2 Samuel
3 Na akodi a ɛbɛdaa Saul fie ne Dawid fie ntam no kyɛe;+ Dawid kɔɔ so yɛɛ den,+ na Saul fie de, ɛbrɛɛ ase da biara.+
2 Saa bere no, wɔwoo mma+ maa Dawid wɔ Hebron;+ n’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni Ahinoam+ woo no no. 3 Nea ɔto so abien ne Kileab+ a ɔne Karmelni Nabal yere Abigail+ woo no no, na nea ɔto so abiɛsa ne Absalom,+ Gesur hene Talmai+ babea Maaka ba no. 4 Nea ɔto so anan ne Hagit+ ba Adoniya,+ na nea ɔto so anum ne Abital ba Sefatia.+ 5 Nea ɔto so asia ne Dawid yere Egla ba Yitream.+ Eyinom na wɔwoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron.
6 Bere a Saul fie ne Dawid fie ntam akodi no rekɔ so no nyinaa, na Abner+ rehyɛ ne dibea den wɔ Saul fie. 7 Ná Saul wɔ ɔyefam bi a ne din de Rispa+ a ɔyɛ Aiya+ babea. Akyiri yi, Is-Boset+ ka kyerɛɛ Abner sɛ: “Dɛn nti na wokɔɔ me papa yefam+ no ho?” 8 Ɛnna asɛm a Is-Boset kae no nti Abner bo fuw+ denneennen, na ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔkraman+ ti wɔ Yuda? Mayɛ wo papa Saul fie ne ne nuanom ne ne nnamfo paa adɔe abesi nnɛ, na minyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso nnɛ worebu me atɛn bɔne a meyɛe wɔ ɔbea ho nti. 9 Sɛnea Yehowa kaa ntam kyerɛɛ Dawid+ no, sɛ manyɛ saa amma no a, Onyankopɔn ntua Abner ka na ɔmfa bi nka ho,+ 10 sɛ́ wɔbɛma ahenni no afi Saul fie, na wɔde Dawid ahengua asi Israel ne Yuda so, afi Dan akosi Beer-Seba.”+ 11 Na wantumi amfa asɛm biara ammua Abner bio efisɛ na osuro no.+
12 Ɛhɔ ara na Abner tuu abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkae sɛ: “Hena na asase no yɛ ne dea?” Na ɔde kaa ho sɛ: “Wo ne me nyɛ apam, na hwɛ, mɛboa wo adan Israel nyinaa aba wo nkyɛn.”+ 13 Ɛnna ɔkae sɛ: “Eye! Me ne wo bɛyɛ apam. Ade biako pɛ na merebisa afi wo hɔ, ɛne sɛ, ‘Mma m’anim,+ gye sɛ wode Saul babea Mikal+ abrɛ me ansa na woabehu m’anim.’” 14 Bio nso Dawid tuu abɔfo kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal a mede Filistifo mmarima ɔha dua ano were+ gyee no aware no ma me.” 15 Enti Is-Boset soma ma wɔkɔfaa no fii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn. 16 Ɔrekɔ no, ne kunu no nso dii n’akyi; ɔde su dii n’akyi ara koduu Bahurim.+ Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: “San w’akyi kɔ!” Ɛnna ɔsan kɔe.
17 Ná Abner de nkra akɔma Israel mpanyimfo sɛ: “Efi tete+ na mopɛe sɛ Dawid di mo so hene. 18 Enti afei monkẽka mo ho, na Yehowa ara na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ, ‘M’akoa Dawid+ nsa so na menam begye me man Israel afi Filistifo ne wɔn atamfo nyinaa nsam.’” 19 Na Abner ne Benyaminfo*+ nso kasae, na ɛno akyi no, Abner kɔkaa nea eye wɔ Israel ani so nyinaa ne nea eye wɔ Benyamin fie nyinaa ani so kyerɛɛ Dawid wɔ Hebron.
20 Bere a Abner ne mmarima aduonu baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron no, Dawid tow pon+ maa Abner ne mmarima a wɔka ne ho no. 21 Na Abner ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Ma mensɔre nkɔ na menkɔboaboa Israel nyinaa ano mmra me wura ɔhene nkyɛn na wɔne wo nyɛ apam, na woadi hene sɛnea wo kra pɛ biara.”+ Enti Dawid gyaa Abner kwan ma ɔkɔe asomdwoe mu.+
22 Ɛbae sɛ na Dawid nkoa ne Yoab akɔfow nneɛma reba, na asade+ a wɔde reba no dɔɔso. Saa bere no, na Abner nni Dawid nkyɛn wɔ Hebron, efisɛ na wagya no kwan ma ɔkɔ asomdwoe mu. 23 Yoab+ ne dɔm a wɔka ne ho no nyinaa bedui, na nkurɔfo bɛbɔɔ Yoab amanneɛ sɛ: “Ner+ ba Abner+ baa ɔhene nkyɛn, na wagya no kwan ma ɔkɔ asomdwoe mu.” 24 Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkae sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?+ Hwɛ! Abner baa wo nkyɛn. Dɛn nti na woagyaa no ma ɔkɔ saa yi? 25 Wo ara wunim Ner ba Abner; ɔbae sɛ ɔrebɛdaadaa wo na wahu wo nkɔree ne wo mmae+ mu, na wahu biribiara a woreyɛ.”+
26 Yoab kaa saa no, ofii adi fii Dawid nkyɛn, na otuu abɔfo ma wotiw Abner, na wɔma ofii Sira abura no ho san bae;+ ná Dawid nnim ho hwee. 27 Bere a Abner san baa Hebron+ no, Yoab de no kɔɔ nkyɛn, kurow pon no mu sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no kokoam.+ Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam+ wɔ hɔ ma owui, ne nua Asahel+ mogya nti. 28 Na akyiri yi a Dawid tee no, ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Me ne m’ahenni di Ner ba Abner mogya ho bem+ kosi daa wɔ Yehowa anim. 29 Ɛnsan mmegu Yoab, ne ne papa fie nyinaa atifi,+ na mma ɔbarima a ne ho sen+ anaa ɔkwatani+ anaa ɔbarima a okura akurokurowa+ anaa onipa a ɔtɔ nkrante ano anaa nea aduan abɔ no+ mmpa Yoab fie!”+ 30 Yoab ne ne nua Abisai+ kum Abner+ efisɛ okum wɔn nua Asahel wɔ Gibeon ɔko no mu.+
31 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa sɛ: “Munsunsuan mo ntade mu,+ na mumfura atweaatam+ na munsu nni Abner anim.” Ɔhene Dawid nso dii ahamankaa no akyi. 32 Na wosiee Abner wɔ Hebron; ɔhene maa ne nne so sui wɔ Abner amusiei hɔ, na ɔman no nyinaa nso sui.+ 33 Na ɔhene twaa Abner ho kwadwom sɛ:
“Sɛnea ɔkwasea+ wu na ɛsɛ sɛ Abner nso wu anaa?
Na wɔamfa kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn+ angu wo nan.
Sɛnea obi tɔ abɔnefo mma+ anim na woatɔ yi.”
Na ɔman no nyinaa suu+ no bio.
35 Akyiri yi, ɔman no nyinaa brɛɛ Dawid aduan+ sɛ wɔde rebɛkyekye ne werɛ saa da no, nanso Dawid kaa ntam sɛ: “Sɛ mididi anaa mede biribi ka m’ano ansa na owia akɔtɔ+ a, Onyankopɔn ntua me ka+ na ɔmfa bi nka ho!” 36 Ɔman no nyinaa hui, na ɛsɔɔ wɔn ani. Sɛ́ ade biara a ɔhene yɛe te no, eyi nso sɔɔ ɔman no nyinaa ani.+ 37 Na ɔman no nyinaa ne Israel nyinaa hui saa da no sɛ ɛnyɛ ɔhene na ɔma wokum Ner ba Abner.+ 38 Na ɔhene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Munnim sɛ okunini ne onipa kɛse na watɔ nnɛ wɔ Israel yi?+ 39 Wɔasra me+ asi me hene de, nanso ɛnnɛ meyɛ mmerɛw, na saa mmarima yi, Seruia mma+ yi yɛ den ma me dodo.+ Nea ɔyɛ bɔne no, Yehowa ntua no ka sɛnea ɔno ara ne bɔne te.”+