Aseda+ dwom.
100 Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+
2 Momfa anigye nsom Yehowa.+
Momfa ahurusi dwom mmra n’anim.+
3 Munhu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn.+
Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ankasa.+
Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.+
4 Momfa aseda nhyɛn n’apon mu,+
Na momfa ayeyi mmra ne fie adiwo.+
Monna no ase, munhyira ne din.+
5 Efisɛ Yehowa ye,+
Na n’adɔe wɔ hɔ daa;+
Ne nokwaredi kosi awo ntoatoaso nyinaa so.+