gye wɔ asɛnka mu paa. Mekae sɛ bosome baako bi mu no, yɛmaa nsɛmma nhoma bɛboro 4,000! Nanso, nnipa a ɛwɔ hɔ no na ɛmaa yɛn ani gyei paa. Ná wɔbu Onyankopɔn, na na wɔn ani gye ho sɛ wɔne yɛn bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ. Me ne Heinz, na yɛn mu biara yɛ Bible adesua 10 kosi 15. Yesuaa nneɛma pii fii yɛn Bible asuafo hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nnawɔtwe biara na wɔnantew kɔ adesua; yɛpɔn nso a na wɔsan nantew kɔ fie. Nanso wɔannwiinwii da, na mmom daa na wɔreserew. Wei yɛɛ yɛn fɛ paa.

Afe 1985 ne afe 1986 no, akodi mmienu san sii wɔ Uganda. Ná yɛtaa hu mmofra a wɔyɛ asogyafo a wɔkurakura tuo gyinagyina kwan ho hwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu. Saa bere no, yɛbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn nhumu, na ɔmmoa yɛn na yɛn koma antu bere a yɛrehwehwɛ wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no. Yehowa nso tiee yɛn mpaebɔ. Mpɛn pii no, sɛ yehyia obi a n’ani gye Ahenni asɛm no ho a, na ehu no nyinaa atu ayera.

Me ne Heinz ne Tatjana (Tatjana na ɔwɔ mfinimfini no)

Nkurɔfo a na wɔatu abɛtena Uganda no nso, na yɛn ani gye ho sɛ yebedi wɔn adanse. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, awarefo bi a wɔn din de Murat ne Dilbar Ibatullin a wɔfi Tatarstan (Central Russia) no, yɛne wɔn suaa ade. Ná Murat yɛ dɔkta. Saa awarefo yi begyee nokware no, na wɔakɔ so asom abesi nnɛ. Akyiri yi, mihyiaa ɔbea bi a ofi Ukraine a ne din de Tatjana Vileyska; ná ɔpɛ sɛ okum ne ho. Tatjana bɔɔ asu akyi no, ɔsan kɔɔ Ukraine, na akyiri yi ɔboa ma wɔkyerɛɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔɔ Ukraine kasa mu.a

ƆHAW AFOFORO

Afe 1991 no, bere a me ne Heinz regye yɛn ahome wɔ Austria no, Betel a ɛwɔ hɔ no bɔɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsesa yɛn dwumadi de yɛn kɔ Bulgaria. Aman a ɛwɔ Europe no bi wɔ hɔ a na wɔabara yɛn som adwuma no wɔ hɔ mfe pii; ná Bulgaria yɛ emu baako. Nanso afei de, na aban no ama kwan sɛ Yehowa Adansefo betumi aka asɛmpa no wɔ hɔ. Sɛnea midii kan kae no, bere a na wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ no, me ne Heinz de nhoma hyɛɛ yɛn ho kɔɔ hɔ. Nanso saa bere yi de, na wɔresoma yɛn akɔ hɔ sɛ yɛnkɔka asɛmpa no.

Anuanom no ka kyerɛɛ yɛn sɛ mma yɛnsan nkɔ Uganda. Enti yɛansan ankɔ Uganda ankɔfa yɛn nneɛma ne yɛn nnamfo anni nkra. Mmom yɛde yɛn ani kyerɛɛ Germany Betel, na yɛkɔfaa kar wɔ hɔ kɔɔ Bulgaria. Wɔde yɛn kɔɔ kuw bi a adawurubɔfo 20 na na ɛwom mu wɔ Sofia.

Yehyiaa ɔhaw afoforo wɔ Bulgaria. Nea edi kan, na yɛnte kasa no. Bio nso, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no, ɛno nko ara ne nhoma a na ɛwɔ Bulgaria kasa mu. Afei nso, na ɛyɛ den sɛ yebefi Bible adesua ase. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, na yɛn kuw ketewaa no renya nkɔso efisɛ na anuanom de nsi ka asɛmpa no. Ortodɔks asɔre a ɛwɔ hɔ no ani baa yɛn so, na wɔfii ase tan yɛn ani.

Afe 1994 no, aban no twaa yɛn som no mu, na wɔne yɛn dii sɛ sum ase kuw bi. Wɔkyeree anuanom bi. Nsɛm ho amanneɛbɔfo kekaa atosɛm pii guu yɛn so. Wɔkyerɛe sɛ Yehowa Adansefo kunkum wɔn mma, na wɔhyɛ Adansefo afoforo nkuran sɛ wɔnkum wɔn ho. Enti na ɛyɛ den ma me ne Heinz sɛ yɛbɛkɔ asɛnka. Ná yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔn ani so krakra a wɔkeka mu gu yɛn so, na wɔfrɛ apolisifo sɛ wɔmmɛkyere yɛn, na na wɔtotow nneɛma mpo bobɔ yɛn. Ná ɛnyɛ ade a obi betumi de yɛn nhoma no bi aba ɔman no mu. Afei nso, sɛ́ ɛbɛyɛ a yebenya baabi ahae ayɛ adesua mpo, na ayɛ asɛm. Bere bi a yɛreyɛ nhyiam no, apolisifo baa hɔ bɛsɛe yɛn nhyiam no. Ná me ne Heinz nhuu ɔtan a ɛte saa da. Ná ɛha nte sɛ Uganda koraa; ɛhɔ de, na nkurɔfo ani gye nokware no ho. Dɛn na ɛboaa yɛn ma yetumi gyinaa ɔhaw a ɛte saa ano?

Yɛne anuanom a ɛwɔ hɔ no bɔe ma yɛn ani gyei. Ná ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔabehu nokware no, na wɔn ani sɔɔ mmoa a yɛde maa wɔn no. Yɛn nyinaa boaa yɛn ho yɛn ho. Osuahu ahorow yi ma yehui sɛ, sɛ yɛkɔ so dwen nnipa ho a, dwumadi biara a wɔde bɛma yɛn no, yɛn ani betumi agye.

Marianne ne Heinz Wertholz.

Yɛwɔ Bulgaria Betel, 2007

Nanso bere rekɔ so no, nneɛma yɛɛ yiye. Aban no san gyee yɛn som no toom bio afe 1998, na ankyɛ na wɔkyerɛɛ yɛn nhoma no bebree ase kɔɔ Bulgaria kasa mu. Afei afe 2004 mu no, wɔhyiraa Betel foforo a wɔsii no so. Ɛnnɛ, nsafo 57 ne adawurubɔfo 2,953 na ɛwɔ Bulgaria. Ɔsom afe a etwaam no, nnipa 6,475 na ɛbaa Nkaedi no bi. Bere bi a atwam no, na anuanom mmea nnum pɛ na ɛwɔ Sofia, nanso seesei nsafo nkron mua na ɛwɔ hɔ! Yɛahu paa sɛ ‘nea ɔyɛ ketewa no adan apem’ ampa.—Yes. 60:22.

SƐNEA MAGYINA ƆHAW AHOROW A MAHYIA NO ANO

Me nso, yare ateetee me paa. Mpɛn pii na adɔktafo ahu sɛ biribi ahon me nipadua mu; baako koraa de, na ɛwɔ me tirim. Wɔresa me yare no, wɔde me hyɛɛ afiri bi mu, na ɛno akyi no, mekɔɔ India ma wɔde nnɔnhwerew 12 yɛɛ me oprehyen yii nea na ahon me tirim no fã kɛse no ara. Meyɛɛ oprehyen no wiei no, yɛtenaa India Betel kakra sɛnea ɛbɛyɛ a me ho bɛtɔ me, na akyiri yi yɛsan kɔɔ Bulgaria.

Emu hɔ ara na Heinz nso nyaa adwenemyare bi. Ná ɛyɛ den sɛ ɔbɛnantew, ɔbɛkasa, na watoto ne nsa. Yare no mu yɛɛ den; afei de, na ontumi nyɛ hwee, enti me ara na na meyɛ biribiara ma no. Ɛtɔ da a na mete nka sɛ mabrɛ, na nea adu yi de, ɛboro me so. Nanso na onua aberante bi a ne din de Bobi taa ne Heinz kɔ asɛnka. Sɛnea na Heinz ntumi nkasa yiye na ontumi nnantew papa no, anyɛ onua no aniwu. Nea na mintumi nyɛ mma Heinz no, na Bobi bɛyɛ ma no. Ɛwom sɛ me ne Heinz sii gyinae sɛ yɛrenwo mma wɔ saa wiase wei mu, nanso yɛtee nka sɛ Yehowa de Bobi kyɛɛ yɛn.—Mar. 10:​29, 30.

Heinz nyaa kansa nso. Awerɛhosɛm ne sɛ, me kunu a medɔ no no wui afe 2015. Heinz te ase no, ɔno ara na na ɔkyekye me werɛ, enti owui no, na m’ani atutu aka me nsam. Nanso m’adwenem de, ɔda so te ase. (Luka 20:38) Nsɛmdɛ a na ɔka kyerɛ me ne afotu pa a na ɔde ma me no, metaa dwinnwen ho. Meda Yehowa ase paa sɛ me ne Heinz boom som no mfe pii.

MEDA YEHOWA ASE SƐ WABOA ME

Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa aboa me wɔ me haw nyinaa mu. Afei nso waboa me ma madi fɛre no so, na mabɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔpɛ nnipa. (2 Tim. 1:7) Yehowa adaworoma, me ne me nuabea kumaa nyinaa reyɛ bere nyinaa som adwuma no. Ɛnnɛ, ɔne ne kunu reyɛ ɔmansin adwuma; wɔsrasra nsafo a wɔka Serbia kasa wɔ Europe no. Mpae a yɛyɛ mmofra no yɛn papa bɔe no, Yehowa atie.

Bible a misua no ma minya asomdwoe. Sɛ mihyia ɔhaw a, misuasua Yesu na mebɔ mpae “denneennen.” (Luka 22:44) Ɔdɔ ne ayamye a anuanom a wɔwɔ m’asafo a ɛwɔ Nadezhda, Sofia mu yi no adi kyerɛ me no, ɛyɛ ɔkwan baako a Yehowa afa so abua me mpaebɔ. Wɔtaa to nsa frɛ me ma me ne wɔn bom yɛ nneɛma bi, na wɔtaa ka kyerɛ me sɛ wɔdɔ me. Wei ma m’ani gye paa.

Metaa dwinnwen owusɔre no ho. Ɛyɛ a mitwa nea edidi so yi ho mfoni wɔ m’adwenem: M’awofo a wɔgyina yɛn fie no anim, na wɔn ho ayɛ fɛ te sɛ bere a wɔwaree foforo no. Me nuabea a ɔreyɛ aduan, ne Heinz a ogyina ne pɔnkɔ nkyɛn. Sɛ midwinnwen nneɛma ho saa a, ɛma miyi m’adwene fi nneɛma a ɛma midi awerɛhow so, na mekyerɛ nea Yehowa ayɛ ama me ho anisɔ.

Sɛnea Yehowa ahyira me wɔ m’asetenam ne nea ɔbɛyɛ ama me daakye no, sɛ midwinnwen ho a, ɛma mete nka te sɛ Dawid. Ɔkaa wɔ Dwom 27:​13, 14 sɛ: “Sɛ mannya gyidi sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asaase so a, anka mewɔ he? Fa w’ani to Yehowa so; nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru. Yehowa so na fa w’ani to.”

a Hwɛ Tatjana Vileyska asetenam nsɛm wɔ December 22, 2000, Awake! mu, kr. 20-24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena