Nnwom 114 Bere a Israel fii Egypt,+Na Yakob fie fii ɔman a wɔnte wɔn kasa mu kɔe+ no, 2 Yuda bɛyɛɛ ne kronkronbea,+Na Israel nso bɛyɛɛ ne tumidibea.+ 3 Ɛpo hui, na eguanee;+Na Yordan de, ɛsan n’akyi.+ 4 Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini,+Na nkoko nso huruhuruwii sɛ nguammaa. 5 Ɛpo, dɛn na wuhui a enti wuguanee?+Yordan, dɛn na wuhui a enti wosan w’akyi?+ 6 Mmepɔw, dɛn na muhui a enti muhuruhuruwii sɛ adwennini?+Nkoko, dɛn na muhui a enti muhuruhuruwii sɛ nguammaa?+ 7 O asase, Awurade nti, ma wo ho mpopo,+Yakob Nyankopɔn nti, 8 Ɔno a ɔmaa ɔbotan dan ɔtare,+Na ɔmaa twɛrebo nso dan asuti+ no.