Yesaia
57 Ɔtreneeni ayera,+ nanso ɛmfa obiara ho.+ Owu afa nnipa pa kɔ,+ na obiara nnwen ho sɛ mmusu a ɛbɛba nti na wɔafa ɔtreneeni kɔ.+ 2 Ɔhyɛn asomdwoe mu;+ wɔhome+ wɔ wɔn mpa so,+ nea ɔnam tee biara.+
3 “Ɔbea osumanni mma,+ ɔwaresɛefo ne ɔbea aguaman asefo,+ muntwiw mmɛn:+ 4 Hena na mokyerɛ mo ho kyerɛ no yi?+ Hena so na moatɛɛtɛɛ mo anom, na moatwetwe mo tɛkrɛma yi?+ So monyɛ bɔne mma ne atoro asefo,+ 5 wɔn a wɔkanyan akɔnnɔ wɔ nnua akɛse ntam,+ nnua kusuu ase;+ wɔn a wokum mmofra wɔ abon mu, abotan mu ntokuru mu?+
6 “Nsubon mu abo torotoro ne wo kyɛfa.+ Na ɛno na wunyae.+ Afei wuguu nsã wɔ so,+ na wode ayɛyɛde beguu so. So menka me koma nto me yam wɔ eyinom ho anaa?+ 7 Mmepɔw atenten a ɛkorɔn so na wode wo mpa sii.+ Na ɛhɔ nso wobɔɔ afɔre.+ 8 Wode wo nkaedum sii ɔpon ne apongua akyi.+ Wufi m’akyi yii wo ho kyerɛe na woforoe; wotrɛw wo mpa mu.+ Wo ne wɔn yɛɛ apam ma wo kɔn dɔɔ wɔn mpa.+ Na wuhuu wɔn barima. 9 Wode ngo sian kɔɔ Melek, na womaa wo sradehuam dɔɔso.+ Wutuu abɔfo kɔɔ akyirikyiri, na wuguu w’anim ase kɔɔ Adamoa* mu.+ 10 Wobrɛɛ w’akwan dodow mu.+ Na woanka sɛ: ‘Ɛyɛ ɔbrɛ hunu!’ Wo nsa asan aka wo tumi.+ Na ɛno nti na wonyaree.+
11 “Hena na ne ho yɛ wo hu na wusuro no+ a woafi ase redi atoro yi?+ Nanso woankae me.+ Na woamfa wo koma ansi hwee so.+ Manyɛ komm amfa nsɛm ansie anaa?+ Enti woansuro me.+ 12 M’ankasa mɛka wo trenee+ ne wo nnwuma akyerɛ,+ na ɛso remma wo mfaso.+ 13 Sɛ wusu hwehwɛ mmoa a, nea woaboa ano no rennye wo,+ na mframa behuw ne nyinaa akɔ.+ Hwenem mframa kɛkɛ de ne nyinaa bɛkɔ, nanso obiara a oguan toa me+ no benya asase no adi na watena me bepɔw kronkron so.+ 14 Na ɔbɛka sɛ, ‘Momma kwan, momma kwan! Munsiesie kwan mu.+ Munyi akwanside biara mfi me man kwan mu.’”+
15 Nea Ɔkorɔn na ɔyɛ Kokuroo,+ nea ɔte ase daa+ a ne din yɛ kronkron no,+ asɛm ni: “Mete baabi a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron;+ me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte,+ sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.+ 16 Merenni asi nkosi daa na me bo remfuw afebɔɔ,+ efisɛ me nti nnipa honhom begurow,+ abɔde a wɔhome a mayɛ wɔn nyinaa.+
17 “N’amumɔyɛ mu mfaso bɔne+ nti, me bo fuwii. Abufuw nti mebɔɔ no na mede m’anim hintawee.+ Nanso odii ne koma akyi bɔɔ ko.+ 18 Mahu n’akwan nyinaa; mesaa no yare+ na mekyerɛɛ no kwan,+ na mekyekyee ɔne wɔn a wɔredi awerɛhow+ no werɛ.”+
19 Yehowa aka sɛ: “Merebɔ anofafa aba.+ Nea ɔwɔ akyirikyiri ne nea ɔbɛn benya asomdwoe daa,+ na mɛsa no yare.”+
20 “Nanso abɔnefo de, wɔte sɛ po a ɛrebu fa so a entumi nyɛ komm, na emu nsu puw wura ne dontori ba. 21 Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo,”+ me Nyankopɔn na waka.