17 Na asɔfo a wɔsõ Yehowa apam adaka no gyinae wɔ asase kesee+ so wɔ Yordan mfinimfini kyerebenn kosii sɛ Israel man no nyinaa faa asase kesee+ no so twaa Yordan wiei.
14 Ɛnna ɔfaa Elia atade a efii ne ho guu fam no, na ɔde bɔɔ nsu no mu+ kae sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?”+ Bere a ɔde bɔɔ nsu no mu no, nkakrankakra emu paee abien wɔ ha ne ha, na Elisa twae.
15 Na Yehowa betwa Egypt po+ no tɛkrɛma, na ɔde ne honhom hyehyew no behim ne nsa wɔ asubɔnten kɛse+ no so. Na ɔbɛbɔ n’asuten ason no na wama nnipa de wɔn mpaboa mpo afa mu.+