‘Asomdwoe Bere’ Abɛn!
‘Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ, akõdi wɔ ne bere, na asomdwoe wɔ ne bere.’—ƆSƐNKAFO 3:1, 8.
1. Ɛdefa ɔko ne asomdwoe ho no, tebea a ɛyɛ nwonwa bɛn na akɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu?
NTEASE wom sɛ nnipa dodow no ara hwehwɛ asomdwoe. Afeha a ɛto so 20 yi ayɛ nea asomdwoe nnim koraa sen afeha biara wɔ abakɔsɛm mu. Ɛyɛ nwonwa ankasa, efisɛ wɔnhwehwɛɛ asomdwoe akyi kwan pii da sɛ saa afeha yi mu. Wɔhyehyɛɛ Amanaman Apam no wɔ afe 1920 mu. Wɔ afe 1928 mu no, nhoma bi frɛɛ Kellogg-Briand Apam no “asomdwoe ho mmɔden a ɛsen biara a wɔabɔ wɔ Wiase Ko I akyi,” na “ɛkame ayɛ sɛ wiase aman nyinaa . . . gye toom sɛ wɔagyae akodi na wɔremfa nka wɔn aman nhyehyɛe ho.” Afei nso, wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no de sii Amanaman Apam a na ɛnyɛ adwuma bio no ananmu wɔ afe 1945 mu.
2. Amanaman Nkabom no botae ne dɛn, na adi mu nkonim akodu he?
2 Te sɛ Apam no, na Amanaman Nkabom no botae ne sɛ ɛde asomdwoe bɛba wiase. Nanso ennii nkonim ahe biara. Ɛwom, ɔko a ne kɛse te sɛ wiase akodi abien no nni wiase baabiara. Nanso, akodi nketenkete pii da so ara rehaw nnipa ɔpehaha pii asomdwoe sɛe wɔn agyapade, na mpɛn pii no, ekunkum wɔn. So yebetumi ahwɛ kwan sɛ Amanaman Nkabom no betumi ama afeha a ɛto so 21 no ayɛ ‘asomdwoe bere’?
Nea Etumi De Nokware Asomdwoe Ba
3. Dɛn nti na nokware asomdwoe ntumi ne ɔtan ntra?
3 Sɛ asomdwoe bɛba nkurɔfo ne aman ntam a, ɛhwehwɛ pii sen nneɛma ho koma kɛkɛ a wobenya. So obi betumi ne ne tamfo atra asomdwoe mu ankasa? Sɛnea 1 Yohane 3:15 kyerɛ no, ɛnte saa: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo.” Nsɛm a asisi nnansa yi da no adi sɛ nitan a emu yɛ den taa kowie basabasayɛ mu.
4. Henanom nkutoo na wobetumi anya asomdwoe, na dɛn ntia?
4 Esiane sɛ Yehowa yɛ “asomdwoe Nyankopɔn” nti, nnipa a wɔdɔ Nyankopɔn na wɔwɔ obu kɛse ma ne trenee nnyinasosɛm nkutoo na wobetumi anya asomdwoe. Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ obiara na Yehowa ma no asomdwoe. “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, me Nyankopɔn na ose.” Eyi te saa efisɛ abɔnefo mma Onyankopɔn honhom kronkron aba a ɛne asomdwoe no nkyerɛ wɔn kwan.—Romafo 15:33; Yesaia 57:21; Galatifo 5:22.
5. Adwene bɛn na nokware Kristofo nnya da?
5 Nokware Kristofo nnya adwene bi da sɛ wɔne wɔn yɔnko nnipa bedi ako—sɛnea wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo ayɛ mpɛn pii wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no. (Yakobo 4:1-4) Ɛyɛ nokware sɛ wɔko tia nkyerɛkyerɛ a ɛtoto Onyankopɔn ano no de, nanso wodi saa ako no de boa ankorankoro, ɛnyɛ sɛ wɔde bepira wɔn. Sɛ́ wɔbɛtaa obi esiane sɛ ɛsono ne som anaasɛ wobepira obi esiane ɔmampɛ nti no ne nokware Kristosom nhyia koraa. Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:17-19; 2 Timoteo 2:24, 25.
6. Ɛhe nkutoo na yebetumi ahu nokware asomdwoe nnɛ?
6 Ɛnnɛ Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo mu nkutoo na wohu asomdwoe a Onyankopɔn de ma no. (Dwom 119:165; Yesaia 48:18) Amammuisɛm mu ntawntawdi biara nsɛe wɔn biakoyɛ no, efisɛ baabiara a wɔwɔ no, wonnyina afã biara wɔ amammuisɛm mu. (Yohane 15:19; 17:14) Esiane sɛ ‘wɔwɔ adwenkoro ne nsusuwii koro’ nti, nyamesom mu nsɛmnsɛm biara ntumi nsɛe wɔn asomdwoe. (1 Korintofo 1:10) Asomdwoe a Yehowa Adansefo wɔ no yɛ ɛnnɛ mmere yi mu anwonwade, ɛyɛ ade a Onyankopɔn de ama a ɛne ne bɔhyɛ yi hyia: “Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo.”—Yesaia 60:17; Hebrifo 8:10.
Dɛn Nti na “Akõdi Wɔ Ne Bere”?
7, 8. (a) Ɛmfa ho sɛ Yehowa Adansefo pɛ asomdwoe no, wobu saa bere yi dɛn? (b) Dɛn ne Kristoni akode titiriw?
7 Ɛmfa ho sɛ Yehowa Adansefo pɛ asomdwoe no, wobu mprempren asetra yi sɛ ‘akodi bere’ ankasa. Nanso, wɔnko honam fam ankasa, efisɛ Bible mu asɛm a wɔde bɛhyɛ afoforo so no ne nsa a Onyankopɔn to frɛ afoforo sɛ ‘nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa’ no nhyia. (Adiyisɛm 22:17) Wɔnhyɛ obiara sɛ ɔnsakra ne som wɔ ha! Ako a Yehowa Adansefo di no yɛ honhom fam de nkutoo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde beburuw aban akɛse.”—2 Korintofo 10:4; 1 Timoteo 1:18.
8 “Yɛn sa a yɛkɔ no akode” no mu ade titiriw ne “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no. (Efesofo 6:17) Saa nkrante yi wɔ tumi kɛse. “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:12) Sɛ Kristofo de nkrante yi di dwuma a, wotumi butuw “ade biara a ɛkorɔn a wɔma so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi.” (2 Korintofo 10:5) Ɛma wotumi pa atoro nkyerɛkyerɛ, nneyɛe bɔne, ne nyansapɛ ahorow a ɛda nnipa nyansa adi sen Onyankopɔn nyansa no ho ntama.—1 Korintofo 2:6-8; Efesofo 6:11-13.
9. Dɛn nti na yentumi ngow yɛn nsam wɔ ɔko a yɛreko tia honam mmerɛwyɛ no mu?
9 Honhom fam akodi foforo ne honam mmerɛwyɛ a wɔko tia. Kristofo di Paulo a ɔkaa eyi no nhwɛso akyi sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” (1 Korintofo 9:27) Wotuu Kristofo a na wɔwɔ Kolose no fo sɛ wonkum wɔn “akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.” (Kolosefo 3:5) Bible kyerɛwfo Yuda nso tuu Kristofo no fo sɛ ‘wɔmpere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.’ (Yuda 3) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Paulo bua sɛ: “Sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ mode honhom kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtra ase.” (Romafo 8:13) Esiane sɛnea asɛm yi mu da hɔ no nti, yentumi ngow yɛn nsam wɔ ɔko a yɛreko tia nneyɛe bɔne no mu.
10. Dɛn na esii wɔ 1914 mu, na ɛbɛkɔ akowie dɛn mu nnansa yi ara?
10 Ade foforo nti a yebetumi abu mprempren asetra yi sɛ akodi bere nso ne sɛ “yɛn Nyankopɔn aweredi da no” abɛn. (Yesaia 61:1, 2) Afe 1914 mu na Yehowa bere a wahyɛ no dui sɛ ɔde Mesia Ahenni no si hɔ, na wama ako atia Satan nhyehyɛe. Bere a wɔde maa adesamma sɛ wɔn ankasa nni wɔn ho so bere a Onyankopɔn nsa nnim no baa awiei saa bere no. Sɛ́ anka nnipa dodow no ara begye Onyankopɔn Mesia Hene no atom no, wɔkɔ so po no, sɛnea nnipa dodow no ara yɛe wɔ afeha a edi kan mu no. (Asomafo no Nnwuma 28:27) Esiane sɛ wɔsɔre tiaa Ahenni no nti, ama Kristo ‘redi hene n’atamfo mfinimfini.’ (Dwom 110:2) Anigyesɛm ne sɛ, Adiyisɛm 6:2 hyɛ bɔ sɛ ‘obedi nkonim.’ Ɔbɛyɛ eyi wɔ ‘Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko a wɔfrɛ no Hebri kasa mu sɛ Harmagedon’ no mu.—Adiyisɛm 16:14, 16.
‘Ɔkasa Bere’ Adu
11. Dɛn nti na Yehowa anya abotare pii saa, nanso sɛnea ɛte biara no, dɛn na ɛbɛba?
11 Mfe 85 atwam fi bere a adesamma asetra sakrae wɔ afe 1914 mu no. Yehowa anya adesamma ho abotare pii. Wama N’adansefo ahu sɛnea tebea no gye ntɛmpɛ koraa no. Nnipa ɔpepem pii nkwa da asiane mu. Ɛfata sɛ yɛbɔ saa nnipadɔm yi kɔkɔ efisɛ ‘Yehowa mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Nanso, ɛrenkyɛ bere a “wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo” no bedu. Afei Yesu de ‘aweredi’ bɛba wɔn a wɔhyɛɛ da poo Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no” nyinaa so.—2 Tesalonikafo 1:6-9.
12. (a) Dɛn nti na mfaso biara nni so sɛ yɛbɛbɔ yɛn tirim akyerɛ bere a ebia ahohiahia kɛse no befi ase? (b) Eyi ho asiane bɛn na Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ho?
12 Bere bɛn na Yehowa abotare bɛsa koraa? Mfaso biara nni so sɛ yɛbɛbɔ yɛn tirim aka bere a “ahohiahia kɛse” no befi ase. Yesu kaa no pefee sɛ: “Na da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.” Nanso, ɔde afotu mae sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba. . . . Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mateo 24:21, 36, 42, 44) Sɛ yɛbɛka no pefee a, eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ da biara da yɛkɔ so hwɛ nsɛm a ɛresisi wiase no na yesusuw ahohiahia kɛse a ɛbɛba no ho. (1 Tesalonikafo 5:1-5) Hwɛ sɛnea ɛyɛ hu sɛ yebenya adwene sɛ yebetumi agow yɛn ho, na yɛabɔ bra a wose afoforo nyinaa bɔ, na yɛatwɛn ahwɛ sɛnea ebia nneɛma bɛkɔ so! Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Eyi ho no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ: Yehowa rensiw “abɔfo baanan” a mprempren wokura ɔsɛe “mframa anan” no mu no kwan afebɔɔ.—Adiyisɛm 7:1-3.
13. Dɛn na nnipa bɛyɛ ɔpepem asia ahu?
13 Esiane sɛ saa atemmu da yi rebɛn ntɛmntɛm nti, Salomo nsɛm a ɛfa ‘ɔkasa bere’ ho no kyerɛ biribi titiriw. (Ɔsɛnkafo 3:7) Esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔreyɛ adu ɔpepem asia no ahu sɛ mprempren ankasa ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkasa no nti, wɔde nsi reka Onyankopɔn anuonyam nniso no ho asɛm, na wɔde n’aweredi da no ho kɔkɔbɔ rema. Wofi wɔn pɛ mu na wɔde wɔn ho ma nnɛ sɛ Kristo asraafo.—Dwom 110:3; 145:10-12.
Wɔn a Wɔka sɛ ‘Asomdwoe, Bere a Asomdwoe Nni Hɔ’
14. Atoro adiyifo bɛn na na wɔwɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B.?
14 Wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu no, Onyankopɔn adiyifo Yeremia ne Hesekiel kaa Onyankopɔn atemmusɛm tiaa Yerusalem wɔ Onyankopɔn so asoɔden a wɔyɛe ho. Ɔsɛe a wɔkaa ho asɛm no bae wɔ afe 607 A.Y.B., ɛmfa ho mpo sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ din na wɔyɛ atitiriw no totoo Onyankopɔn asomafo no ano. Ɛbɛdaa adi sɛ na saa nyamesom akannifo no yɛ ‘adiyifo nkwasea, na wɔnam ka a wɔkae sɛ, asomdwoe, bere a asomdwoe nni hɔ no so maa Onyankopɔn nkurɔfo fom kwan.’—Hesekiel 13:1-16; Yeremia 6:14, 15; 8:8-12.
15. So atoro adiyifo a wɔte saa wɔ hɔ nnɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
15 Te sɛ “adiyifo nkwasea” a na wɔwɔ hɔ saa bere no, nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu dodow no ara nso mmɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu da a ɛreba no ho. Mmom no, wɔma wonya anidaso ankasa sɛ amammui akuw betumi de asomdwoe ne ahobammɔ ankasa aba. Esiane sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛsɔ nnipa ani mmom sen Onyankopɔn nti, wɔka nsɛm a wɔn asɔremma pɛ sɛ wɔte mmom na ɛkyerɛ wɔn sen sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni asi hɔ, na Mesia Hene no bewie ne nkonimdi no nnansa yi ara. (Daniel 2:44; 2 Timoteo 4:3, 4; Adiyisɛm 6:2) Sɛ́ atoro adiyifo no, wɔn nso ka sɛ ‘asomdwoe, bere a asomdwoe nni hɔ.’ Nanso, wɔn gyidi no bɛdan ahude mpofirim nnansa yi ara bere a wobehyia Onii a wɔatoto n’ano na wɔde ahohorabɔ pii aba ne din so abufuw no. Wɔbɛma wiase atoro som ahemman a wɔfrɛ no ɔbea guamanfo wɔ Bible mu no akannifo no nsɛm aka wɔn anom bere a wogu so reka wɔn ankasa nnaadaasɛm a ɛne asomdwoe no.—Adiyisɛm 18:7, 8.
16. (a) Din bɛn na Yehowa Adansefo agye? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ soronko wɔ wɔn a wɔka sɛ ‘asomdwoe, bere a asomdwoe nni hɔ’ no ho?
16 Asomdwoe ho bɔ a saa akannifo a wɔagye din na wɔwɔ nkɛntɛnso no kɔ so fi nyaatwom mu hyɛ no mma wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne nokware asomdwoe mu gyidi no ahotoso nhinhim. Bɛboro mfirihyia ɔha ni na Yehowa Adansefo ada wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn Asɛm akyitaafo anokwafo, nkurɔfo a wɔde akokoduru ko tia atoro som, ne Onyankopɔn Ahenni akyitaafo a wogyina pintinn. Sɛ́ anka wɔde anodɛ bɛka asomdwoe ho adɔkɔdɔkɔsɛm adaadaa nkurɔfo no, wɔde nsiyɛ bɔ mmɔden kanyan wɔn ma wohu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛnnɛ yɛ akodi bere.—Yesaia 56:10-12; Romafo 13:11, 12; 1 Tesalonikafo 5:6.
Yehowa Kasa
17. Dɛn na kasa a Yehowa bɛkasa nnansa yi ara no kyerɛ?
17 Salomo nso kae sɛ: “Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nyinaa, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn, efisɛ adwuma nyinaa ne nneyɛe wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:17) Yiw, Yehowa wɔ bere a wahyɛ a ɔde atemmu bɛba atoro som ne ‘asase so ahene a wɔsɔre gyina hyɛ Yehowa ne nea wasra no no’ so. (Dwom 2:1-6; Adiyisɛm 16:13-16) Sɛ saa bere no du a, nna a Yehowa de ayɛ “komm” no bɛba awiei. (Dwom 83:1; Yesaia 62:1; Yeremia 47:6, 7) Ɔnam ne Mesia Hene a ɔde no asi agua so, Yesu Kristo, so ‘bɛkasa’ ɔkwan bi so a ɛda adi sɛ n’asɔretiafo no bɛte ase: “[Yehowa, NW] befi adi sɛ dɔmmarima, ɔbɛhwanyan n’abufuw mu sɛ ɔkofoni; obehuro, ɔbɛbɔ ose; obedi n’atamfo so abaninsɛm. Mifi muaa m’ano akyɛ, mɛbom sɛ ɔwofo a ɔrekyem; mɛhome hahyeehahyee na magu ahome prɛko. Mɛma mmepɔw ne nkoko atwintwam, na mama ɛso nhaban nyinaa agunguan; na madan nsubɔnten nsupɔw, na mayow atare nyinaa. Na megya anifuraefo ɔkwan a wonnim mu so, mɛma wɔanantew atempɔn a wonnim so so. Mɛma sum ayɛ hann, wɔn anim, na nea ɛyɛ abonkyiabonkyi no, mɛyɛ no tamaa. Ade yi na mɛyɛ mama wɔn, na merennyaw wɔn.”—Yesaia 42:13-16; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
18. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ “komm” nnansa yi ara?
18 Sɛ Yehowa ‘kasa’ de da ne Nyamesu adi a, ɛho renhia bio sɛ ne nkurɔfo bɛkasa de ada wɔn ankasa ho adi. Ɛbɛyɛ bere a wɔn nso bɛyɛ ‘komm.’ Sɛnea wɔyɛɛ Onyankopɔn asomfo tete mmere mu no, saa nsɛm yi bɛyɛ adwuma: “Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ [Yehowa, NW] a ɔka mo ho no nkwagye.”—2 Beresosɛm 20:17.
19. Hokwan bɛn na Kristo honhom fam nuanom no benya nnansa yi ara?
19 Nkogu koraa a Satan ne n’ahyehyɛde bedi bɛn ara ni! Kristo nuanom a wɔahyɛ wɔn anuonyam no benya kyɛfa wɔ nkonim soronko bi a wobedi ama trenee ma ɛne bɔhyɛ yi ahyia no mu: “Asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm.” (Romafo 16:20) Afei, na asomdwoe bere a yefi bere tenten ahwɛ kwan no adu.
20. Dɛn na ne bere bɛso nnansa yi ara?
20 Hwɛ nhyira a asase sofo nyinaa a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ Yehowa tumi kɛse yi a ɔbɛda no adi mu no benya! Ɛno akyi bere tiaa bi no, mmarima ne mmea anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu a wɔn wusɔre bere adu no bɛba abɛka wɔn ho. Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛyɛ ‘ɔtɛw bere, ɔsa bere, osi bere, ɔserew bere, asaw bere, atuuyɛ bere ne ɔdɔ bere’ ankasa. Yiw, ɛbɛyɛ ‘asomdwoe bere’ daa daa!—Ɔsɛnkafo 3:1-8; Dwom 29:11; 37:11; 72:7.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn na ɛde asomdwoe a ɛtra hɔ daa ba?
◻ Dɛn nti na Yehowa Adansefo bu saa bere yi ‘akodi bere’?
◻ Bere bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo ‘kasa,’ na bere bɛn na wɔyɛ “komm”?
◻ Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Yehowa bɛkasa?
[Kratafa 13 adaka]
Yehowa Wɔ Bere a Wahyɛ a Ɔde
◻ bɛma Gog atow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so.—Hesekiel 38:3, 4, 10-12
◻ bɛhyɛ nnipa sodifo komam ma wɔasɛe Babilon Kɛse no.—Adiyisɛm 17:15-17; 19:2
◻ bɛyɛ ayeforo ama Oguammaa no.—Adiyisɛm 19:6, 7
◻ befi Harmagedon ko no ase.—Adiyisɛm 19:11-16, 19-21
◻ bɛkyekyere Satan na Yesu Mfirihyia Apem Nniso no afi ase.—Adiyisɛm 20:1-3
Yegyina sɛnea saa nsɛm yi pue wɔ Kyerɛwnsɛm mu no so na ahyehyɛ. Yebetumi anya ahotoso sɛ nsɛm anum no bɛba wɔ ɔkwan a Yehowa kyerɛ ne bere a ɔbɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ.
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛyɛ . . .
ɔserew . . .
atuuyɛ . . .
ɔdɔ . . .
ɔtɛw . . .
asaw . . .
osi . . .bere ankasa