Hesekiel
30 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni:
“Mommɔ bena, ‘Hwɛ, ɛda no reba!’
3 Ɛda no abɛn, Yehowa da no abɛn.+
Ɛbɛyɛ omununkum da;+ amanaman no bere.+
4 Wɔbɛtwe Egypt so sekan, na sɛ nnipa wuwu wɔ Egypt a, ehu kɛse bɛba Etiopia so.
Wɔbɛfa Egypt ahode na wɔadwiriw ne fapem agu.+
5 Etiopia,+ Put,+ Lud, ne nnipa a wofi aman foforo so* nyinaa,
Kub, ne wɔn a wɔte apam asaase so* nyinaa,
Wɔn nyinaa bewuwu sekan ano.”’
6 “Nea Yehowa aka ni:
‘Wɔn a wɔtaa Egypt akyi nso bewuwu,
Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no, wɔbɛbrɛ no ase.’+
“‘Wobewuwu sekan ano fi Migdol+ akosi Sine,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 7 ‘Na wɔbɛdan amamfo mu amamfo, na ne nkurow bɛsɛe koraa na ada mpan.+ 8 Na sɛ mede ogya to Egypt mu na n’aboafo nyinaa sɛe a, wobehu sɛ mene Yehowa. 9 Saa da no, mɛsoma nkurɔfo ma wɔde hyɛn akɔ, na wɔbɛma Etiopia a ogye ne ho di no ho apopo. Egypt ahohia da no, ehu bɛka no, na ɛbɛba ɔkwan biara so.’
10 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni, ‘Mɛfa Babilon hene Nebukadnesar* nsa so+ asɛe Egypt dɔm. 11 Mɛma ɔne n’asraafo, atirimɔdenfo a wɔhyɛ aman so no+ aba abɛsɛe asaase no. Wɔbɛtwe wɔn sekan wɔ Egypt so na wɔakunkum nnipa ahyɛ asaase no so ma.+ 12 Mɛma Nil asuasu+ ayow adan asaase kesee na matɔn asaase no ama nnipabɔnefo. Na mɛma ahɔho asɛe asaase no ne nea ɛwɔ so nyinaa ma adan amamfo.+ Me Yehowa na maka.’
13 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Afei mɛsɛe abosom fĩ* no, na mayi anyamehunu no afi Nof.*+ Na obirɛmpɔn biara remfi Egypt asaase so mma bio, na mɛma ehu aka Egypt asaase.+ 14 Mɛsɛe Patros pasaa,+ mede ogya bɛto Soan mu na mabu Noh* atɛn.+ 15 Mehwie m’abufuw agu Egypt abannennen Sin so, na mɛsɛe nnipa a wɔwɔ Noh no. 16 Mede ogya bɛto Egypt mu, na ehu bɛka Sin. Wobebubu Noh, na atamfo bɛba Nof* so awia ketee! 17 Wɔde sekan bekunkum On* ne Pibeset mmerante, na wɔbɛkyere nkurow no mufo akɔ. 18 Sɛ miyi Egypt kɔndua fi hɔ a, esum beduru Tapanes.+ Na ne tumi a ɔde hoahoa ne ho no to betwa.+ Omununkum bɛkata no so, na wɔbɛkyere ne nkurow mufo akɔ.+ 19 Mebu Egypt atɛn na wobehu sɛ mene Yehowa.’”
20 Na afe a ɛto so 11, bosome a edi kan no da a ɛto so ason no, Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 21 “Onipa ba, mabu Egypt hene Farao basa mu, na wɔrenkyere mfa nsa no yare; wɔremfa ade nkyekyere na anya ahoɔden aso sekan mu.”
22 “Enti nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Me ne Egypt hene Farao wɔ asɛm,+ na mebubu ne basa a ɛyɛ den ne nea emu abu no,+ na mɛma ne sekan afi ne nsam atɔ fam.+ 23 Afei mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ 24 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den*+ na mede me sekan ahyɛ ne nsam,+ mebubu Farao abasa na obesi apini denneennen wɔ n’anim* te sɛ obi a ɔrewu. 25 Mɛhyɛ Babilon hene abasa mu den na Farao abasa mu begow; na sɛ mede me sekan hyɛ Babilon hene nsam na ɔde toa Egypt asaase+ a, wobehu sɛ mene Yehowa. 26 Na mɛbɔ Egyptfo ahwete aman so na mabɔ wɔn apansam nsaase so.+ Na wobehu sɛ mene Yehowa.’”