2 Ahene
2 Na ɛbae sɛ bere a Yehowa rebɛfa Elia+ wɔ ahum mu akɔ ɔsoro+ no, Elia ne Elisa+ siim fii Gilgal.+ 2 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase+ na wo kra nso te ase+ yi, merennyaw wo.”+ Enti wosian kɔɔ Betel.+ 3 Ɛnna adiyifo asefo+ a wɔwɔ Betel no baa Elisa nkyɛn bebisaa no sɛ: “Wunim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a odi w’anim no akɔ?”+ Na ɔkae sɛ: “Me nso minim.+ Monyɛ komm.”
4 Afei Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Elisa, mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yeriko.”+ Nanso ɔkae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo kra nso te ase yi, merennyaw wo.” Enti wosiim kɔɔ Yeriko. 5 Ɛnna adiyifo asefo a wɔwɔ Yeriko no baa Elisa nkyɛn bebisaa no sɛ: “Wunim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura a odi w’anim no akɔ?” Na ɔkae sɛ: “Me nso minim. Monyɛ komm.”+
6 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yordan+ ano.” Nanso ɔkae sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo kra nso te ase yi, merennyaw wo.”+ Enti wɔn baanu siim kɔe. 7 Na adiyifo asefo no aduonum kogyinagyinaa wɔn ntentenso;+ na wɔn baanu de, wogyinaa Yordan ho. 8 Ɛnna Elia yii n’atade,+ na ɔbobɔw de bɔɔ nsu no mu, na nsu no mu pae nkakrankakra kɔɔ ha ne ha maa wɔn baanu no faa asase kesee so twae.+
9 Bere a wotwae no ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn.”+ Na Elisa kae sɛ: “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ minya+ wo honhom+ no abupɛn abien.”+ 10 Ɛnna ɔkae sɛ: “Woabisa+ ade a ɛyɛ den. Sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wubenya; na sɛ woanhu de a, worennya.”
11 Bere a wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ! ogya teaseɛnam+ ne ogya apɔnkɔ bɛtetew wɔn baanu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.+ 12 Saa bere no nyinaa na Elisa rehwɛ nea ɛrekɔ so, na ɔteɛɛm sɛ: “Me papa, me papa,+ Israel ɔko teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo!”+ Na wanhu no bio. Ɛnna osoo n’ankasa atade mu na osuan mu abien.+ 13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia atade+ a afi ne ho agu fam no, na ɔsan kogyinaa Yordan ano. 14 Ɛnna ɔfaa Elia atade a efii ne ho guu fam no, na ɔde bɔɔ nsu no mu+ kae sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?”+ Bere a ɔde bɔɔ nsu no mu no, nkakrankakra emu paee abien wɔ ha ne ha, na Elisa twae.
15 Bere a adiyifo asefo a wɔwɔ Yeriko no huu no wɔ akyirikyiri no, wɔkae sɛ: “Elia honhom+ aba Elisa so.” Ɛnna wokohyiaa no, na wɔkotow+ no butuw fam. 16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mmarima ahoɔdenfo aduonum ka wo nkoa ho wɔ ha. Ma wɔnkɔ ɛ, na wɔnkɔhwehwɛ wo wura. Ebia Yehowa honhom+ ama no so akɔto bepɔw bi so anaa obon bi mu.” Nanso ɔkae sɛ: “Monnsoma wɔn.” 17 Na wɔkae ara kosii sɛ ɛyɛɛ no ahometew, na ɔkae sɛ: “Monsoma ɛ.” Ɛnna wɔsomaa mmarima aduonum kɔe; wɔkɔhwehwɛɛ no nnansa, nanso wɔanhu no. 18 Bere a wɔsan baa ne nkyɛn no na ɔwɔ Yeriko.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ’?”
19 Akyiri yi, kurow no mu mmarima bɛka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ, kurow yi da baabi pa+ sɛnea me wura ani tua yi; nanso nsu+ no nye, na asase no ma ɔpɔn.”+ 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa kuruwa foforo na momfa nkyene ngu mu mmrɛ me.” Na wɔkɔfa brɛɛ no. 21 Ɛnna ofii adi kɔɔ asuti hɔ de nkyene koguu mu,+ na ɔkae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Masa nsu yi yare.+ Ɛrenkum obiara bio, na ɛremma ɔpɔn nso bio.’” 22 Na nsu no nyaa ayaresa de besi nnɛ,+ sɛnea Elisa kae no.
23 Na ofii hɔ sɛ ɔreforo akɔ Betel.+ Bere a ɔnam kwan so no, mmarimaa+ bi fi kurow no mu bae begoruu ne ho+ kae sɛ: “Tipae,+ foro ɛ! Tipae, foro ɛ!” 24 Na ɔdan n’ani hwɛɛ wɔn, na ɔde Yehowa din domee+ wɔn. Ɛnna asisibere+ abien fi wuram ba bɛtetew mmofra no mu aduanan abien mu.+ 25 Na ɔtoaa so koduu Bepɔw Karmel+ so, na ofi hɔ san kɔɔ Samaria.