Hesekiel
29 Afe a ɛto so du, bosome a ɛto so du no da a ɛto so 12 no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Egypt hene Farao na hyɛ nkɔm tia ɔne Egypt nyinaa.+ 3 Ka kyerɛ no sɛ: ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+
Asuboa kɛse a woda wo Nil* asuasu mu,+
Wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea,
M’ankasa na meyɛe.’+
4 Nanso mede akɔtɔkoro bɛhyehyɛ w’afono mu na mama w’asubɔnten Nil mu mpataa afomfam w’abona ho.
Meyi wo ne mpataa a ɛfomfam w’abona ho no nyinaa afi Nil mu.
5 Megyaw wo ne w’asubɔnten Nil mu mpataa nyinaa agu sare so.
Wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu, na wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano.+
Mede wo bɛma wuram mmoa ne wim nnomaa sɛ aduan.+
6 Na Egyptfo nyinaa behu sɛ mene Yehowa,
Efisɛ wɔnyɛ poma mma Israel fi bio, na mmom wɔyɛ demmire.*+
7 Bere a wosoo wo nsa no, wo mu bui,
Na womaa wɔn mmati hunhuanee.
8 “‘Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mede sekan reba wo so,+ na metwitwa nnipa ne mmoa nyinaa afi wo mu. 9 Egypt asaase bɛsɛe adan amamfo,+ na wobehu sɛ mene Yehowa, efisɛ woaka* sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea; m’ankasa na meyɛe.’+ 10 Enti me ne wo ne w’asubɔnten Nil anya, na mɛma Egypt asaase asɛe, na ɛso awo, na ada mpan+ afi Migdol+ akosi Sine+ ne Etiopia ahye so. 11 Onipa anaa ayɛmmoa biara nan remfa so,+ na wɔrentena so mfe 40. 12 Mɛma Egypt asaase adan amamfo mu amamfo; na ne nkurow bɛsɛe koraa na ada mpan mfe 40;+ na mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.”+
13 “‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mfe 40 no ba awiei a, mɛboaboa Egyptfo ano afi aman a wɔbɔɔ wɔn pansam so no mu.+ 14 Mede Egyptfo a wotuu wɔn fii wɔn asaase so no bɛsan aba wɔn kurom wɔ Patros asaase so,+ na wɔbɛyɛ ahenni a enni anuonyam. 15 Ahenni a aka no bɛyɛ kɛse asen Egypt, na ɛremma ne ho so wɔ aman a aka no so bio,+ na mɛma wayɛ ketewa na wanhyɛ amanaman no so.+ 16 Israel fi remfa wɔn ho nto no so bio,+ na mmom ɛbɛma wɔakae bɔne a wɔyɛe sɛ wɔkɔhwehwɛɛ mmoa fii Egypt hɔ no. Na wobehu sɛ mene Awurade Tumfo Yehowa.”’”
17 Afe a ɛto so 27, bosome a edi kan no da a edi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadnesar*+ maa n’asraafo kɔyɛɛ adwuma kɛse tiaa Tiro.+ Na eti nyinaa so pae, na mmati nyinaa ho worɔworɔwee. Nanso ɔne n’asraafo no annya akatua biara amfi dwuma a wokodii Tiro no mu.
19 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mede Egypt asaase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadnesar nsa;+ ɔbɛfa n’ahode na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafo no akatua.’
20 “‘Mede Egypt asaase bɛma no de atua adwuma a ɔyɛ tiaa no* no ho ka, efisɛ wɔyɛ maa me,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.
21 “Saa da no, mɛma Israel fi anya ahoɔden,*+ na mɛma wo kwan ma woakasa wɔ wɔn mu; na wobehu sɛ mene Yehowa.”